Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 3
    • NEA ƆTE PƆNKƆ FITAA NO SO

      Anisoadehu no, sɛnea efi ase ni: “Na mihui, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi ni; na nea ɔte no so no kura agyan; na wɔmaa no abotiri, na ofii adi kodii nkonim sɛ obewie ne nkonimdi koraa.”—Adiyisɛm 6:2.

      Pɔnkɔ fitaa no, hena na ɔte so? Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ara boa yɛn ma yehu onii ko. Akyiri yi, nhoma no san kaa sɛ nea ɔte pɔnkɔ so wɔ soro yi yɛ “Onyankopɔn Asɛm.” (Adiyisɛm 19:11-13) Abodin “Onyankopɔn Asɛm” no gyina hɔ ma Yesu Kristo, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn kasamafo. (Yohane 1:1, 14) Bible san frɛ no “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade.” Ɛsan ka sɛ, ɔyɛ “Ɔnokwafo a wɔwɔ Ne mu ahotoso.” (Adiyisɛm 19:16) Ɛda adi pefee sɛ Yesu wɔ tumi sɛ ɔsahene, nanso ɔmfa ne tumi no nni dwuma wɔ ɔkwammɔne so. Ne nyinaa mu no, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yenya ho mmuae.

      Hena na ɔmaa Yesu tumi sɛ onni nkonim? (Adiyisɛm 6:2) Yɛnhwɛ anisoadehu bi a odiyifo Daniel nyae. Ohuu sɛ wɔde Mesia no atoto “onipa ba” ho, na wɔahyɛ no anuonyam. Ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn,a “Nea ne nna akyɛ” no na ɔde “tumi ne anuonyam ne ahenni” maa Mesia no. (Daniel 7:13, 14) Enti ɛyɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn na ɔmaa Yesu tumi ne hokwan sɛ onni ade na ommu atɛn. Bible mu no, wɔtaa de kɔla fitaa gyina hɔ ma biribi a ɛteɛ. Enti ɛfata sɛ pɔnkɔ fitaa no gyina hɔ ma akodi a ɛteɛ a Onyankopɔn Ba no reko no.—Adiyisɛm 3:4; 7:9, 13, 14.

      Bere bɛn na nnipa a wɔtete apɔnkɔ so no fii wɔn adwuma ase? Hyɛ no nsow sɛ, Yesu a ɔte pɔnkɔ a edi kan so no fii ne dwumadi ase bere a wɔmaa no ahemmotiri no. (Adiyisɛm 6:2) Bere bɛn na wosii Yesu Hene wɔ soro? Ɛnyɛ bere a onyan fii awufo mu kɔɔ soro no. Bible ma yehu sɛ okoduu soro no, ɔtwɛn kakra. (Hebrifo 10:12, 13) Yesu maa n’akyidifo no nea wobegyina so ahu bere a ɔno Yesu bɛtwɛn akodu, ne bere a obefi ase adi hene wɔ soro. Ɔkaa sɛ, sɛ ofi ase di hene wɔ soro a, nneɛma bɛsɛe koraa wɔ asase so. Akokoakoko, aduankɔm, ne ɔyaredɔm bɛba. (Mateo 24:3, 7; Luka 21:10, 11) Bere a Wiase Ko I bae wɔ afe 1914 akyi pɛɛ no, ɛbɛdaa adi sɛ adesamma adu saa bere no mu. Bible frɛ saa bere bɔne a aba asase so no “nna a edi akyiri.”—2 Timoteo 3:1-5.

      Efi bere a wosii Yesu hene afe 1914 no, adɛn nti na nneɛma nyɛɛ yiye na mmom sɛe ara na ɛresɛe? Efisɛ saa bere no, Yesu fii ase dii hene wɔ soro, na ɛnyɛ asase so. Afei ɔko baa soro, na Mikael anaa Yesu a wɔasi no Hene foforo no tow Satan ne n’adaemone guu asase so. (Adiyisɛm 12:7-9, 12) Seesei Satan aka asase so. Efi bere a wɔtoo no kyenee asase so no, ne bo afuw denneennen efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa. Nokwarem no, ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ; ɔbɛyɛ ade atia Satan wɔ asase so ha. (Mateo 6:10) Afei nnipa mmiɛnsa a aka a wɔtete apɔnkɔ so no, momma yɛnhwɛ sɛnea wɔbɛboa ama yɛahu sɛ ampa yɛte wiase bɔne yi “nna a edi akyiri” mu. Wɔnte sɛ onipa a odi kan a ɔte pɔnkɔ so no. Ɔno deɛ, ogyina hɔ ma obi pɔtee. Nanso mmiɛnsa a aka no deɛ, wogyina hɔ ma nneɛma a asisi nnipa asetenam wɔ wiase nyinaa.

  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 3
    • Yesu a ɔte pɔnkɔ fitaa so no nkonimdi de Paradise bɛba

      Adiyisɛm 6:1, 2

      PƆNKƆ FITAA

      Nea ɔte so no gyina hɔ ma Yesu Kristo. Ofii ase dii ade afe 1914. Ɛrenkyɛ obewie ne nkonimdi no, na obeyi amanehunu nyinaa afi hɔ.

  • Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2017 | No. 3
Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena