Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Anidaso Ma Wɔn A Ɔkɔm De Wɔn
    Nyan!—1987 | August 8
    • Nea Ɛde Mpatuwu Ba

      Adiyisɛm no mu apɔnkɔsotefo a ɔto so abiɛsa no yɛ ɔkɔm ho mfonini ‘Okuta nsenia ne nsam,’ na ɛnne bi teɛm sɛ: “Awi susukora taku.” (Adiyisɛm 6:6) Ɔpɔnkɔsotefo a ɔyɛ ɔko ho mfonini tu mmirika di n’anim​—ɔko a ɛtrɛw kɔ akyiri na ɛkyɛ araa ma wɔka sɛ “ommeyi asomdwoe mfi asase so.” Saa apɔnkɔsotefo yi ma yehu sɛnea ɔkɔm ne ɔko wɔ abusuabɔ kɛse no.​—Adiyisɛm 6:3-6.

      Ɛdefa saa abusuabɔ yi ho no, nhoma a wɔfrɛ no Historical Catastrophes: Famines ka sɛ: “Esiane sɛ nnipa a wotumi yɛ adwuma dodow so tew nti, ɛma nnuan a wonya so tew . . . ɔko no betumi asɛe afumduan ahorow a ɛsom bo pii. Ebia wɔbɛsɛe nnua ne afifide ahorow bi a egye mfe pii ansa na wɔatumi ahyɛ ananmu nso. Ebia akwantu ne aguadi rentumi nkɔ so ma enti bere a ɔmantam biako bi redi kɔm no na foforo bi a ɛbɛn hɔ nso anya nnuan ma aboro so.” Eyi ne osuahu a ɛyɛ awerɛhow a nnipa ɔpepem pii nyae wɔ Wiase Ko I ne II bere no mu ne mfe a ɛda ɔko abien no ntam no mu, na ɛda so ara ka nnipa ɔpepem pii nnɛ.

      Ɔpɔnkɔsotefo foforo di abien a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no akyi a wɔfrɛ no “Owu.” Ɔyɛ ɔpatuwu ahorow a aka nnipa ɔpepem pii fi saa afe 1914 a na emu yɛ den no mu ba no ho mfonini. Ɔko ne “aduankɔm” na edi kan wɔ nneɛma ahorow a wɔka siei sɛ ɛde eyi bɛba no mu. (Adiyisɛm 6:7, 8) Ɔko akunkum nnipa bɛboro 100,000,000 fi 1914 na “aduankɔm” ayɛ nea ɛsen saa. Nhoma a wɔfrɛ no The Hunger Primer no se: “Ɔkɔm akunkum nnipa pii wɔ mfe anum a abɛsen no mu sen wɔn a wowuwui wɔ akokoakoko, ɔman anidan ne awudi ahorow a esisii wɔ mfe 150 a atwam ni no mu.”

  • Anidaso Ma Wɔn A Ɔkɔm De Wɔn
    Nyan!—1987 | August 8
    • [Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

      “Obedi ɔman mu amanehunufo asɛm ama wɔn, na wagye ahiafo mma nkwa, na wabubu nhyɛsofo pasapasa. Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi, na ɛso aba bɛwosow sɛ Lebanon, na nkurow no asoa sɛ asase so wura.”​—Dwom 72:4, 16.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena