Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bp kr. 3-31
  • Nniso a Ɛde Paradise Bɛba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nniso a Ɛde Paradise Bɛba
  • Nniso a Ɛde Paradise Bɛba (bp)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Ahenni Di Tumi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nniso a Ɛde Paradise Bɛba (bp)
bp kr. 3-31

Nniso a Ɛde Paradise Bɛba

Bere a na Yesu wɔ asase so no ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn Ahenni no ho mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Ná ɔka “ahenni no ho asɛmpa” bere nyinaa nso. (Mateo 4:23) Nokwarem no, ɔkaa Ahenni no ho asɛm pii sen biribi foforo biara. Dɛn ntia? Efisɛ Ahenni no ne nea Onyankopɔn nam so bedi ɔhaw ahorow a ɛma asetra yɛ den nnɛ no ho dwuma. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn nam Ahenni no so bɛma akodi, ɔkɔm, nyarewa, ne nsɛmmɔnedi agyae na ama biakoyɛ ne asomdwoe aba.

So wobɛpɛ sɛ wotra wiase bi a ɛte saa mu? Sɛ saa a, ɛsɛ sɛ wokenkan nhomawa yi. Wɔ mu no, wubehu sɛ Ahenni no yɛ nniso, nanso ɛyɛ nea eye sen nniso biara a adi adesamma so pɛn. Afei nso wubehu ɔkwan a ɛyɛ anigye a Onyankopɔn faa so kyerɛkyerɛɛ n’atirimpɔw ahorow wɔ Ahenni no ho mu nkakrankakra kyerɛɛ ne nkoa no. Bio nso wubehu sɛnea Ahenni no betumi aboa wo nnɛ mpo.

Nokwarem no, wubetumi abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no akoa mprempren ara. Nanso ansa na wobɛpaw sɛ wobɛyɛ eyi no, ɛho behia sɛ wuhu ho nsɛm pii. Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan nhomawa yi. Biribiara a ɛbɛka akyerɛ wo wɔ Ahenni no ho yɛ nea efi Bible mu.

Nea edi kan koraa no, ma yɛnhwɛ nea enti a yehia Onyankopɔn Ahenni no kɛse no.

Wɔ onipa abakɔsɛm mfiase no, Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima a ɔyɛ pɛ na ɔde no too paradise. Saa bere no de na Ahenni no ho nhia.

Nanso, yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, tiee Satan, ɔbɔfo tuatewfo bi. Odii Onyankopɔn ho atoro kyerɛɛ wɔn na ɔmaa wɔn nso tew atua tiaa Onyankopɔn. Enti na ɛfata sɛ wowu, efisɛ “bɔne so akatua ne owu.”—Romafo 6:23.

Onipa a ɔnyɛ pɛ a ɔyɛ ɔbɔnefo rentumi nwo mma a wɔyɛ pɛ. Enti Adam mma a ɔwoo wɔn nyinaa nyɛ pɛ, wɔyɛ abɔnefo a wowuwu.—Romafo 5:12.

Efi saa bere no na ɛbɛyɛɛ nea nnipa hia Onyankopɔn Ahenni no na aboa wɔn ma wɔanya ahotɔ afi bɔne ne owu nnome no ase. Ahenni no bɛtew Onyankopɔn din ho nso wɔ atoro a Satan dii wɔ ho no ho.

Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛwo “aseni” titiriw bi ma wabegye adesamma afi bɔne mu. (Genesis 3:15) “Aseni” yi na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene.

Ná ɛno bɛyɛ hena?

Adam yɛɛ bɔne akyi bɛyɛ mfirihyia 2,000 no, ɔbarima nokwafo bi traa ase a wɔfrɛ no Abraham. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ omfi ne kurom na ɔnkɔtra ntamadan mu wɔ Palestina asase so.

Abraham yɛɛ nea Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa a ade a ɛyɛ den kɛse biako ka ho. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre wɔ afɔremuka so.

Ná Yehowa mpɛ onipa afɔre ankasa. Nanso na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea Abraham dɔ no. Anka Abraham rebekum Isak nanso Yehowa ma ogyaee.

Esiane Abraham gyidi kɛse nti, Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ ɔde Palestina asase no bɛma n’asefo na ɔkae sɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no fi ɔne ne ba Isak asefo mu na ɛbɛba.—Genesis 22:17, 18; 26:4, 5.

Isak woo nta, Esau ne Yakob. Yehowa kae sɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no nam Yakob so na ɛbɛba.—Genesis 28:13-15.

Yakob a Yehowa frɛɛ no Israel nso no nyaa mmabarima 12 a wɔn nyinaa wowoo mma akyiri yi. Enti Abraham mma no fii ase dɔe.—Genesis 46:8-27.

Bere a ɔkɔm kɛse bi baa asase no so no, Yakob ne n’abusua no tu kɔɔ Misraim, bere a Farao, Misraim sodifo no kae sɛ wɔmmra no.—Genesis 45:16-20.

Bere a wɔwɔ Misraim no wɔdaa no adi sɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no befi Yakob ba Yuda asefo mu na aba.—Genesis 49:10.

Akyiri yi Yakob wui, na n’asefo no dɔe araa ma wɔbɛyɛɛ sɛ ɔman. Afei Misrifo no suroo wɔn na wɔde wɔn yɛɛ nkoa.—Exodus 1:7-14.

Akyiri yi Yehowa somaa Mose, ɔbarima nokwafo no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Farao a na ɔwɔ hɔ saa bere no sɛ ɔmma Israel mma no mfi nkɔ.—Exodus 6:10, 11.

Farao ampene, enti Yehowa de ɔhaw du baa Misrifo no so. Wɔ ɔhaw a etwa to mu no, ɔsomaa owu bɔfo ma okokunkum Misrifo mmabarima a wɔyɛ mmakan nyinaa.—Exodus, atiri 7 kosi 12.

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, sɛ wokum oguammaa de yɛ wɔn anwummeduan na wɔde ne mogya no bi yɛ wɔn apongua anim a, owu bɔfo no betwa wɔn afi no ho. Enti wogyee Israelfo mmakan nkwa.—Exodus 12:1-35.

Esiane eyi nti, Farao hyɛe sɛ Israelfo no mfi Misraim nkɔ. Nanso afei ɔsan sesaa n’adwene na otiw wɔn sɛ ɔrekɔfa wɔn aba.

Yehowa buee kwan maa Israelfo no ma wɔnam Po Kɔkɔɔ no mu guanee. Na bere a Farao ne ne dɔm bɔɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn akyi no, po no faa wɔn.—Exodus 15:5-21.

Yehowa dii Israel mma anim kɔɔ bepɔw bi a wɔfrɛ no Sinai ho wɔ anhweatam no so. Ɛhɔ na ɔde ne Mmara maa wɔn na ɔkae sɛ, sɛ wodi so a, wɔbɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron. Enti, awiei koraa no, Israelfo no nyaa hokwan bɛyɛɛ Onyankopɔn Ahenni no fã titiriw.—Exodus 19:6; 24:3-8.

Bere a Israelfo no adi Bepɔw Sinai ho bɛyɛ afe no, Yehowa dii wɔn anim kɔɔ Palestina, asase a na ɔde ahyɛ wɔn nana Abraham bɔ no so.

Afei wɔ Palestina no, Onyankopɔn maa kwan maa ahemfo dii wɔn so. Saa bere no de na Onyankopɔn wɔ ahenni wɔ asase so.

Ná Israel hene a ɔto so abien ne Dawid a ɔyɛ Yuda aseni no. Dawid dii Israel atamfo nyinaa so nkonim, na ɔde Yerusalem yɛɛ ɔman no ahenkurow.

Dawid ahenni bere so nsɛm kyerɛ sɛ, sɛ Yehowa gyina ɔhene bi akyi a, asase so sodifo biara nni hɔ a obetumi adi no so nkonim.

Yehowa kae sɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛyɛ obi a ofi Dawid asefo mu.—1 Beresosɛm 17:7, 11, 14.

Salomo, Dawid ba no, ne ɔhene a odii hɔ. Ná ɔyɛ ɔhene nyansafo, na Israel dii yiye wɔ ne nniso ase.

Salomo nso sii asɔredan fɛfɛ maa Yehowa wɔ Yerusalem. Tebea horow a na ɛwɔ Israel wɔ Salomo tumidi ase no ma yehu nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛbrɛ adesamma no bi.—1 Ahene 4:24, 25.

Nanso, ahene a wɔbae wɔ Salomo akyi no mu pii anni nokware koraa.

Nanso bere a Dawid asefo da so ara redi tumi wɔ Yerusalem no, Yehowa de ne diyifo Yesaia dii dwuma ma ɔkaa Dawid Ba a ɔbɛba daakye a obedi hene wɔ asase nyinaa so wɔ nokwaredi mu ho asɛm. Oyi na ɔbɛyɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no.—Yesaia 9:6, 7.

Odiyifo Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ N’ahenni no bɛyɛ nea anuonyam kɛse wom mpo asen Salomo de no.—Yesaia, atiri 11 ne 65.

Afei, nea ɛsen bere biara no, Onyankopɔn nkoa susuw nea ɔbɛyɛ saa Aseni yi no ho.

Nanso ansa na Aseni no reba no, Israel ahemfo no bɛyɛɛ abɔnefo araa ma wɔ 607 A.Y.B. mu no Yehowa maa kwan maa Babilonfo bedii ɔman no so nkonim na wɔfaa nnipa no pii nnommum kɔɔ Babilon. Nanso na Onyankopɔn werɛ mfii ne bɔhyɛ no. Aseni no bepue wɔ Dawid asefo mu ara.—Hesekiel 21:25-27.

Nea ɛbaa Israel so no kyerɛe sɛ ɛwom sɛ ɔdesani hene nyansafo a odi nokware betumi de nneɛma pa aba de, nanso nneɛma pa yi nyɛ nea ɛkɔ so. Nnipa anokwafo wu na wɔn a wodi wɔn ade no nyɛ wɔn a ebia wodi nokware. Ná dɛn ne ano aduru? Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no.

Awiei koraa no, bere a wɔatwɛn mfirihyia mpempem akyi no, Aseni no bae. Ná ɔyɛ hena?

Ɔbɔfo bi a ofi Onyankopɔn hɔ de mmuae no maa Israelni ababaa bi a ɔnwaree a wɔfrɛ no Maria. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔbɛwo ɔbabanin na wɔbɛfrɛ no Yesu. Nea ɔbɔfo no kae ni:

“Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi . . . hene.”—Luka 1:32, 33.

Enti na Yesu na ɔbɛyɛ Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no na awiei koraa no wayɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Nanso dɛn nti na na Yesu yɛ soronko wɔ nnipa anokwafo a wɔatra ase pɛn no ho?

Wɔnam anwonwa kwan so na ɛwoo Yesu. Ná ne na yɛ ɔbaabun, na na onni ɔdesani agya. Ná ɔsoro na Yesu te, na Onyankopɔn honhom kronkron anaa adeyɛ tumi no yii Yesu nkwa fii soro bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu. Enti, wannya Adam bɔne no bi. Wɔ n’asetra nyinaa mu no, Yesu anyɛ bɔne.—1 Petro 2:22.

Bere a Yesu dii mfe 30 no, wɔbɔɔ no asu.

Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo na afei ɔdaa ne ho adi sɛ saa Ahenni no so Hene.—Mateo 4:23; 21:4-11.

Ɔyɛɛ anwonwade ahorow pii nso.

Ɔsaa ayarefo yare.—Mateo 9:35.

Ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan anwonwa kwan so.—Mateo 14:14-22.

Onyanee awufo mpo.—Yohane 11:38-44.

Anwonwade ahorow yi kyerɛ nea Yesu bɛyɛ ama adesamma sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene.

So wokae sɛnea Ɔhene Dawid de Yerusalem yɛɛ n’ahenni no ahenkurow no? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn Ahenni no renyɛ nea ɛwɔ asase so, na mmom nea ɛwɔ soro. (Yohane 18:36) Ɛno nti na wɔfrɛ Ahenni no “ɔsoro Yerusalem” no.—Hebrifo 12:22, 28.

Yesu kyerɛɛ mmara ahorow a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ Ahenni no mma no di so. Mmara ahorow yi wɔ Bible mu mprempren. Ná mmara atitiriw no ne sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo dɔ Onyankopɔn ne wɔn ho wɔn ho.—Mateo 22:37-39.

Yesu daa no adi nso sɛ ɛnyɛ ne nko na obedi tumi wɔ n’Ahenni no mu. Wɔbɛpaw nnipa a wɔbɛkɔ soro na wɔne no akodi tumi wɔ hɔ. (Luka 12:32; Yohane 14:3) Wɔn dodow bɛyɛ ahe? Adiyisɛm 14:1 bua sɛ: 144,000.

Sɛ 144,000 pɛ na wɔkɔ soro ma wɔne Yesu kodi tumi a, ɛnde adesamma a wɔaka no anidaso ne dɛn?

Bible no se: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:29.

Wɔn a wɔbɛtra asase so daapem no ne wɔn a wɔfrɛ wɔn “nguan foforo” no.—Yohane 10:16.

Enti anidaso ahorow abien na ɛwɔ hɔ. Nnipa 144,000 a Yehowa Nyankopɔn ato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro na wɔne Yesu Kristo nkodi tumi no wɔ hɔ. Nanso ɔpepem pii foforo, nnipakuw kɛse, wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra asase so daapem sɛ n’Ahenni no mma.—Adiyisɛm 5:10.

Satan tan Yesu na ɔsɔre tiaa no. Bere a Yesu aka asɛm mfirihyia abiɛsa ne fã akyi no, Satan ma wɔkyeree no na wɔbɔɔ no fam dua ho kum no. Dɛn nti na Onyankopɔn maa eyi ho kwan?

Kae, esiane sɛ yɛyɛ Adam asefo nti, yɛn nyinaa yɛ bɔne na yɛfata owu.—Romafo 6:23.

Kae nso sɛ, esiane sɛ wɔnam anwonwa kwan so woo Yesu nti, na ɔyɛ pɛ a ɔmfata sɛ owu. Nanso, Onyankopɔn maa Satan kwan ma ‘ɔkaa Yesu nantin,’ okum no. Nanso Onyankopɔn nyan no baa nkwa mu bio sɛ honhom a onwu da. Esiane sɛ na ɔda so ara wɔ ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ hokwan nti, afei de na obetumi de eyi adi dwuma de agye yɛn adesamma yi afi bɔne ne owu a Adam a ɔyɛ pɛ no ma ɛbaa yɛn so no mu.—Genesis 3:15; Romafo 5:12, 21; Mateo 20:28.

Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛate nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ase yiye no, Bible ka ho asɛm denam nkɔmhyɛ nsusuwso ahorow so.

Sɛ nhwɛso no, so wokae sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba mmɔ afɔre de sɔɔ ne dɔ hwɛe no?

Ná eyi yɛ Yesu afɔrebɔ no nkɔmhyɛ nsusuwso. Ɛkyerɛɛ sɛnea ɔdɔ a Yehowa wɔ ma adesamma no sõ araa ma enti ɔmaa kwan maa ne Ba, Yesu, bewu maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nkwa.—Yohane 3:16.

So wokae ɔkwan a Yehowa faa so gyee Israelfo fii Misraim, na ogyee wɔn mmakan nkwa denam owu bɔfo a ɔma ‘otwaam’ so no?—Exodus 12:12, 13.

Ná eyi yɛ nkɔmhyɛ nsusuwso. Sɛnea na oguammaa mogya no kyerɛ nkwa ma Israelfo mmakan no, saa ara na Yesu mogya a ohwie gui no kyerɛ nkwa ma wɔn a wogye no di no. Na sɛnea na saa anadwo no adeyɛ no kyerɛ ahofadi ma Israelfo no, saa ara na Yesu wu no maa adesamma dee wɔn ho fii bɔne ne owu ase.

Enti na wɔfrɛ Yesu sɛ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ no.”—Yohane 1:29.

Nanso, bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔboaboaa asuafo ano nso na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka Ahenni ho asɛmpa no, wɔ ne wu akyi mpo.—Mateo 10:5; Luka 10:1.

Eyinom ne nnipa a wodi kan a Onyankopɔn paw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi tumi wɔ n’Ahenni mu no.—Luka 12:32.

So wokae sɛ Onyankopɔn hyɛɛ Yudafo no bɔ sɛ, sɛ wodi ne Mmara so a wɔbɛyɛ “asɔfo ahemman” no? Afei, sɛ wogye Yesu tom a wobenya hokwan abɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no fã na wɔasom sɛ asɔfo wɔ soro. Nanso wɔn mu pii pow Yesu.

Enti efi saa bere no rekɔ no Yudafo no anyɛ Onyankopɔn man a wɔapaw wɔn bio; Palestina ankɔ so anyɛ Bɔhyɛ Asase bio.—Mateo 21:43; 23:37, 38.

Efi Yesu bere so besi yɛn bere yi so no, na Yehowa reboaboa wɔn a wɔne Yesu bedi tumi wɔ soro no ano. Wɔn mu mpem kakraa bi da so ara te ase wɔ asase so nnɛ. Yɛfrɛ wɔn nkaefo a wɔasra wɔn.—Adiyisɛm 12:17.

Afei de, woafi ase rehu nea Onyankopɔn Ahenni no yɛ. Ɛyɛ nniso a ɛwɔ soro a ne Hene ne Yesu Kristo a nnipa 144,000 a wofi asase so ka ne ho. Ebedi adesamma nokwaredifo so wɔ asase so na ebenya tumi na ɛde asomdwoe bɛba asase so.

Wɔ Yesu wu akyi no, wonyan no ma ɔkɔɔ soro. Ɛhɔ na ɔtra twɛnee bere a Onyankopɔn bɛka sɛ bere adu sɛ ofi ase di Hene wɔ Onyankopɔn Ahenni no so no. (Dwom 110:1) Ɛno bɛyɛ bere bɛn?

Ná ɛtɔ bere bi a Yehowa ma nkurɔfo so dae sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nneɛma a ɛfa n’Ahenni no ho akyerɛ wɔn.

Wɔ Daniel bere so no Yehowa maa Nebukadnesar, Babilon hene no, soo dae a ɛte saa no bi. Ná ɛfa dua kɛse bi ho.—Daniel 4:10-37.

Wotwaa dua no too fam na wɔkyekyeree ne dunsin no mfe ason.

Ná dua no gyina hɔ ma Nebukadnesar. Sɛnea wɔkyekyeree dunsin no mfe ason no, saa ara na Nebukadnesar bɔɔ dam mfe ason. Afei n’adwene san ba maa no.

Ná eyi nyinaa yɛ nkɔmhyɛ nsusuwso. Ná Nebukadnesar yɛ Yehowa wiase nyinaa nniso no ho mfonini. Mfiase no ɔyɛɛ eyi denam Ɔhene Dawid asefo so wɔ Yerusalem. Bere a Babilon dii Yerusalem so wɔ 607 A.Y.B. mu no, saa ahene a wodii ade no mu twae. Ná wɔrennya ɔhene foforo biara a ofi Dawid abusua mu ‘kosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba.’ (Hesekiel 21:27) Ná ɔno ne Yesu Kristo.

Efi 607 A.Y.B. kosi bere a Yesu befi ase adi tumi no bɛyɛ bere tenten ahe? Nkɔmhyɛ mu mfirihyia ason. Kyerɛ sɛ, mfirihyia 2,520. (Adiyisɛm 12:6, 14) Na mfirihyia 2,520 a efi 607 A.Y.B. de yɛn besi 1914 Y.B.

Enti Yesu fii ase dii tumi wɔ soro wɔ 1914 mu. Dɛn na na ɛno kyerɛ?

Bible no nam ani so ade a ɔsomafo Yohane hui no so ka kyerɛ yɛn.

Ohuu ɔbea bi a ɔwoo ɔbabanin wɔ soro.—Adiyisɛm 12:1-12.

Ná ɔbea no yɛ Onyankopɔn soro ahyehyɛde a Onyankopɔn soro abɔfo nyinaa a wɔsom no wom no ho mfonini. Ɔbabanin no yɛ Onyankopɔn Ahenni no ho mfonini. ‘Wɔwoo’ eyi wɔ 1914 mu.

Dɛn na esii bio? Ade a edi kan a Yesu yɛe sɛ Ɔhene ne sɛ ɔbɛtow Satan ne saa abɔfo a wɔne no tew atua no afi soro akyene asase so.—Adiyisɛm 12:9.

Bible ka nea efii mu bae kyerɛ yɛn: “Mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:12.

Enti bere a Yesu fii ase dii tumi wɔ soro no, n’atamfo ani beree kɛse wɔ asase so. Sɛnea Bible ka too hɔ no, ofii ase dii tumi wɔ n’atamfo mfinimfini.—Dwom 110:1, 2.

Dɛn na eyi bɛkyerɛ ama adesamma?

Yesu kaa eyinom ho asɛm kyerɛɛ yɛn: akokoakoko, aduankɔm, nyarewa, ne asasewosow.—Mateo 24:7, 8; Luka 21:10, 11.

Yɛahu sɛ nneɛma ahorow yi aba fi 1914 na ɛno nso nti na yehu sɛ Ahenni no fii ase dii tumi saa bere no.

Adiyisɛm nhoma no ka kyerɛ yɛn sɛ nnipa ‘bɛsɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Yɛahu ɛno nso titiriw fi 1914.

Ɔsomafo Paulo de kaa ho sɛ nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo, . . . awofo asɛm ho asoɔdenfo, . . . apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so.”—2 Timoteo 3:1-5.

Afei woahu nea enti a asetra mu yɛ den nnɛ no. Satan ani abere kɛse. Nanso Onyankopɔn Ahenni no nso akɔ so adi dwuma.

Wɔ 1914 akyi pɛɛ no, wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi tumi wɔ soro no nkaefo no fii ase kaa asɛmpa a ɛne sɛ wɔde Ahenni no asi hɔ no. Adwuma yi atrɛw wɔ asase so nyinaa mprempren sɛnea Yesu kae no.—Mateo 24:14.

Asɛnka adwuma yi atirimpɔw ne dɛn?

Nea edi kan no, sɛ́ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo.

Nea etia abien, sɛ́ wɔbɛboa nkurɔfo ma wɔakyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ Ahenni no mma anaasɛ dabi.

Yesu kae sɛ wɔ yɛn bere yi mu no, wɔbɛpaapae adesamma nyinaa mu ma akyiri yi wɔahu wɔn a wɔte sɛ nguanten ne wɔn a wɔte sɛ mpapo.—Mateo 25:31-46.

“Nguanten” no bɛyɛ wɔn a wɔdɔɔ ɔne ne nuanom no. “Mpapo” no bɛyɛ wɔn a wɔanyɛ saa no.

“Nguanten” no benya daa nkwa, “mpapo” no rennya.

Ahenni no ho asɛmpa a wɔreka no reboa nkurɔfo ma wɔakyerɛ sɛ wɔte sɛ nguanten anaa mpapo.

Odiyifo Yesaia nkɔmhyɛ bi ni.

“Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.”—Yesaia 2:2.

Adesamma wɔ “nna a edi akyiri” no mu mprempren.

“Wɔama” Yehowa “fi” som no so “asen” atoro som.

“Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:3.

Enti nnipa pii a wofi aman nyinaa mu ba bɛsom Yehowa na wɔto nsa frɛ afoforo sɛ wɔmmɛka wɔn ho. Wosua sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a Yehowa pɛ so.

“Na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

Wɔn a wɔsom Yehowa no yɛ biako na wɔpɛ asomdwoe.

Nea afi Onyankopɔn Ahenni dwumadi yi mu aba ne sɛ, mprempren nnipa ɔpepem pii wɔ wiase nyinaa a wɔyɛ Ahenni no mma.

Wɔaboaboa wɔn ano atwa nkaefo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro na wɔne Kristo adi tumi no ho ahyia.

Wɔn nsa ka honhom mu aduan denam Onyankopɔn ahyehyɛde no so.—Mateo 24:45-47.

Wɔyɛ amanaman ntam Kristofo a wɔyɛ anuanom a wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho ankasa.—Yohane 13:35.

Wɔwɔ asomdwoe, ne daakye ho anidaso.—Filipifo 4:7.

Ɛrenkyɛ, wɔbɛka asɛmpa no awie. Saa bere no na wɔahu “nguanten” no dedaw. Afei dɛn na Ahenni no bɛyɛ?

So wokae sɛ Ɔhene Dawid nokwafo no dii Onyankopɔn nkurɔfo atamfo nyinaa so nkonim? Wiɛ, saa ara na Ɔhene Yesu bɛyɛ.

Bere bi Ɔhene Nebukadnesar soo dae bi a ɛfa ohoni kɛse bi a egyina hɔ ma wiase ahemman ahorow a efi ne bere so besi nnɛ ho.

Afei ohuu ɔbo bi a wɔatow afi bepɔw bi so na ebubuu ohoni no pasaa. Ná ɔbo no gyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni.

Eyi kyerɛ nneɛma nhyehyɛe yi a wɔbɛsɛe no.—Daniel 2:44.

Nneɛma bi a Ahenni no beyi afi hɔ ni.

Atoro som befi hɔ te sɛ owiyammo a wɔatow akyene po mu.—Adiyisɛm 18:21.

Enti na wɔhyɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn nyinaa nkuran sɛ womfi atoro som mu MPREMPREN ara no.—Adiyisɛm 18:4.

Afei Ɔhene Yesu “bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dade poma bɛyɛn wɔn.”—Adiyisɛm 19:15.

Enti, ɛwom sɛ Yehowa Adansefo tua wɔn tow ahorow na wodi nsase a wɔwɔ so no mmara so de, nanso wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛe amammuisɛm mu.

Awiei koraa no, wɔtow Satan ankasa kyene bun no mu.—Adiyisɛm 20:2, 3.

“Nguan” a wɔyɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ Yesu ase sɛ Ɔhene no nkutoo na wobetwa ahohiahia yi.—Mateo 25:31-34, 41, 46.

Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu a ɛfa “nguanten” a wotwa ahohiahia no ho.

“Mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wokurakura berɛw.”—Adiyisɛm 7:9.

“Nnipakuw kɛse” no ne nnipa a wogye asɛmpa a wɔka no tom nyinaa.

“Wofi ahohia kɛse no mu.”—Adiyisɛm 7:14.

“Berɛw” no kyerɛ sɛ wogye Yesu tom sɛ wɔn Hene.

“Ntade fitaa” a wɔhyɛ no kyerɛ sɛ wɔwɔ Yesu afɔrebɔ no mu gyidi.

“Oguammaa” no ne Yesu Kristo.

Nhyira bɛn na wobenya saa bere no? So wokae anigye a na ɛwɔ Israel bere a na Ɔhene Salomo nokwafo no redi tumi no? Ná eyi yɛ anigye a ɛbɛba asase so wɔ Ɔhene Yesu ase no ho mfonini ketewaa bi.

Asomdwoe ankasa bɛba wɔ adesamma ntam ne wɔ onipa ne mmoa ntam sɛnea Yesaia ka too hɔ no.—Dwom 46:9; Yesaia 11:6-9.

Sɛnea Yesu saa ayarefo yare bere a ɔwɔ asase so no, saa ara na obeyi yare afi adesamma nyinaa so.—Yesaia 33:24.

Sɛnea ɔmaa nnipadɔm aduan dii no, saa ara na ɔbɛma aduankɔm agyae wɔ adesamma nyinaa mu.—Dwom 72:16.

Sɛnea onyanee awufo no, saa ara na obenyan awufo a wɔannya hokwan kɛse amfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no.—Yohane 5:28, 29.

Nkakrankakra no, ɔbɛsan de adesamma aba pɛyɛ a Adam yeraa no no mu.

So ɛno nyɛ daakye a ɛyɛ anigye? So wobɛpɛ sɛ wuhu? Sɛ saa a, yɛ nea ɛbɛma woatumi de wo ho ahyɛ Onyankopɔn Ahenni no ase mprempren na woabɛyɛ “nguanten” no mu biako.

Sua Bible no na ama woahu Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo.—Yohane 17:3.

Fa wo ho bɔ afoforo a wɔn nso wɔyɛ Ahenni no mma ho.—Hebrifo 10:25.

Sua Ahenni no mmara ahorow no na di so.—Yesaia 2:3, 4.

Hyira wo nkwa so sɛ wobɛsom Yehowa na ma wɔmmɔ wo asu.—Mateo 28:19, 20.

Twe wo ho fi nneɛma te sɛ korɔnbɔ, atorodi, ɔbrasɛe, ne asabow a ɛnsɔ Yehowa Nyankopɔn ani no ho.—1 Korintofo 6:9-11.

Nya Ahenni no ho asɛmpa a wɔka no mu kyɛfa.—Mateo 24:14.

Afei ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no wubehu bere a wɔbɛsan de Paradise a Adam ma ɛhweree n’asefo no aba, na wubehu nkɔmhyɛ yi mmamu: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 20]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

607 A.Y.B. 1914 Y.B.

A.Y.B. | Y.B.

500 1,000 1,500 2,000 2,520

[Kratafa 11 mfonini ahorow]

Abraham

Isak

Yakob

Yuda

Dawid

[Kratafa 14 mfonini]

144,000

[Kratafa 16 mfonini ahorow]

Adam

Yesu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena