Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yohane Hu Yesu a Wɔahyɛ no Anuonyam
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 5. (a) Ɛnne bi frɛ Yohane sɛ ɔnyɛ dɛn? (b) Dɛn nti na na “asafo ahorow ason” no wɔ baabi a eye a wobetumi de nhoma mmobɔwee akɔma wɔn?

      5 Anisoadehu a edi kan yi mu, ansa na Yohane behu biribi no, ɔte biribi: “Na metee nne kɛse bi wɔ m’akyi sɛ torobɛnto sɛ: Kyerɛw nea wuhu hyɛ [nhoma mmobɔwee] mu, na soma kɔma asafo ahorow ason no, fa kɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea.” (Adiyisɛm 1:10b, 11) Ɛnne bi a ɛkasa tumi ne ɔhyɛ so te sɛ torobɛnto hyɛn ka kyerɛ Yohane sɛ ɔnkyerɛw nkɔma “asafo ahorow ason no.” Na ne nsa bɛka nkrasɛm ahorow a ɛtoatoa so na wabɔ nneɛma a obehu na wate no dawuru. Hyɛ no nsow sɛ na asafo ahorow a wɔabobɔ din wɔ ha no wɔ hɔ ankasa wɔ Yohane bere so. Na ne nyinaa wɔ Asia Kumaa, wɔ ɛpo a efi Patmo no agya. Na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛfa Romafo akwan a ɛso ye na ɛwɔ mpɔtam hɔ no so afi kurow biako mu akɔ foforo mu. Na ɛrenyɛ den mma ɔsomafo no sɛ ɔde nhoma mmobɔwee befi asafo biako mu akɔ nea edi hɔ no mu. Saa asafo ahorow ason no bɛyɛ nea ɛne nnɛyi Yehowa Adansefo ɔmansin fã bi sɛ.

  • Yohane Hu Yesu a Wɔahyɛ no Anuonyam
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • [Kratafa 23 mfonini ahorow]

      Nkurow a na asafo ahorow ason no wom amamfo a wohui wɔ fam a wotutu hwehwɛ tete nneɛma mu no mu no si Bible kyerɛwtohɔ no so dua. Ɛha na afeha a edi kan no mu Kristofo nsa kaa Yesu nkuranhyɛ nkrasɛm ahorow a nnɛ ɛkanyan asafo a ɛwɔ wiase nyinaa no

      PERGAMO

      SMIRNA

      TIATIRA

      SARDI

      EFESO

      FILADELFIA

      LAODIKEA

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena