-
Nnipakuw Kɛse Bebree BiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
22. Asɛm bɛn bio na Yohane nya fa nnipakuw kɛse no ho?
22 Ɛdenam ɔsoro kaseɛbɔ kwan no so no, Yohane nsa ka nsɛm foforo fa nnipakuw kɛse yi ho: “Na [ɔpanyin no] ka kyerɛɛ me sɛ: Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa wɔ Oguammaa no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na nea ɔte ahengua no so no bɛkata wɔn so.”—Adiyisɛm 7:14b, 15.
-
-
Nnipakuw Kɛse Bebree BiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
25. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no de ɔsom kronn ma Yehowa “awia ne anadwo n’asɔredan mu”? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa trɛw ne ntamadan mu wɔ nnipakuw kɛse no so?
25 Afei, wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo a wɔyɛ nsi—“wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.” So woyɛ nnipakuw kɛse a wɔahyira wɔn ho so yi mu biako anaa? Sɛ saa a, na ɛyɛ hokwan a woanya sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ ne honhom mu asɔredan kɛse no asase so adiwo hɔ a wunnyae da. Ɛnnɛ, wɔ wɔn a wɔasra wɔn no akwankyerɛ ase no, nnipakuw kɛse no reyɛ adansedi adwuma no mu fã kɛse no ara. Honam fam adwuma mu asɛyɛde ahorow a ɛda wɔn so nyinaa akyi no, wɔn mu ɔpehaha pii anya kwan ayɛ bere nyinaa som adwuma no sɛ akwampaefo. Sɛ wowɔ saa kuw no mu anaasɛ dabi no, sɛ nnipakuw kɛse a wɔahyira wɔn ho so no muni no, w’ani betumi agye sɛ esiane wo gyidi ne wo nnwuma nti, wɔabu wo ɔtreneeni sɛ Onyankopɔn adamfo na ɔyɛ wo atuu sɛ ɔhɔho ne ntamadan mu. (Dwom 15:1-5; Yakobo 2:21-26) Enti Yehowa ‘trɛw ne ntamadan mu’ wɔ wɔn a wɔdɔ no no so, na sɛ ofiewura pa no, ɔbɔ wɔn ho ban.—Mmebusɛm 18:10.
-