Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 3/1 kr. 25-31
  • Wogye “Israel Nyinaa” De Hyira Adesamma Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wogye “Israel Nyinaa” De Hyira Adesamma Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo​—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?
  • Ɔde Nhyira Na Ɛbae, Ɛnyɛ Nnome
  • “Israel Nyinaa Benya nkwa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Wɔma Yehowa Fie So
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa I
  • Monkɔ So Ntra Ase Sɛ Wɔn A Wɔaboaboa Wɔn Ano Na Ama Moanya Nkwa Akɔ Mfirihyia Apem No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wɔn a Wofi Aman Nyinaa mu Ka
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 3/1 kr. 25-31

Wogye “Israel Nyinaa” De Hyira Adesamma Nyinaa

1. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Israel Kwasafoman no hwɛ kwan sɛ esiane sɛ ɛwɔ Amanaman Nkabom no mu nti, ɛbɛyɛ nea Onyankopɔn nam so hyira adesamma nyinaa?

YEHOWA hyɛɛ Abraham bɔ sɛ asase so mmusua ne aman nyinaa benya nhyira denam saa agyapanyin nokwafo no asefo so. (Genesis 12:3; 22:17, 18) Nanso saa bɔ ahorow a wɔhyɛe wɔ afeha a ɛto so 20 ansa na yɛn Bere Yi reba mu no nkyerɛ sɛ Onyankopɔn behyira Amanaman Nkabom a ebesii Amanaman Apam a awu no ananmu no. Esiane sɛ nnɛyi Israel Kwasafoman no yɛ Amanaman Nkabom no muni nti, ɛnsɛ sɛ ɛhwɛ kwan sɛ tete Israel Nyankopɔn no de bedi dwuma de ahyira adesamma nyinaa: Amanaman Nkabom no gyina Onyankopɔn Ahenni denam Abraham “asenni” so no kwan mu ankasa. Enti, ɛne nnɛyi “akyide a ɛbɔ ɔman” no. (Mateo 24:15) Dabi, Amanaman Nkabom no nyɛ nhyira, ɛwom sɛ Kristoman asɔfo ne Yudafo rabi ahorow bɔ mpae sɛ ɔsoro nhyira mmra saa ahyehyɛde no so de. Ɛyɛ “aboa no honi” ampa, “aboa” a ɔyɛ “wi yi ase nyame,” Satan Ɔbonsam, amammui ahyehyɛde a aniwa hu no. Enti ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe Amanaman Nkabom no a saa ahyehyɛde a ɛte sɛ aboa no ka ho.​—Adiyisɛm 13:1-18; 2 Korintofo 4:4.

2. Esiane ɔkwan a ɛnam so no nti, ɔkwan bɛn so na ɛsono “Israel nyinaa” nkaefo no wɔ Israel Kwasafoman no ho.

2 Mprempren de, Israel Kwasafoman no reko atia Amanaman Nkabom no mufo afoforo de apere ne nkwa. Nanso “Israel nyinaa” nkaefo no nsuasua Israel Kwasafoman no. (Romafo 11:26) Saa nkaefo no nsom “aboa no honi” no. Mmom no, honhom mu Israelfo no da no adi sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn anim no​—atoro ade a ɛdaadaa nkurɔfo ma wɔde wɔn ho to Amanaman Nkabom no so mmom sen Yehowa Ahenni nam Yesu Kristo so no. Esiane eyi nti, “Israel nyinaa” nkaefo no da so ara yɛ Yehowa amansan ahyehyɛde no fã. Honhom mu ‘Abraham asefo’ nkaefo no reda wɔn ho adi dedaw sɛ wɔyɛ nhyira ma adesamma aman ne mmusua horow nyinaa. Enti Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nkɔmhyɛ no ada adi sɛ ɛyɛ nokware.

3, 4. Bɛyɛ mfirihyia 2,700 ansa na 1914 reba no, dɛn na Yehowa de honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛw faa “amanaman nyinaa” ho?

3 Bɛboro mfirihyia 2,700 a atwam ni no, Yehowa Nyankopɔn kaa bere bi a ɛbɛba ho asɛm a wɔde nteaseɛnam ne wimhyɛn ahorow bedi dwuma nea edi kan wɔ asraafo akodi mu, bere a wɔn ho bɛkokwaw wɔ amoa mu akodi mu, a ɛsɛ sɛ asraafo de nneɛma ahorow hyehyɛ wɔn ti sɛnea ɛbɛyɛ a worenhome mframa bɔne na wɔde akode ahorow a ano yɛ den te sɛ “Big Bertha” adi dwuma wɔ akodi mu no. Yiw, bɛyɛ mfeha 27 ansa na Wiase Ko I reba no, Yehowa Nyankopɔn maa honhom kaa odiyifo Yesaia ma ɔkaa biribi foforo nso a ɛbɛkɔ so saa bere no ho asɛm, sɛ:

4 “Asɛm a Amos ba Yesaia hui Yuda ne Yerusalem ho ni: Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho. Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na nnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmra befi, na [Yehowa] asɛm afi Yerusalem. Na obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Yakob fi, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew [Yehowa] hann mu.”​—Yesaia 2:1-5.

5. Esiane ɔkwan a Israel Kwasafoman no nam so no nti, ɛsɛ sɛ wosusuw Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa “[Yehowa] fi” ho no ho wɔ ɔkwan bɛn so?

5 Ɛnnɛ yenhu sɛ saa nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi aba mu wɔ Mfinimfini Apuei Yerusalem a ɛyɛ Israel Kwasafoman no ahenkurow no mu. Yenhu Yehowa asɔrefi biara wɔ faako a na anka wɔfrɛ no Bepɔw Sion no so, mmom no, nea ɛwɔ hɔ ne Nkramofo ɔbotan Puruw no ne wɔn asɔredan a wɔahyira so ama Allah. Akwantufo fi aman ahorow pii so kɔsra nyamesombea yi a ɛnyɛ sɛ wɔrekɔsom na mmom sɛ wɔrekɔhwɛ Nkramofo dan fɛfɛ yi ara kwa. Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wɔ nneɛma nhyehyɛe a ɔyare abɔ no kɛse yi, “nna a edi akyiri” no mu mprempren no, Yesaia nkɔmhyɛ no nyɛ nea ɛreba mu koraa wɔ nnɛyi Israel man no fam. Ɛnyɛ ɛno ne nea ɛbɛyɛ “Israel nyinaa” a wogye no nkwa ma ɛyɛ nhyira ma adesamma nyinaa de ma bɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham no bam no. Enti, ɛsɛ sɛ wosusuw nkɔmhyɛ no mu asɛm, “[Yehowa] fi bepɔw” no ho wɔ honhom mu a ɛfa “Nyankopɔn Israel” no ho.​—Galatifo 6:16.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na Petro kyerɛɛ ɔman ko a “Nyankopɔn Israel” no yɛ? (b) Nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ wiase bɛn mu na “amanaman nyinaa” fii ase sen yuu baa “[Yehowa] fi”?

6 Saa “Nyankopɔn Israel” yi yɛ honhom mu ɔman, te sɛ nea ɔsomafo Petro mpo daa no adi wɔ ne nkyerɛwee no mu no: “Moyɛ abusua a mapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ monka nea ɔfrɛɛ mo fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.” (1 Petro 2:9) “Ɔman kronkron” yi mufo nkaefo a wɔwɔ hɔ mprempren no gyina hɔ sɛ [Yehowa] fi” no ho sɛnkyerɛnne na wɔn na wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nhyɛase. Ná ɛyɛ mfirihyia 21 wɔ “nna a edi akyiri” no mu​—bere a Roman Katolek fasist nniso ne Hitler Nasi nniso redi aperepere wɔ Europa no mu​—na “amanaman nyinaa” fii ase sen yuu baa Yehowa honhom mu “fi” a sɛ yɛbɛka a, Yehowa Adansefo ama so ataa mmepɔw atifi no mu.

7. Dɛn nti na ɛnyɛ adeyɛ a ɛnkyerɛ biribi, bere a amanaman no fii ase sen yuu baa “[Yehowa] fi” no?

7 Nea wɔde hyɛɛ adeyɛ titiriw yi mfiase agyirae ne nhyiam kɛse a”wɔyɛe wɔ 1935 fefɛw bere mu wɔ Washington, D.C., a ɛyɛ United States, America ahenkurow mu no. Wɔ ɔkasa titiriw bi mu wɔ saa nhyiam no ase no, “Israel nyinaa” no muni biako​—J. F. Rutherford a na saa bere no ɔne Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no titrani no​—teɛɛ ntease bi a enye a na Amanaman Ntam Bible Asuafo no wɔ so. Ɔdaa no adi sɛ “nnipadɔm kɛse,” anaa “nnipakuw kɛse” a wɔbɛboaboa wɔn ano afi adesamma nyinaa mu a wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ Ne honhom mu asɔrefi no mu (efisɛ Roma asraafo sɛee asase so asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no wɔ 70 Y.B. mu) no bɛyɛ asase so kuw. (Adiyisɛm 7:9-17, Authorized Version) Saa kuw yi hwɛ kwan sɛ wobetwa Harmagedon na wɔahyɛn nhyehyɛe foforo no mu wɔ Yesu Kristo a wadi hene wɔ soro fi 1914 no Mfirihyia Apem Ahenni a ɛrebɛn no mu.

8. (a) Adeyɛ a ɛkyerɛ biribi bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Washington, D.C. nhyiam no ase wɔ 1935 mu? (b) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ “amanaman nyinaa” resen yuu aba “[Yehowa] fi”?

8 Sɛnea wogyee hann a wɔdaa no adi yi so no kyerɛ biribi. Wɔ saa nhyiam titiriw no ase no, wɔbɔɔ nhyiamfo 840 asu de yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn denam Yesu Kristo so no ho sɛnkyerɛnne. Wɔanhu aman dodow a emufo wɔ kuw no mu, nanso na wɔwɔ asase so paradise anidaso ho adwene. Ɛnnɛ, wɔ bɛboro mfirihyia 39 akyi no, Yehowa Adansefo dodow boro “Israel nyinaa” no so koraa. Wɔreyɛ adwuma wɔ nsase 203 so wɔ wiase nyinaa. Ɛnde, sɛ yɛbɛka wɔ ɔkwan a ɛso so a, “amanaman no nyinaa” resen yuu aba Yehowa ofi som a wɔama so no mu.

Yehowa Adansefo​—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

9. Yehowa Adansefo a wɔnte sɛ Israel Kwasafoman no afa ɔkwan bɛn so a ɛma Yesaia 2:4 nya mmamu?

9 Sɛ wode toto Israel Kwasafoman no ho a, nnipa bɛn na yehu sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnɛ? So wɔte sɛ saa kwasafoman no a wɔde akode asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛko atia wɔn a wɔhaw wɔn wɔ kɔ a wɔbɛkɔ so atra ase ho no? Dabi! Mmom no, wɔne nnipa a wɔkaa wɔn ho asɛm too hɔ wɔ Yesaia 2:4 no pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ wɔma Yehowa som so wɔ Onyankopɔn honhom mu ofi no mu nti, wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare. Bere a wosuasua wɔn Kannifo, Yesu Kristo no, wɔde wɔn ho to Yehowa Nyankopɔn so sɛ wɔn Hobammɔfo. Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ wofi asase so aman nyinaa mu na aba de, nanso wɔmma ɔmampɛ mu nitan ahorow nni wɔn so; na saa ara na wɔmmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase amammuisɛm mu. Nokwarem no, wonnsua akodi bio. Wɔkɔ so kura afã biara a wonni wɔ wiase no ntawntawdi ne amammuisɛm mu no mu. Ampa, wɔmfa honam fam akode nni dwuma mfa mmɔ wɔn ho ban na wɔmmfa nsɔre nhyɛ afoforo nso. Wogye nea Yesu Kristo kae no di​—sɛ n’Ahenni “mfi wiase.” Sɛ ɛnte saa a, anka n’asuafo de honam fam akode, asraafo de a ɛsen biara, bɛko ama.​—Yohane 18:36.

10. (a) Ɔko bɛn nkutoo na Yehowa Adansefo de wɔn ho hyem? (b) “Ahyɛde foforo” bɛn na Adansefo no di so, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ saa?

10 Mmom no, honhom mu ɔko nko na Yehowa Adansefo kɔ. Wɔn ko no yɛ nea wɔde tia ahonhommɔne a wɔwɔ ɔsoro hɔnom. Enti wɔn akode no nyɛ honam fam de, nea wɔde hwie mogya gu. (Efesofo 6:10-18) Wɔn ko no nyɛ nea wɔde tia nnipa, na saa ara na wɔne wɔn honhom mu nuanom a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu no nko. Wodi Yesu Kristo ahyɛde sɛ wɔnnodɔ wɔn honhom mu nuanom sɛnea ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ ɔde ne desani nkwa mpo too hɔ maa n’asuafo no so. Eyi ne “ahyɛde foforo” a Yesu de maa n’akyidifo no hyia sɛ, wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no.​—Yohane 13:34.

11. Ɔdɔ a Yehowa Adansefo yi adi no hyɛ mmara bɛn ma?

11 Ɔdɔ a ɛhyɛ Mmara a wɔnam odiyifo Mose so de mae no ma na ɛkanyan Yehowa Adansefo. Ɔdɔ a ɛte sɛɛ nyɛ obi bɔne na ɛsen “adɔeyɛ” ara kwa, sɛnea wɔte ase wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no. Wɔ Bible mu no, Hebri ne Hela nsɛmfua ma “ɔdɔ” no yɛ nea ɛkyerɛ pii sen “adɔeyɛ” ara kwa.​—Hwɛ 1 Korintofo, ti 13, King James Version; Katolek Douay Version.

Ɔde Nhyira Na Ɛbae, Ɛnyɛ Nnome

12. So na ɛyɛ nea ɛho hia sɛ “Israel nyinaa” no mufo nyinaa kɔ ɔsoro ansa na “amanaman nyinaa” a wohyira wɔn no atumi afi ase?

12 Wɔ nea yɛasua no mu no, yetumi hu sɛ, sɛ mmusua ne aman nyinaa a wobehyira wɔn no befi ase denam Abraham Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, “asefo” no so a, na ɛho nhia sɛ “Israel nyinaa” nkaefo no kɔ soro na wɔkɔka saa “asefo” no mu Otitiriw, Yesu Kristo ho ansa. Bɛyɛ mfirihyia aduonum ni no, asase so mmusua ne aman ahorow mufo renya nhyira ahorow fi Abraham “asefo” a wɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no nkyɛn. Wɔaboaboa “nguan foforo” bɛboro ɔpepem abien ne fã ano dedaw ma wɔne Oguanhwɛfo Pa no akyidifo a wɔte sɛ nguanten a wɔde honhom awo wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no ayɛ “kuw biako.”​—Yohane 10:16.

13. Yesu baa asɔrefi hɔ a na dɛn na ɛwɔ n’adwene mu ma “nguan foforo” no, na ɔkwan bɛn so na ɛrenkyɛ ne su wɔ wɔn ho no bɛba awiei wɔ ɔkwan a ɛso so?

13 Wɔde anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra Paradise a wɔbɛsan de aba asase so mu wɔ ɔhene Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu wo ne mfiase pɛɛ adom “nguan foforo” a wɔahyira wɔn no. Enti bere a Yesu Kristo baa honhom mu asɔrefi no mu na ama atemmu afi ase, sɛ Yehowa “apam bɔfo” no, ɔbae a na “nguan foforo” no nhyira na ɛwɔ n’adwene mu, ɛnyɛ nnome. (Malaki 3:1-3) Nhyira yi bɛba awiei wɔ ɔkwan a ɛso so denam kora a wɔbɛkora wɔn so wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” a ɛrebɛn no mu de atia n’asase so atamfo a wɔaboaboa wɔn ano wɔ “Harmagedon” no so. (Adiyisɛm 16:14, 16) Tete mmere no mu no na Megido kurow no yɛ nkonimdibea ma Yehowa Nyankopɔn. (Yosua 17:11; Sakaria 12:11) Onyankopɔn bedi nkonim a ɛsen biara wɔ sɛnkyerɛnne kwan so Harmagedon de ahyɛ ne ho anuonyam daa. Ɛhɔ na ne Ba a wama no so, Yesu Kristo, bɛyɛ ne Sahene Panyin.​—Adiyisɛm 19:11-21.

14. (a) Henanom nkwagye ho na “nguan foforo” no betumi ama wɔn ani agye? (b) “Nguan foforo” no dodow adu ahe dedaw?

14 Wɔbɛbɔ “nguan foforo” no ho ban wɔ ɔsoro tumi ne ahoɔden a woyi adi kyerɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sen biara so no mu. Hwɛ wɔn a wobehu na wɔanya nkwa wɔ saa nkonimdi no mu nyinaa ani a ebegye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ “Israel nyinaa” nkaefo no ‘nyaa nkwa’ wɔ asomdwoe bere a na ɛwɔ Wiase Ko I ne Wiase Ko II ntam mu no ho! Efi 1935 fefɛw bere mu reba no, wɔde “nnipadɔm kɛse” a wɔn dodow nni ano abɛka Israel a wɔagye no nkwa yi ho. Sɛ́ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, “nguan foforo” no, wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem abiɛsa mprempren. Wofi adesamma “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” na wɔreba de ama bɔ a Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ nea na ɔyɛ ne ho mfonini a ɔne ‘n’adamfo’ Abraham no aba mu. (Adiyisɛm 7:9-17; Yakobo 2:23) Na “nguan foforo” yi anoboaboa no mmaa awiei ɛ. Nea awiei koraa no wɔn dodow bɛyɛ bere a Oguanhwɛfo Pa no bɛboaboa wɔn ano awie ansa na wɔasɛe Babilon Kɛse no na wɔde Onyankopɔn ko no atia amammuifo a ɔne wɔn abɔ aguaman wɔ Harmagedon no de, yennim.​—Adiyisɛm 17:1-18:24.

15. Bɔ a “nguan foforo” no ne “Israel nyinaa” nkaefo no bɔ no yɛ tebea a nhyira wom bɛn mfiase?

15 Ada adi sɛ bɔ a “nguan foforo” no ne “Israel nyinaa” nkaefo no bɔ wɔ “kuw biako” mu wɔ Oguanhwɛfo Pa, Yesu Kristo, Abraham “asefo” mu Otitiriw, no ase no yɛ biribi mfiase. Dɛn mfiase? Ɛyɛ nhyira kɛse a ɛsɛ sɛ “Israel nyinaa” de ba saa “nguan foforo” no so wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni a wobegye wɔn nkwa akɔ mu wɔ ɔsoro ahobammɔ ase no mfiase.

16. Dɛn nti na “nguan foforo” no asi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so ne “Israel nyinaa” nkaefo no asom Yehowa?

16 Wɔ Adiyisɛm 7:14-17 mmamu mu no, “nguan foforo” no ‘ahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu’ dedaw. Ɛno nti na, sɛ yɛbɛka no honhom mu a, wɔama wɔn kwan ma wɔsom Onyankopɔn “awia ne anadwo n’asɔredan mu” no. Yiw, “Onyankopɔn guammaa,” Yesu Kristo, rema wɔn honhom mu aduan dedaw, ma enti “ɔkɔm renne wɔn bio.” (Yohane 1:29) Bio nso wɔn Guanhwɛfo nokwafo no rekyerɛ wɔn kwan akɔ “nkwa asuti ho” a ɛne nkwa wɔ Paradise asase so. Esiane sɛ wɔde aseda ma wɔ nhyira horow nyinaa a wɔn nsa reka dedaw denam “Israel nyinaa” nkaefo no so no ho nti, “nnipakuw kɛse” no bɛkɔ so ne nkaefo anokwafo yi asom Yehowa. Saa “nguan foforo” yi bɛyɛ saa wɔ “kuw biako” no mu wɔ “ɔhwɛfo biako” no ase de ama Onyankopɔn Ahenni nam Yesu ‘Kristo so no anya nkɔso. Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ eyi de akosi sɛ wɔbɛpopa Ahenni no ho atamfo nyinaa afi asase a ɛyɛ Onyankopɔn “nan ntiaso” no ani.​—Yesaia 66:1; Mateo 5:34, 35; Asomafo no Nnwuma 7:49.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na ɛnyɛ Israel Kwasafoman no ne nea Yehowa nam so behyira adesamma nyinaa?

◻ Dɛn nti na wobetumi aka sɛ “amanaman nyinaa” resen yuu aba “[Yehowa] fi” mprempren?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo ama Yesaia 2:4 anya mmamu?

◻ Su bɛn na Yesu Kristo wɔ wɔ “nguan foforo” no ho, na ɔkwan bɛn so na ɛrenkyɛ ɛbɛba awiei wɔ ɔkwan a ɛso so?

◻ Tebea horow a nhyira wom bɛn na afi ase wɔ bɔ a “nguan foforo” no ne “Israel nyinaa” nkaefo bɔ no mu?

[Kratafa 26, 27 mfoni]

“Wiasefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa efisɛ woatie me nne.”​—GENESIS 22:18.

[Kratafa 29 mfoni]

Yehowa Adansefo wɔ ɔdɔ ma wɔn ho wɔn ho na ‘wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw’

April Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena