-
Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman SoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
28. Dɛn na ɛba bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no?
28 “Na ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hyɛn ne torobɛnto no. Na nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ kanea fi soro hwee fam, na ɛbɛhwee nsubɔnten nkyem abiɛsa mu biako ne nsu aniwa so. Na nsoromma no din de Awɔnwene, na nsu no nkyem abiɛsa mu biako dan awɔnwene, na nnipa pii wuwui, nsu no nwene a ɛyɛe no nti!” (Adiyisɛm 8:10, 11, NW) Bio, Bible mu afã afoforo boa yɛn ma yehu sɛnea kyerɛwsɛm yi yɛ adwuma wɔ Awurade da no mu.
-
-
Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman SoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
31. (a) Bere bɛn na Kristoman asɔfo fi “ɔsoro” gyinabea bi hwee ase? (b) Ɔkwan bɛn so na nsu a asɔfo no de ma no abɛdan “awɔnwene,” na dɛn na afi mu aba nnipa bebree so?
31 Bere a Kristoman asɔfo wae fii nokware Kristosom ho no, wofi “ɔsoro” gyinabea a ɛkorɔn a Paulo kaa ho asɛm wɔ Efesofo 2:6, 7 no hwee ase. Sɛ anka wɔde nokware nsu pa bɛma mmom no, wɔde “awɔnwene” a ɛne atoro ahorow a ɛyɛ nwene te sɛ hellgya, ahodwiragya mfinimfinibea, Baasakoro ne hyɛbea na ɛma; afei nso wodii amanaman no anim kɔɔ ɔko na wɔantumi anhyɛ wɔn den sɛ Onyankopɔn asomfo a wobu ɔbra pa. Ekowiee dɛn? Honhom mu bɔre na wɔde maa wɔn a wogyee atoro ahorow yi dii no. Wɔn asɛm no te sɛ Yeremia bere so Israel a anni nokware a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, merema wɔn awɔnwene adi na mama wɔn bɔre nsu anom, efisɛ Yerusalem adiyifo mu nkɔnkɔnsasɛm [ɔwae] afi kɔ asase no nyinaa so” no.—Yeremia 9:15; 23:15.
-
-
Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman SoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
34, 35. (a) Dɛn na aba asɔfo no tumi ne nkɛntɛnso a wɔwɔ no so fi bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no fii ase hyɛn ne torobɛnto no? (b) Dɛn na ɛbɛba Kristoman asɔfo no so daakye?
34 Efi bere a ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no fii ase hyɛn ne torobɛnto no, tumidi dibea a asɔfo no wɔ wɔ adesamma mu no refi wɔn nsa kosi sɛ nnɛ no, wɔn mu kakraa bi na wɔda so ara kura tumi te sɛ onyame bi a wodii mfehaha a etwaam mu no. Yehowa Adansefo asɛnka no nti, nnipa bebree abehu sɛ nkyerɛkyerɛ ahorow pii a asɔfo no de ama no yɛ honhom mu bɔre—“awɔnwene.” Bio nso, ɛkame ayɛ sɛ tumi a asɔfo no wɔ wɔ Europa atifi fam no asa koraa, bere a wɔ nsase afoforo bi so no, nniso no tew wɔn nkɛntɛnso no so koraa. Europa ne Amerika afa horow a wɔyɛ Katolekfo no, asɔfo nneyɛe bɔne wɔ sika, amammui ne abrabɔ fam a ada adi ɔman nyinaa anim no agu wɔn din ho fi. Efi nnɛ rekɔ no, kɔ ara nko na wɔn gyinabea betumi akɔ so asɛe, esiane sɛ ɛrenkyɛ na awiei a ɛbɛba atoro nyamesom afoforo nyinaa so no aba wɔn so nti.—Adiyisɛm 18:21; 19:2.
-
-
Yehowa Ɔhaw Ahorow a Ɛba Kristoman SoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 139]
Wɔada Kristoman Nsu Adi sɛ Ɛyɛ Awɔnwene
Kristoman Gyidi ne Su Horow Nea Bible Ka Ankasa
Onyankopɔn ankasa din ho nhia: Yesu bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn
“Din pa biara a wɔde bɛfrɛ din ho ntew. Petro kae sɛ:
Onyankopɔn koro pɛ no . . . “Obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa]
mfata koraa mma Kristofo din no, wobegye no nkwa.”
Asɔre amansan gyidi no.” (Asomafo no Nnwuma 2:21;
(Revised Standard Version Yoel 2:32; Mateo 6:9;
nnianim) Exodus 6:3; Adiyisɛm 4:11;
Onyankopɔn yɛ Baasakoro: Bible se Yehowa yɛ kɛse sen
“Agya no yɛ Onyankopɔn, Yesu na ɔyɛ Kristo Nyankopɔn
Ɔba no yɛ Onyankopɔn, Honhom ne ne ti. (Yohane 14:28; 20:17;
Kronkron no yɛ Onyankopɔn, 1 Korintofo 11:3)
nanso ɛnyɛ Onyankopɔn baasa Honhom kronkron no yɛ
na ɛwɔ hɔ na mmom Onyankopɔn Onyankopɔn adeyɛ tumi.
biako.” (The Catholic (Mateo 3:11; Luka 1:41;
Encyclopedia, 1912 de) Asomafo no Nnwuma 2:4)
Ɔdesani kra no nwu: “Bere a Onipa yɛ ɔkra. Wɔ owu mu no,
onipa awu no ne kra ne ne ɔkra no nnwen anaa ɔnte nka
nipadua no ntam tetew. Ne bio na ɔsan kɔ dɔte a wɔde yɛɛ
nipadua . . . porɔw . . . no no mu. (Genesis 2:7; 3:19;
nanso, ɔdesani kra no de enwu.” Dwom 146:3, 4;
(What Happens After Death, Ɔsɛnkafo 3:19, 20; 9:5, 10;
Roman Katolekfo nhoma bi) Hesekiel 18:4, 20)
Wɔtwe abɔnefo aso wɔ owu Bɔne so akatua ne owu, ɛnyɛ
akyi wɔ hell: “Sɛnea Kristofo nkwa wɔ aninyanne mu.
atetesɛm gyidi kyerɛ no, hell (Romafo 6:23) Awufo home a
yɛ beae a ahoyeraw ne ɛyaw to wonnim hwee wɔ hell (Hades,
ntwa da.” (The World Book Sheol), wɔretwɛn owusɔre.
Encyclopedia, 1987 de) (Dwom 89:48; Yohane 5:28, 29;
“Wɔde abodin Mediatrix Ntamgyinafo koro pɛ a ɔwɔ
[ɔbea ntamgyinafo] no frɛ Onyankopɔn ne nnipa ntam ne
Yɛn Awuraa no.” (New Catholic Yesu. (Yohane 14:6; 1 Timoteo 2:5;
Encyclopedia, 1967 de) Hebrifo 9:15; 12:24)
Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkokoaa asu: Asubɔ wɔ hɔ ma wɔn a wɔayɛ
“Efi mfiase pɛɛ no, asɔre no wɔn asuafo na wɔakyerɛkyerɛ
abɔ nkokoaa asu. Ɛnyɛ sɛ na wɔn ma wodi Yesu ahyɛde ahorow
wobu adeyɛ yi sɛ mmara ma ho so no. Sɛnea ɛbɛyɛ na obi afata
kwan nko, na mmom wɔakyerɛ sɛ ama asubɔ no, ɛsɛ sɛ ɔte
ɛho hia koraa ma nkwagye nso.” Onyankopɔn Asɛm ase na ɔkyerɛ
(New Catholic Encyclopedia, gyidi. (Mateo 28:19, 20;
1967 de) Luka 3:21-23; Asomafo no Nnwuma 8:35, 36)
Wɔakyekyɛ asɔre ahorow Na afeha a edi kan Kristofo
pii mu ayɛ no asafo mma ne nyinaa yɛ asomfo na wonyaa
asɔfo kuw a wɔsom asafo mma asɛmpa no ka mu kyɛfa.
no. Wɔtaa tua asɔfo no ka wɔ (Asomafo no Nnwuma 2:17, 18;
wɔn som no ho na wɔde abodin Romafo 10:10-13; 16:1)
ahorow te sɛ “Nea Osuro Sɛ No,” Ɛsɛ sɛ Kristoni ma “kwa,”
“Papa” anaasɛ “Otitiriw,” ma na onnnye akatua. (Mateo 10:7, 8)
wɔn ho so wɔ asafo mma no so. Yesu baraa nyamesom abodin
ahorow a wɔde di dwuma koraa.
Ahoni, nyamesom mfonini ne Ɛsɛ sɛ Kristofo guan fi
mmeamudua ahorow yɛ nea wɔde abosonsom biara ho, a nea
dii dwuma wɔ ɔsom mu: “Ɛsɛ sɛ wose wɔfrɛ no ntotoho som nso
wɔde Kristo, Onyankopɔn Nã ka ho. (Exodus 20:4, 5;
Ɔbaabun no ne ahotefo afoforo 1 Korintofo 10:14; 1 Yohane 5:21)
ahoni . . . sie wɔ asɔredan Ɛnyɛ ohu mu na wɔnam som
ahorow no mu na wɔde obu ne Onyankopɔn na mmom wɔnam
nidi a ɛfata ma.” (Trent Bagua honhom ne nokware mu.
no Mpaemuka [1545-63]) (Yohane 4:23, 24; 2 Korintofo 5:7)
Wɔakyerɛkyerɛ asɔre mma sɛ Yesu kaa Onyankopɔn Ahenni ho
amansɛmdi so na wɔnam bɛma asɛm, ɛnyɛ amansɛm ahyehyɛde
Onyankopɔn atirimpɔw ahorow bi, sɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma
ayɛ hɔ. Ɔsɔfo Panyin Spellman adesamma. (Mateo 4:23; 6:9, 10)
a wawu no kae sɛ: “Asomdwoe Ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛhyehyɛ
kwan koro pɛ na ɛwɔ hɔ. . . . amansɛm mu. (Yohane 6:14, 15)
demokrase ɔkwantempɔn no.” Na n’Ahenni nyɛ wiase yi fã;
Atesɛm ahorow bɔ nyamesom ho enti, na ɛnsɛ n’akyidifo yɛ
a ɛde hyehyɛ wiase amansɛm mu wiase no fa. (Yohane 18:36;
(tumidi anim atuatew mu mpo) 17:16) Yohane bɔɔ wiase adamfo
ne Amanaman Nkabom no akyi a a wɔbɛyɛ no ho kɔkɔ. (Yakobo 4:4)
egyina sɛ ɛno ne biakoyɛ ne
asomdwoe ho anidaso a etwa to
no ho amanneɛ.”
-