Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wubetie Onyankopɔn Kɔkɔbɔ?
    Ɔwɛn-Aban—1993 | March 1
    • Wɔ nnansa yi mfe mu no, wɔaka ade foforo nso a ɛde amanehunu aba ho nsɛm pii: ɛne sɛe a onipa resɛe nneɛma a atwa ne ho ahyia. Ɛwom sɛ Yesu anka eyi ho asɛm pɔtee wɔ ne nkɔmhyɛ no mu de, nanso Adiyisɛm 11:18 kyerɛ sɛ ansa na ɔsɛe a ɛreba no bɛba no, ɛbɛyɛ nea onipa ‘resɛe asase no.’ Adanse a ɛkyerɛ sɛ saa adesɛe yi rekɔ so no dɔɔso. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔdenimfo Norman Myers de nkrasɛm a ɛyɛ hu yi a wofa kaa asɛm wɔ nhoma State of the World 1988 mu no ma sɛ: “Awo ntoatoaso a abɛsen no mu biara nhyiaa akwanhwɛ a ɛne sɛ wɔn nyinaa ase betumi atɔre wɔ wɔn nkwa nna mu pɛn. Awo ntoatoaso biara nni hɔ a ebehyia asɛnnennen a ɛte saara daakye da: sɛ mprempren awo ntoatoaso yi antumi anni ho dwuma a, ɛbɛyɛ nea nneɛma asɛe dedaw na wɔrennya ‘hokwan foforo a wɔde bedi ho dwuma biara bio.’”

      Susuw ozone (mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so wɔ wim) a ɛresɛe ho amannɛebɔ a epuei wɔ February 17, 1992 Newsweek nsɛmma nhoma mu no ho hwɛ. Ɛkae sɛ Greenpeace kuw no ozone ho ɔbenfo Alexandra Allen bɔɔ kɔkɔ sɛ, ozone a yɛrehwere no “de nkwa a ɛwɔ asase so nyinaa daakye ato asiane mu mprempren.” Kenkan nneɛma a atwa yɛn ho ahyia wɔ asase so a wɔresɛe no ho adanse afoforo pii ho asɛm wɔ kratafã yi so adaka no mu.

  • So Wubetie Onyankopɔn Kɔkɔbɔ?
    Ɔwɛn-Aban—1993 | March 1
    • Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia ho Nsɛnnennen​—Bere no ho Sɛnkyerɛnne

      ◻ Ozone a ɛkata wiase Atifi fam mmeae a nnipa dɔɔso wɔ hɔ no rehi ntɛmntɛm mmɔho abien sen sɛnea nyansahufo susuwii sɛ ɛbɛyɛ mfe kakraa a atwam ni no.

      ◻ Anyɛ yiye koraa no afifide ne mmoa ahorow 140 na wɔn ase tɔre da biara.

      ◻ Carbon dioxide mframa a ɛwɔ wim a ɛkyere ɔhyew no akɔ soro ɔha mu nkyem 26 asen bere a na mfiri nnwuma nnya mmae no, na ɛda so ara rekɔ soro.

      ◻ Afe 1990 mu na asase so yɛɛ hyew sen biara fi bere a wofii ase yɛɛ ɛso ɔhyew ho kyerɛwtohɔ wɔ afeha 19 no mfinimfini no; mfe ason a ɛso yɛɛ hyew sen biara a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ no mu asia sii fi 1980 reba.

      ◻ Wɔresɛe kwae ahama 40,000,000 afe biara, a ne kɛse bɛyɛ sɛ finland man no fã.

      ◻ Afe biara nnipa ɔpepem 92 na wɔbɛka wiase mu nnipa ho​—ɛte sɛ wɔde bɛyɛ nnipa dodow a wɔwɔ mexico na ɛbɛka ho afe biara; na dodow yi mu ɔpepem 88 na wɔbɛka ho wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu.

      ◻ Nnipa bɛyɛ ɔpepepem 1.2 na wonni nsu pa a wɔnom.

      Efi nhoma State of the World 1992, a worldwatch institute yɛe, nkratafa 3,4 w.w. Norton & company, New York, London mu.

      [Mfonini wɔ kratafa  7]

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena