Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa ho
    Ɔwɛn-Aban—2004 | February 15
    • 5. Ɔkwan bɛn so na Satan ayere ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa nnipa wɔ awiei bere yi mu no mu, na henanom titiriw na ɔde n’ani asi wɔn so?

      5 Wɔ awiei bere yi mu no, Satan ayere n’akwan a ɔfa so daadaa no mu. Wɔatow no akyene asase so. Onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa, na wafa “abufuw kɛse.” Esiane sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛsɛe nnipa dodow biara a obetumi nti, ‘ɔredaadaa amanaman no nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9, 12) Satan nyɛ obi a ɔbrɛ ne nnaadaa no ase. Mmom no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa adesamma daa.a Ɔde ne nnaadaa akwan a ɔwɔ nyinaa—a apoobɔ ne nitan ka ho—afura wɔn a wonnye nni no adwene ani de twe wɔn fi Onyankopɔn ho. (2 Korintofo 4:4) Saa ɔdaadaafo a waben yi asi ne bo sɛ ɔbɛmene wɔn a wɔsɔre Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no. (Yohane 4:24; 1 Petro 5:8) Enti, mma wo werɛ mmfi da sɛ, Satan aka sɛ: ‘Metumi adan obiara afi Onyankopɔn ho.’ (Hiob 1:9-12) Momma yensusuw Satan “nnɛɛdɛe” no bi ne akwan a yɛbɛfa so ahwɛ yiye wɔ ho no ho.—Efesofo 6:11.

  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa ho
    Ɔwɛn-Aban—2004 | February 15
    • a Ɛdefa adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase sɛ “ɔdaadaa” a ɛwɔ Adiyisɛm 12:9 ho no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ “ɛkyerɛ adeyɛ a ɛkɔ so daa a abɛyɛ obi su.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena