-
“Me Man, Mumfi No Mu”Ɔwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
10 “Nna no mu ne bere no mu no, Awurade [Yehowa] asɛm ni, Israel mma bɛba, wɔne Yuda mma bɛbom aba, wɔde ɔnantesu bɛhwehwɛ Awurade [Yehowa] wɔn Nyankopɔn. Wobebisa Sion [ahenkurow a ɛda bepɔw so no] akyi kwan, ɛhɔ na wɔn ani kyerɛ: Mommra mma yɛnkɔfam Awurade [Yehowa] ho, daa apam a werɛ remfi mu. [Dɛn ntia?] Wɔte aguanfo ne wɔn a wɔafi mu afi Babel asase so nne, na wɔbɛka Awurade [Yehowa] yɛn Nyankopɔn aweretɔ, n’asɔrefi ho aweretɔ Sion hɔ.”—Yer. 50:4, 5, 28.
11. So Yeremia nkɔmhyɛ no fa Yudafo Sion Amanyɛ Fekuw no ho anaa, na dɛn na adanse ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no kyerɛ?
11 Eyi mfa Sion Ɔmanyɛ Kuw a Australiani Yudani Theodor Herzl hyehyɛɛ no 1897 no ho. Yerusalem a ɛyɛ Yudafo de nnɛ no yɛ nea wɔnam 1967 nnansia ɔko no so nyae, na Nkramofo asɔredan a ɛntwe adwene nkɔ Yehowa din so no na esi asɔrefi bepɔw no so. “Sion” bɛn na nkaefo no asan aba mu asomdwoe mu fi 1919?
12. Sion bɛn mu na nkaefo no asan aba asomdwoe mu efi 1919?
12 Ɛyɛ Bepɔw Sion a Kristoni somafo Yohane buu no anisoadehu mu bere a Roma asraafo sɛee Yudafo Yerusalem 70 Y.B. mu no akyi mfirihyia 26 no. Ɛdefa eyi ho no, ɔkyerɛwee sɛ: “Na mihui, na hwɛ, oguamaa no gyina Sion bepɔw so, na mpem ɔha aduanan anan a wɔakyerɛkyerɛw ne din ne n’agya din wɔn moma so no ka ne ho. . . . na nne a metee no te sɛ asankubɔfo a wɔbɔ wɔn sanku dwonto. Na wɔtoo dwom foforo bi, ahengua ne ateasefo baanan ne mpanyimfo no anim, na obiara antumi ansua dwom no, gye mpem ɔha aduanan anan a wɔatɔ wɔn afi asase so no nko. Eyinom na wodi oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ. Eyinom na wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan ama Onyankopɔn ne oguammaa no.”—Adi. 14:1-4.
-
-
“Me Man, Mumfi No Mu”Ɔwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
14. (a) So nkaefo a wɔdee wɔn ho no yɛɛ wɔn ade te sɛ asɛm a wɔka sɛ “nyamesom yɛ ade a ɛsɛe nkurɔfo adwene” no, anaasɛ dɛn na wɔkyerɛe sɛ Amanaman Apam a na wɔreyɛ ho nhyehyɛe no yɛ? (b) Ahenkurow bɛn a ɛda bepɔw so na wɔdan wɔn adwene kɔɔ so?
14 Ɔman anidanfo a 1919 mu no na wɔanya amammui tumi wɔ Europa apuei fam no yɛɛ wɔn ade sɛnea asɛm a wɔka sɛ “Nyamesom sɛe nnipa adwene” no te. Nanso na ɔkwan a wɔnam so no nyɛ nea Yehowa nkaefo a wɔagye wɔn afi nyamesom Babilon Kɛse no mu no bɛfa so. Afei nso, na wɔde Amanaman Apam a wɔbɛyɛ ho adwene ato gua ma wɔasusuw ho agye atom wɔ 1919 asomdwoe nhyiam no ase, na Kristo Asɔre Horow a Ɛwɔ Amerika Fekuw no ani gyee ho, na wɔfrɛɛ no “Onyankopɔn ahenni no amammui nhwɛso a ɛwɔ asase so.” So wɔn a Yehowa de honhom asra wɔn no nkaefo no susuwii sɛ ɛne ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so? Dabi! Bere a wɔyɛɛ wɔn nhyiam kɛse wɔ Cedar Point, Ohio U.S.A. September 1-8, 1919 no, wɔpaeem kae sɛ ɛyɛ atoro Onyankopɔn ahenni, na wɔdaa no adi pefee sɛ ebedi nkogu. Bere a wɔpoo nsiananmu biara a nnipa de bae no, wɔdan kɔɔ ɔsoro Bepɔw Sion no so, efisɛ ɛhɔ na wɔnam gyidi so huu Onyankopɔn guammaa, Yesu Kristo sɛ ogyina hɔ te sɛ Ɔhene a ɔredi tumi.—Adi. 14:1-3; Heb. 12:22.
-