Hell—Daa Ayayade Anaasɛ Ɔdamoa Ara Kwa?
SO WƆAKA akyerɛ wo sɛ tete Asɔre Agyanom, mfinimfini mmere no mu nyamekyerɛfo ne Asesɛwfo no kae sɛ hell ayayade no yɛ daa? Sɛ saa a, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ Bible abenfo bi a wobu wɔn yiye regye saa adwene no ho kyim afei. Wɔn mu biako a ɔwɔ Britain, John R. W. Stott kyerɛw sɛ “Kyerɛwnsɛm ka ɔsɛe ho asɛm, ne sɛ ‘daa ayayade a wɔte nka’ yɛ atetesɛm a ɛsɛ sɛ wɔde to nkyɛn na wɔfa nea Kyerɛwnsɛm ka no sɛ tumi a etwa to.”—Essentials—A Liberal-Evangelical Dialogue.
Dɛn na ɛma ɔkae sɛ daa ayayade nnyina Bible so no?
Kasa ho Asuade No
Nea edi kan a ogyina so gye kyim no fa kasa ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, sɛ Bible ka afɔbu tebea a etwa to (“Gehena”; hwɛ adaka no mu wɔ kratafa 8) ho asɛm a, mpɛn pii no, ɛde “ɔsɛe” ho kasa na edi dwuma, Hela “adeyɛ asɛm apollumi (sɛe) ne edin asɛm apòleia (ɔsɛe).” So nsɛmfua yi kyerɛ ayayade? Stott da no adi sɛ, sɛ adeyɛ asɛm no yɛ biribi a wogu so yɛ na wɔyɛ tia obi pɔtee a, ɛnde “apollumi” kyerɛ “kum.” (Mateo 2:13; 12:14; 21:41) Enti wɔ Mateo 10:28 a King James Version ka sɛ Onyankopɔn bɛsɛe “ɔkra ne honam wɔ hell” no, adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ ɔbɛsɛe onipa no wɔ owu mu na ɛnyɛ daa amanehunu mu. Wɔ Mateo 7:13, 14 no, Yesu de ‘ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no toto ɔkwan a ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu’ no ho. Stott ka sɛ: “Enti ɛbɛyɛ nwonwa sɛ nnipa a wose wɔasɛe wɔn no rensɛe ankasa.” Ɔde asɛm no ba awiei ma ɛfata sɛ: “Sɛ wokum obi na nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔma ne nkwa fi ne nsa a, ɛnde na hell kyerɛ honam ne honhom mu nkwa a wɔma ɔhwere, nkwa mu a woyi no fi koraa.”—Essentials, nkratafa 315-16.
Hellgya a Wɔkyerɛ Sɛnea Ɛte
Nyamesomfo pii da so ara ne anafo fam Baptist Ahyehyɛde no titrani Morris H. Chapman bɛyɛ adwene wɔ nea ɔkae yi ho sɛ: “Meka hell ankasa ho asɛm.” Ɔde kaa ho sɛ: “Bible frɛ no ‘ogya tare,’ na migye di sɛ nkyerɛkyerɛmu no fata.”
Ɛyɛ ampa sɛ ogya a wɔde di dwuma wɔ Bible mu no betumi ama obi ayɛ ayayade ho mfonini wɔ n’adwenem. Nanso, Essentials nhoma no ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho, efisɛ yɛn nyinaa nim sɛnea sɛ ogya hyew obi a ne yaw te, enti yɛn adwenem no, yɛde ogya toto ‘ayayade a yɛte nka’ ho. Nanso sɛnea wohu wɔ wiase no mmeae a wɔhyew nneɛma no, ɛnyɛ ogya atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma wɔate ɛyaw nka na mmom ɛne sɛ ɛbɛsɛe ade.” (Kratafa 316) Sɛ woma nsonoe a ɛda adi pefee yi tra w’adwenem a, ɛbɛboa wo na woamfa ntease a enni Kyerɛwnsɛm no mu anhyem. Nhwɛso ahorow bi ni:
Ɛdefa wɔn a wɔbɛkɔ Gehena ho no, Yesu kae sɛ “wɔn aboaa nwu na ogya no nnum.” (Marko 9:47, 48) Esiane sɛ Judith atoro nhoma no mu nsɛm (“Ɔde ogya ne asunson bɛhyɛ wɔn honam mu, na wɔde ɛyaw besu daa.”—.Judith 16:17, The Jerusalem Bible), anya Bible nkyerɛkyerɛmufo binom so nkɛntɛnso nti, wɔka sɛ Yesu nsɛm no kyerɛ daa ayayade. Nanso esiane sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔde ne honhom kyerɛw Judith atoro nhoma no nti, wontumi nnyina so nkyerɛ Marko nsɛm no ase. Yesaia 66:24 a ɛbɛyɛ sɛ ɛne kyerɛwsɛm a na Yesu reka ho asɛm no ka sɛ, ogya ne aboaa no resɛe Onyankopɔn atamfo a wɔawuwu nipadua (Yesaia se “afunu no”). Nea Yesaia anaa Yesu kae no mu biribiara nkyerɛ daa ayayade a wɔte nka. Ogya a wɔde gyina hɔ ma no kyerɛ ɔsɛe koraa.
Adiyisɛm 14:9-11 ka sɛ wɔbɛyɛ ebinom “ayayade, ogya ne sufre mu . . . Na wɔn ayayade wusiw bɛforo soro daa daa.”a So eyi kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade daa wɔ hellgya mu ma wɔate nka? Nokwarem no, nea nsɛm yi kyerɛ ara ne sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade, na ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade daa. Kyerɛwsɛm no ka sɛ ɛyɛ wusiw—adanse a ɛkyerɛ sɛ ogya no ayɛ ɔsɛe adwuma no awie—no na ɛkɔ so daa, na ɛnyɛ ogya ayayade no.
Adiyisɛm 20:10-15 ka sɛ wɔ “ogya ne sufre tare no mu . . . wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.” Sɛ wokan no nea edi kan a, ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ɛkyerɛ sɛ wɔde ogya bɛyɛ wɔn ayayade daa ma wɔate nka, nanso ɛda adi pefee sɛ ɛnte saa. Dɛn ntia? Nea enti a ɛnte saa no bi ne sɛ, wɔde “aboa no ne atoro diyifo no” ne “owu ne [Hades]” bɛto nea wɔfrɛ no “ogya tare” wɔ ha no mu. Ebia ɛnyɛ den sɛ wobɛte ase sɛ aboa no, atoro diyifo no, owu ne [Hades] nye nnipa ankasa; enti wontumi nte ayayade nka, na mmom sɛnea G. B. Caird kyerɛw wɔ A Commentary on the Revelation of St. John the Divine mu no, “ogya tare no” kyerɛ sɛ “woyi obi fi hɔ anaasɛ wɔnkae no koraa bio.” Ɛsɛ sɛ wɔte eyi ase ntɛm, efisɛ Bible no ankasa ka ogya tare yi ho asɛm sɛ ‘ɛne owuprenu no.’—Adiyisɛm 20:14.
Wɔtetew Nyamekyerɛ Nkyerɛkyerɛ a Ɛbom Mu
Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, gyidifo pii da so ara ka no denneennen sɛ asɛm no nkyerɛ “ɔsɛe” na mmom ɛkyerɛ daa ayayade. Dɛn ntia? Nyamesom mu nkyerɛkyerɛ foforo bi a ɛne hellgya nam—onipa kra a enwu da—anya wɔn adwene so nkɛntɛnso. Na esiane sɛ ebia wɔn asɔre na efii nkyerɛkyerɛ yi ase mfeha pii a atwam ni nti, ebia wɔte nka sɛ kyerɛw nsɛm a ɛka ɔsɛe ho asɛm no kyerɛ daa ayayade ankasa. Pii susuw sɛ, nea ɛte biara no, onipa kra a enwu no ntumi mfi asetra mu da—anaasɛ biribi a ɛte saa.
Nanso hyɛ nea Anglikan sɔfo Philip E. Hughes kae no nsow: “Sɛ́ wobɛka sɛ onipa kra nkutoo na enwu da no kyerɛ sɛ worepaw gyinabea bi a Kyerɛwnsɛm no nkyerɛkyerɛ wɔ baabiara, efisɛ sɛnea Bible kyerɛ no, wɔde honhom ne nipadua na ɛboom yɛɛ onipa . . . Wɔde dua a wɔabara ho kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de maa mfiase sɛ ‘da a wubedi bi no, owu na wubewu’ no maa onipa sɛ́ honam ne honhom abɔde—sɛ odi a, nneɛma abien a aka abom no na ebewu. Hwee nkyerɛ sɛ ne fã bi bɛkɔ so atra ase na ne fã bi nkutoo awu.”—The True Image—The Origin and Destiny of Man in Christ.
Saa ara na nyamekyerɛfo Clark Pinnocknso se: “Saa nkyerɛkyerɛ yi (onipa kra a enwu da no) anya nyamekyerɛ so nkɛntɛnso berɛ tenteenten ni, nanso enni Bible mu. Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ wɔbɔɔ ɔkra sɛ ɛntra ase daa.” Hesekiel 18:4, 20 ne Mateo 10:28 si eyi so dua. Afei nso Yesu ankasa kaa n’adamfo Lasaro a na wawu ho asɛm sɛ ‘ɔrehome’ anaasɛ wada. Yesu kae sɛ ɔrekɔ ‘akonyan no.’ (Yohane 11:11-14) Enti ɛwom sɛ na onipa anaa onipa kra Lasaro awu de, nanso bere bi akyi mpo no na wobetumi anyan no aba nkwa mu bio. Nokwasɛm ahorow no da eyi adi. Yesu nyan Lasaro fii awufo mu.—Yohane 11:17-44.
Nsɛm yi fa daa ayayade nkyerɛkyerɛ no ho dɛn? Wɔ afeha 17 mu no, adwenkyerɛ kyerɛwfo William Temple kae sɛ: “(Kyerɛwnsɛm) bi ka sɛ wɔde ebinom begu ogya a ennum da mu. Nanso sɛ yɛanyɛ yɛn adwene sɛ nea wɔde gu mu no ntumi nsɛe a, ɛnde yebenya ntease sɛ ɛbɛsɛe na ɛnyɛ sɛ ɛbɛhyew daa.” Nhwehwɛmu a ɛfata yi da so ara yɛ nokware, efisɛ ɛno ne nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa.
Akyinnye biara nni ho sɛ ntease ahorow bi nti ɛsɛ sɛ w’adwenem yɛ wo naa wɔ hell daa ayayade a wɔte nka adwene no ho. Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wokɔ akyiri sen saa na wode afotu a nyamekyerɛ ho ɔkyerɛkyerɛfo Pinnock de mae no di dwuma sɛ: “Ɛsɛ sɛ wugyina nkyerɛkyerɛ a ntease wom so yi hell ho gyidi ahorow no nyinaa, a ayayade a ɛmma awiei da ka ho no . . . fi hɔ.” Yiw, suban pa, atɛntrenee ne—nea ehia sen biara no—Onyankopɔn Asɛm Bible ka kyerɛ wo sɛ yɛ saa pɛpɛɛpɛ.
Sɛ woyɛ saa a, wobehu sɛ sɛnea heIl te ankasa no yɛ biribi a ɛfata sɛ wugye di ampa. Wubetumi anya eyi ho nsɛm a ɛbɛboa wo wɔ nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So mu.b Yɛsrɛ wo, sɛ wuhu Yehowa Adansefo a bisa bi fi wɔn hɔ. Kenkan ti ahorow yi “Dɛn na Ɛba wɔ Owu Mu?” “Hell Yɛ Beae Bɛn?” ne “Owusɔre—ma Henanom, na Ɛhe?” Wubehu sɛ sɛnɛa hell te ankasa no nyɛ biribi a ɛfata sɛ wugye di nko, na mmom anidaso nso wɔ hɔ.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ Bible asɛm yi mu no, nea ‘wɔayɛ wɔn ayayade ogya mu’ kyerɛ titiriw ne honhom mu ayayade a ɛba awiei. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ Adiyisɛm—N’Awiei Koraa Abɛn! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. titimii no mu.
b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintimii.
[Adaka wɔ kratafa 8]
NSƐM NO ASEKYERƐ
Wɔ nsɛm yi mu no, Kristoman mu nyamekyerɛfo de nsɛm “hell” ne “hellgya” gyina hɔ ma Hela asɛmfua ge’en‘na a epue mpɛn 12 wɔ “Apam Foforo” no mu no. (Mateo 5:22, 29, 30; 10:28; 18:9; 23:15, 33; Marko 9:43, 45, 47; Luka 12:5; Yakobo 3:6) Ɛwom sɛ Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ Hela asɛmfua yi ase “hell” de, nanso nkyerɛase afoforo kyerɛw no “Gehena.” Ɛkyerɛ “owuprenu no, ogya tare no,” daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne a wohu wɔ Bible nhoma a etwa to no mu.—Adiyisɛm 20:14.
A Dictonary of the Bible (1914) a William Smith ne samufo no kaa eyi wɔ nsɛmfua abien foforo bi a ɛtɔ bere bi a wɔkyerɛ ase “hell” no ho: “Awerɛhosɛm ne sɛ, hell ne asɛmfua a yɛn kasa asekyerɛfo taa de gyina hɔ ma Hebri asɛmfua Sheol. Anka ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛma Hebri asɛmfua Sheol no ara aka hɔ, anaasɛ wɔbɛkyerɛ ase bere biara sɛ ‘ɔdamoa’ anaa ‘amoa’ . . . Wɔ A(pam) F(oforo) no mu no, ɛtɔ bere bi a asɛmfua Hades a ɛte sɛ Sheol no kyerɛ ‘ɔdamoa’ ara kwa . . . Ntease yi nti no gyidikasɛm ahorow no ka wɔ yɛn Awurade ho sɛ ‘Ɔkɔɔ hell,‘ kyerɛ sɛ awufo nyinaa tebea mu.”
Bere a Sheol ne Hades kyerɛ owu wɔ adesamma adamoa mu, a anidaso wɔ hɔ sɛ wobenyan wɔn a wɔkɔ hɔ no aba nkwa mu bio no, Gehena kyerɛ ɔsɛe a etwa to.—Adiyisɛm 20:13.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Yesu nyan Lasaro fii owu nna mu