Harmegedon—Fi Onyankopɔn A Ɔwɔ Ɔdɔ Nkyɛn?
“HARMAGEDON”—dɛn na Bible mu din yi kyerɛ? Yɛn nsɛmma nhoma abien a edidi so a ɛyɛ July ne August 1985 Ɔwɛn-Aban no ka eyi ho asɛm. Yɛwɔ anidaso sɛ saa Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔbɔ yi de nimdeɛ a ɛbɛma woanya awerɛkyekye wɔ nea HARMAGEDON ankasa yɛ no ho bɛma wo.
SƐ WUHU asɛmfua “Harmagedon” no a, dɛn na ɛba w’adwene mu? Wɔ nnipa pii fam no, ɛkyerɛ wiase tumi akɛse no ntam ntawntawdi a emu yɛ den. Wɔn mu pii hu ɔhaw a ebefi mu aba awiei koraa no—nuklea ɔsɛe a ɛma yɛn asase yi dan hunu a sɛ nnipa bi benya nkwa wɔ so mpo a, wɔyɛ kakraa bi no. Nanso, nea ɛne adwen horow a ɛte sɛɛ a ahyeta no bɔ abira no, ɛnyɛ nea Harmagedon kyerɛ nen koraa.
Asɛmfua “Harmagedon” no fi Bible mu. Na epue wom pɛnkoro pɛ—wɔ Adiyisɛm nhoma no ti 16. Bere a aka sɛnea wɔbɛboaboa “wiase nyinaa ahene” ano ama “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” ho asɛm akyi no, nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Wɔboaboa wɔn ano kɔ baabi a wɔfrɛ no Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.”—Nkyekyem 13 kosi 16.
“Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no”! Emu da hɔ pefee, Harmagedon yɛ Onyankopɔn ko. Ampa, ɛyɛ nea ɛfa wiase ahene, anaa amanaman no ho. Nanso ɛnyɛ wɔne wɔn bo wɔn bo na ɛko, na mmom wɔko tia Onyankopɔn ne ɔsoro asraafo dɔm a ne Hene Yesu Kristo—a wɔyɛ ne ho mfonini sɛ ɔte ɔpɔnkɔ fitaa so—a wɔapaw no no di wɔn anim no. Dɛn na efi mu ba? Bible kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Mihuu . . . asase so ahene ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako. . . . Wɔde nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn . . . na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.”—Adiyisɛm 19:19-21.
Mogyahwiegu Ko
Harmagedon bɛsɛe ada araa ma wɔka nnipa a wobewuwu wom no ho asɛm sɛ ‘asase so nneɛma a ahoa’ a wotwa denam kantankrankyi nnamnam bi so. “Na ɔbɔfo no de kantankrankyi no too asase so, na otwitwaa asase so bobe aba, na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsã-kyi-amoa kɛse no mu. Na wotiatiaa nsã-kyi-amoa no so kurow no akyi, na mogya fii nsã-kyi-amoa no mu koduu apɔnkɔ nnareka ho teɛe nkwansimma apem ahansia.”—Adiyisɛm 14:15-20.
Yiw, mogya pii begu wɔ Onyankopɔn abrafo dɔm no nsa ase. Sɛ wode wɔn a wobekunkum wɔn wɔ Onyankopɔn Harmagedon ko no mu no toto ho a, na nnipa ɔpepem 69 a wowuwui wɔ wiase nyinaa ko ahorow abien no mu no nyɛ hwee. Ɛdefa wɔn ho no, odiyifo Yeremia kyerɛwee sɛ: “[Yehowa] bɛma atɔfo adeda hɔ afi asase awiei akosi asase awiei, wɔrenyɛ wɔn ayi, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn, wɔbɛyɛ sumina asase ani.”—Yeremia 25:30-33.
Bɛmma a ɛredɛw, ogya a ɛretu fi soro, ne nneɛma afoforo a ɛyɛ hu a ɛka Onyankopɔn atemmu ho no bɛma ehu aka adesamma wɔ asase nyinaa so. Bere a wonhu nea wɔyɛ no, wɔbɛdan aba wɔn ho wɔn ho so, na Onyankopɔn abrafo dɔm bekunkum wɔn a mfe a wɔadi anaa wɔn bɔbeasu mfa ho. Efisɛ Onyankopɔn ka kyerɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wohu mmɔbɔ: “Munkunkum; mommma mo aniwa nkyɛe so, na munnhu mmɔbɔ. Nkwakoraa, mmerante ne mmabaa ne mmofra ne mmea, munkunkum wɔn nsɛe wɔn.”—Hesekiel 9:5, 6; Sakaria 14:12, 13.
Nanso ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba saa? Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ betumi de ahyɛde a ɛte saa ama? Anaasɛ so ɔyɛ Onyankopɔn a ne tirim yɛ den a onsusuw afoforo ho a ɔde asotwe ma a onsusuw adesamma a wɔyɛ n’abɔde no ho kɛse biara? So Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ de ɔko te sɛ Harmagedon bɛba ampa?