-
Adebɔne A Ɛreba Wiase Nyamesomfo Nyinaa SoƆwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
11. Hena na Yehowa de no di dwuma ɔhonam fam wɔ Babilon Kɛse no sɛe mu, na dɛn na Adiyisɛm 17:11 ka wɔ nea wɔde no di dwuma no ho?
11 Wɔ ‘anyame ntam akansi’ a ɛreba no mu no. Yehowa remfa ne Kores a Ɔkyɛn So, Yesu Kristo, nni dwuma ɔhonam fam mfa ntu Babilon Kɛse no ngu. Ɔbɛma Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no ananmusifo a aniwa hu wɔn adi saa dwuma no ahoɔden so atia Babilon Kɛse no. Saa wiase tumi a edi akyiri yi na wiase aman no ahyehyɛ na wɔde adi dwuma fi 1919 wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra bɛba no mu, a nnɛ ɛne Amanaman Nkabom no. Mprempren, saa ahyehyɛde a nnipa ayɛ yi wɔ “asafo” a aman 152 na wɔwom. Wɔayɛ ne ho mfonini sɛ aboa kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du wɔ so, a Adiyisɛm 17:11 ka wɔ ho sɛ: “Ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi [ti] ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.” Ansa na wɔbɛsɛe no wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu wɔ Har-Magedon no, ɔma Wiase Tumi a Ɛto so Awotwe yi di nkonim bi a ɛyɛ nwonwa, nanso ɛnyɛ no so nkonim na odi.—Adi. 16:14, 16.
-
-
Adebɔne A Ɛreba Wiase Nyamesomfo Nyinaa SoƆwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
15, 16. (a) Saa wiase so tumidi ho akodi a etwa to yi bɛkyerɛ dɛn? (b) Eyi ho mfonini bɛn na ɔsomafo Yohane de ma yɛn, na ɛbɛkɔ awie dɛn?
15 Saa akodi yi kyerɛ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” wɔ wiase tebea a wɔfrɛ no Har-Magedon no mu. (Adi. 16:13-16) Wɔ Yehowa ahobammɔ ase no n’adansefo a wɔwɔ asase so no de wɔn ani bɛhwɛ “ɔko” no sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 19:11-21 no. Wɔ wiase tumidi ho akodi a etwa to yi ho nsɛm a odii kan ka kyerɛe no mu no, Kristoni somafo Yohane ka nea ebefi ɔko no mu aba no ho asɛm, na ɔkyerɛw sɛ:
-
-
Adebɔne A Ɛreba Wiase Nyamesomfo Nyinaa SoƆwɛn-Aban—1980 | December 1
-
-
23. (a) Dɛn nti na Babilon Kɛse no so nkonimdifo a wɔmpɛ nyamesom biara no ahurusidi no bɛtra hɔ bere tiaa bi pɛ? (b) Enti dɛn na wɔn a wokyi nyamesom nyinaa no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ, na dɛn na ɛde bɛba?
23 Ahurusi a “ahene” anaasɛ amammui sodifo a wɔmpɛ nyamesom biara no bedi bere a wɔtow Babilon Kɛse no kyene ɔsɛe po no mu no bɛtra hɔ bere tiaa bi pɛ. Wɔbɛkɔ so ahyia ɔteasefo Nyankopɔn, Yehowa, asomfo pii a wobefi mu aka, a wɔyɛ Yeremia kuw no nkaefo a wɔde honhom asra wɔn ne wɔn ahokafo anokwafo, “nnipakuw kɛse” a ɔsomafo Yohane dii kan huu wɔn no. Ɛho behia sɛ wɔne wɔn di. Bere a amammui sodifo yi bɔ mmɔden sɛ wobeyi ɔsom nyinaa afi asase so denam nsa a wɔde ka nkaefo no ne wɔn ahokafo no so no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔde nsa reka wɔn wura a ɔwɔ soro, Yesu Kristo, Kores a Ɔkyɛn So no. Eyi de ɔko bɛba wɔn ntam wɔ Har-Magedon. Ɔko a ɛde bɛba no bɛsen akodi a ano yɛ den a amanaman no rebɔ mmɔden sɛ wobesiw ano nnɛ no, efisɛ Yesu Kristo ne ne soro abɔfo dɔm no fi baabi a aniwa nhu hɔ de ɔsɛe bɛba ahantanfo a wɔsɔre tia Yehowa Adansefo no so.
-