Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban—2005 | February 15
    • 4. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ yɛbɔ nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no ho ban?

      4 Nanso, sɛ́ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so ama no no, yenim sɛ ɛbɛyɛ asiane sɛ yɛn mu biara—abofra anaa ɔpanyin—bɛhwere ne Kristofo agyiraehyɛde no. Yebetumi de nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no ho adwene a ɛfata no agyina Yehowa gyinapɛn ahorow ne nea ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no nkutoo so. Ntease wom, efisɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:26; Mika 6:8) Bible no de nea ɛma wohu yɛn yiye sɛ Kristofo no toto ntade a yɛhyɛ ma obiara hu no ho. Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ yɛn bere yi ho sɛ: “Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.”a (Adiyisɛm 16:15) Yɛbɛpɛ sɛ yɛkɔ so kura yɛn Kristofo su ahorow ne abrabɔ ho gyinapɛn mu na amma yɛanyɛ Satan wiase no fã. Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛbɛhwere saa “ntade” no. Tebea a ɛte saa no bɛma yɛadi yaw na ahyɛ yɛn aniwu.

  • Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban
    Ɔwɛn-Aban—2005 | February 15
    • a Wɔde saa nsɛm yi ka asɔrefie bepɔw a ɛwɔ Yerusalem no so panyin nnwuma ho asɛm. Sɛ wɔwɛn anadwo a, okyinkyin asɔrefie hɔ hwɛ sɛ Lewifo awɛnfo a wɔwɔ hɔ no rewɛn anaa wɔadeda wɔ baabi a wogyina wɛn no. Sɛ ohu sɛ ɔwɛnfo bi ada a, ɔde dua bɔ no, na na obetumi ahyew n’atade sɛ asotwe a wɔde gu n’anim ase.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena