Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 2/1 kr. 5-7
  • Harmagedon Ho Nokwasɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Harmagedon Ho Nokwasɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔboaboa Wɔn Ano Wɔ Baabi a Wɔfrɛ Hɔ Harmagedon
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Harmagedon Onyankopɔn Ko A Ebetwa Akodi Nyinaa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Armagedon Bɛhyɛ Ase Wɔ Israel Anaa?—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 2/1 kr. 5-7

Harmagedon Ho Nokwasɛm

“Adaemone ahonhom . . . kyinkyin kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn . . . , na wɔboaboa wɔn ano wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri mu sɛ Harmagedon.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.)—ADIYISƐM 16:14, 16, New Revised Standard Version.

HARMAGEDON gyina hɔ ma beae bi. Nanso baabiara nni asase so a wɔahyɛ da afrɛ hɔ saa da.

Ɛnde dɛn paa na “Harmagedon” kyerɛ? Adɛn nti na nnipa taa fa no sɛ ɛyɛ biribi a esi te sɛ ɔko?

Wɔboaboa Wɔn Ano Wɔ Baabi a Wɔfrɛ Hɔ Harmagedon

Nea Hebri asɛmfua Har–Magedon kyerɛ ankasa ne “Megido Bepɔw.” Ɛwom sɛ na bepɔw biara nni hɔ saa de, nanso baabi wɔ hɔ a wɔfrɛ hɔ Megido. Ɛwɔ nkwantanan titiriw bi so wɔ tete Israelfo asase no atifi fam atɔe. Akodi akɛse pii kɔɔ so wɔ hɔ. Enti sɛ obi te edin Megido no a, ɛde n’adwene kɔ ɔko so.a

Nanso ɛnyɛ ntɔkwaw pɔtee a wɔkoe wɔ Megido no ne asɛm no, na mmom nea enti a wɔkoe. Ná Megido ka Bɔhyɛ Asase a Yehowa Nyankopɔn de maa Israelfo no ho. (Exodus 33:1; Yosua 12:7, 21) Ɔkaa ntam kyerɛɛ Israelfo sɛ ɔbɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn atamfo nsam, na ɔyɛe nso. (Deuteronomium 6:18, 19) Ɛho nhwɛso bi ne sɛ, ɛyɛ Megido na Yehowa yɛɛ anwonwade de gyee Israelfo no fii Kanaanfo hene Yabin dɔm ne ne sahene Sisera nsam.—Atemmufo 4:14-16.

Ɛno nti, asɛmfua “Harmagedon” no gyina hɔ ma biribi titiriw. Sɛ yɛte ho asɛm a, nea ɛba yɛn tirim ne akodi a atumfoɔ baanu de si ani.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu no ka sɛ, ɛrenkyɛ Satan ne n’adaemone bepiapia wiase atumfoɔ ma wɔaboaboa wɔn dɔm ano, na ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔaka Onyankopɔn ntɔkwaw. Sɛ atamfo no kɔfa saa ntɔkwaw no ba a, Onyankopɔn bedi wɔn so nkonim ama nnipa mpempem pii awuwu.—Adiyisɛm 19:11-18.

Sɛ Bible ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘mmɔborɔhunufo, ne bo kyɛ fuw na n’adɔe dɔɔso’ a, ɛnde adɛn nti na obekunkum nnipa pii saa? (Nehemia 9:17) Sɛ yɛbɛte Onyankopɔn ase a, ehia sɛ yenya nsɛmmisa abiɛsa yi ho mmuae: (1) Henanom na wɔkɔfa ɔko no ba? (2) Dɛn na ɛma Onyankopɔn de ne ho gye ɔko no mu? (3) Nsakrae kɛse bɛn na Harmagedon ko no de bɛba asase ne wɔn a wɔtete so no asetenam?

1. HENANOM NA WƆKƆFA ƆKO NO BA?

Harmagedon ko no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɛtow twɛrekane. Mmom no, Onyankopɔn de ɔko no bɛbɔ nnipa pa ho ban afi wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe wɔn no nsam. “Asase nyinaa so ahene,” wiase atumfoɔ no, na wɔbɛkɔ akɔfa ntɔkwaw no aba. Dɛn na ɛbɛma wɔayɛ saa? Satan bekyinkyim atumfoɔ no ne asraafodɔm no adwene te sɛ abaduaba ma wɔde wɔn ahoɔden nyinaa atow ahyɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo so.—Adiyisɛm 16:13, 14; 19:17, 18.

Ɛnnɛ, sɛ yɛhwɛ sɛnea wiase atumfoɔ ma kwan wɔ aman bi mu ma obiara ka n’adwene, na obiara tumi dɔm ɔsom a ɔpɛ no a, ɛremma obi adwenem sɛ atumfoɔ no betumi atu wɔn ani asi ɔsom bi so na kampɛsɛ wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre wɔn ase. Nanso wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛtɔre ɔsom ahorow bi ase wɔ afe 1930 ne 1940 ntam hɔ baabi, na seesei mpo ebi rekɔ so.b Ne nyinaa mu no, nea atumfoɔ no ayɛ atwam dedaw no rento nea wɔbɛyɛ ansa na Harmagedon aba no; nsonsonoe akɛse abien na ɛwom. Nea edi kan no, atumfoɔ no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn asomfo so wɔ wiase nyinaa. Nea ɛto so abien no, sɛnea Yehowa Nyankopɔn bɛkeka ne ho no bɛyɛ kɛse koraa asen nea wayɛ atwam nyinaa. (Yeremia 25:32, 33) Bible ka saa ko no ho asɛm sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no mu ko.”

2. DƐN NA ƐMA ONYANKOPƆN DE NE HO GYE ƆKO NO MU?

Yehowa kyerɛkyerɛ wɔn a wɔsom no no sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔpɛ asomdwoe na wɔdɔ wɔn atamfo. (Mika 4:1-3; Mateo 5:43, 44; 26:52) Ɛno nti sɛ atamfo no tow hyɛ wɔn so a, wɔremfa akode sɛ wɔrekɔko abɔ wɔn ho ban. Sɛ Onyankopɔn amfa ne ho annye mu a, atamfo bɛtɔre n’asomfo ase. Enti Yehowa Nyankopɔn din wɔ asɛm no mu, efisɛ sɛ atamfo no tumi sɛe Yehowa nkurɔfo a, ɛbɛma wɔabu Yehowa sɛ obi a onni ɔdɔ ne atɛntrenee ne tumi, na ɛremma saa nso da!—Dwom 37:28, 29.

Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔsɛe obiara, enti ansa na ɔbɛyɛ biribi no, ɔbɔ obiara kɔkɔ. (2 Petro 3:9) Wama wɔakyerɛw nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛkae obiara sɛ tete hɔ no, atamfo tow hyɛɛ ne nkurɔfo so ma otwitwa gyee wɔn. (2 Ahene 19:35) Afei nso Bible bɔ kɔkɔ sɛ daakye sɛ Satan ne nnipa a okyinkyim wɔn adwene sɛ abaduaba no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ɛhɔ nso Yehowa de ne ho begye mu akyerɛ ne tumi. Onyankopɔn Asɛm aka ato hɔ dedaadaw mpo sɛ Yehowa bɛsɛe abɔnefo. (Mmebusɛm 2:21, 22; 2 Tesalonikafo 1:6-9) Saa bere no, atamfo no behu sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no na wɔaka no ntɔkwaw.—Hesekiel 38:21-23.

3. NSAKRAE KƐSE BƐN NA HARMAGEDON KO NO DE BƐBA?

Harmagedon ko no bɛma wɔagye nnipa mpempem pii nkwa. Nea ɛwom ne sɛ asomdwoe na ebedi akyi aba asase so.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Adiyisɛm nhoma no ka sɛ “nnipakuw kɛse” bi a obiara ntumi nkan wɔn benya wɔn ti adidi mu wɔ ɔko yi mu. (Adiyisɛm 7:9, 14) Onyankopɔn bɛhwɛ ma wɔaboa asiesie asase no ma ayɛ Paradise sɛnea na Yehowa pɛ sɛ ɛyɛ no.

So yenim bere a atamfo bɛtow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no?

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛnyɛ Megido nko na obi te a, ɛma ɔko ho asɛm ba ne tirim. Yebetumi de Japanfo kurow Hiroshima ayɛ nhwɛso. Wɔtoo akode a ɛhyew aman too hɔ de sɛee hɔ pasaa, ma enti ɛnnɛ sɛ wote kurow no din a akodi a ɛyɛ hu na ɛba w’adwenem.

b Adolf Hitler bere so nnipakum no yɛ nhwɛso a ɛkyerɛ sɛ atumfoɔ bi pɛe sɛ woyi ɔsom ahorow ne mmusuakuw bi fi hɔ. Kan Soviet Union nniso ase no, wɔhyɛɛ ɔsom ahorow a na ɛwɔ Russia ne aman a ɛhyɛ saa nniso no ase no so paa. Hwɛ asɛm a wɔato din “Nnipa a Wɔpɛ Asomdwoe San Wɔn Din Ho,” a epuee May 1, 2011 (Borɔfo) Ɔwɛn-Aban mu no. Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Tete hɔ no, Yehowa Nyankopɔn ko gyee ne nkurɔfo

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa bɛko agye ne nkurɔfo bio wɔ Harmagedon ko no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena