Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 6/1 kr. 3-7
  • So Yɛrebɛn Harmagedon?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Yɛrebɛn Harmagedon?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ahohiahia Kɛse” A Ɛreba No
  • SƐNEA YƐYƐ HU SƐ YƐREBƐN
  • ADANSE AFOFORO
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Harmagedon Mfiase a Ɛyɛ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Ɔkwan a Yɛnam so Hu sɛ Yɛwɔ “Nna a Edi Akyiri” no Mu
    So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?
  • Harmagedon​—Nea Ɛnkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 6/1 kr. 3-7

So Yɛrebɛn Harmagedon?

“Ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi ɛmmae da de bedu nnɛ na ɛremma da bɛba.”​—Mat. 24:21.

1. (a) Nnipa binom te “Harmagedon” ase sɛ ɛkyerɛ dɛn? (b) So Harmagedon yɛ ɔko foforo bi a ɛbɛba amanaman ntam ara kwa anaa?

ASƐMFUA “Harmagedon” no ma ehu ka nnipa pii. Ebinom te ase sɛ ɛkyerɛ “wiase awiei” a wɔbɛsɛe adesamma nyinaa ma asase ada hɔ mpan a obiara ntumi ntra so, ebia ɛdenam nuklea akodi a ɛbɛkɔ so wɔ amanaman ntam so. Ampa, asɛmfua “Harmagedon” no fa ɔsɛe ho, ɛfa ɔko ho. Nanso Bible no ka sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, da kɛse no mu ko,” a wɔko wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ “Harmagedon.”​—Adi. 16:14, 16.

2. So Harmagedon bɛkyerɛ adesamma nyinaa awiei, anaasɛ asase yi awiei?

2 So Onyankopɔn Harmagedon ko no betumi akyerɛ adesamma nyinaa awiei, anaasɛ saa okyinsoromma yi awiei? Dabi, ɛnkyerɛ saa koraa. Onyankopɔn ankasa asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na sɛ Yehowa a ɔbɔɔ ɔsoro no se ni, ɔne Nyankopɔn, nea ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔno na ɔde sii hɔ, wammɔ no hunu, ɔnwenee sɛ wɔntra so.”​—Yes. 45:18.

3. Dɛn na Harmagedon bɛyɛ?

3 Bere a Harmagedon renkyerɛ adesamma nyinaa awiei anaasɛ asase yi awiei no, ɛbɛkyerɛ nneɛma nhyehyɛe bi (anaasɛ, “wiase”) awiei, sɛnea yenim no no. Harmagedon bɛyɛ ɔkwan a Onyankopɔn nam so beyi nnɛyi amammui, sikasɛm nhyehyɛe, fekubɔ ne nyamesom nhyehyɛe horow a sɛe ara na ɛresɛe na ɛde awerɛhow pii aba no afi hɔ. Yehowa se: “Ɛyɛ me atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so.” (Sef. 3:8) Enti, nea Onyankopɔn Harmagedon ko no bɛkyerɛ ne ɔsɛe atemmu a ɔde ba “ahene,” “aman” ne “ahenni” so. Bible no se, afoforo a wɔn nso wobenya ne sɛe atemmu ne wɔn a wogyina mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi akyi,” “asafohene,” “atumfoɔ,” “adehye,” “nkoa” ne “nketewa ne akɛse.”​—Adi. 16:14; 19:18.

4. Bible nkɔmhyɛ ka Harmagedon akyi tebea horow ho asɛm dɛn?

4 Nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi awiei bɛbɔ kwan ama nhyehyɛe foforo koraa a Onyankopɔn bɛyɛ, adesamma a wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde “asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mat. 6:10) Bible nkɔmhyɛ ka kyerɛ yɛn sɛ ‘trenee bɛtra’ Harmagedon akyi nhyehyɛe foforo no mu. (2 Pet. 3:13) Hwɛ anigye ara a ɛno bɛyɛ bere a asisi, amanehunu, awerɛhow ne nusu atra hɔ mfehaha pii akyi no! Bere a wɔreyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so nyinaa na wɔde trenee tebea horow asi hɔ no, anigye bere a ebi mmae da bɛba. Bible ka siei sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dw. 37:11) Enti ɛfata sɛ Yesu frɛɛ no “Paradise.”​—Luka 23:43.

“Ahohiahia Kɛse” A Ɛreba No

5. Dɛn ne “ahohiahia kɛse” no, na yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛbɛkɔ so bere tiaa bi pɛ?

5 Onyankopɔn Harmagedon ko no bɛyɛ bere a wɔfrɛ no “ahohiahia kɛse” no fã a edi akyiri koraa. Yesu kaa ho asɛm sɛ: “Ahohiahia kɛse a efi wiase asefi ɛmmae da de bedu nnɛ na ɛremma da bɛba.” (Mat. 24:21) Bere a yesusuw ɔsɛe ahorow a abɛsen kɔ wɔ mmere a atwam no mu no ho no, ɛda adi sɛ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no bɛyɛ basabasayɛ bere a ebi mmae da wɔ adesamma abusua no abakɔsɛm mu. Nanso mmɔborohunu mu no, ɛbɛyɛ bere tiaa bi, na Onyankopɔn ‘betwa so.’​—Mat. 24:22.

6. Dɛn nti na yebetumi de ahotoso ahyia “ahohiahia kɛse” no?

6 Nanso, bere a “ahohiahia kɛse” no bɛyɛ nea emu yɛ den sen biribiara a aba pɛn no, yebetumi anya awerɛkyekye wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ edi bere a eye sen biara​—wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu​—no anim pɛɛ no mu. Afei nso, anidaso a anigye wom sɛ nnipa pii a wɔte ase nnɛ befi ɔhaw bere a ɛreba no mu aka no nso wɔ hɔ! Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu” befi “ahohiahia kɛse no mu” anya nkwa. Mprempren mpo Onyankopɔn apopa wɔn aniwam nusu nyinaa. (Adi. 7:9, 14, 17) Esiane eyi nti, Yesu nyaa daakye ho anidaso, ɛwom sɛ na onim sɛ adesamma behyia “ahohiahia kɛse” de. Asɛm a ɔkae a anidaso wom ne sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”​—Luka 21:28.

7. Dɛn nti na ebinom te nka sɛ adesamma awiei rebɛn?

7 Mfe dudu pii a atwam no, Yehowa Adansefo nkutoo na wɔde saa ahohiahia bere a ɛbɛkɔ akowie Harmagedon mu no ho kɔkɔbɔ ama wɔ wiase nyinaa. (Marko 13:10) Ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a afoforo hu sɛ ɔsɛe kɛse bi reba de, efisɛ wotumi hu sɛ wiase nsɛm tebea horow resɛe, a anidaso pa biara nni hɔ sɛ nkɔso a edi mu bi bɛba. Sɛ nhwɛso no, May 4, 1980 no, atesɛm krataa a wɔfrɛ no Miami Herald no kyerɛwfo panyin Jin Hampton, kyerɛwee sɛ:

“Nnansa yi, so wote ehu nka, sɛnea mete nka no anaa? Ehu a ɛmma wuntumi nna anadwo, nea ɛka kyerɛ wo sɛ ade bi a enye koraa rekɔ so wɔ wo man mu, ne wiase nyinaa no anaa? Ehu a ɛtɔ da bi a ɛma wo ho popo esiane sɛ w’ani aba wo ho so mpofirim sɛ Harmagedon nyɛ anansesɛm bi ara kwa a wokenkan wɔ Bible mu, na mmom ɛyɛ ade a ɛbɛba ankasa nti anaa? Ɛne sɛ, nea edi kan wɔ w’asetra mu no, tebea no ayɛ hu araa ma Harmagedon betumi aba ankasa?

“Mete saa hu no nka. Na ɛnyɛ me aniwu sɛ megye atom, efisɛ mabisa me nnamfonom pii sɛ ebia wɔwɔ nkate a ɛte saa anaa, na wɔn mu biako mpo nni hɔ a ɔnte nka saa. . . .

“Obiara a n’adwenem da hɔ no betumi asusuw nsɛm a ɛyɛ hu a asisi wɔ mfe kakra a atwam yi mu no ho, na wahu sɛ wiase yi adu baabi a ɛyɛ hu wɔ abakɔsɛm mu. Bere a ɛho hia te sɛ Ɔsesɛw Foforo, Mfiridwuma Bere, anaa Elektronik Bere [bere a wɔayeyɛ mfiri horow a ɛde anyinam ahoɔden di dwuma] no. Ɛbɛsakra nnipa asetra daa.

“Nanso, nea ɛnte sɛ saa mmere a ɛde nkɔso bae wɔ anibuei mu no, eyi . . . de ɔhaw a wiase nhuu bi da na ɛbɛba.”

Bere a ɛnyɛ nea Bible ka no so titiriw na na ɔkyerɛwfo yi gyina reka Harmagedon ho asɛm no, na nea ɔreka no teɛ sɛ adesamma rebɛn ɔhaw bere bi a wiase nhuu bi da.” Nea adesamma rebɛn ankasa ne “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi ɛmmae da de bedu nnɛ na ɛremma da,” sɛnea Yesu ka siei no.

8. Nsɛm bɛn na yehia, na dɛn ntia?

8 Enti sɛ yɛdɔ nkwa na yɛpɛ sɛ yɛtra ase wɔ trenee nhyehyɛe foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yesua “ahohiahia kɛse” yi a ɛreba ne n’awiei wɔ Harmagedon mu no ho ade. Yehia nsemmisa te sɛ nea edidi so yi ho mmuae a edi mu: Yɛyɛ dɛn hu sɛ yɛrebɛn “ahohiahia kɛse” no ampa? Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ afi ase ankasa?

SƐNEA YƐYƐ HU SƐ YƐREBƐN

9, 10. Bible no ka bere a ɛde bɛkɔ akowie “ahohiahia kɛse” no mu ho asɛm dɛn?

9 Bere a Yesu kaa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no ho asɛm no, ɔkaa nneɛma horow bi a ɛbɛma ada adi sɛ abɛn nso ho asɛm. Bere bi no n’asuafo no bisaa no nea ɛbɛyɛ “wiase awiei ho sɛnkyerɛnne” ho asɛm. (Mat. 24:3) Yesu kaa nnipa awo ntoatoaso pɔtee bi a ebefi ase ahu ɔhaw ahorow a wonhuu no saa da ho asɛm. Ɔka siei sɛ saa awo ntoatoaso no behu amanaman ntam akodi, ɔyaredom, aduankɔm ne asase wosow wɔ “mmeaemmeae.” Ɔfrɛɛ eyi “awoko yaw mfiase.” Na tebea no mu bɛyɛ den araa na “nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.”​—Mat. 24:7, 8, 34; Luka 21:10, 11, 25, 26.

10 Bɛyɛ mfe 32 akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛw ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so, wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ase sɛ: “Nna a edi akyiri no mu mmere a emu yɛ den bɛba. Na nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, akekafo, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman.” Nkɔmhyɛ no nso ka sɛ “nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu,” a ɛkyerɛ sɛ, bere a “nna a edi akyiri” no afi ase akyi no, nneɛma bɛkɔ so asɛe wɔ adesamma nsɛm mu, ma akowie “ahohiahia kɛse” no mu.​—2 Tim. 3:1-5, 13.

11, 12. Dɛn nti na na afe 1914 yɛ bere titiriw wɔ abakɔsɛm mu?

11 Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a, Yesu ne Bible akyerɛwfo te sɛ Paulo a honhom kaa wɔn no kaa ho asɛm no ne nea yɛwɔ mu mprempren yi! Nokwarem no, akɔ so fi bere a “nsakrae kɛse” bae wɔ nnɛyi abakɔsɛm mu, efi 1914 a ehuu Wiase Nyinaa Ko I mfiase no so. Abakɔsɛm akyerɛwfo pii ka saa afe no ho asɛm sɛ afe titiriw ma adesamma, efisɛ ɛno ne bere a wiase hyɛn bere bi a emu yɛ den sen biara a na wonhuu bi da bere koro mu wɔ wiase nyinaa. Wiase Nyinaa Ko I dii eyi ho adanse, efisɛ na emu yɛ den sen ɔko biara a adi anim aba pɛn, na ɛno nti na saa bere no wɔfrɛɛ no “ɔko kɛse no.” Ná ɛno ne wiase nyinaa ko a edi kan. Na ɛyɛ akodi ankasa a ɛkame ayɛ sɛ ɛkaa ɔman biara wɔ asase so.

12 Ɛdefa Wiase Nyinaa Ko I ho no, Martin Kieffer kyerɛw wɔ nhoma The First World War a mfiase no General Richard Thoumin kyerɛwee wɔ France na wɔtoo din “La Grande Guerre” (Ɔko Kɛse No) no mfiase ho asɛm no mu sɛ: “Mogya ne nusu a egui wɔ Wiase Nyinaa Ko a Edi Kan mu no sakraa asase no ani.” Ɔsahene no kyerɛwee nso sɛ:

“Bere a awiei koraa no wɔde akode guu hɔ wɔ November 1918 mu no, na nnipa ɔpepem du ahwere wɔn nkwa, na na saa dodow no mmɔho apirapira anaasɛ wɔadi dɛm koraa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔfrɛ ɔko no ‘Ɔko Kɛse’ . . .

“Wiase Nyinaa Ko a Edi Kan no ‘kɛseyɛ’ a na ɛyɛ nwonwa no fi mmeae a ɛtrɛw kɔe ne nnipa dodow a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu, mfiri horow a wɔde dii dwuma ne sɛnea ɛsɛee ade no. . . . Na aman bebrebe ne asraafo a wɔdɔɔso saa nhyiae wɔ akodi mu saa da; na wonkunkum anaasɛ wompirapiraa asraafo a wɔdɔɔso pii saa da; na onipa mfaa akode a ano yɛ den saa nkɔɔ ɔko da.”

13. Nsɛm afoforo bɛn na esisii wɔ Wiase Nyinaa Ko I akyi a ɛda no adi sɛ “nna a edi akyiri” no fii ase saa bere no?

13 Wɔ 1918 mu, ansa na ɔko no reba awiei no, Spanish influensa ɔyaredɔm no fii ase trɛwee wɔ asase so. Ekunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20, nea ɛboro nnipa dodow a wowui wɔ ɔko no mu no so. Wɔ ɔko no mu ne akyi no, aduankɔm maa ɔpepem pii nso wuwui. Na asasewosow nso kunkum bebree: wɔ 1915 mu no, bɛyɛ 30,000 wuwui wɔ Italy; 1920 mu no, bɛyɛ 180,000 wuwui wɔ China; wɔ 1923 mu no, bɛyɛ 143,000 hweree wɔn nkwa wɔ Japan. Enti ɛfata sɛ atesɛm kyerɛwfo Frank Peters kyerɛwee wɔ St. Louis Post-Dispatch mu sɛ: “Anibuei hyɛn ɔyare a emu yɛ den ne nea ebia edi akyiri mu wɔ 1914 mu.” Yiw, wiase akodi, ɔyaredɔm, aduankɔm ne asasewosow aba “mmeaemmeae.” Nokwarem no, na eyi yɛ “awoko yaw mfiase” a Yesu kaa ho asɛm siei no. Na “nna a edi akyiri,” “awiei bere,” no afi ase ampa!​—Mat. 24:8; 2 Tim. 3:1; Dan. 12:4.

ADANSE AFOFORO

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” no mu?

14 Mprempren, wɔ 1981 mu no, mfe 67 atwam fi saa 1914 afe titiriw no so. Saa bere no mu no, Wiase Nyinaa Ko II nso bae, na ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 55, na awiei no wɔde atɔmik ɔtopae sɛee nkurow abien, ma efii nuklea bere ase. Efi saa bere no, tebea horow da no adi sɛ adesamma ntumi nni wɔn nsɛm a emu yɛ den ho dwuma, na nneɛma nhyehyɛe yi fã biara resɛe. Eyi nyinaa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛadu akyiri wɔ “nna a edi akyiri” no mu, ne sɛ nneɛma rekɔ so ntɛmntɛm akodu “ahohiahia kɛse” no mu.

15, 16. Dɛn na afoforo ka wɔ yɛn bere so nsɛm tebea horow ho?

15 Sɛ nhwɛso no, 1979 awiei no, sikasɛm ho nimdefo Leonard Silk kyerɛwee sɛ: “Akwamma bere yi mu no, ɛkame ayɛ sɛ ɛnyɛ ade a ɛho ahia kɛse ne petrol, na mmom anidaso. Efisɛ, bere a 1970 mfe a na basabasayɛ pii wom no reba awiei no, nsɛm a emu yɛ den a ɛfa wiase yi sikasɛm ho​—ne wiase asomdwoe ho​—no mu reyɛ den.” Atesɛm krataa mu nsɛm kyerɛwfo Max Lerner kae wɔ 1980 afe no fefɛw bere mu sɛ: “Ɛte sɛ nea wiase no adu baabi a nneɛma bo a ɛyɛ den, nnwumayɛfo a wɔtew atua sɛ wɔrenkɔ adwuma, sika fam ahokyere, basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi adu baabi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye na obiara nni hɔ a otumi di so. So obi a ɔwɔ baabi betumi adi so?”

16 Bere a wobisaa nkurow akɛse sodifo a wɔwɔ Amerika nea enti a tebea horow a ɛwɔ saa nkurow no mu asɛe saa no, wɔn mu biako buae sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ tebea no yɛ nea wontumi nyɛ ho hwee. Na obiara a enyee no asabawmu no na onsusuw nneɛma ho.” Wobisaa kurow sohwɛfo foforo sɛ ebia nkurow no yɛ nea “wontumi nni so” nnɛ anaa? Na ɔkae sɛ nokwasɛm ahorow no “bɛma obi asusuw saa.” Na, Gus Tyler, Scarcity nhoma no kyerɛwfo kae sɛ: “Amumɔyɛ, korɔnbɔ a awudi ka ho, polisifo a wokunkum wɔn, ne nnubɔne a wɔde di dwuma de basabasayɛ aba nkurow pii mu.”

17. Nhwehwɛmu a kuw bi a na ɔmanpanyin a wagye din ne wɔn guamtrani yɛe no daa dɛn adi nnansa yi?

17 Willy Brandt a na anka ɔyɛ West Germany ɔmanpanyin no yɛɛ kuw bi a ɛhwehwɛɛ wiase nsɛm tebea mu mfirihyia abien ne fã no guamtrani. Nea wɔkae nnansa yi ni:

“1980 mfe no mfiase no, wiase yi wɔ asiane kɛse mu, sen bere biara fi Wiase Nyinaa Ko a Ɛto so Abien no so. Ɛda adi sɛ wiase sikasɛm ayɛ basaa nnɛ ma ɛsɛe aman horow nyinaa mprempren ne daakye nhyehyɛe horow. . . .

“Ohia ne ɔkɔm ho asɛm no mu reyɛ den kɛse; nnipa bɛyɛ ɔpepem 800 wɔ hɔ dedaw a wɔyɛ ahiafo buroburo, na wɔn dodow rekɔ anim; aburow ne nnuan afoforo ho a ɛreyɛ nã no rema aduankɔm ankasa a ɛbɛba ho asɛm no mu ayɛ den. . . .

“Mmofra a wonnya nnii mfe anum bɛyɛ efi ɔpepem 20 kosi 25 wuwu afe biara wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu . . .

“Aman a wonni sika no dodow no ara asetra nhyehyɛe horow asɛe koraa a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye, na bebree rehyia aduan ho asɛm a emu yɛ den ne aduankɔm ankasa. Wɔ amanaman ntam sikasɛm mu no, ebetumi aba sɛ ebinom . . . rennya sika ntuatua wɔn ho aka, anaasɛ sikakorabea ahorow ho bɛkyere wɔn . . . na mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkora nneɛma a ɛsom bo a wɔwɔ so no bɛkɔ akowie asraafo akodi mu.”

18. Nneɛma afoforo bɛn na ɛrekɔ so wɔ wiase nsɛm mu nnansa yi a edi adanse sɛ “ahohiahia kɛse” no rebɛn?

18 Nea ɛka eyi ho ne mmusua asetra ne aware a ayɛ basaa wɔ mfe kakraa yi mu, nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ ahorow a akɔ anim, nnubɔne pii a wɔde di dwuma ne asanom bebrebe, ne mmofra nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ soro no. So ɛnna adi sɛ adesamma abusua no nnyinaso ankasa no resɛe, sɛnea Yesu kae sɛ ɛbɛyɛ ansa na “ahohiahia kɛse” no afi ase no anaa? (Mat. 24:12) Afei nso, susuw eyi ho hwɛ, sɛnea World Press Review ka no: “Afe apem ahankron-aduɔwɔtwe mfe yi mu wiase yi mu yɛ hu akwan horow pii so, ɛnyɛ ohia ne asisi a nnipa pii hu ho amane no nti, na mmom esiane ɔsɛe a nnipa betumi de aba wiase nyinaa no nti.” Ɛfrɛɛ saa ɔsɛe a nnipa betumi de aba no sɛ “ɛyɛ hu,” na ɛyɛ ampa nso, efisɛ Britania New Scientist no bɔ amanneɛ sɛ: “Nuklea bɛmma ahorow bɛyɛ 60,000 a ɛwɔ nnɛyi akode korabea ahorow, a ɔtopae ahoɔden a ɛwɔ mu no boro tɔn ɔpepem 16,000 (a ɛyɛ ɔtopae a ɛsɛee Hiroshima no ahorow 1,250,000) . Saa akode ahorow yi binom yɛ hu araa ma ɔtopae biako pɛ betumi asɛe ɔman ketewaa biako, anaasɛ aman a ɛso no fã bi koraa. Yiw, nea edi kan wɔ abakɔsɛm mu no, nnipa betumi asɛe nkwa a ɛwɔ asase so no ɔfã kɛse no ara.

19. Hena na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so sɛ obedi nnɛyi nsɛm ahorow a emu yɛ den no ho dwuma?

19 Nanso, so ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ ɔkwan bi so no wiase mpanyimfo betumi adi saa nsɛm yi ho dwuma, esiane sɛ ebia wɔwɔ adwempa, wonim nhoma na wɔwɔ tumi nti anaa? Hyɛ nea Michael Blumenthal a na anka ɔyɛ Amerika manpanyin a ɔhwɛ sika so kae no nsow: “Obiara nte mprempren tebea no ase yiye. Na aban mpanyimfo a wɔyɛ nhyehyɛe horow nyinaa nso ka ho. Wɔn ho dwiriw wɔn sɛnea wo ho dwiriw wo bere a wubue atesɛm krataa mu anɔpa no. Nokwasɛm no ne sɛ obiara nni hɔ a watumi akyerɛ baabi a nsɛm a emu yɛ den a yɛwɔ mu no kodu no pɛpɛɛpɛ.” Nanso Bible no ayɛ saa, na ɛde afotu yi ka ho sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene so, onipa ba a nkwagye bi nni no mu so.” Mmom no, “nhyira ne nea . . . n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn so; . . . ɔno na ɔkora nokware daa.”​—Dw. 146:3-6.

20. Dɛn na yebetumi ahu no pefee, na enti nsemmisa bɛn na ɛho hia sɛ yebua?

20 Nokwarem no, tebea horow a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no aba. Yɛadu akyiri wɔ nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” no mu na yɛrebɛn ne fã a edi akyiri, “ahohiahia kɛse” a ɛbɛkɔ akowie Harmagedon mu no. Na dɛn na ɛbɛhyɛ “ahohiahia kɛse” no mfiase agyirae? Adeyɛ bi a ɛrekeka kɔ akyiri dedaw. Dɛn ne saa adeyɛ yi? Ɛho nkyerɛkyerɛmu di so wɔ adesua a edi hɔ yi mu.

[Kratafa 4 mfoni]

Nnipa ‘begye wɔn ani asomdwoe bebree mu’ wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena