-
Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
-
-
16, 17. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ ansa na “ahohiahia kɛse” no aba awiei? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
16 Bere bi bɛba a, asɛnka adwuma a yɛreyɛ no bɛyɛ te sɛ nea yɛrebɔ “ose kɛse.” Wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no, wɔde “amparuwbo akɛse a emu biara mu duru bɛyɛ sɛ talente biako” yɛɛ atemmusɛm a emu yɛ den ho mfonini.b Na Adiyisɛm 16:21 ka sɛ: “Ɔhaw no sõ paa.” Yennim nea yɛbɛyɛ wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu ankasa wɔ saa atemmusɛm no fã a etwa to no ho dawuru a yɛbɛbɔ no mu. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ansa na “ahohiahia kɛse” no bɛba awiei no, na wɔabɔ Yehowa din wɔ ɔkwan bi so a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ nnipa asetra mu.—Adi. 7:14; Hes. 38:23.
-
-
Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?Ɔwɛn-Aban—2008 | July 15
-
-
b Sɛ Helafo talente ho asɛm na wɔreka a, ɛnde, amparuwbo biara mu duru bɛyɛ kilogram 20.
-