Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bh kr. 219-kr. 220
  • “Babilon Kɛse” no a Wubehu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Babilon Kɛse” no a Wubehu
  • Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Babilon Kɛse?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Babilon Kɛse No Ahwe Ase Na Wɔabu No Ntɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne Ahurusidi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Wɔasɛe Kurow Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
bh kr. 219-kr. 220

NKEKAHO

“Babilon Kɛse” no a Wubehu

ADIYISƐM nhoma no ka nsɛm pii a yentumi mfa no sɛnea ɛka no no ara. (Adiyisɛm 1:1) Sɛ nhwɛso no, ɛka ɔbea bi a wɔakyerɛw edin “Babilon Kɛse” wɔ ne moma so ho asɛm. Wɔkyerɛ sɛ ɔbea yi te “nnipakuw ne aman” so. (Adiyisɛm 17:1, 5, 15) Esiane sɛ ɔbea ankasa biara nni hɔ a obetumi ayɛ eyi nti, ɛbɛyɛ sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma biribi. Ɛnde, dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so aguaman yi gyina hɔ ma?

Wɔka saa ɔbea koro yi ara a ɔyɛ biribi ho mfonini no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 17:18 sɛ “kurow kɛse a ɛwɔ ahenni a edi asase so ahemfo so.” Asɛmfua “kurow” no kyerɛ nnipakuw bi. Esiane sɛ “kurow kɛse” yi di “asase so ahemfo” so nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔbea a ne din de Babilon Kɛse no yɛ ahyehyɛde bi a ɛwɔ tumi wɔ amanaman nyinaa mu. Wobetumi afrɛ no wiase ahemman ma afata. Ɛyɛ ahemman bɛn? Ɛyɛ nyamesom ahemman. Hyɛ sɛnea Adiyisɛm nhoma no mu nsɛm bi ma yetumi ka sɛ ɛyɛ nyamesom ahemman no nsow.

Ahemman betumi ayɛ amammui, aguadi, anaa nyamesom ahyehyɛde. Ɔbea a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no nyɛ amammui ahemman efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ “asase so ahemfo” anaa wiase yi mu amammuifo ne no “abɔ aguaman.” Aguaman a ɔne wɔn abɔ no fa apam a ɔne wiase yi mu sodifo ayɛ ho, na ɛno nti na wɔfrɛ no “oguamanfo kɛse” no.—Adiyisɛm 17:1, 2; Yakobo 4:4.

Babilon Kɛse no ntumi nyɛ aguadi ahemman efisɛ “asase so aguadifo” besu no wɔ ne sɛe no ho. Nokwarem no, wɔka sɛ ahemfo ne aguadifo no ‘gyinagyina akyirikyiri’ na wɔhwɛ Babilon Kɛse no. (Adiyisɛm 18:3, 9, 10, 15-17) Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Babilon Kɛse no nyɛ amammui anaa aguadi ahemman, na mmom ɛyɛ nyamesom ahemman.

Yɛnam ka a wɔka sɛ Babilon Kɛse no nam ‘n’ahonhonsɛm so’ daadaa amanaman nyinaa no so hu no yiye sɛ ɛyɛ nyamesom ahyehyɛde. (Adiyisɛm 18:23) Esiane sɛ ahonhonsɛm nyinaa fi nyamesom ne adaemone nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible frɛ Babilon Kɛse no “adaemone trabea.” (Adiyisɛm 18:2; Deuteronomium 18:10-12) Wɔka ahemman yi ho asɛm nso sɛ ɛreko tia nokware som denneennen, na ɛtaa “adiyifo” ne “akronkronfo.” (Adiyisɛm 18:24) Nokwarem no, Babilon Kɛse no tan nokware som araa ma ɛtaa “Yesu adansefo” denneennen, na okum ebinom mpo. (Adiyisɛm 17:6) Enti, ɛda adi pefee sɛ ɔbea yi a ne din de Babilon Kɛse no gyina hɔ ma wiase atoro som ahemman a ɛne ɔsom ahorow nyinaa a ɛsɔre tia Yehowa Nyankopɔn no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena