-
“Aguaman Kɛse” No Sɛe AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | June 1
-
-
16. Dɛn ne “nsu” a nnɛyi Babilon te so no, na nsɛdi bɛn na eyi ne tete Babilon wɔ?
16 Nsɛdi foforo nso da tete Babilon ne nnɛyi Babilon no ntam, nea ɛfa ɔkwan a wɔn sɛe nam so ba no ho. Na tete Babilon te nsu pii so, Eufrate Asubɔnten mu nsu no. Adiyisɛm 17:1 se nnɛyi Babilon no nso “ɔte nsu pii so.” Dɛn ne saa nsu yi? Onyankopɔn Asɛm bua sɛ: “Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne kasa horow.” (Adi. 17:15) Hyɛ no nsow sɛ Eufrate Asubɔnten no mu nsu a ɛtwee no dii Babilon asehwe no anim pɛ. So sɛnkyerɛnne kwan so nsu (nnipa) a wɔhyɛ nnɛyi Babilon ase no dodow nso rekɔ fam anaa? Yiw, ɛte saa, na ɛrekɔ so wɔ yɛn ani so ankasa!—Adi. 16:1, 12.
SƐNEA “NSU PII” NO REKƆ FAM
17. Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so “nsu” a ɛwɔ aguaman no ase no rekɔ fam?
17 Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so “nsu pii” a ɛwɔ nnɛyi Babilon ase no rekɔ fam anaasɛ ɛreyoyow? Ɛne sɛ nnipa ɔpepem pii, a asɔfo ne adwumayɛfo ɔpedudu pii ka ho, agyae mmoa a na anka wɔde ma wɔn asɔre horow no, na eyi rebrɛ wɔn ase. Eyi te saa titiriw wɔ Kristoman a odi sõ kɛse esiane sɛ ɔka sɛ ɔsom Onyankopɔn ne Kristo nti no fam. Bere a ɛtɔ da bi a wɔka “ɔsesɛw” ho asɛm wɔ asɔre horow bi mu, titiriw nea ɛnkyɛe pii no mu no, mpɛn pii no ɛyɛ din mu ara kwa. Gye wɔn mu kakraa bi pɛ fam na ɛnte saa, efisɛ nea ɛrekɔ so wɔ baabiara no da adi pefee na wotumi hu wɔ nsɛm a wɔkeka wɔ wiase atesɛm nkrataa mu no mu, te sɛ nea edidi so yi:
-
-
“Aguaman Kɛse” No Sɛe AbɛnƆwɛn-Aban—1981 | June 1
-
-
[Kratafa 12 mfoni]
Eufrate Asubɔnten no mu nsu a ɛyowee no buee kwan maa dɔm a wɔyɛ atamfo no hyɛnee Babilon na wɔsɛee no
Sɛnkyerɛnne kwan so nsu bebree (nnipa) a wofi Babilon Kɛse no mu a ɛresa no di ne sɛe anim pɛɛ
-