-
Aguaman a Ɔwɔ Dimmɔne no AtemmuAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Ti 33
Aguaman a Ɔwɔ Dimmɔne no Atemmu
Anisoadehu 11—Adiyisɛm 17:1-18
Asɛmti: Babilon Kɛse no te aboa kɛse kɔkɔɔ a akyiri yi ɛdan hyɛ no na ɛyɛ no pasaa so
Bere a enya mmamu: Efi 1919 kosi ahohiahia kɛse no so
1. Dɛn na abɔfo baason no mu biako da no adi kyerɛ Yohane?
ƐSƐ sɛ wohwie Yehowa trenee abufuw nyinaa gu wie, ɛyɛ nkuruwa ason! Bere a ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee nea ɛwɔ ne kuruwa no mu guu baabi a na tete Babilon wɔ no, ɛyɛɛ Babilon Kɛse no a wɔbɛhaw no wɔ bere a nneɛma kɔ so ntɛmntɛm kɔ Harmagedon ko a etwa to no mu no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata. (Adiyisɛm 16:1, 12, 16) Ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔfo koro yi ara na afei ɔda nea enti a Yehowa di ne trenee atemmu horow ho dwuma ne ɔkwan a ɔbɛfa so adi ho dwuma no adi no. Yohane ho dwiriw no wɔ nea ɔte na ohu bio no ho: “Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguaman kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu. Ɔno na wiase ahene ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsã no abow wɔn a wɔtete asase so no.”—Adiyisɛm 17:1, 2.
2. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ “aguaman kɛse” no nyɛ (a) tete Roma? (b) nnwuma akɛse? (d) yɛ nyamesom ade bi?
2 “Aguaman kɛse”! Dɛn nti na wɔde din a ɛyɛ ahodwiriw saa frɛ no? Ɔne hena? Ebinom akyerɛ sɛ tete Roma ne sɛnkyerɛnne kwan so aguaman yi. Nanso na Roma yɛ amammui tumi. Ɔbea aguaman yi ne asase so ahene bɔ aguaman, na ɛda adi pefee sɛ Roma ahemfo nso ka ho. Eyi akyi no, ne sɛe akyi no, wose “asase so ahene” di ne wu no ho nkɔmmɔ. Enti ɔrentumi nyɛ amammui tumi. (Adiyisɛm 18:9, 10) Nea ɛka ho no, esiane sɛ wiase aguadifo nso di ne ho nkɔmmɔ nti, ɔrentumi nyɛ nnwuma kɛse ho mfonini. (Adiyisɛm 18:15, 16) Nanso, yɛkenkan sɛ ‘ɔnam n’ahonhonsɛmdi adeyɛ so adaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 18:23) Eyi ma emu da hɔ pefee sɛ aguaman kɛse no bɛyɛ wiase nyinaa nyamesom ade bi.
3. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ aguaman kɛse no yɛ Roman Katolek Asɔre anaa Kristoman nyinaa mpo ho nkutoo sɛnkyerɛnne? (b) Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow bɛn na wohu wɔ Apuei Fam nyamesom dodow no ara ne Kristoman nyamesom akuw horow no mu? (d) Dɛn na Roman Katolek sɔfo panyin John Henry Newman gye tom wɔ Kristoman nkyerɛkyerɛ, guasodeyɛ ne nneyɛe ahorow bebree no fibea ho? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
3 Nyamesom ade bɛn? So ɛne Roma Katolek Asɔre no sɛnea ebinom kyerɛ no anaa? Anaa ɛne Kristoman nyinaa? Daabi, sɛ ɔbɛdaadaa amanaman nyinaa a, na ɛsɛ ɛyɛ biribi a ɛso koraa sen eyinom. Nokwarem no, ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no. Wɔakyerɛ Babilon ahintasɛm ahorow mu a efi no wɔ Babilon nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe horow bebree a nyamesom a ɛwɔ asase so nyinaa kura mu no mu. Nhwɛso bi ne ɔdesani kra a enwu da, hell-gya mu ayayadeyɛ ne baasakoro anyame mu gyidi a wohu wɔ Apuei Fam nyamesom no dodow ara mu ne Kristoman akuw horow mu nso no. Atoro som a efii ase trɛwee fii tete Babilon kurow no mu bɛboro mfe 4,000 ni no akɔ so abɛyɛ ade kɛse huhu a wɔfrɛ no Babilon Kɛse ma ɛfata.a Nanso, dɛn nti na wɔde animguase din ka ne ho asɛm sɛ “aguaman kɛse” no?
4. (a) Akwan horow bɛn so na tete Israel bɔɔ aguaman? (b) Ɔkwan titiriw bɛn so na Babilon Kɛse abɔ aguaman?
4 Babilon (anaasɛ Babel, a ase ne “Basabasa”) duu ne kɛseyɛ pɔmpɔn so wɔ Nebukadnesar bere so. Na ɛyɛ nyamesom ne amammui man a na ɛwɔ asɔrefi ne asɔredan bɛboro apem. N’asɔfo dii tumi kɛse. Ɛwom sɛ Babilon nni hɔ sɛ wiase tumi bere tenten ni de, nanso nyamesom Babilon Kɛse da so te ase, na ɛhwehwɛ sɛ edi tete de no nhwɛso akyi kɛntɛn amammui nsɛm so na ɛkyerɛkyerɛ kwan. Nanso so Onyankopɔn pene nyamesom a wɔde frafra amammuisɛm no so anaa? Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka sɛ Israel bɔɔ aguaman bere a ɔde ne ho hyɛɛ atoro som mu, na sɛ anka ɔde ne ho bɛto Yehowa so mmom no, ɔne amanaman no yɛɛ apam. (Yeremia 3:6, 8, 9; Hesekiel 16:28-30) Babilon Kɛse no bɔ aguaman nso. Titiriw no, wayɛ nea osusuw sɛ eye biara sɛnea ɛbɛyɛ na wanya asase so ahene a wodi tumi no so nkɛntɛnso ne tumi.—1 Timoteo 4:1.
5. (a) Din bɛn na nyamesom asɔfo agye? (b) Dɛn nti na wiase no dibea a wɔpɛ ne Yesu Kristo nsɛm no bɔ abira pefee?
5 Ɛnnɛ, nyamesom akannifo taa hwehwɛ nniso mu dibea a ɛkorɔn, na nsase binom so no, wɔka ho na wobu ɔman, na wokura aman mpanyin dibea ahorow mpo. Wɔ 1988 mu no, Protestant asɔfo baanu a wonim wɔn yiye peree United States ɔmampanyin dibea no. Babilon Kɛse akannifo pɛ dingye no yiye; mmere pii na wohu wɔn mfonini ahorow wɔ ɔman atesɛm nkrataa mu bere a wɔne amansɛmdifo atitiriw di nkitaho no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yesu twee ne ho fii amansɛm mu a ɔde ne ho bɛhyɛ ho na ɔkae wɔ n’asuafo ho sɛ: “Wɔnyɛ wiase no fã, sɛnea me nso menyɛ wiase fã no.”—Yohane 6:15; 17:16, NW; Mateo 4:8-10; hwɛ Yakobo 4:4 nso.
Nnɛyi ‘Aguamammɔ’
6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na Hitler Nasi Amanyɛkuw no bedii tumi wɔ Germany? (b) Ɔkwan bɛn so na apam a Vatican ne Nasi Germany yɛe no boaa Hitler wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ obedi wiase nyinaa so no mu?
6 Ɛdenam aguaman kɛse no ho a ɔde hyehyɛ amansɛm mu no so no, ɔde ɛyaw a enni kabea aba adesamma so. Sɛ nhwɛso no, susuw nokwasɛm ahorow a ɛhyɛ tumi a Hitler dii wɔ Germany no akyi no ho—nokwasɛm ahorow a ɛyɛ tan a ebinom bɛpɛ sɛ woyi fi abakɔsɛm nhoma horow mu koraa. May 1924 mu no, na Nasi Amanyɛkuw no wɔ ananmusifo 32 wɔ German Reichstag [Mmarahyɛ Bagua] no mu. Eduu May 1928 mu no, na eyinom so ahuan abɛyɛ ananmusifo 12. Nanso Ahokyere Kɛse no baa wiase nyinaa so wɔ 1930 mu; nea edii akyi bae no, Nasifo no san nyaa ahoɔden foforo bio a na ɛyɛ nwonwa, na wonyaa ananmusifo 608 no mu 230 wɔ July 1932 Germany abatow no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Franz von Papen a anka ɔyɛ ɔmampanyin a na ɔyɛ Paapa Somfo no bɛboaa Nasifo no. Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ no, von Papen nyaa Roma Ahemman Kronkron foforo ho adwene siei. Na bere tiaa a odii sɛ ɔmampanyin no ayɛ ɔkwa ma enti afei na n’ani da so sɛ ɔnam Nasifo no so benya tumi. Ebeduu January 1933 mu no, na wayɛ ma Hitler anya adwuma wuranom hɔ mmoa, na ɔnam anifere nnaadaa ahorow so hwɛ maa Hitler bɛyɛɛ Germany ɔmampanyin January 30, 1933. Wɔde ɔno ankasa nso yɛɛ ɔmampanyin abadiakyiri na Hitler de no dii dwuma de nyaa Germany afã horow a wɔyɛ Katolekfo no hɔ mmoa. Hitler bedii tumi akyi asram abien no, oguu mmarahyɛ bagua no, ɔde wɔn a wɔsɔre tia no no mu mpanyimfo mpempem koguu nsraban ahorow mu, na ofii ase hyɛɛ Yudafo so baguam.
7 July 20, 1933 mu no, wɔdaa anigye a Vatican wɔ wɔ Nasifo tumi a ɛresɔre no mu no adi bere a Ɔsɔfo Panyin Pacelli (a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Paapa Pius XII no) de ne nsa hyɛɛ apam a Vatican ne Nasi Germany yɛe no ase wɔ Rome. Von Papen de ne nsa hyɛɛ apam no ase sɛ Hitler ɔnanmusifo, na ɛhɔ na Pacelli de Paapa abasobɔde kɛse a ɛne Grand Cross of the Order of Pius no bɔɔ von Papen.b Tibor Koeves kyerɛw eyi ho asɛm wɔ ne nhoma Satan in Top Hat no mu sɛ: “Na Apam no yɛ nkonimdi kɛse ma Hitler. Ɛno na ɛhyɛɛ no mpamden a edi kan a onya fii aman afoforo hɔ, na na efi beae a ɛkorɔn sen biara.” Apam no hwehwɛe sɛ Vatican twe mmoa a ɛde ma Germany Catholic Center Amanyɛkuw no san akyi, na ɛde saayɛ gyee Hitler amanyɛkuw biako a ɛyɛ “ɔman no nyinaa de” no too mu.c Bio, emu asɛm a ɛto so 14 no kae sɛ: “Wɔbɛpaw asɔfo mpanyin, asɔfo ne nea ɛtete saa bere a amrado a nniso no de no asi hɔ no ahwehwɛ mu ahu sɛ akyinnye biara nni wɔn ho amammui fam no nkutoo.” Ebeduu 1933 (a Paapa Pius XI paee mu kae sɛ ɛyɛ “Afe Kronkron” no) awiei no, na Vatican mmoa abɛyɛ ade titiriw a ɛhyɛ mmɔden a Hitler bɔ sɛ obedi wiase nyinaa so no akyi.
8, 9. (a) Dɛn na Vatican ne Katolek Asɔre no ne n’asɔfo yɛe wɔ Nasi atirimɔdensɛm no ho? (b) Asɛm bɛn na German Katolek Asɔfo Mpanyin no kae wɔ Wiase Ko Nyinaa II no mfiase? (d) Nyamesom ne amammui ayɔnkofa akowie dɛn mu?
8 Ɛwom sɛ asɔfo ne asɔfo mmea kakraa bi kasa tiaa Hitler nsɛmmɔnedi no—ma wohuu ho amane—de, nanso Vatican ne Katolek Asɔre ne n’asɔfodɔm no nyinaa boaa Nasi atirimɔdensɛm no pefee anaasɛ wɔkaa ho yɛɛ bi, na wobuu no sɛ ɔfasu a esiw Komunism a ɛretrɛw wɔ wiase nyinaa no kwan. Paapa Pius XII a na ɔte yiye wɔ Vatican no maa Yudafo okunkɛse ne atirimɔden ɔtaa a wɔde baa Yehowa Adansefo ne afoforo so no kɔɔ so a wankasa antia. Ɛne ne ho bɔ abira sɛ bere a Paapa John Paul II kɔsraa Germany May 1987 mu no, ɔkamfoo ɔsɔfo nokwafo biako bi a ɔsɔre tiaa Nasifo no. Na dɛn na Germany asɔfo afoforo mpempem no reyɛ wɔ Hitler tumidi bere a ɛyɛ hu no mu? Krataa bi a Germany Katolek asɔfo mpanyin kyerɛw kɔmaa wɔn asafo ahorow no wɔ September 1939 bere a Wiase Nyinaa Ko II fii ase no ma yenya asɛm yi ho ntease. Emu fa bi kenkan sɛ: “Bere pɔtee yi mu no, yetu yɛn Katolekfo asraafo no fo sɛ wɔnyɛ wɔn adwuma mfa nyɛ osetie mma Fuehrer no na wonsiesie wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho nyinaa bɛbɔ afɔre. Yɛsrɛ sɛ Anokwafo no mmɔ mpae denneennen na Ɔsoro Mmoa de ɔko yi aba awiei pa.”
9 Katolek adɛfɛdɛfɛsɛm a ɛte saa no kyerɛ aguamammɔ a nyamesom de ne ho ahyɛ mu bɛboro mfe 4,000 ni de anya amammui Man no sɛnea ɛbɛyɛ na ɛde anya tumi ne mfaso. Nyamesom ne amammui abusuabɔ a ɛtete saa no de akodi, ɔtaa ahorow ne adesamma amanehunu bebree na aba. Adesamma ani betumi agye sɛ Yehowa atemmu a ɛbɛba aguaman kɛse no so no abɛn. Ɛmmra sɛ wobedi ho dwuma ntɛm!
Ɔte Nsu Pii So
10. Dɛn ne “nsu bebree” a Babilon Kɛse no hwɛ kwan sɛ ɛbɛbɔ ne ho ban no, na dɛn na ɛba so?
10 Na tete Babilon te nsu pii so—Eufrate Asubɔnten no ne nsuka bebree. Na eyinom yɛ ahobammɔ ma no ne faako a ofi di gua nya ne ho, kosii sɛ ɛyowee da koro anadwo. (Yeremia 50:38; 51:9, 12, 13) Babilon Kɛse no nso hwɛ “nsu bebree” kwan ma abɔ ne ho ban na ama wanya ade. Sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi yɛ “nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne ɔkasa horow,” ɛne sɛ, adesamma mpem ɔpepem pii a wadi wɔn so na wanya honam fam mmoa afi wɔn hɔ no nyinaa. Nanso nsu yi nso reyow, anaasɛ wɔmmoa no bio.—Adiyisɛm 17:15; fa toto Dwom 18:4; Yesaia 8:7 ho.
11. (a) Ɔkwan bɛn so na tete Babilon ‘maa asase nyinaa bow nsa’? (b) Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse ‘ama asase nyinaa abow nsa’?
11 Bio, wɔkaa tete Babilon ho asɛm sɛ Yehowa “nsam sika kuruwa a ɛma asase nyinaa bow.” (Yeremia 51:7) Tete Babilon hyɛɛ aman a atwa ne ho ahyia no ma wɔmenee Yehowa abufuw adiyi bere a odii wɔn so akodi fam, na ɔma wɔyɛɛ mmerɛw sɛ mmarima a nsa abow wɔn no. Ɛno fam no, na ɔyɛ Yehowa adwinnade. Babilon Kɛse nso adi nkonim akodu baabi a wabɛyɛ wiase ahemman. Nanso, ɛda adi sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn adwinnade. Mmom no, wasom “wiase ahene” a ɔne wɔn abɔ ɔsom mu aguaman no. Wama ahene yi ho adwo wɔn denam n’atoro nkyerɛkyerɛ ne nkoayɛ nneyɛe no ho dwuma a wadi ma ɔde ama nkurɔfo bebree, “a wɔte asase so” no ayɛ mmerɛw sɛ nnipa a nsa abow wɔn, ma wɔasom wɔn sodifo bɔkɔɔ no so.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na mogya pii a wohwie gui wɔ Wiase Ko Nyinaa II mu no ho asodi da Babilon Kɛse no fã bi a ɛwɔ Japan no so? (b) Ɔkwan bɛn so na “wɔtwee nsu” a ɛboa Babilon Kɛse wɔ Japan no san akyi, na dɛn na efii mu bae?
12 Shintofo Japan yɛ eyi ho titiriw. Japan ɔsraani a wɔaka nsɛm ahyɛ n’adwene mu no buu no sɛ nidi a ɛkorɔn sen biara ne sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama ɔhempɔn—Shinto nyame pumpuni—no. Wiase Ko II mu no, Japan asraafo bɛyɛ 1,500,000 wuwui wɔ akono; ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa buu no sɛ ɔko no a wobegyae de wɔn ho ama no yɛ animguase. Nanso nea efii Japan nkogudi mu bae no ne sɛ, ɛhyɛɛ Ɔhempɔn Hirohito ma ɔkae sɛ ɔnyɛ onyame. Eyi maa “nsu” a ɛde mmoa ma Babilon Kɛse no fã a ɛyɛ Shinto no twetwee kɛse—bere a Shintosom apene mogya bebree a wohwie gui wɔ Pasifik akono hɔ saa akyi no! Shinto nkɛntɛnso a wɔma ɛyɛɛ mmerɛw yi buee kwan nnansa yi mfe mu ma Japanfo bɛboro 200,000 a na anka wɔn mu fã kɛse no ara yɛ Shintofo ne Budhafo, abɛyɛ Amansan Hene Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so ma wɔabɔ wɔn asu nso.
Aguaman no te Aboa bi So
13. Anwonwade bɛn na Yohane hu bere a ɔbɔfo no de no nam honhom no tumi mu kɔ sare so no?
13 Dɛn bio na nkɔmhyɛ no da no adi wɔ aguaman kɛse no ne n’awiei ho? Sɛnea afei Yohane ka no, adehu bi bɛda adi yiye bio: “Na [ɔbɔfo no] de me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.”—Adiyisɛm 17:3.
14. Dɛn nti na na ɛfata sɛ wɔde Yohane kɔ sare so?
14 Dɛn nti na wɔde Yohane kɔ sare so? Wɔkaa ɔsɛe atemmusɛm bi a edi kan a wɔka tiaa tete Babilon no ho asɛm sɛ “mpoano sare ho atemmusɛm.” (Yesaia 21:1, 9) Eyi de kɔkɔbɔ a ɛfata mae sɛ wɔ nsu a tete Babilon de bɔɔ ne ho ban nyinaa akyi no, na ɛbɛyɛ amamfo a nkwa nni mu. Ɛnde, na ɛfata sɛ wɔde Yohane kɔ sare so n’anisoadehu no mu ma okohu Babilon Kɛse awiei. Ɛsɛ sɛ ɔno nso dan amamfo. (Adiyisɛm 18:19, 22, 23) Nanso nea Yohane hu wɔ hɔ no ma ne ho dwiriw no. Ɛnyɛ aguaman kɛse no nko na ɔwɔ hɔ! Ɔte akekaboa kɛse bi so.
15. Nsonsonoe bɛn na ɛda Adiyisɛm 13:1 aboa no ne Adiyisɛm 17:3 de no ntam?
15 Aboa yi wɔ ti ason ne mmɛn du. Ɛnde so ɛno ara ne aboa a Yohane adi kan ahu, a ɛno nso wɔ ti ason ne mmɛn du no anaa? (Adiyisɛm 13:1) Dabi, nsonoe wɔ wɔn ntam. Aboa yi yɛ kɔkɔɔ na wɔnnka sɛ ahemmotiri bobɔ ne ti te sɛ kan aboa no. Sɛ anka ɛbɛyɛ nea abusudin wɔ ne ti ason no nkutoo so no, “abusudin ahyɛ no ma.” Nanso akyinnye biara nni ho sɛ abusuabɔ bi da aboa foforo yi ne kan de no ntam; sɛnea wɔsɛ wɔn ho no nyɛ kwa.
16. Dɛn ne aboa kɔkɔɔ no, na n’atirimpɔw ho asɛm bɛn na wɔaka?
16 Ɛnde dɛn ne aboa foforo kɔkɔɔ yi? Ɛbɛyɛ aboa no honi a Anglo-Amerika aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa no ma wɔyɛe no. Wɔyɛɛ ohoni no akyi no, wɔmaa aboa a ɔwɔ mmɛn abien no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no ɔhome. (Adiyisɛm 13:14, 15) Afei, Yohane hu ohoni a ɔte ase na ɔhome no. Ɛyɛ Amanaman Apam ahyehyɛde a aboa a ɔwɔ mmɛn abien no de bae 1920 mu no ho mfonini. Ná U. S. Ɔmampanyin Wilson de n’adwene abu sɛ Apam no “bɛyɛ baabi a wofi de atɛntrenee bɛma nnipa nyinaa na wɔbɛpopa ɔko ho ahunahuna nyinaa afi hɔ koraa.” Wonyanee no bio wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi sɛ Amanaman Nkabom no, na atirimpɔw a ɛwɔ n’apam krataa no mu ne sɛ “ebekura amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra mu.”
17. (a) Ɔkwan bɛn so na abusudin ayɛ aboa kɔkɔɔ no ma? (b) Hena na ɔte aboa kɔkɔɔ no so? (d) Ɔkwan bɛn so na Babilon nyamesom de ne ho bataa Amanaman Apam ne nea ebesii n’ananmu no ho fi mfiase pɛɛ?
17 Ɔkwan bɛn so na abusudin ayɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi ma? Ɛne sɛ nnipa de amanaman bebree honi yi asi Onyankopɔn Ahenni no ananmu—sɛ ɛnyɛ nea Onyankopɔn se n’Ahenni no nkutoo na ebetumi ayɛ no. (Daniel 2:44; Mateo 12:18, 21) Nanso nea ɛyɛ nwonwa wɔ Yohane anisoadehu no ho ne sɛ Babilon Kɛse no te aboa kɔkɔɔ no so. Sɛnea nkɔmhyɛ no te no, Babilon nyamesom, titiriw no Kristoman, de ne ho abɔ Amanaman Apam ne nea abesi n’ananmu no ho. December 18, 1918 mu tɔnn no, kuw a mprempren wɔfrɛ no Kristo Asɔre Ahorow Ɔman Bagua a Ɛwɔ Amerika no gyee mpaemuka bi too mu a emu fã bi kae sɛ: “Apam a ɛte saa nyɛ nea ɛbɛyɛ amammui yiye nko; mmom no ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni amammui wɔ asase so. . . . Asɔre no betumi de adwempa honhom bi a Amanaman Apam biara rentumi nkwati nnyina ama. . . . Amanaman Apam no gyina Asɛmpa no so. Te sɛ Asɛmpa no, ne botae ne “asomdwoe wɔ asase so, anisɔ wɔ nnipa ho.”
18. Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo kyerɛe sɛ wogyina Amanaman Apam no akyi?
18 January 2, 1919 mu no, wɔkyerɛw asɛmti bi wɔ San Francisco Chronicle kratafa a edi kan no atifi sɛ: “Paapa Srɛ Sɛ Wonnye Wilson Amanaman Apam no Ntom.” October 16, 1919 no, wɔde adesrɛ bi a asɔre atitiriw no asɔfo 14,450 de wɔn nsa hyɛɛ ase kɔmaa U.S. Mmarahyɛ Bagua no, hyɛɛ kuw no nkuran sɛ “wonnye Paris asomdwoe apam a amanaman a wɔaka abom Apam wɔ mu no ntom.” Ɛwom sɛ U.S. Mmarahyɛ Bagua no annye apam no anto mu de, nanso Kristoman asɔfo kɔɔ so tuu Apam no gye ho sa. Na wɔdaa Apam no adi dɛn? Atesɛm bi a wɔde fi Switzerland a wɔkyerɛw no November 15, 1920, no kenkan sɛ: “Wɔnam asɔre dɔn a ɛwɔ Geneva no nyinaa a wɔbɔe so na ebuee Amanaman Apam no nhyiam a edi kan no ano anɔpa yi nnɔn dubiako.”
19. Bere a aboa kɔkɔɔ no puei no, dɛn na Yohane kuw no yɛe?
19 So Yohane kuw, kuw biako a ɛwɔ asase so a ɛde ahopere gyee Mesia Ahenni a ɛreba no toom no ne Kristoman kamfoo aboa kɔkɔɔ no anaa? Dabida! Kwasida, September 7, 1919 mu no, wɔmaa baguam ɔkasa bi wɔ Yehowa nkurɔfo nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, no ase a ɛne “Adesamma a Wɔahaw Anidaso” no. N’adekyee no, Sandusky Star-Journal atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ J. F. Rutherford rekasa akyerɛ nnipa bɛyɛ 7,000 no, “ɔkae sɛ ɛda adi sɛ Awurade abufuw bɛba Apam no so . . . efisɛ asɔfo—Katolekfo ne Prostestantfo—a wɔka sɛ wɔyɛ Onyankopɔn ananmusifo no agyaw ne nhyehyɛe akogye Amanaman Apam no atom, akamfo no sɛ Kristo Ahenni amammui nhwɛso wɔ asase so.”
20. Dɛn nti na na ɛyɛ abususɛm sɛ asɔfo no bɛkamfo Amanaman Apam no sɛ “Onyankopɔn Ahenni no amammui nhwɛso a ɛwɔ asase so”?
20 Na anka ɛsɛ sɛ Amanaman Apam no huammɔdi a ɛyɛ awerɛhow no ma asɔfo no hu sɛ ahyehyɛde a ɛtete saa a onipa ayɛ no nyɛ Onyankopɔn Ahenni fã bi a ɛwɔ asase so. Ɛyɛ abususɛm koraa sɛ wɔbɛka saa! Ɛma ɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn ka ho na wɔyɛɛ adwuma bɔne kɛse a Apam no bɛdaa adi sɛ ɛyɛ no. Onyankopɔn de, “n’adeyɛ yɛ pɛ.” Yehowa ɔsoro Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no ne ɔkwan a ɔnam so de asomdwoe bɛba ma wɔayɛ n’apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ ɔsoro—na ɛnyɛ amansɛmdifo a wɔne wɔn ho wɔn ho ham, a wɔn mu pii yɛ nnipa a wɔka sɛ Onyankopɔn nni hɔ nkabom bi so na ɔnam.—Deutoronomium 32:4; Mateo 6:10.
21. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ aguaman kɛse no boa nea ebesii Apam no ananmu a ɛne Amanaman Nkabom no na ɔwɔ ho anigye?
21 Nea ɛbɛhyɛɛ Apam no ananmu a ɛne Amanaman Nkabom no nso ɛ? Efi ne mfiase no, aguaman kɛse no atra kuw yi nso so na ɔde ne ho abɔ ne ho ma wohu pefee, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ no kwan a ɔmfa so. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔredi ne mfe 20 wɔ June 1965 mu no, Roman Katolek Asɔre ne Apuei Fam Ortodoks Asɔre, a Prostestantfo, Yudafo, Hindufo, Budhafo ne Nkramofo ananmusifo ka ho—a wogyina asase sofo ɔpepepem abien ananmu boaboaa wɔn ho ano wɔ San Francisco hyɛɛ mmoa a wɔde ma Amanaman Nkabom no ne wɔn ani a egye ho no ho fã. Bere a Paapa Paul VI kɔsraa Amanaman Nkabom no dwumadibea ti wɔ October, 1965 mu no, ɔkaa ho asɛm sɛ “amanaman ntam ahyehyɛde no mu nea ɛso sen ne nyinaa” na ɔde kaa ho sɛ: “Asase sofo nyinaa de wɔn ho to Amanaman Nkabom no so sɛ biakoyɛ ne asomdwoe ho anidaso a etwa to.” Paapa foforo a ɔkɔsraa hɔ, Paapa John Paul II reka Amanaman Nkabom no ho asɛm wɔ October 1979 mu no, ɔkae sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ Amanaman Nkabom no bɛkɔ so ayɛ asomdwoe ne atɛntrenee ho nhyiambea a ɛkorɔn sen biara.” Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ Paapa no anka Yesu Kristo anaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm ahe biara wɔ ne kasa no mu. Ɔkɔsraa United States September wɔ 1987 mu no, sɛnea The New York Times bɔɔ amanneɛ no, “John Paul kaa dwuma ankasa a Amanaman Nkabom no redi de ama . . . wiase nyinaa biakoyɛ foforo aba no ho asɛm tenteeten.”
Din bi, Ahintasɛm
22. (a) Aboa bɛn so na aguaman kɛse no apaw sɛ ɔbɛtra? (b) Yohane ka sɛnkyerɛnne kwan so aguaman Babilon Kɛse no ho asɛm dɛn?
22 Ɛrenkyɛ na ɔsomafo Yohane ahu sɛ aguaman no apaw aboa bɔne bi te no so. Nanso nea edi kan no, n’adwene dan kɔ Babilon Kɛse no ankasa so. Wahyehyɛ ne ho kɔsɔɔ, nanso ne ho yɛ tan dɛn ara! “Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa a akyide ne n’aguamammɔ fĩ ayɛ no ma. Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã. Na mihuu sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no.”—Adiyisɛm 17:4-6a.
23. Babilon Kɛse no din nyinaa ne dɛn, na ɛkyerɛ dɛn?
23 Sɛnea Romafo amammerɛ te no, wɔde din bi a ɛwɔ aguaman yi moma so no na ehu no.d Ɛyɛ din bi a ɛware: “Babilon Kɛse, asase so nguaman ne akyide nã.” Saa din no yɛ “ahintasɛm,” biribi ne ntease ahintaw. Nanso Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wɔbɛkyerɛkyerɛ ahintasɛm no mu. Nokwarem no, ɔbɔfo no ka nsɛm a ɛdɔɔso kyerɛ Yohane a ɛbɛma Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ atumi ahu nea din a wɔaka ho asɛm yi kyerɛ no mu yiye. Yehu Babilon Kɛse no sɛ ɛne atoro som nyinaa. Ɔne “nguaman . . . nã” efisɛ atoro som mmiako mmiako a ɛwɔ wiase nyinaa, a Kristoman nyamesom akuw bebree no nso ka ho, te sɛ ne mmabea a wosuasua ne honhom mu aguamammɔ no. Ɔyɛ “akyide” nã nso efisɛ ɔno na wawo mma bɔne te sɛ abosonsom, ahonhonsɛmdi, adebisa, nsoromma mu hwɛ, nsam hwɛ, nnipa a wɔde wɔn bɔ afɔre, asɔrefi nguaman, asabow a wɔde hyɛ atoro anyame anuonyam ne nneyɛe fĩ afoforo.
24. Dɛn nti na ɛfata sɛ wohu sɛ Babilon Kɛse ahyɛ “atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene ahyehyɛ ne ho”?
24 Babilon Kɛse hyɛ atade “afasebiri ne nkra nhoma” adehyetam na ɔde “sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho.” Ɛfata dɛn ara! Wo de susuw adan nwonwaso, nkae adum ne mfonini horow a ɛho yɛ nã, ahoni ne mfonini ahorow a ne bo yɛ den, ne nyamesom ho nneɛma, ne agyapade ne sika bebree a wiase nyamesom aboaboa ano no nyinaa ho hwɛ. Sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ Vatican, TV so asɛmpa ka ahemman a ne ti wɔ United States, anaa nea ɛwɔ Apuei Fam ade korabea ne asɔredan ahorow a ɛyɛ soronko no mu no, Babilon Kɛse aboaboa ahonyade bebree ano—na ɛtɔ mmere bi a ɔhwere ade bebree.
25. (a) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde nea ɛwɔ ‘sika kuruwa a akyide ayɛ mu ma’ no yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so aguaman no abow?
25 Afei hwɛ nea aguaman no kurae wɔ ne nsam. Ɛbɛyɛ sɛ Yohane baee n’anom wɔ nea ohui no ho—sika kuruwa a “akyide ne n’aguamammɔ fĩ ayɛ no ma”! Eyi ne kuruwa a “n’aguamammɔ abufuw nsa” wom a ɔde ama amanaman nyinaa anom abow no. (Adiyisɛm 14:8; 17:4) Ɛho yɛ fɛ nanso nea ɛwɔ mu no yɛ akyide, ɛyɛ efĩ. (Fa toto Mateo 23:25, 26 ho.) Afide ne atoro a aguaman kɛse no de adi dwuma de adaadaa amanaman no de wɔn aba ne nkɛntɛnso ase no nyinaa na ɛwom. Nea enye koraa no, Yohane hu sɛ aguaman no ankasa nso abow, Onyankopɔn nkoa mogya abow no! Ampa, akyiri yi yɛkenkan sɛ “ne mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakunkum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24) Mogya ho afodi bebrebe bɛn ara ni!
26. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Babilon Kɛse no di mogya ho fɔ?
26 Mfehaha no mu no, wiase atoro som ahemman no ahwie mogya bebree agu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Japan wɔ mfinimfini mfe no mu no, wɔsakraa asɔredan ahorow a ɛwɔ Kyoto de yɛɛ abannennen, na nkokorafo akofofo a wɔpae “Budha din kronkron no” ne wɔn ho wɔn ho koe araa kosii sɛ mogya maa mmɔnten so beree kɔɔ. Afeha a ɛto so 20 no mu no, Kristoman asɔfo ne wɔn aman no mu asraafo tuu aprenten, na eyinom kunkum wɔn ho, na anyɛ yiye koraa no akra ɔpepem ɔha totɔe. October 1987 mu no, kan U.S. ɔmampanyin Nixon kae sɛ: “Afeha a ɛto so 20 no na ayɛ nea wɔahwie mogya agu wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu. Wɔakunkum nnipa pii wɔ afeha yi mu akodi ahorow no mu sen nea wɔakunkum akodi ahorow nyinaa mu ansa na afeha yi refi ase no mu.” Onyankopɔn bu wiase nyamesom ahorow no fɔ wɔ kyɛfa a wonyae wɔ eyi nyinaa mu no ho; Yehowa kyi “nsa a ehwie mogya a edi bem gu.” (Mmebusɛm 6:16, 17) Ansa na eyi reba no, Yohane tee nteɛm bi fii afɔremuka no mu se: “Awurade, ɔkronkronni ne ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenni wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?” (Adiyisɛm 6:10) Babilon Kɛse, nguaman ne asase so akyide nã no ho bɛba mu kɛse bere a bere du sɛ wobebua saa asemmisa no.
[Ase hɔ nsɛm]
a Afeha a ɛto so 19 mu Roman Katolek ɔsɔfo panyin John Henry Newman rekyerɛ nea Kristoman a awae no nkyerɛkyerɛ, guasodeyɛ ne nneyɛe ahorow bebree a ɛnyɛ Kristofo de no fi no, ɔkyerɛwee wɔ ne nhoma Essay on the Development of Christian Doctrine no mu sɛ: “Asɔrefi ahorow a wɔde di dwuma, ne eyinom a wohyira so ma akronkronfo pɔtee bi, na wɔde nnubaa hyehyɛ ho wɔ mmere bi mu; aduhuam, akanea ne kyɛnerɛ; aseda afɔre a sɛ obi yare na ne ho san no a wɔbɔ; nsu kronkron; guankɔbea ahorow; nna kronkron ne mmere, dwuma a wɔde mmerebu pon di, mmorɔn so aprententu, mfuw so a wohyira; asɔfo ntade, nyamesom ti a woyi, mpɛtea a wɔde ware, Apuei a wɔde wɔn ani kyerɛ, ahoni a akyiri yi ɛbae, ebia asɔre mu nkankye ne Kyrie Eleison [“Awurade, Hu Yɛn Mmɔbɔ” dwom no], ne nyinaa fi abosonsom mu, na wɔnam Asɔre no mu a wogye bae no so atew ho.”
Sɛ anka “Yehowa, ade nyinaa so tumfoɔ no” bɛtew abosonsom a ɛte saa ho mmom no, otu Kristofo fo sɛ: “Mumfi wɔn mu, na montew mo ho, . . . na monnka nea ɛyɛ fi.”—2 Korintofo 6:14-18, New World Translation.
b William L Shirer abakɔsɛm nhoma a ɛne The Rise and Fall of the Third Reich no ka sɛ von Papen “na tumi a Hitler dii wɔ Germany no fi no sen obi foforo biara.” January 1933 mu no, na von Schleicher a anka ɔyɛ Germany ɔmampanyin no aka von Papen ho asɛm sɛ: “Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔfatwafo a sɛ wɔde no toto Yuda Iskariot ho a, na [Yuda Iskariot] yɛ ɔhotefo.”
c Paapa Pius XI rekasa akyerɛ College of Mondragone mufo wɔ May 14, 1929 mu no, ɔkae sɛ sɛ akra yiyedi hwehwɛ sɛ ɔne Ɔbonsam ankasa bɛyɛ nhyehyɛe a, ɔbɛyɛ saa.
d Fa Romani ɔkyerɛwfo Seneca nsɛm no toto ɔbea kɔmfo a onni nokware (a Swete fa kaa asɛm) no ho: “Abeawa, wugyinaa nguaman fi . . . wo din sensɛn wo moma so; wugyee w’animguase ho sika.”—Controv. i, 2.
[Kratafa 237 adaka]
Churchill Pa ‘Aguamammɔ’ ho Ntama
Winston Churchill bɔ amanneɛ wɔ ne nhoma The Gathering Storm (1948) no mu sɛ Hitler paw von Papen sɛ Germany ɔsoafo wɔ Vienna esiane sɛ “otutuu Austria amansɛm mu atitiriw ase anaasɛ onyaa wɔn baa n’afa nti.” Churchill fa U.S. ɔsoafo a na ɔwɔ Vienna no asɛm a ɔkae wɔ von Papen ho no kaa asɛm sɛ: “Wɔ akokoduru ne kateeyɛ a ɛsen biara so no . . . Papen kɔɔ so ka kyerɛɛ me sɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔde din a wagye sɛ Katolekni pa no bedi dwuma de anya Austriafo so nkɛntɛnso te sɛ Ɔsɔfo Panyin Innitzer.”
Bere a wodii Austria so nkonim akyi na Hitler asraafo dɔm no kɔfaa Vienna bɔkɔɔ no, Katolek Sɔfo Panyin Innitzer hyɛe sɛ Austria asɔre nyinaa mfa swastika frankaa no nsi asɔredan no so, wɔmmɔ wɔn dɔn na wɔmmɔ mpae mma Adolf Hitler mfa nni n’awoda.
[Kratafa 238 adaka]
Woyii asɛm no fii atesɛm krataa no mu nea wotintimii no akyiri yi mu. December 7, 1941, ne da a Nasi Germany ɔpamfo Japan kɔtow hyɛɛ Pearl Harbor so.
Asɛm a edi so no puei wɔ The New York Times a edi kan a wotintim no December 7, 1941 mu no mu wɔ asɛmti yi ase:
‘ƆKO MPAEBƆ’ MA NNISO NO
“Fulda Katolekfo Asɔfo Mpanyin Bisa Nhyira ne Nkonimdi . . .
Germany Asɔfo Mpanyin Nhyiam a wɔyɛe wɔ Fulda akamfo akyerɛ sɛ wɔmfa ‘ɔko mpaebɔ’ titiriw bi a wɔbɛkenkan wɔ asɔre nyinaa mfiase ne n’awiei nsi hɔ.
Mpaebɔ no srɛ Ɔsoro mmoa sɛ ɛmfa nkonimdi nhyira German akode na ɛmmɔ asraafo no nyinaa nkwa ne wɔn akwahosan ho ban.
Asɔfo mpanyin no san hyɛɛ Katolek asɔfo sɛ wɔmma German asraafo a ‘wɔnam fam, ɛpo so ne wim’ no ho asɛm ntra wɔn adwenem na wɔnkae wɔn Kwasida asɔre titiriw bi mu, anyɛ yiye koraa no pɛnkoro wɔ ɔsram biara mu.”
[Kratafa 244 adaka]
“Abusudin”
Bere a aboa a ɔwɔ mmɛn abien no de Amanaman Apam no bae Wiase Nyinaa Ko I akyi no, ntɛm ara na n’nyamesom mpenafo bebrebe no hwehwɛe sɛ wɔpene adeyɛ yi so nyamesom kwan so. Nea efii mu bae ne sɛ, asomdwoe ahyehyɛde foforo no bɛyɛɛ nea “abusudin ayɛ no ma.”
“Kristosom betumi de adwempa, tumi a egyina [amanaman] apam no akyi, ama na ɛde saayɛ asakra krataa hunu a apam no bɛyɛ ma abɛyɛ Onyankopɔn ahenni no adwinnade.”—The Christian Century, U.S.A., June 19, 1919, kratafa 15.
“Amanaman Apam ho adwene no yɛ Onyankopɔn Ahenni ho adwene a wɔtrɛw mu kɔ amanaman ntam ayɔnkofa mu sɛ wiase adwempa ho nhyehyɛe. . . . Ɛne nea Kristofo nyinaa bɔ ho mpae bere a wɔka sɛ, W’ahenni mmra, no.”—The Christian Century, U.S.A., September 25, 1919, kratafa 7.
“Nea ɛbɛka Amanaman Apam no abom biako ne Kristo Mogya.”—Dr. Frank Crane, Prostestant sɔfo, U.S.A.
“[Congregational Asɔre ahorow] no [Ɔman] Bagua no gyina [Amanaman Apam] no akyi sɛ amammui adwinnade a ɛno nkutoo na ɛwɔ hɔ mprempren a Yesu Kristo Honhom nam so betumi akɔ akyiri amanaman no nsɛm ho dwumadi a ebetumi ayɛ yiye mu.”—The Congregationalist and Advance, U.S.A., November 6, 1919, kratafa 642.
“Nhyiam no to nsa frɛ Methodistfo nyinaa sɛ wonkura [Amanaman Apam no] ho adwene horow a ɛkorɔn sɛnea Agya Onyankopɔn ne Onyankopɔn mma a wɔwɔ asase so ho adwene da no adi no mu na wɔmma ennya nkɔanim.”—The Wesleyan Methodist Church, Britain.
“Bere a yɛasusuw nea botae yi hwehwɛ sɛ ɛyɛ, nea ebetumi ayɛ ne tirimbɔ ahorow no ho mu no, yehu sɛ Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ no mu ade titiriw no na ɛwom: Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee . . . ɛnyɛ biribi a esua sen saa.”—Canterbury Ɔsɔfo panyin no asɛm a ɔka de buee Amanaman Apam Nhyiam no ano wɔ Geneva, December 3, 1922.
“Amanaman Apam Fekuw a ɛwɔ ɔman yi mu no wɔ hokwan kronkron koro no ara sɛ asɛmpatrɛwfo kuw a ɛwɔ hɔ ma amanfo yiyedi biara, efisɛ mprempren ɛne Kristo sɛ asomdwoe Hene amanaman no mu no tumidi ho adwinnade a etu mpɔn sen biara.”—Dr. Garvie, Congregationalist sɔfo, Britain.
[Asase mfonini wɔ kratafa 236]
Babilon
Baasakoro anaasɛ anyame abiɛsa ahorow
Ɔdesani kra tra hɔ owu akyi
Ahohonsɛmdi—“awufo” a wɔne wɔn kasa
Ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu
Kaberɛkyere a wɔde pata adaemone
Asɔfokuw bi a ɛyɛ den tumidi
Atoro nkyerɛkyerɛ a wogye di wɔ wiase nyinaa mfiase fi Babilon
[Kratafa 239 mfonini ahorow]
Na tete Babilon te nsu bebree so
[Kratafa 239 mfonini ahorow]
Aguaman kɛse no nso te “nsu bebree” so nnɛ
[Kratafa 241 mfonini]
Babilon Kɛse no te aboa bi a ne ho yɛ hu so
[Kratafa 242 mfonini]
Nyamesom aguaman no ne asase so ahene abɔ aguaman
[Kratafa 245 mfonini ahorow]
“Ahotefo mogya abow” ɔbea no
-
-
Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa AnoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Ti 34
Wɔahu Ahintasɛm Bi a Ɛyɛ Nwonwa Ano
1. (a) Dɛn na Yohane yɛ bere a ohu aguaman kɛse no ne n’aboa huhu a ɔte no so no, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ ade bere a nsɛm a esisi ma nkɔmhyɛ anisoadehu no nya mmamu no?
DƐN na Yohane yɛ bere a ohu aguaman kɛse no ne aboa huhu a ɔte no so no? Ɔno ankasa bua sɛ: “Na mihuu no no, ɛyɛɛ me nwonwa kɛse.” (Adiyisɛm 17:6b) Ná ɔdesani adwenem mfoniniyɛ ara kwa rentumi nyɛ biribi a ɛte saa da. Nanso, na ɛwɔ hɔ—sare so hɔ—aguaman hohwini bi te aboa kɔkɔɔ bi a ne ho yɛ hu so! (Adiyisɛm 17:3) Ɛyɛ Yohane kuw no nso nwonwa kɛse bere a nneɛma ahorow a esisi no ma nkɔmhyɛ anisoadehu no ba mu no. Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase tumi hu a, anka wɔbɛteɛm sɛ, ‘Ɛdɛn ni!’ na wiase atumfo begye so aka sɛ, ‘Ɛyɛ nwonwa!’ Nanso anisoadehu no bɛba mu wɔ yɛn bere yi mu ma nnipa ho adwiriw wɔn. Onyankopɔn nkurɔfo anya anisoadehu no mmamu mu kyɛfa bi a ɛyɛ nwonwa dedaw, na eyi ma wɔn awerɛhyem sɛ nkɔmhyɛ no bɛkɔ so ara akodu n’awiei a ɛyɛ nwonwa.
2. (a) Dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane esiane n’ahodwiriw no nti? (b) Dɛn na wɔdaa no adi kyerɛɛ Yohane kuw no, na ɔkwan bɛn so na wɔnam ayɛ eyi?
2 Ɔbɔfo no hu sɛnea asɛm no ayɛ Yohane nwonwa no. Yohane toa so sɛ: “Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no.” (Adiyisɛm 17:7) Yiw, afei ɔbɔfo no bɛkyerɛkyerɛ ahintasɛm no mu! Ɔkyerɛkyerɛ anisoadehu no afã horow ne nsɛm a ɛyɛ nwonwa a ɛrebesisi no mu kyerɛ Yohane a wahan n’ani no. Saa ara nso na bere a Yohane kuw no som wɔ abɔfo akwankyerɛ ase nnɛ no, wɔada nea nkɔmhyɛ no kyerɛ adi akyerɛ wɔn. So ɛnyɛ “Onyankopɔn na nkyerɛase wɔ no” anaa? Te sɛ ɔnokwafo Yosef no, yegye di sɛ saa na ɛte. (Genesis 40:8; fa toto Daniel 2:29, 30 ho.) Wɔde Onyankopɔn nkurɔfo agyina mfinimfini, sɛnea yɛbɛka no no, bere a Yehowa kyerɛkyerɛ anisoadehu no ne sɛnea ɛka wɔn asetra no mu kyerɛ wɔn no. (Dwom 25:14) Ne bere mu pɛpɛɛpɛ no wama wɔate ɔbea no ne aboa no ho ahintasɛm no ase.—Dwom 32:8.
3, 4. (a) Baguam ɔkasa bɛn na N. H. Knorr mae wɔ 1942 mu, na ɔkwan bɛn so na ɛkyerɛɛ nea aboa kɔkɔɔ no yɛ? (b) Nsɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane bɛn ho asɛm na N. H. Knorr kae?
3 Efi September 18 kosi 20, 1942, bere a na Wiase Nyinaa Ko II adu ne pɔmpɔn so no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ United States yɛɛ wɔn Wiase Foforo Teokrase Nhyiam. Wɔnam telefon so kaa Cleveland, Ohio a na ɛne nhyiam kurow titiriw no toaa nhyiam nkurow afoforo 50 mu ma wonyaa nnipa dodow a wɔkɔe a na ɛsen biara a na ɛyɛ 129,699. Baabi a ɔko bere no mu tebea horow no maa hokwan no, nhyiam afoforo tii dwumadi koro no ara mu wɔ wiase nyinaa. Saa bere no, Yehowa nkurɔfo pii hwɛɛ kwan sɛ ɔko no bɛkɔ so ara akowie Onyankopɔn ko Harmagedon mu; enti baguam ɔkasa no asɛmti a ɛne “Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?” no kanyan akwanhwɛ pii. Ɛbɛyɛ dɛn na Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo, N. H. Knorr, atumi aka sɛ ɔreka asomdwoe ho asɛm bere a na ɛte sɛ nea ɛne ɛno bɔ abira ankasa na ɛda hɔ ma amanaman no?a Nea enti a ɛte saa ne sɛ na Yohane kuw no tie Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm “no yiye.”—Hebrifo 2:1; 2 Petro 1:19.
4 Ntease bɛn na ɔkasa “Asomdwoe—So Ebetumi Akyɛ?” no ma wonyae wɔ nkɔmhyɛ no mu? N. H. Knorr rekyerɛ pefee sɛ Adiyisɛm 17:3 aboa kɔkɔɔ no ne Amanaman Apam no, ogyinaa ɔbɔfo no nsɛm a edi so yi a ɔka kyerɛɛ Yohane no so kaa n’adwuma a ɛrentumi nnyina no ho asɛm sɛ: “Aboa a wuhuu no no, da bi ná ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu.”—Adiyisɛm 17:8a.
5. (a) Ɔkwan bɛn so na “da bi ná aboa . . . no wɔ hɔ” na afei “onni hɔ”? (b) N. H. Knorr maa asemmisa “So Apam no bɛka bun no mu anaa?” no ho mmuae dɛn?
5 “Aboa . . . no, da bi na ɔwɔ hɔ.” Yiw, na atra hɔ sɛ Amanaman Apam fi January 10, 1920, na ɛtɔ da bi a, na aman 63 na ɛwom. Nanso, Japan, Germany ne Italy fii Apam no mu mmiako mmiako, na woyii kan Soviet Union fii mu. September 1939 mu no, Germany Nasi katabaako sodifo no fii Wiase Nyinaa Ko II no ase.b Esiane sɛ Amanaman Apam no antumi amma asomdwoe antra wiase nti, ɛkame ayɛ sɛ Amanaman Apam no tɔɔ bun bi a ahokeka biara nni mu mu. Ebeduu 1942 mu no, na abɛyɛ nea da bi na ɔwɔ hɔ. Ɛnyɛ bere yi anaa ɛno akyi bere foforo bi—na mmom saa bere titiriw no mu na Yehowa kyerɛɛ anisoadehu no ho ntease a emu dɔ no nyinaa mu kyerɛɛ ne nkurɔfo. Wiase Foforo Teokrase Nhyiam no ase no, na N. H. Knorr tumi pae mu ka ma ɛne nkɔmhyɛ no hyiae sɛ ‘aboa no nni hɔ.’ Afei obisae sɛ, “So Apam no bɛka bun no mu anaa?” Ɔfaa Adiyisɛm 17:8 mu asɛm kae na obuae sɛ: “Wiase aman nkabom no bɛsɔre bio.” Sɛnea ɛyɛe ara ne no—de maa Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm no baa mu ampa!
Bun no mu a Obefi Aba
6. (a) Bere bɛn na aboa kɔkɔɔ no foro fii bun no mu bae, na din foforo bɛn na ɔde bae? (b) Dɛn nti na nokwarem no, Amanaman Nkabom no yɛ aboa kɔkɔɔ no a wɔasan de no aba?
6 Aboa kɔkɔɔ no foro fii bun no mu bae ampa. June 26 1945 mu no, aman 50 de hooyɛ tow aba wɔ San Francisco, U.S.A., sɛ wonnye Amanaman Nkabom ahyehyɛde no Mmara no ntom. Na kuw yi bɛhwɛ ma “amanaman ntam asomdwoe ne dwoodwoo asetra atra hɔ.” Na nsɛdi pii wɔ Apam no ne Amanaman Nkabom no ntam. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Akwan bi so no, Amanaman Nkabom no sɛ Amanaman Apam a wɔhyehyɛe Wiase Nyinaa Ko I akyi no . . . Aman a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ no mu bebree na wɔde Apam no nso sii hɔ. Te sɛ Apam no, wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ na aboa ama asomdwoe atra amanaman ntam. Amanaman Nkabom no nhyehyɛe atitiriw no te sɛ Apam no de no ara.” Ɛnde na Amanaman Nkabom no yɛ aboa kɔkɔɔ no a wɔasan de no aba ankasa. Emufo bɛyɛ aman 190 no dɔɔso koraa sen Apam no de 63 no; ɛde asɛyɛde a ɛdɔɔso koraa sen nea adi n’anim no de ato ne ho so.
7. (a) Ɔkwan bɛn so na aboa kɔkɔɔ no a ɔsan bae no ho yɛɛ asase sotefo nwonwa ma wɔkamfoo no? (b) Botae bɛn na Amanaman Nkabom no nsa nkae, na dɛn na ne kyerɛwfo panyin no kae wɔ eyi ho?
7 Mfiase no, wonyaa Amanaman Nkabom no ho anidaso akɛse. Na eyi yɛ nea ɛma ɔbɔfo no nsɛm no ba mu sɛ: “Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase so a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu no nwonwa sɛ wobehu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.” (Adiyisɛm 17:8b) Asase sotefo akamfo ohoni foforo kɛse a efi ne dwumadibea ti a ɛwɔ New York East River so di dwuma yi. Nanso Amanaman Nkabom no ntumi mfaa asomdwoe ne dwoodwoo asetra mmae ɛ. Wɔ afeha a ɛto so 20 no fã kɛse no ara mu no, “wɔn ho wɔn ho a wɔbɛsɛe”—a wotwa no tiaa sɛ MAD no ho hu na ama wiase asomdwoe atra hɔ na akodeyɛ ho akansi no akɔ so anya nkɔanim. Amanaman Nkabom mmɔden a ɛde bɛyɛ mfe 40 abɔ akyi no, ne kyerɛwfo panyin, Javier Pérez de Cuéllar a na ɔwɔ hɔ saa bere no dii yaw wɔ 1985 mu sɛ: “Kateefo bere foforo mu na yɛte yi, na yennim nea yɛbɛyɛ wɔ ho.”
8, 9. (a) Dɛn nti na Amanaman Nkabom no nni wiase nsɛnnennen no ano aduru, na dɛn na ɛbɛba no so nnansa yi ara sɛnea Onyankopɔn ahyɛde te? (b) Dɛn nti na wɔnkyerɛw wɔn a wɔde Amanaman Nkabom no bae ne wɔn a wɔkamfo no no din wɔ Onyankopɔn “nkwa nhoma” no mu? (d) Dɛn na Yehowa Ahenni no betumi ayɛ?
8 Amanaman Nkabom no nni ano aduru. Na dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ adesamma nyinaa Nkwamafo no na ɔde Amanaman Nkabom no bae. Ne nkwa nna bɛyɛ tiaa, efisɛ sɛnea Onyankopɔn ahyɛ no, ɛbɛkɔ “ɔsɛe mu.” Wɔnkyerɛw wɔn a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ ne wɔn a wɔkamfo no no din wɔ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu. Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa nnebɔneyɛfo a wowuwu a wɔn mu pii di Onyankopɔn din ho fɛw atumi afa Amanaman Nkabom no so anya nea Yehowa Nyankopɔn aka sɛ ɔbɛyɛ, a ɛnyɛ adesamma so na ɔnam na mmom denam ne Kristo Ahenni no so no?—Daniel 7:27; Adiyisɛm 11:15.
9 Nokwarem no, Amanaman Nkabom no yɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni a ɛnam n’Asomdwoe Hene Yesu Kristo—nea n’ahenni tumidi to rentwa da—no ho asuasuade a ɛyɛ abusude. (Yesaia 9:6, 7) Sɛ Amanaman Nkabom no tumi de asomdwoe ba bere tiaa bi mpo a, ɛrenkyɛ na ɔko aba bio. Eyi ne nnipa nnebɔneyɛfo su. “Wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din nkwa nhoma mu.” Ɛnyɛ sɛ Yehowa Ahenni a ɛnam Kristo so no de daa asomdwoe bɛba asase so nko, na mmom, ɛdenam Yesu ogye afɔre no so no, obenyan awufo, atreneefo ne wɔn a wɔnteɛ a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Obiara a wagyina pintinn wɔ Satan ne n’asefo ntua nyinaa akyi ne afoforo a wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ asoɔmmerɛwfo, ka eyi ho. Ɛda adi pefee sɛ wɔn a wɔde wɔn ho bata Babilon Kɛse ho dennen anaa obiara a ɔkɔ so kotow aboa no honi no din renkɔ Onyankopɔn nkwa nhoma no mu da.—Exodus 32:33; Dwom 86:8-10; Yohane 17:3; Adiyisɛm 16:2; 17:5.
Asomdwoe ne Dwoodwoo Asetra—Anidaso Hunu
10, 11. (a) Dɛn na Amanaman Nkabom no bɔɔ no dawuru wɔ 1986 mu, na wɔyɛɛ ho ade dɛn? (b) “Nyamesom mmusuakuw” ahe na wohyiaa mu wɔ Assisi, Italy, na wɔbɔɔ asomdwoe ho mpae, na so Onyankopɔn bua mpaebɔ a ɛte saa no anaa? Kyerɛkyerɛ mu.
10 Bere a Amanaman Nkabom no rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛhyɛ adesamma anidaso ahorow mu den no, ɛkae sɛ 1986 bɛyɛ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe,” a na asɛmti ne sɛ “Wɔde Bɛbɔ Asomdwoe Ne Adesamma Daakye Ho Ban.” Wɔka kyerɛɛ aman a wɔne wɔn ho wɔn ho ko no sɛ wɔmmfa wɔn akode ngu hɔ, anyɛ yiye koraa no, afe biako. Dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Sɛnea Amanaman Ntam Asomdwoe Nhwehwɛmu Ahyehyɛde no amanneɛbɔ kyerɛ no, 1986 nkutoo mu akodi kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem anum! Ɛwom sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛ sika ne stamp ahorow a wɔde kae de, nanso aman no mu dodow no ara anyɛ biribi titiriw biara a wɔde tiw asomdwoe ho adwene saa afe no mu. Nanso wiase nyamesom ahorow—a mmere nyinaa wɔn ho pere wɔn sɛ wɔne Amanaman Nkabom no bɛfa ayɔnko—no kɔɔ so bɔɔ afe no ho dawuru akwan horow so. January 1, 1986 no, Paapa John Paul II kamfoo Amanaman Nkabom no dwumadi na ohyiraa afe foforo no so maa asomdwoe. Na October 27 no, ɔboaboaa wiase nyamesom no mu bebree mpanyimfo ano wɔ Assisi, Italy, ma wɔbɔɔ asomdwoe ho mpae.
11 So Onyankopɔn bua asomdwoe ho mpaebɔ a ɛte saa no anaa? Wiɛ, na Onyankopɔn bɛn na saa nyamesom mpanyimfo no bɔ no mpae? Sɛ wubisa wɔn a, kuw biara bɛma mmuae soronko. So asɔredan bi wɔ hɔ a anyame ɔpepem pii wom a wobetumi atie na wɔayɛ adesrɛ ahorow a wɔnam akwan bebree so asrɛ no anaa? Wɔn a wɔkɔɔ bi no mu pii sɔre Kristoman Baasakoro no.c Budhafo, Hindufo ne afoforo de mpaebɔ yɛɛ dwom to maa anyame pii a wonnim wɔn dodow. Ne nyinaa mu no, “nyamesom mmusuakuw” 12 na ehyiae a na atitiriw te sɛ Canterbury Anglican Ɔsɔfo panyin, Budhasom Dalai Lama, Rusia Ortodoks asɔre panyin, Tokyo Shinto Abosomfi Nkabom no titrani, Afrika abosonsomfo ne Amerika Indiafo baanu a wɔhyehyɛ ntakra kyɛw no gyina wɔn ananmu. Na ɛyɛ kuw a ɛyɛ fɛ yiye, sɛ yɛbɛka no tiaa a, na eye sɛ woyi no TV so. Kuw biako de nnɔnhwerew 12 na ɛbɔɔ mpae bere koro mu a wɔannyae. (Fa toto Luka 20:45-47 ho.) Nanso so saa mpaebɔ no mu bi foro kɔɔ soro traa suwusiw a ɛkata saa nhyiamfo no so no anaa? Dabi, esiane nea edidi so yi nti:
12. Dɛn nti na Onyankopɔn ammua wiase nyamesom mu mpanyimfo asomdwoe ho mpae ahorow a wɔbɔe no?
12 Nea ɛne wɔn a wɔnantew “Yehowa din mu” no bɔ abira no, saa nyamesomfo no mu biako mpo ammɔ Yehowa, Onyankopɔn teasefo, a ne din pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ mfitiase Bible nkyerɛwee no mu no mpae. (Mika 4:5; Yesaia 42:8, 12)d Sɛ kuw no, wɔankɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ Yesu din mu, na na wɔn mu dodow no ara nnye Yesu Kristo nni mpo. (Yohane 14:13; 15:16) Wɔn mu biara nyɛ Onyankopɔn apɛde a ɛwɔ hɔ ma yɛn da yi, a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛm wiase nyinaa—ɛnyɛ Amanaman Nkabom—akyerɛ sɛ adesamma anidaso ankasa. (Mateo 7:21-23; 24:14; Marko 13:10) Titiriw no, wɔn nyamesom ahyehyɛde ahorow no de wɔn ho ahyɛ abakɔsɛm mu ɔko ahorow a wɔahwie mogya bebree agu wom no mu, a afeha a ɛto so 20 yi mu wiase ko ahorow abien no nso ka ho. Wɔn a wɔte saa na Onyankopɔn ka kyerɛ wɔn sɛ: “Sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.”—Yesaia 1:15; 59:1-3.
13. (a) Dɛn nti na wiase nyamesom mpanyimfo ne Amanaman Nkabom no a wɔyɛ biako hwehwɛ asomdwoe no kyerɛ biribi? (b) Asomdwoe ho nteɛm no bɛkɔ akowie awiei bɛn a Onyankopɔn aka asie mu?
13 Afei nso, sɛ wiase nyamesom mu mpanyimfo ne Amanaman Nkabom no bɛyɛ biako de ahwehwɛ asomdwoe saa bere yi mu no kyerɛ biribi. Wɔbɛhwehwɛ sɛ wonya Amanaman Nkabom no so nkɛntɛnso na wɔde anya wɔn ankasa mfaso, titiriw no nnɛ mmere yi mu bere a wɔn nkurɔfo pii regyaw wɔn nyamesom no. Te sɛ tete Israel mpanyimfo a wɔanni nokware no, wɔka sɛ, “Asomdwoe! Asomdwoe! Nso asomdwoe nni hɔ.” (Yeremia 6:14) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn asomdwoe ho nteɛm no bɛkɔ so aforo soro araa de aboa awiei a ɔsomafo Paulo hyɛɛ ho nkɔm sɛ: “[Yehowa] da no bɛba sɛ owifo ba anadwo. Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan” no.—1 Tesalonikafo 5:2, 3.
14. Ɔkwan bɛn so na “Asomdwoe ne ahotɔ!” nteɛm no bɛba, na ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi akwati daadaa a ɛbɛdaadaa no?
14 Mfe kakra ni no, amammuifo de asɛm “asomdwoe ne ahotɔ!” no atwe adwene asi nnipa nhyehyɛe ahorow so. So saa mmɔden a wiase akannifo bɔ no kyerɛ sɛ 1 Tesalonikafo 5:3 afi ase renya mmamu? Anaasɛ na Paulo retwe adwene asi asɛnkɛse pɔtee bi a ebesi a wiase no behu so? Esiane sɛ yɛtaa te Bible mu nkɔmhyɛ ase koraa wɔ bere a anya mmamu no akyi nti, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn na yɛhwɛ nea ɛbɛba. Nanso, Kristofo nim sɛ asomdwoe ne ahotɔ biara a ɛbɛyɛ sɛ amanaman no anya no renyɛ nsakrae titiriw biara. Pɛsɛmenkominya, nitan, awudi, mmusua mu mpaapaemu, ɔbrasɛe, nyarewa, awerɛhow ne owu bɛkɔ so atra hɔ. Ɛno nti na ɛnsɛ sɛ woma “asomdwoe ne ahotɔ” a wɔbɛka biara no daadaa wo, bere a wuhu nea nsɛm a esisi wɔ wiase no kyerɛ na wutie Onyankopɔn Asɛm mu nkɔmhyɛ a ɛyɛ kɔkɔbɔ no.—Marko 13:32-37; Luka 21:34-36.
[Ase hɔ nsɛm]
a J. F. Rutherford wui January 8, 1942, na N. H. Knorr besii n’ananmu sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani.
b November 20, 1940 mu no, Germany, Italy, Japan ne Hungary de wɔn nsa hyɛɛ “Amanaman Apam foforo” ase, na ɛno akyi nnannan no Vatican nam radio so bɔɔ Mass na ɔbɔɔ mpae srɛɛ nyamesom asomdwoe ne nneɛma nhyehyɛe foforo. Saa “Apam foforo” no anyɛ yiye da.
c Baasakoro ho adwene no fi tete Babilon, baabi a wɔsɔree owia nyame Shamash, ɔsram nyame Sin ne nsoromma nyame Ishtar sɛ baasakoro no. Misraim dii nhwɛso koro no ara akyi, sɔree Osiris, Isis ne Horus. Wɔyɛ Asiria nyame panyin Asshur ho mfonini sɛ ɔwɔ ti abiɛsa. Wɔ nhwɛso koro no ara akyidi mu no, wohu ahoni ahorow wɔ Katolekfo asɔredan ahorow mu a wɔayɛ Onyankopɔn ho mfonini sɛ ɔwɔ ti abiɛsa.
d Webster’s Third New International Dictionary, 1993 de no kyerɛ Yehowa Nyankopɔn ase sɛ “onyame pumpuni a ɔno nkutoo na Yehowa Adansefo gye no tom na wɔsɔre no.”
[Kratafa 250 adaka]
“Asomdwoe” Abirasɛm No
Ɛwom sɛ Amanaman Nkabom no kae sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe de, nanso akode a wɔde bedi wɔn ho dɔm ho akansi nyaa nkɔanim. Nhoma World Military and Social Expeditures 1986 de nokwasɛm a ɛma onipa dwen yi ma:
1986 mu no, ka a wɔbɔe wɔ sraadi ho wɔ wiase nyinaa no duu dɔla ɔpepepem 900.
Sraadi ho ka a wɔbɔ wɔ dɔnhwerew biako mu wɔ wiase nyinaa no betumi ama wɔde nnuru asesa nnipa ɔpepem 3.5 a wowuwu afe biara no de abɔ wɔn ho ban wɔ nsanyare ho.
Wiase nyinaa no, nnipa baanum biara mu biako yɛ ohiani buruburoo. Anka wobetumi de sika a wiase no sɛe de yɛ nnanu akode no ahwɛ nnipa a ɔkɔm rekum wɔn yi nyinaa afe biako.
Ɔtopae ahoɔden a ɛwɔ wiase nuklea akode a wɔaboaboa ano no mu no boro nea ɛpaee wɔ Chernobyl no so mpɛn 160,000,000.
Wobetumi atow nuklea ɔtopae a n’ahoɔden boro ɔtopae a wotow guu Hiroshima so wɔ 1945 mu no so mpɛn 500.
Nea ɛboro Hiroshima de no so mpɛn ɔpepem biako na ɛwɔ ɛnnɛ nuklea akode korabea no mu. Na egyina hɔ ma ɔtopae ahoɔden a wogyaw gui wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no mpɛn 2,700, bere a nnipa ɔpepem 38 wuwui no.
Akodi adɔɔso ntɛmntɛm na ekunkum nnipa kɛse. Na wɔn a wowuwui wɔ ɔko mu wɔ afeha a ɛto so 18 mu no dodow si ɔpepem 4.4, ɔpepem 8.3 wɔ afeha a ɛto so 19 mu, ɔpepem 98.8 wɔ afeha 20 no mfe 86 a edi kan no mu. Efi afeha a ɛto so 18 de reba no, ɔko mu atɔfo dodow akɔ anim mpɛn asia sen sɛnea wiase nnipa dodow akɔ anim. Afeha a ɛto so 20 mu ɔko biara mu atɔfo dodow yɛ afeha a ɛto so 19 mu de no mpɛn du.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 247]
Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm faa aboa kɔkɔɔ no ho no, Amanaman Apam no kɔɔ bun mu Wiase Nyinaa Ko II no mu nanso wɔsan de bae sɛ Amanaman Nkabom
[Kratafa 249 mfonini ahorow]
Sɛ nea wiase nyamesom ahorow de boa Amanaman Nkabom “Asomdwoe Afe” no, wɔn ananmusifo bɔɔ mpae ahorow wɔ Assisi, Italy, nanso wɔn mu biako mpo ammɔ Onyankopɔn teasefo Yehowa mpae
-
-
Wɔsɛe Babilon Kɛse NoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Ti 35
Wɔsɛe Babilon Kɛse No
1. Ɔbɔfo no ka aboa kɔkɔɔ no ho asɛm dɛn, na nyansa bɛn na ehia ma wɔde ate Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne no ase?
ƆBƆFO no reka Adiyisɛm 17:3 aboa kɔkɔɔ no ho asɛm bio no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Ɛha na adwene a nyansa wom no wɔ. Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi.” (Adiyisɛm 17:9, 10) Ɛha no, ɔbɔfo no kyerɛ nyansa a efi soro, nyansa a ɛno nkutoo na ɛbɛma wɔate Adiyisɛm mu nsɛnkyerɛnne no ase. (Yakobo 3:17) Nyansa yi ma Yohane kuw no ne wɔn ahokafo hu aniberesɛm a ɛwɔ mmere a yɛte mu no mu no. Ɛma komapafo nya Yehowa atemmu ahorow a afei na wɔrebedi ho dwuma no ho anisɔ, na ɛma wonya Yehowa ho suro pa. Sɛnea Mmebusɛm 9:10 ka no: “Nyansa mfiase ne [Yehowa] suro, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” Dɛn na ɔsoro nyansa da no adi kyerɛ yɛn wɔ aboa no ho?
2. Aboa kɔkɔɔ no ti ason no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na na “anum agu, [na] obiako wɔ hɔ”?
2 Saa aboa a ɔyɛ keka no ti ason no gyina hɔ ma “mmepɔw” ason, anaasɛ “ahene” baason. Wɔka nsɛm abien no nyinaa Kyerɛwnsɛm mu de kyerɛ nniso tumi horow. (Yeremia 51:24, 25; Daniel 2:34, 44, 45) Bible mu no, wɔabobɔ wiase tumi horow asia din sɛ wɔanya Onyankopɔn nkurɔfo nsɛm so tumi: Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela ne Roma. Eyinom mu no, na anum abetwam kɔ dedaw bere a Yohane nsa kaa Adiyisɛm no, bere a na Roma da so ara yɛ wiase tumi a ne ho yɛ den. Eyi ne nsɛm “baanum agu, obiako wɔ hɔ” no hyia yiye. Na “ɔfoforo” a ɔrebɛba no nso ɛ?
3. (a) Ɔkwan bɛn so na Roma Ahemman no mu paapae? (b) Nneɛma bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Atɔe? (d) Ɛsɛ sɛ wobu Roma Ahemman Kronkron no dɛn?
3 Roma Ahemman no traa ase ma mpo emu trɛwee mfehaha pii Yohane bere no akyi. Afe 330 Y.B. mu no, Ɔhempɔn Konstantino yii n’ahenkurow no fii Roma kɔɔ Byzantium, na ɔtoo ne din foforo sɛ Constantinople. Afe 395 Y.B. mu no, wɔpaapae Roma Ahemman no mu yɛɛ no Apuei Fam de ne Atɔe Fam de. Afe 410 Y.B. mu no, Roma ankasa gui Wisigotfo (Germanfo abusuakuw bi a wɔasakra abɛyɛ Arianfo “Kristosom”) hene Alarik anim. Germanfo mmusuakuw bi (a wɔn so wɔyɛ “Kristofo”) dii Spain ne Romafo asase a ɛda Afrika Atifi fam no pii so nkonim. Basabasayɛ, ahotɔ a enni hɔ ne nsakrae pii bae wɔ Europa mfehaha. Ahempɔn akɛse sɔresɔree wɔ Atɔe, te sɛ Charlemagne a ɔne Paapa Leo III yɛɛ apam afeha ɛto so 9 no mu, ne Frederick II, a odii tumi afeha 13 no mu no. Nanso, ɛwom sɛ wɔfrɛɛ wɔn ahemman no Roma Ahemman Kronkron de, nanso ná esusuae koraa sen Roma Ahemman a edii kan traa se bere a ná adu ne pɔmpɔn so no. Ná ɛyɛ tete tumi yi a wɔasan de asi hɔ anaasɛ ne ntoaso mmom na ɛnyɛ ahemman foforo.
4. Yiye bɛn na Roma Apuei Fam Ahemman no dii, na dɛn na ɛbaa tete Roma kan nsase a ná ɛwɔ Afrika Atifi Fam, Spain ne Syria no mu pii so?
4 Roma Apuei Fam Ahemman a na ne ti wɔ Constantinople no ne Atɔe fam Ahemman no anya abusuabɔ. Afeha a ɛto so asia no mu no, Apuei Fam Ɔhempɔn Justinian I tumi dii Afrika Atifi Fam afa horow pii so nkonim bio, na ɔde ne ho kogyee Spain ne Italia nsɛm mu nso. Afeha a ɛto so ason no mu no, Justinian II san kogyee Makedonia mmeae ahorow a na Slaviafo bi adi so nkonim no maa Ahemman no. Nanso eduu afeha a ɛto so awotwe no mu no, ná tete Roma nsa a egu Afirika Atifi, Spain, ne Syria no abɛhyɛ Nkramofo ahemman foforo no ase ma enti afi Konstantinople ne Roma nyinaa tumi ase.
5. Ɛwom sɛ Roma kuropɔn no gui afe 410 Y.B. mu de, nanso ɔkwan bɛn so na egyee mfehaha pii bio ansa na amammui Roma Ahemman no ho nkae nyinaa refi wiase.
5 Konstantinople kuropɔn no ankasa traa hɔ kyɛe kakra. Egyinae ntua a na ɛtaa ba no so fi Persiafo, Arabiafo, Bulgarfo, ne Rusiafo hɔ no ano kosii sɛ awiei no egui afe 1203 mu—ɛnyɛ Nkramofo anim, na mmom mmeamudua akofofo a wofi Atɔe no anim. Nanso, wɔ 1453 mu no, ɛbɛhyɛɛ Nkramofo Ottoman tumidifo Mehmed II no tumi ase na ankyɛ na ɛbɛyɛɛ Ottoman, anaasɛ Turkifo, Ahemman no ahenkurow. Enti, ɛwom sɛ Roma kuropɔn no gui wɔ 410 Y.B. mu de, nanso egyee mfehaha pii bio ansa na amammui Roma Ahemman no ho nkae nyinaa refi wiase. Na ɛno mpo, na wɔda so ara hu ne nkɛntɛnso wɔ nyamesom ahemman ahorow a egyina Roma paapanom ne Apuei Fam Ortodoks asɔre ahorow no tumidi so no mu.
6. Ahemman afoforo koraa bɛn na ɛbae, na nea ɛwɔ he na edii yiye sen ne nyinaa?
6 Nanso, eduu afeha a ɛto so 15 no mu no, ná aman bi rehyehyɛ ahemman afoforo. Bere a na tumi afoforo yi bi wɔ kan Roma atubra nsase so no, ná wɔn ahemman ahorow no nyɛ Roma Ahemman no ntoaso ara kwa. Portugal, Spain, Franse ne Holland nyinaa bɛyɛɛ mmeae a wofi di tumi kɔ akyirikyiri. Nanso nea edii yiye sen wɔn nyinaa ne Britania a ebedii ahemman kɛse bi a ‘owia ntɔ wɔ so da’ so no. Ahemman yi trɛwee mmere horow mu kɔɔ Amerika Atifi fam afa ahorow pi, Afrika, India ne Asia Kesee fam ne Pasifik Kesee fam tɛtrɛɛ no mu.
7. Ɔkwan bɛn so na wiase tumi a ɛbɔ ho abien bi bae, na Yohane se saa ‘ti,’ anaasɛ wiase tumi, a ɛto so ason no bɛtra hɔ bere tenten bɛn?
7 Eduu afeha a ɛto so 19 no mu no, ná atubra man a ɛwɔ Amerika atifi fam no bi atew wɔn ho afi Britania ho dedaw abɛyɛ United States, Amerika a ɛde ne ho. Amammui fam no, ɔko kɔɔ so wɔ ɔman foforo no ne ɔman a kan ɛhyɛ n’ase no ntam. Nanso, wiase nyinaa ko a edi kan no hyɛɛ aman abien no nyinaa ma wohuu nneɛma a ehia wɔn nyinaa na wɔkaa ho bɔɔ mu wɔ abusuabɔ titiriw bi mu. Enti, wiase tumi bi a ɛbɔ ho abien bae, a wɔn a wɔwom ne United States a mprempren ɛne ɔman a anya ne ho sen biara wɔ wiase, ne Britania Kɛse a ɛne wiase ahemman a ɛso sen biara no trabea. Enti, eyi ne ‘ti’ a ɛto so ason, anaasɛ wiase tumi a ɛkɔ so kodu awiei bere no mu a ne nsase so na wodii kan hyehyɛɛ nnɛyi Yehowa Adansefo no. Sɛ wɔde ti a ɛto so asia no ahenni bere tenten no toto ho a, ná nea ɔto so ason no atra hɔ “kakraa bi” kosi sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe amanaman no nyinaa.
Dɛn Nti na Wɔfrɛ no Ɔhene a Ɔto so Awotwe?
8, 9. Ɔbɔfo no frɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no dɛn, na ɔkwan bɛn so na ofi ason no mu?
8 Ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu bio kyerɛ Yohane sɛ: “Na aboa bi a da bi na ɔwɔ hɔ na afei de, onni hɔ no, ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu, na ɔkɔ ɔsɛe mu.” (Adiyisɛm 17:11) Sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no “fi” ti ason no mu; kyerɛ sɛ wofi saa mfitiase “aboa . . . a ofi po mu” a aboa kɔkɔɔ no yɛ ne honi, no ti ahorow no mu na ɛwoo no, anaasɛ n’asetra fi no. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, wɔ 1919 mu no, ná Anglo-Amerika tumi no na ɛyɛ ti a edi so. Ná atiri asia a edi kan no agu, na wiase so tumidi dibea no asen akɔ ti a ɛbɔ ho abien yi hɔ ma afei ne mu na ɛwɔ. Na ti a ɛto so ason yi, sɛnea mprempren egyina hɔ wɔ wiase tumi horow a adidi so no ananmu no, ne tumi a ɛkaa nkurɔfo ma wɔde Amanaman Apam no sii hɔ na ɛda so ara yɛ otitiriw a ɔma Amanaman Nkabom no wɔ hɔ na ɛboa no sika fam. Enti, sɛnkyerɛnne kwan so no, aboa kɔkɔɔ—ɔhene a ɔto so awotwe no—“fi” mfitiase ti ason no mu. Sɛ wɔhwɛ no ɔkwan yi so a, asɛm a wɔkae sɛ efi ason no mu no ne adiyi a edi kan sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa (Anglo-Amerika Wiase Tumi, mfitiase aboa no ti a ɛto so ason) a ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ ohoni no na ɔmaa no nkwa no hyia pɛpɛɛpɛ.—Adiyisɛm 13:1, 11, 14, 15.
9 Nea ɛka ho bio no, wɔn a na wɔka Britania Kɛse ho yɛ Amanaman Apam no mufo fi mfiase no ne nniso horow a edii tumi wɔ atiri a adi kan no mu binom nkongua so, a wɔne Hela, Iran (Persia) ne Italia (Roma). Awiei no, nniso horow a edi nsase a wiase tumi horow asia a adi kan no dii so no bɛyɛɛ aboa no honi no aboafo. Ɔkwan yi so nso no, wobetumi aka sɛ aboa kɔkɔɔ no fi wiase tumi ason no mu na ɛbae.
10. (a) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ aboa kɔkɔɔ no “ara nso ne [Ɔhene a] ɔto so awotwe”? (b) Kan Soviet Union ɔmampanyin bi kyerɛe sɛ ɔboa Amanaman Nkabom no dɛn?
10 Hyɛ no nsow sɛ aboa kɔkɔɔ no ankasa “nso ne [ɔhene] a ɔto so awotwe.” Enti wɔhyehyɛɛ Amanaman Nkabom no nnɛ te sɛ wiase nniso bi. Adi dwuma mpo mmere bi sɛ nniso ma asoma asraafo sɛ wɔnkɔ akono nkɔpata amanaman ntam akameakamedi sɛnea wɔyɛe wɔ Korea, Sina Nsu Ntam Asase no so, Afrika aman binom ne Lebanon no. Na ɛyɛ ɔhene bi honi ara kwa. Te sɛ nyamesom honi bi no, enni nkɛntɛnso anaa tumi ankasa biara wɔ nea wɔn a wɔde bae na wɔkotow no no de maa no no akyi. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi yɛ sɛnea ayɛ mmerɛw; nanso enhuu gyaw a emufo a wokura katabaako adwene a wɔmaa Amanaman Apam no tɔɔ ntintan kɔhwee bun no mu no nyinaa begyaw no no bi da. (Adiyisɛm 17:8) Ɛwom sɛ wokurakura adwenhorow a ɛsonsonoe koraa wɔ nsɛm ahorow ho de, nanso wɔ 1987 mu no, kan Soviet Union ɔkannifo bi a ɔyɛ otitiriw kɔkaa Roma paapanom ho kyerɛe sɛ wogyina Amanaman Nkabom no akyi. Ɔkae mpo sɛ wɔmfa “amanaman ntam dwoodwoo asetra nhyehyɛe bi a edi mu” a egyina Amanaman Nkabom no so nsi hɔ. Sɛnea afei Yohane hu no, bere bi bɛba a Amanaman Nkabom no de tumi a ɛdɔɔso ara yiye bedi dwuma. Ɛno na afei ɛno nso bɛkɔ “ɔsɛe mu.”
Dɔnhwerew Biako ma Ahene Du
11. Dɛn na Yehowa bɔfo no ka wɔ sɛnkyerɛnne kwan so aboa kɔkɔɔ no mmɛn du no ho?
11 Adiyisɛm ti a edii eyi anim no mu no, abɔfo a wɔto so asia ne ason no hwiee Onyankopɔn abufuw nkuruwa no gui. Enti, wɔma yɛtee sɛ wɔreboaboa asase so ahene ano akɔ Onyankopɔn ko wɔ Harmagedon ne sɛ ‘wɔbɛkae Babilon Kɛse wɔ Onyankopɔn anim.’ (Adiyisɛm 16:1, 14, 19) Afei yebehu sɛnea wobedi Onyankopɔn atemmu ahorow ho dwuma wɔ eyinom so no mu yiye. Tie Yehowa bɔfo no bio bere a ɔkasa kyerɛ Yohane no. “Na mmɛn du a wuhui no ne ahene du a wonnyaa ahenni ɛ, nanso wɔne aboa no benya ahoɔden sɛ ahene dɔnhwerew biako. Eyinom wɔ adwenkoro, na wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no. Eyinom ne oguammaa no bɛko, na oguammaa no bedi wɔn so nkonim,—efisɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene,—ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no.”—Adiyisɛm 17:12-14.
12. (a) Dɛn na mmɛn du no yɛ ho mfonini? (b) Ɔkwan bɛn so na na sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no ‘nnyaa ahenni bi ɛ’? (d) Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no wɔ “ahenni” nnɛ, na ebedi bere tenten bɛn?
12 Mmɛn du no gyina hɔ ma amammui tumi horow a edi wiase so mprempren na egyina aboa no honi no akyi no nyinaa. Aman a ɛwɔ hɔ mprempren no mu kakraa bi na ná wonim wɔn wɔ Yohane nna no mu. Na ɛnnɛ no, wɔn a ná wɔwɔ hɔ, te sɛ Misraim ne Persia (Iran) no wɔ amammui nhyehyɛe a ɛyɛ soronko koraa. Enti, wɔ afeha a edi kan no mu no, ná ‘mmɛn du no nyaa ahenni.’ Nanso, mprempren wɔ Awurade da no mu no, wɔanya “ahenni” anaasɛ amammui tumi. Esiane sɛ tete ahemman akɛse no ahwehwe ase, titiriw wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu nti, wɔawo aman afoforo pii. Ɛsɛ sɛ eyinom ne tumi ahorow a wɔde sisii hɔ akyɛ no di tumi sɛ ahene bere tiaa bi—“dɔnhwerew biako” pɛ—ansa Yehowa de wiase amammui tumi nyinaa aba awiei wɔ Harmagedon.
13. Ɔkwan bɛn so na mmɛn du no wɔ “adwenkoro,” na su a wokura wɔ Oguammaa no ho bɛn na eyi si so dua?
13 Ɛnnɛ, ɔmampɛ yɛ tumi horow a emu yɛ den sen biara a ɛkanyan mmɛn du yi no mu biako. Wɔwɔ “adwenkoro” a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔkora wɔn ɔman tumidi no so mmom sen sɛ wobegye Onyankopɔn Ahenni atom. Wɔn atirimpɔw a ɛma wɔde wɔn ho kɔbataa Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ho nea edi kan ni—sɛ wɔbɛkora wiase asomdwoe so na wɔnam saayɛ so abɔ wɔn ankasa asetra ho ban. Su a ɛte saa no si so dua sɛ mmɛn no bɛsɔre atia Oguammaa, “awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene” no, efisɛ Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔrenkyɛ na n’Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo ase no ayi ahenni horow yi nyinaa afi hɔ na abesi ananmu.—Daniel 7:13, 14; Mateo 24:30; 25:31-33, 46.
14. Ɔkwan bɛn so na etumi yɛ yiye sɛ wiase atumfo ne Oguammaa no ko, na dɛn na ebefi mu aba?
14 Nokwarem no, hwee nni hɔ a wiase atumfo betumi ayɛ atia Yesu ankasa. Ɔwɔ ɔsoro, a wɔn nsa rentumi nka no koraa. Nanso Yesu nuanom, ɔbea no aseni nkaefo no da so wɔ asase so na ɛda adi sɛ nsa betumi aka wɔn. (Adiyisɛm 12:17) Mmɛn no mu bebree ada ɔtan a wɔtan wɔn yiye no adi dedaw, na ɔkwan yi so no, wɔne Oguammaa no ako. (Mateo 25:40, 45) Nanso, ɛrenkyɛ na bere adu sɛ Onyankopɔn Ahenni “bebubu ahenni horow no nyinaa ma asa.” (Daniel 2:44) Saa bere no, asase so ahene ne Oguammaa no bɛko ɔko a ɛde ɔsɛe koraa bɛba, sɛnea ɛrenkyɛ yebehu no. (Adiyisɛm 19:11-21) Nanso ɛha no, yɛahu nea ɛdɔɔso a ɛbɛma yɛahu sɛ amanaman no renni yiye. Ɛwom sɛ wɔne Amanaman Nkabom aboa kɔkɔɔ no wɔ “adwenkoro” de, nanso wontumi nni “awuranom Awurade ne ahene mu Hene” kɛse no so nkonim, na wontumi “wɔn a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wɔyɛ anokwafo a wɔka ne ho,” a n’akyidifo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so no nso ka ho no so nkonim. Ná eyinom nso adi nkonim denam wɔn mudi mu a wokura de bua Satan anototo bɔne ahorow no so.—Romafo 8:37-39; Adiyisɛm 12:10, 11.
Aguaman no a Wɔyɛ no Pasaa
15. Dɛn na ɔbɔfo no ka fa aguaman no ne su a aboa no mmɛn du no wɔ wɔ ne ho, ne nea wɔde bɛyɛ no no ho?
15 Ɛnyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nko na mmɛn du no bɛtan wɔn. Afei ɔbɔfo no san twe Yohane adwene si aguaman no so: “Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow. Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.”—Adiyisɛm 17:15, 16.
16. Dɛn nti na Babilon Kɛse rentumi mfa ne ho nto ne nsu no so na aboa no abɔ ne ho ban bere a amammui nniso horow dan hyɛ no no?
16 Sɛnea tete Babilon de ne ho too n’ahobammɔ so no, saa ara na Babilon Kɛse no de ne ho to “nkurɔfo ne nnipa akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” bebree a wɔwɔ no mu no so nnɛ. Ɔbɔfo no twe yɛn adwene si nneɛma yi so sɛnea ɛfata ansa na ɔreka yɛn biribi a ɛyɛ hu a ɛreba no ho asɛm: Asase yi so amammui nniso horow no bɛdan ahyɛ Babilon kɛse no anuɔden so. Dɛn na “nkurɔfo ne nnipa akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow” no nyinaa bɛyɛ saa bere no? Onyankopɔn nkurɔfo rebɔ Babilon Kɛse no kɔkɔ dedaw sɛ Eufrate asubɔnten no mu nsu no bɛyow. (Adiyisɛm 16:12) Awiei no, saa nsu no nyinaa bɛyow koraa. Wɔrentumi mmoa aguaman dedaw a ɔyɛ akyide no ɔkwan a edi mũ biara so wɔ bere a ohia mmoa sen biara no mu.—Yesaia 44:27; Yeremia 50:38; 51:36, 37.
17. (a) Dɛn nti na Babilon Kɛse ahonya no rentumi nnye? (b) Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse awiei renyɛ fɛ koraa? (d) Mmɛn du, anaa aman mmiako mmiako, no akyi no, dɛn nso na ɛkɔka ho ma wɔfow Babilon Kɛse no?
17 Ɛda adi sɛ Babilon Kɛse no ahonyade pii no rentumi nnye no. Ebia ɛbɛma ne sɛe no ayɛ ntɛm mpo, efisɛ anisoadehu no kyerɛ sɛ, bere a aboa no ne mmɛn du no da ɔtan adi kyerɛ no no, wɔbɛworɔw n’adehye ntade ne n’agude no nyinaa afi ne ho. Wɔbɛfow n’ahode. Wɔbɛma wada “adagyew,” ama ne su ankasa ada adi wɔ animguase mu. Ɔsɛe pasaa bɛn ni! N’awiei nso nyɛ fɛ koraa. Wɔsɛe no, “di ne nam,” ma ɛka ne nnompe nko a nkwa nni mu. Awiei no, wɔde ‘ogya hyew no koraa.’ Wɔhyew no te sɛ obi a nsanyare wɔ ne ho, a wonsie no nidi mu! Ɛnyɛ amanaman no nko, sɛnea mmɛn du no gyinaa wɔn ananmu, na wɔsɛe aguaman kɛse no na mmom “aboa no” a ɛkyerɛ sɛ Amanaman Nkabom no ankasa nso, ka wɔn ho wɔ adesɛe yi mu. Ɛbɛpene atoro som sɛe no so. Amanaman Nkabom no mu aman 190 ne akyi no mu pii nam wɔn abatow so ayi ɔtan a wɔwɔ wɔ nyamesom ho no adi dedaw, titiriw no Kristoman de no.
18. (a) Ade a ɛbɛma amanaman no adan ahyɛ Babilon nyamesom no bɛn na wɔahu dedaw? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ ade titiriw a wobegyina so de nea wɔwɔ nyinaa atoa aguaman kɛse no?
18 Dɛn nti na amanaman no bɛyɛ nea na anka ɔyɛ wɔn mpena no bɔne saa? Yɛahu nea ɛbɛma wɔasɔre atia Babilon nyamesom ɔkwan a ɛte saa so no wɔ nnansa yi abakɔsɛm mu. Aban mpanyimfo ɔsɔretia abrɛ nyamesom nkɛntɛnso a ɛwɔ no ase kɛse wɔ nsase te sɛ kan Soviet Union ne China so. Europa afa horow a wɔyɛ Protestantfo mu no, nsɛm a ɛmfa wɔn ho bio ne akyinnyegye bebrebe ama asɔredan ahorow no mu ada mpan, ma enti ɛkame ayɛ sɛ nyamesom awu koraa. Atuatew ne biakoyɛ a enni hɔ apaapae Katolek ahemman kɛse no mu a n’akannifo ntumi nnwudwoo ano. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn ani pa nokwasɛm no so sɛ ntua kɛse a edi akyiri a ɛbɛba Babilon Kɛse so yi ba sɛ Onyankopɔn atemmu a wontumi nsakra no a ɛbɛba aguaman kɛse no so.
Onyankopɔn Tirim Asɛm a Wɔbɛma Aba Mu
19. (a) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Yerusalem a na awae no atemmu a ɛbaa no so wɔ 607 A.Y.B. mu no ayɛ Yehowa atemmu ho dwuma a wobedi atia aguaman kɛse no ho mfonini? (b) Dɛn ho nhwɛso na Yerusalem amamfoyɛ a obi nte hɔ koraa wɔ 607 A.Y.B. akyi tebea no yɛ maa yɛn bere yi?
19 ɔkwan bɛn so na Yehowa nam di atemmu yi ho dwuma? Yebetumi de nea Yehowa yɛ tiaa ne nkurɔfo a wɔwaee wɔ tete mmere mu no ayɛ eyi ho mfonini, wɔn a ɔkae wɔ wɔn ho sɛ: “Na Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde, awaresɛe ne atoro mu nantew, na wɔhyɛ nnebɔneyɛfo nsa den, nea ɛbɛyɛ na obiara ansan amfi ne bɔne mu; wɔn nyinaa adan me sɛ Sodom, na emufo ayɛ sɛ Gomora.” (Yeremia 23:14) Wɔ 607 A.Y.B. mu no, Yehowa de Nebukadnesar dii dwuma ma ɔworɔw ‘saa kurow a na asɛe aware honhom mu no ntade no yii nnwinne afɛfɛ no fii hɔ, na ogyaw no adagyaw ne kwaterekwa mu.’ (Hesekiel 23:4, 26, 29) Ná saa bere no mu Yerusalem yɛ nnɛ Kristoman ho nhwɛso, na sɛnea Yohane hui wɔ anisoadehu ahorow a adi kan no mu no, Yehowa de asotwe a ɛte saa ara na ɛbɛba Kristoman ne atoro som a aka no nyinaa nso so. Yerusalem amamfoyɛ a obiara nte mu tebea mu afe 607 A.Y.B. akyi no kyerɛ sɛnea nyamesom Kristoman bɛyɛ bere a wɔaworɔw n’ahonyade nyinaa afi ne ho na wɔapa ne ho ntama animguase mu no. Na ɛrensi Babilon Kɛse nkae no nso yiye.
20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yohane kyerɛe sɛ Yehowa de adesamma atumfo bedi dwuma bio de adi n’atemmu ho dwuma? (b) Onyankopɔn “tirim asɛm” ne dɛn? (d) Ɔkwan bɛn so na amanaman no bedi wɔn “adwenkoro” no ho dwuma, nanso hena adwene ho dwuma na wobedi ankasa?
20 Yehowa de adesamma atumfo di dwuma wɔ atemmu ho dwuma mu bio. “Na Onyankopɔn na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ wɔmma ne tirim asɛm mmra mu, na wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no nkosi sɛ Onyankopɔn asɛm bɛba mu.” (Adiyisɛm 17:17) Dɛn ne Onyankopɔn “tirim asɛm”? Sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma wɔn a wobekum Babilon Kɛse no aka wɔn ho abom, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔasɛe no pasaa. Nokwarem no, adwene a atumfo no de bɛtoa no ne sɛ wɔde bɛma wɔn ankasa “adwenkoro” no ayɛ hɔ. Ɛbɛyɛ wɔn sɛ aguaman kɛse a wɔbɛsɛe no no bɛma wɔn ɔmampɛ nneɛma akɔ so yiye ama wɔn. Ebia wobesusuw sɛ nyamesom a wɔahyehyɛ a ɛbɛkɔ so atra wɔn nsase so no yɛ asiane ma wɔn tumidi. Nanso na Yehowa na ɔrekyerɛ nneɛma kwan ankasa; wɔbɛma ne tirim asɛm ayɛ hɔ denam ɔbɔprɛko a wɔde bɛsɛe ne tamfo ɔwaresɛefo a ofi tete no so!—Fa toto Yeremia 7:8-11; 34 ho.
21. Esiane sɛ wɔde aboa kɔkɔɔ no bedi dwuma de asɛe Babilon Kɛse no nti, ɛda adi sɛ dɛn na amanaman no bɛyɛ wɔ Amanaman Nkabom no ho?
21 Yiw, amanaman no de aboa kɔkɔɔ, Amanaman Nkabom no, bedi dwuma de asɛe Babilon Kɛse no. Womfi wɔn ankasa pɛ mu nyɛ ade, efisɛ Yehowa na ɔde ahyɛ wɔn komam sɛ “wɔnyɛ adwenkoro, na wɔmfa wɔn ahenni mma aboa no.” Sɛ bere no du a, ɛda adi sɛ amanaman no behu sɛ ɛho hia sɛ wɔnhyɛ Amanaman Nkabom no den. Wɔbɛma no ɛse, sɛnea yɛbɛka no no, na wɔde tumi ne ahoɔden biara a wɔwɔ bɛfɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adan ne ho ahyɛ atoro som so na ɛne no ako adi no so nkonim kosi sɛ “Onyankopɔn asɛm no bɛba mu.” Ɔkwan yi so no, tete aguaman no bɛba awiei koraa. Na eye dɛn ara sɛ wafi hɔ!
22. (a) Wɔ Adiyisɛm 17:18 no, dɛn na wɔde ɔkwan a ɔbɔfo no so wie n’adansedi no kyerɛ? (b) Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade dɛn wɔ ahintasɛm no mu nkyerɛkyerɛ mu no ho?
22 Te sɛ nea ɔbɔfo no resi Yehowa atemmu ho dwumadi a ɛbɛba wiase atoro som ahemman so ampa so dua no, ɔde eyi wie n’adansedi no: “Na ɔbea a wuhuu no no ne kurow kɛse a edi asase so ahene so hene no.” (Adiyisɛm 17:18) Sɛnea ná Belsasar bere so Babilon te no, “wɔakari [Babilon Kɛse no] nsenia mu, na . . . wɔahu sɛ onnu.” (Daniel 5:27) Ne sɛe no bɛyɛ ntɛm ne nea ɛde biribiara ba awiei. Na Yehowa Adansefo yɛ wɔn ade dɛn wɔ aguaman kɛse no ne aboa kɔkɔɔ no ho ahintasɛm no ho nkyerɛkyerɛmu no ho? Wɔde nnamyɛ ka Yehowa atemmu da no kyerɛ bere a wɔde ‘ɔkasa a ɛho wɔ nyam’ bua komapafo a wɔhwehwɛ nokware no. (Kolosefo 4:5, 6; Adiyisɛm 17:3, 7) Sɛnea ti a edi so no bɛkyerɛ no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu bere a wɔsɛe aguaman kɛse no yɛ biribi, na wɔyɛ no ntɛm!
[Kratafa 252 mfonini ahorow]
Wiase Tumi Ahorow Ason no Nnidiso
MISRAIM
ASIRIA
BABILON
MEDO-PERSIA
HELA
ROMA
ANGLO-AMERIKA
[Kratafa 254 mfonini]
“Ɔno ara nso ne [ɔhene] a ɔto so awotwe”
[Kratafa 255 mfonini]
Bere a wɔdan wɔn akyi kyerɛ Oguammaa no, “wɔde wɔn ahoɔden ne tumi ma aboa no”
[Kratafa 257 mfonini]
Kristoman, sɛ Babilon Kɛse no fã titiriw no bɛyɛ te sɛ tete Yerusalem wɔ ɔsɛe pasaa mu
-
-
Wɔasɛe Kurow Kɛse NoAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Ti 36
Wɔasɛe Kurow Kɛse No
Anisoadehu 12—Adiyisɛm 18:1–19:10
Asɛmti: Babilon Kɛse asehwe ne ne sɛe; wɔbɔ Oguammaa no ayeforohyia no ho amanneɛ
Bere a enya mmamu: Efi 1919 kosi ahohiahia kɛse no mu
1. Dɛn na ɛbɛhyɛ ahohiahia kɛse no mfiase agyirae?
MPOFIRIM, ahodwiriw, ɔsɛe pasaa—sɛnea Babilon Kɛse no wu bɛyɛ nen! Ɛbɛyɛ abakɔsɛm nyinaa mu nsɛm a ɛyɛ hu sen biara no mu biako, na ɛbɛyɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” no mfiase.—Mateo 24:21.
2. Ɛwom sɛ amammui ahemman ahorow asɔresɔre na ahwehwe ase de, nanso ahemman bɛn na akɔ so atra hɔ?
2 Atoro som atra hɔ akyɛ. Atra hɔ fi mogyapɛfo Nimrod a ɔsɔre tiaa Yehowa na ɔhyɛɛ nnipa ma wɔtoo Babel aban tenten no bere so ara abedu nnɛ. Bere a Yehowa yɛɛ atuatewfo no kasa basabasa na ɔbɔɔ wɔn petee asase so nyinaa no, Babilon atoro som ne wɔn kɔe. (Genesis 10:8-10; 11:4-9) Efi saa bere no, amammui ahemman ahorow asɔre na ahwehwe ase, nanso Babilon nyamesom atra hɔ. Ada ne ho adi akwan ne su horow bebree mu, ma abɛyɛ wiase nyinaa atoro som ahemman, Babilon Kɛse a wɔhyɛɛ ho nkɔm no. Ne fã titiriw ne Kristoman a efi tete Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow ne “Kristosom” a awae no nkyerɛkyerɛ a wɔde afrafra no mu bae no. Babilon Kɛse ho abakɔsɛm a akyɛ yiye no nti, ɛyɛ den ma nkurɔfo pii sɛ wobegye adi sɛ wɔbɛsɛe no.
3. Adiyisɛm si atoro som sɛe so dua dɛn?
3 Enti ɛfata sɛ Adiyisɛm si atoro som atemmu so dua denam nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri abien a ɛfa n’asehwe ne nsɛm a ɛbɛtoatoa so asisi a ɛde ne sɛe koraa bɛba no so. Yɛahu no sɛ “aguaman kɛse” a awiei no ne kan adɔfo a wɔyɛ amammuifo bɛyɛ no pasaa dedaw. (Adiyisɛm 17:1, 15, 16) Afei, anisoadehu foforo nso mu no, yebehu no sɛ kurow bi, tete Babilon nyamesom nsɛso.
Babilon Kɛse no Hwe Ase
4. (a) Anisoadehu bɛn na Yohane hu bio? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔbɔfo ko, na dɛn nti na ɛfata sɛ ɔno na ɔka Babilon Kɛse no asehwe ho asɛm kyerɛ?
4 Yohane toa asɛm no so, na ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na eyinom akyi no mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro sian ba, na ɔwɔ ahoɔden kɛse, na n’anuonyam nti asase haranee! Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babilon kɛse no ahwe ase.” (Adiyisɛm 18:1, 2a) Ɛne ne mprenu so a Yohane ate saa asɛm a ɔbɔfo ka no. (Hwɛ Adiyisɛm 14:8.) Nanso afei de ɔsoro ɔbɔfo no ahoɔfɛ si nea ɛkyerɛ no so dua, efisɛ n’anuonyam ma asase no nyinaa haran! Obetumi ayɛ hena? Mfehaha ansa na ɛno reba no, bere a odiyifo Hesekiel rebɔ ɔsoro anisoadehu bi ho amanneɛ no, ɔkae sɛ ‘Yehowa anuonyam maa asase haranee.’ (Hesekiel 43:2) Ɔbɔfo a ne nkutoo haran anuonyam mu te sɛ Yehowa no bɛyɛ Awurade Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn “anuonyam no haran ne ne su sɛso” ankasa no. (Hebrifo 1:3) Wɔ 1914 mu no, Yesu bɛyɛɛ Ɔhene wɔ soro, na efi saa bere no ɔredi asase nyinaa so tumi sɛ Ɔhene ne Ɔtemmufo a ɔka Yehowa ho. Ɛnde na ɛfata sɛ ɔno na ɔka Babilon Kɛse no asehwe kyerɛ.
5. (a) Henanom na ɔbɔfo no de wɔn di dwuma de bɔ Babilon Kɛse no asehwe ho dawuru? (b) Bere a atemmu fii ase wɔ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ “Onyankopɔn fi” so no, ɛtoo Kristoman dɛn?
5 Henanom na ɔbɔfo a ɔwɔ tumi kɛse yi de wɔn di dwuma de ka anwonwasɛm yi kyerɛ adesamma? Ɛyɛ nkurɔfo a wogyaa wɔn esiane saa asehwe no nti, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔwɔ asase so no, Yohane kuw no. Efi 1914 kosi 1918 mu no, eyinom huu amane kɛse wɔ Babilon Kɛse no nsam, nanso wɔ 1918 mu no, Awurade Yehowa “ne [Abraham] apam bɔfo,” Yesu Kristo fii atemmu ase “Onyankopɔn fi,” wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo so. Enti wodii Kristoman a awae no asɛm. (Malaki 3:1; 1 Petro 4:17) Mogya ho fɔ kɛse a edii wiase ko a edi kan no mu, ne ho a ɛde hyɛɛ mu taa Yehowa Adansefo anokwafo ne ne Babilon gyidikasɛm ahorow no ammoa no atemmu bere no mu; na na Babilon Kɛse no fa biara nso mfata Onyankopɔn anim.—Fa toto Yesaia 13:1-9 ho.
6. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Babilon Kɛse hwee ase wɔ 1919 mu?
6 Enti wɔ 1919 mu no ná Babilon Kɛse no ahwe ase, na ebuee kwan ma wogyaa Onyankopɔn nkurɔfo, na sɛnea yɛbɛka no no, da koro wɔsan de wɔn baa wɔn honhom mu yiyedi asase so bio. (Yesaia 66:8) Eduu saa afe no so no, na Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo, Dario Ɔkɛseɛ ne Kores Ɔkɛseɛ akyerɛkyerɛ nneɛma kwan ma enti atoro som rentumi nnya Yehowa nkurɔfo so tumi bio. Na ɛrentumi nsiw wɔn Yehowa a wɔsom no no ne wɔn a wobetie nyinaa a wɔbɛma wɔahu sɛ wɔrebɛsɛe Babilon Kɛse a ɛte sɛ aguaman na Yehowa amansan tumidi no ho a wɔbɛsan no abɛn no kwan bio!—Yesia 45:1-4; Daniel 5:30, 31.
7. (a) Ɛwom sɛ wɔansɛe Babilon Kɛse wɔ 1919 mu de, nanso Yehowa buu no dɛn? (b) Bere a Babilon Kɛse no hwee ase wɔ 1919 mu no, dɛn na efii mu baa Yehowa nkurɔfo so?
7 Ampa, wɔansɛe Babilon Kɛse no wɔ 1919 mu—sɛnea nso wɔansɛe tete Babilon kurow no wɔ 539 A.Y.B. mu, bere a Persiani Kores asraafo dɔm dii so nkonim no. Nanso wɔ Yehowa ani so no, na saa ahyehyɛde no ahwe ase. Ná wadi atemmu mu fɔ, ma ɔtwɛn ne sɛe; enti atoro som rentumi mfa Yehowa nkurɔfo nnommum bio. (Fa toto Luka 9:59, 60 ho.) Ná wɔagyaa eyinom sɛ wɔnsom sɛ owura no akoa nokwafo ne ɔbadwemma na wɔmmfa honhom mu aduan mma bere a ɛsɛ mu. Na wɔabu wɔn ntɛn ama wɔn “Amo” na wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa bio sɛ wɔnkɔyɛ Yehowa adwuma kɛse.—Mateo 24:45-47; 25:21, 23; Asomafo no Nnwuma 1:8.
8. Asɛm bɛn na Yesaia 21:8, 9 mu ɔwɛmfo no bɔ ho dawuru, na hena ho mfonini na saa ɔwɛmfo no yɛ nnɛ?
8 Mfe mpempem a atwam mu no, Yehowa de adiyifo afoforo dii dwuma ma wɔkaa asɛnkɛse a ɛbɛba yi siei. Yesaia kaa ɔwɛmfo bi a “ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O [Yehowa], migyina awɛnee ha ara adesae, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa” ho asɛm. Na dɛn na ɔwɛmfo no hui a ɔde akokoduru a ɛte sɛ gyata ka kyerɛe no? Eyi: “Ahwe ase oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, [Yehowa] abubu agu fam.” (Yesaia 21:8, 9) Ɔwɛmfo yi yɛ Yohane kuw a n’ani da hɔ yiye nnɛ no ho mfonini ma ɛfata, bere a ɛde Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no ne teokrase nhoma ahorow di dwuma de bɔ dawuru kyerɛ wiase nyinaa sɛ Babilon ahwe ase no.
Babilon Kɛse no Asehwe
9, 10. (a) Babilon nyamesom nkɛntɛnso so atew wɔ dɛn mu fi Wiase Nyinaa Ko I? (b) Ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no ka Babilon Kɛse asehwe tebea no ho asɛm dɛn?
9 Tete Babilon asehwe wɔ 539 A.Y.B. mu no yɛ n’asehwe a ɛkyɛe a ekowiee n’amamfoyɛ mu no mfiase. Saa ara nso na efi wiase ko a edi kan no so reba yi, Babilon nyamesom nkɛntɛnso no so ahuan ara yiye wɔ wiase nyinaa. Wɔ Japan no, woguu Shinto ɔhempɔn som wɔ wiase ko a ɛto so abien no akyi. Wɔ China no, Komunist nniso no na edi wɔn a wɔde wɔn sisi nyamesom dibea ahorow ne ne dwumadi so. Europa atifi fam a wɔyɛ Protestantfo mu no, nkurɔfo no mu dodow no ara mfa ɔsom asɛnhia. Na mpaapaemu ne akasakasa a ɛwɔ Roman Katolek Asɔre no mu no ama ayɛ mmerɛw nnansa yi wɔ ne tumi a ɛwɔ wɔ wiase nyinaa no mu.—Fa toto Marko 3:24-26 ho.
10 Akyinnye biara nni ho sɛ nea ɛrekɔ so yi nyinaa yɛ ‘asubɔnten Eufrate a ɛreyow’ na asiesie ɔkwan ama ntua a asraafo dɔm de bɛba Babilon Kɛse no fã so. ‘Ne yow’ yi da adi wɔ nea paapa no kae wɔ October 1986 mu sɛ ɛsɛ sɛ “asɔre no bɛyɛ ɔdesrɛfo bio”—esiane ka kɛse a abɔ no nti. (Adiyisɛm 16:12) Titiriw no, efi 1919 reba yi na Babilon Kɛse no ho ada hɔ ama aman nyinaa ahu no sɛ honhom mu asase bi a awu, sɛnea ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no ka wɔ ha no: “Na adan ahonhommɔne trabere ne ahonhom fĩ nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fĩ na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.” (Adiyisɛm 18:2b) Ɛrenkyɛ ɛbɛyɛ asase a awu ankasa, a asɛe te sɛ Babilon amamfõ a ɛwɔ nnɛyi Iraq no.—Hwɛ Yeremia 50:25-28 nso.
11. Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse abɛyɛ “ahonhommɔne trabere” ne ‘ahonhom fĩ nyinaa ne nnomaa a wɔyɛ fi na wokyi wɔn atɛwee’?
11 Ɛda adi sɛ asɛm “ahonhommɔne” a ɛwɔ ha no yɛ asɛm “nsasabonsam” (se‘i·rimʹ) a wohu wɔ sɛnea Yesaia ka Babilon a ahwe ase no ho asɛm no nsɛso: “Na sare so mmoa na wɔbɛdeda hɔ, na mpatu bɛyɛ wɔn adan amaama, na nsohori nso bɛtra hɔ, na nsasabonsam asaw hɔnom.” (Yesaia 13:21) Ebia na ɛnka adaemone ankasa ho asɛm na mmom sare so mmoa a wɔn ho nhwi yɛ basaa a ɛma wɔn a wohu wɔn no adwene kɔ ahonhommɔne so. Babilon Kɛse no amamfo so no, mmoa a wɔtete saa sɛnkyerɛnne kwan so, ne mframa a asɛe a egyina faako (“ahonhom fĩ nyinaa atɛwee”) ne nnomaa a wɔyɛ fĩ a wɔwɔ hɔ no yɛ ne honhom mu owu tebea no ho mfonini. Enni nkwa ho anidaso biara ma adesamma.—Fa toto Efesofo 2:1, 2 ho.
12. Babilon Kɛse tebea ne Yeremia nkɔmhyɛ a ɛwɔ ti 50 mu no hyia dɛn?
12 Ne tebea no ne Yeremia nkɔmhyɛ no hyia nso: “Afoa wɔ Kaldeafo so, [Yehowa] asɛm ni, ne Babelfo so ne wɔn mmapɔmma ne wɔn anyansafo so. . . . Ɔyow wɔ ne nsu so na ayoyow, efisɛ ɛyɛ ahoni asase, na wɔbobɔ abosom a ɛyɛ hu ho dam. Ɛno nti sare so mmoa ne nkuntumpaa bɛtra hɔ, na nsohori bɛtra mu; na nnipa rentra mu da biara da, awo ntoatoaso a edidi so mu biara renkyekye bio.” Abosonsom ne mpae a wɔkankye rentumi nnye Babilon Kɛse mfi akatua a ɛte sɛ Sodom ne Gomora a Onyankopɔn sɛe no no mu.—Yeremia 50:35-40.
Nsã a Ɛkanyan Akɔnnɔ
13. (a) Ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no twe adwene si sɛnea Babilon Kɛse no aguamammɔ atrɛw akɔ akyiri no so dɛn? (b) Ɔbrasɛe a na abu so wɔ tete Babilon bɛn na wohu wɔ Babilon Kɛse no nso ho?
13 Nea edi hɔ no, ɔbɔfo ɔhoɔdenfo no twe adwene si sɛnea Babilon Kɛse aguamammɔ atrɛw akɔ akyiri no so, na ɔka sɛ: “Esiane sɛ n’aguamammɔa nsa no kanyan akɔnnɔ nti, amanaman nyinaa anom bi, na asase so ahene ne no abɔ aguaman, na asase so aguadifo nam ne taamudi ahoɔden so anya wɔn ho.” (Adiyisɛm 18:3, New World Translation) Ɔde ne nyamesom akwan a ɛho ntew no akyerɛkyerɛ adesamma amanaman nyinaa mufo. Wɔ tete Babilon no, sɛnea Hela abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛ no, na wɔhwehwɛ sɛ ababaa biara de ne baabunyɛ bɔ aguaman wɔ asɔrefi ɔsom mu. Ɛde besi nnɛ nyinaa no, wohu ɔbarima ne ɔbea nna mu afideyɛ ho mfonini wɔ ahoni a ɔko asɛe no wɔ Angkor Wat a ɛwɔ Kampuchea ne asɔredan ahorow a ɛwɔ Khajuraho, India no mu a ɛkyerɛ Hindu nyame Vishnu a wɔde ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa mu nneyɛe ahorow a ɛyɛ aniwu atwa ne ho ahyia. Wɔ United States no, TV so asɛmpakafo ɔbrasɛe nneyɛe a ɛdaa adi wɔ 1987 mu, ne afei wɔ 1988 mu no, ne nyamesom asɔfo mu mmarima a wɔne wɔn ho da adeyɛ a atrɛw bebree no kyerɛ sɛ Kristoman mpo pene aguamammɔ ankasa nneyɛe a abu so a ɛyɛ ahodwiriw no so. Nanso aguamammɔ bi a anibere wom kyɛn so koraa aka amanaman nyinaa.
14-16. (a) Honhom mu nyamesom ne amammui ayɔnkofa a ennye bɛn na ɛkɔɔ so wɔ Fasist Italy? (b) Bere a Italy kɔtoaa Abyssinia no, nsɛm bɛn na Roman Katolek Asɔre no asɔfo mpanyin kekae?
14 Yɛadi kan asusuw nyamesom ne amammui ntam ayɔnkofa bɔne a ɛmaa Hitler dii tumi wɔ Nasi Germany no ho dedaw. Aman afoforo nso huu amane esiane nyamesom ho a ɛde hyehyɛ wiase nsɛm mu no nti. Sɛ nhwɛso no: Wɔ Fasist Italy wɔ February 11, 1929 mu no, Mussolini ne Ɔsɔfo panyin Gasparri de wɔn nsa hyɛɛ Lateran Apam no ase de maa Vatican Kurow bɛyɛɛ ɔman a ɛde ne ho. Paapa Pius XI kae sɛ “ɔde Italy asan ama Onyankopɔn, na ɔde Onyankopɔn asan ama Italy.” So ná ɛno yɛ nokware anaa? Susuw nea esii wɔ ɛno akyi mfirihyia asia no ho. Wɔ October 3, 1935 mu no, Italy kɔtoaa Abyssinia, kae sɛ ɛyɛ “ahamufo asase a ɛda so ara de nkurɔfo yɛ nkoa.” Nokwarem no, ná hena na ɔyɛ ɔhamuni? So Katolek Asɔre no kasa tiaa Mussolini ɔhamuni nneyɛe no? Na paapa no nsɛm mu nna hɔ yiye de nanso n’asɔfo mpanyin no hyiraa wɔn Italy “asase” no so asraafo adɔm no pefee. Wɔ nhoma The Vatican in the Age of the Dictators no mu no, Anthony Rhodes bɔ amanneɛ sɛ:
15 “Wɔ Asɔfo Krataa a Udine [Italy] Ɔsɔfo panyin no de kɔmaa asafo ahorow wɔ October da a ɛto so 19 [1935] mu no mu no, ɔkyerɛwee sɛ, ‘ɛnyɛ bere yi mu na ɛmfata nso sɛ yɛbɛkyerɛ nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ wɔ asɛm no mu. Yɛn adwuma sɛ Italiafo, na titiriw sɛ Kristofo ne sɛ yɛbɛboa ama yɛn akode no adi yiye.’ Padua Ɔsɔfo panyin no kyerɛwee October da a ɛto so 21 no sɛ, wɔ ‘mmere a emu yɛ den a yɛnam mu yi mu no, yɛsrɛ mo sɛ munnya yɛn aman mpanyimfo ne yɛn asraafo dɔm ahorow no mu gyidi.’ October da a ɛto so 24 no, Cremona Ɔsɔfo panyin no hyiraa asraafo akuw mfrankaa dodow bi so yɛɛ no kronkron na ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn nhyira mmra asraafo yi a Afrika asase so no, wobedi nsasebere afoforo so ama Italia opumpuni no, na wɔnam saayɛ so akyerɛ wɔn Romafo ne Kristofo amammerɛ. Ɛmmra sɛ Italia begyina hɔ bio sɛ Kristofo kyerɛkyerɛfo ama wiase nyinaa.”
16 Wɔde Roman Katolek asɔfo nhyira twiw faa Abyssinia so. So eyinom mu biara betumi aka wɔ ɔkwan bi so sɛ na wɔte sɛ ɔsomafo Paulo a wɔn “ho afi [nnipa] nyinaa mogya ho” anaa?—Asomafo no Nnwuma 20:26.
17. Ɔkwan bɛn so na Spain huu amane esiane sɛ n’asɔfo amfa wɔn ‘nkrante ammobɔ nsɔw’ nti?
17 Fa ɔman foforo a Babilon Kɛse aguamammɔ aka no no nso ka Germany, Italy ne Abyssinia ho—Spain. Amanko a ɛbaa saa asase no so wɔ 1936-39 mu no fã bi fi nea kwasafo nniso no yɛe ma ɛde abrɛ Roman Katolek Asɔre no tumi kɛse a ɛwɔ no ase no. Bere a ɔko no fii ase no, ɔman anidanfo dɔm no Fasist panyin a ɔyɛ Katolekni, Franco kaa n’ankasa ho asɛm sɛ “Mmeamudua Akodi Kronkron Kristoni Ɔsahene Panyin,” mmaran a akyiri yi ogyaa mu. Spaniafo ɔpehaha pii wuwui ɔko no mu. Eyi akyi, sɛnea akontaabu bi a emu nna hɔ yiye kyerɛ no, ná Franco Nationalistfo no akunkum kuw a wɔfrɛ no Popular Front no mufo 40,000, bere a eyinom nso akunkum asɔfo 8,000—nkokorafo, asɔfo, mmea asɔfo ne abɛɛfo. Eyinom yɛ ɔmanko mu ahude ne amanehunu, na ɛkyerɛ nyansa a ɛwɔ Yesu nsɛm yi a wobetie no mu: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Hwɛ sɛnea ɛyɛ akyide sɛ Kristoman de ne ho hyɛ mogyahwiegu pii a ɛte saa mu! N’asɔfo antumi koraa sɛ ‘wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw’!—Yesaia 2:4.
Aguadifo No
18. Henanom ne “asase so aguadifo” no?
18 Henanom ne “asase so aguadifo” no? Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛfrɛ wɔn adetɔnfo, aguadi mu abran, nnwuma akɛse wuranom nnɛ. Eyi nkyerɛ sɛ adwuma a mmara ma kwan a obi de ne ho hyem no yɛ mfomso. Bible de afotu a nyansa wom ma adwumayɛfo, na ɛde kɔkɔbɔ ma wɔ atorodi, adifudepɛ ne nea ɛtete saa ho. (Mmebusɛm 11:1; Sakaria 7:9, 10; Yakobo 5:1-5) Nea mfaso wɔ so kɛse ne “onyamesom pa a ɔpene wom.” (1 Timoteo 6:6, 17-19) Nanso Satan wiase nni trenee nnyinasosɛm ahorow akyi. Nneyɛe bɔne abu so. Wohu wɔ nyamesom, amammui—ne nnwuma akɛse mu. Bere ne bere mu no, atesɛm nkrataa da aniwusɛm ahorow te sɛ aban mpanyimfo a wɔadi sika ne akode a wowiawia wɔn ho tɔn di no adi.
19. Nokwasɛm a ɛfa wiase sikasɛm ho bɛn na ɛboa ma yehu nea enti a wɔnka asase so aguadifo ho asɛmpa wɔ Adiyisɛm mu no?
19 Amanaman ntam akode ho aguadi mu mfaso boro $1,000,000,000,000 afe biara, nanso asetra mu ahiade abɔ nnipa ɔpepehaha pii. Ɛno nnye koraa. Nanso ɛte sɛ nea akode ne ade titiriw a ɛboa wiase sikasɛm. April 11, 1987 mu no, asɛm bi a epuei wɔ London Spectator mu bɔɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ yɛkan nnwuma a ɛho wom tee no nkutoo a, nnwuma bɛyɛ 400,000 na wɔn ho wom wɔ United States ne 750,000 wɔ Europa. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, bere a afã a asetra ne sikasɛm nya wɔ akodeyɛ mu no nya akɔso no, wɔabu ani agu asemmisa ankasa a ɛne sɛ so wɔn a wɔyɛ akode no wɔ ahobammɔ anaa no so koraa.” Bere a wɔtontɔn ɔtopae ne akode ahorow wɔ asase so nyinaa, ma mpo wɔtontɔn ma wɔn a wobetumi adan wɔn atamfo no, wonya mfaso bebree. Daakye bi, saa ɔtopae ahorow no bɛsan aba wɔn a wɔtontɔnee no so abɛsɛe wɔn wɔ okunkɛse mu. Abirabɔsɛm bɛn ni! Nea ɛka eyi ho ne korɔn a wɔbɔ wɔ akodeyɛ adwumayɛbea hɔ no. Wɔ United States nkutoo no, sɛnea Spectator kyerɛ no, “afe biara Pentagon hwere akode ne nneɛma a ne bo som dɔla ɔpepem 900 a wontumi nte ase.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm nka asase so aguadifo no ho asɛmpa!
20. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛnea nyamesom de no ho ahyehyɛ nnwuma mu nneyɛe a aporɔw mu?
20 Sɛnea na ɔbɔfo onuonyamfo no aka asie no, nyamesom de ne ho ahyɛ nnwuma mu nneyɛe a aporɔw a ɛtete saa no mu akɔ akyiri yiye. Sɛ nhwɛso no, Vatican ho a ɛwɔ Italy Banco Ambrosiano a egui wɔ 1982 mu no wɔ hɔ. Wɔtwee asɛm no mu ara wɔ 1980 mfe no mu, na asemmisa a wontumi nnya ho mmuae no ne sɛ: Ɛhe na sika no fae? February 1987 mu no, Milan atemmufo maa tumi krataa sɛ wɔnkɔkyere Vatican asɔfo baasa a Amerikani ɔsɔfo panyin bi nso ka ho a wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔka ho na wodii atoro sɛ sikakorabea no abɔ ka no, nanso Vatican ampene abisade a wɔde kɔtoo wɔn anim sɛ wonnyi wɔn mma no so. Wɔ July 1987 mu no, wɔ ɔsɔretia hooyɛ bebree mu no, Italy Asennibea Kunini no twaa tumi krataa a wɔde rekɔkyere wɔn no mu esiane apam dedaw bi a ɛda Vatican ne Italy aban no ntam no nti.
21. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesu amfa ne ho antoatoa ne bere so nnwuma mu nneyɛe a ɛho wɔ asɛm mu, nanso dɛn na yehu nnɛ wɔ Babilon nyamesom ho?
21 So Yesu de ne ho hyɛɛ ne bere so nnwuma mu nneyɛe a ɛho wɔ asɛm mu anaa? Dabi. Ná onni agyapade mpo, efisɛ na “onni nea ɔde ne ti to.” Yesu tuu aberante sodifo ɔdefo bi fo sɛ: “Kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!” Ná ɛno yɛ afotu pa, efisɛ na ebetumi ayi adwuma ho adwennwen nyinaa afi ne so. (Luka 9:58; 18:22) Nea ɛne eyi bɔ abira no, mpɛn pii na Babilon nyamesom de ne ho hyehyɛ nnwuma akɛse a ɛmfata mu. Sɛ nhwɛso no, 1987 mu no, Albany Times Union no bɔɔ amanneɛ sɛ Katolek mantam a ɛwɔ Miami, Florida, U.S.A. no sikasɛm sohwɛfo no gye toom sɛ asɔre no wɔ kyɛfa wɔ nnwuma a wɔyɛ nuklea akode, sini ahorow a ɔbrasɛe wom ne sigaret no mu.
“Me Man, Mumfi ne Mu”
22. (a) Dɛn na ɛnne a efi soro no ka? (b) Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo ani gyei wɔ 537 A.Y.B. ne 1919 Y.B. mu?
22 Yohane nsɛm a edi hɔ no kyerɛ nkɔmhyɛ nhwɛso no mmamu foforo: “Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 18:4) Nea ɛka wɔ tete Babilon asehwe ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu ho ne Yehowa ahyɛde a ɔde maa ne nkurɔfo sɛ: “Munguan mfi Babel” no. (Yeremia 50:8, 13) Saa ara nso na Babilon Kɛse amamfõyɛ a ɛreba no nti, wɔka kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ sɛ wonguan. Wɔ 537 A.Y.B. mu no, hokwan a Israelfo anokwafo no nyae sɛ wobeguan afi Babilon no maa wɔn ani gyei pii. Ɔkwan koro no ara so no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔmaa wofii Babilon nnommumfa mu wɔ 1919 mu no ani gyei. (Adiyisɛm 11:11, 12) Na efi saa bere no, afoforo ɔpepem pii atie ahyɛde a ɛne sɛ wonguan no.
23. Ɔkwan bɛn so na ɛnne a efi soro no si hia a ɛho hia sɛ woguan fi Babilon Kɛse no mu ntɛm so dua?
23 So egye ntɛmpɛ ankasa sɛ wobeguan afi Babilon Kɛse no mu, na wɔatwe wɔn ho afi ho na wɔanyɛ wiase nyamesom no mufo na wɔatew wɔn ho afi ho koraa saa anaa? Ɛte saa efisɛ ɛho hia sɛ yehu tete nyamesom a ne ho yɛ hu, Babilon Kɛse yi te sɛ nea Onyankopɔn hu no no. Wamfɛre sɛ ɔbɛfrɛ no aguaman kɛse. Enti afei ɛnne a efi soro no ka aguaman yi ho asɛm kyerɛ Yohane bio sɛ: “Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ. Muntua no ka, sɛnea otuaa mo ka, na momfa mmɔ ho abien mma no, sɛnea ne nnwuma te. Kuruwa a ɔfrae no, momfra mmu mmɔ ho abien mma no. Dodow a ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu no, momma n’ayayade ne n’awerɛhow nnɔɔso sa; efisɛ ɔkae ne komam sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafo, na merenni awerɛhow da. Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”—Adiyisɛm 18:5-8.
24. (a) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo guan fi Babilon Kɛse no mu na wɔakwati dɛn? (b) Nnebɔne bɛn mu kyɛfa na wɔn a wonguan mfi Babilon Kɛse no mu no nya?
24 Ɛnonom yɛ nsɛm a emu yɛ den! Enti ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ biribi. Yeremia hyɛɛ ne bere so Israelfo no sɛ wɔnyɛ biribi se: “Munguan mfi Babel, . . . na Yehowa aweretɔ bere ni, ɔretua no ne nneyɛe so ka. Me man, mumfi adi mfi ne mu, na munnyigye mo kra mfi [Yehowa] abufuw mu gya no ano.” (Yeremia 51:6, 45) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛnne a efi soro no bɔ Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔ nnɛ sɛ wonguan mfi Babilon Kɛse no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔannya ne haw no bi. Wɔreka Yehowa atemmu ahorow a ɛte sɛ ɔhaw a ɛba wiase a Babilon Kɛse no ka ho, no so mprempren. (Adiyisɛm 8:1-9:21; 16:1-21) Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo mpɛ sɛ wonya atoro som ɔhaw yi bi na awiei no wɔne no wu a, ɛnde ɛho hia sɛ wɔtew wɔn ho fi ne ho. Nea ɛka ho bio no, sɛ wɔkɔ so tra saa ahyehyɛde no mu a, ɛbɛma wɔayɛ ne nnebɔne no bi. Wobedi fɔ sɛnea wɔadi honhom mu awaresɛe ne “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya” ho fɔ no.—Adiyisɛm 18:24; fa toto Efesofo 5:11; 1 Timoteo 5:22 ho.
25. Akwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo fii tete Babilon?
25 Nanso ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo nam fi Babilon Kɛse no mu? Tete Babilon asɛm no mu no, ná ɛsɛ sɛ Yudafo no tu kwan ankasa fi Babilon kurow no mu ara san kɔ Bɔhyɛ Asase no so. Nanso ná nneɛma pii wom sen saa. Yesaia ka kyerɛɛ Israelfo no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.” (Yesaia 52:11) Yiw ɛsɛ sɛ wogyaw Babilon nyamesom nneyɛe a ɛho ntew a ebetumi agu ɔsom a wɔde ma Yehowa ho fi no nyinaa.
26. Ɔkwan bɛn so na Korintofo Kristofo no tiee nsɛm ‘mumfi wɔn mu na monnka nea ɛyɛ fi’ no?
26 Ɔsomafo Paulo faa Yesaia nsɛm no kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Korintofo no mu sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ? . . . Enti mumfi wɔn mu, na montew mo ho, sɛnea [Yehowa] se ne no, na monnka nea ɛyɛ fi.” Ná ɛho nhia sɛ Korintofo Kristofo no fi Korinto sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi saa ahyɛde no so. Nanso, na ɛsɛ sɛ wɔkwati atoro som asɔredan ahorow mu afide no honam fam, na wɔtew wɔn ho honhom fam fi saa abosonsomfo nneyɛe a ɛho ntew no ho. Wɔ 1919 mu no, Onyankopɔn nkurɔfo fii ase guan fii Babilon Kɛse no mu ɔkwan yi so na wɔtew wɔn ho fii nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛho ntew ho nkae biara ho. Ɔkwan yi so no, wotumi som no sɛ ne nkurɔfo a wɔatew wɔn ho.—2 Korintofo 6:14-17; 1 Yohane 3:3.
27. Nsɛdi ahorow bɛn na ɛwɔ tete Babilon atemmu ne Babilon Kɛse no de no mu?
27 Ná tete Babilon asehwe ne n’amamfõyɛ a efii mu bae no yɛ ne nnebɔne ho asotwe. Ná “n’atemmu akodu ɔsoro.” (Yeremia 51:9) Saa ara nso na Babilon Kɛse no bɔne “atoatoa abedu soro,” ma enti abedu Yehowa ankasa anim. Odi amumɔyɛ, abosonsom, ɔbrasɛe, nhyɛso, dwowtwa ne awudi ho fɔ. Ná tete Babilon asehwe no fa bi yɛ nea wɔayɛ atia Yehowa asɔrefi ne ne nokware asomfo no ho aweredi. (Yeremia 50:8, 14; 51:11, 35, 36) Saa ara nso na Babilon Kɛse no asehwe ne sɛe a awiei koraa no wɔbɛsɛe no no nso yɛ nea ɔde ayɛ nokware asomfo mfehaha no mu no ho aweredi ahorow. Nokwarem no, sɛe a awiei no wɔbɛsɛe no pasaa no ne “yɛn Nyankopɔn aweredi da” no mfiase.—Yesaia 34:8-10; 61:2; Yeremia 50:28.
28. Atemmu bɛn ho dwuma na Yehowa di wɔ Babilon Kɛse no ho, na dɛn ntia?
28 Mose Mmara ase no, sɛ Israelni wia ne yɔnko ade a, anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ otua ho ka mmɔho abien. (Exodus 22:1, 4, 7, 9) Babilon Kɛse no sɛe a ɛreba no mu no, atemmu gyinapɛn a ɛte sɛ ɛno ara ho dwuma na Yehowa bedi. Obenya nea ɔde mae no mmɔho abien. Ɔrenna mmɔborohunu biara adi efisɛ Babilon Kɛse no ankyerɛ mmɔborɔhunu biara amma wɔn a ne nsa kaa wɔn no. Odidii asase sofo ho na ama wɔakɔ so adi “taamu.” Afei de, obehu amane na wadi awerɛhow. Ɛyɛɛ tete Babilon sɛ na ɔte hɔ dwoodwoo koraa, hoahoaa ne ho sɛ: “Merentra kuna mu, na merenni mmasigyaw.” (Yesaia 47:8, 9, 11) Babilon Kɛse no te nka nso sɛ ɔte hɔ dwoodwoo. Nanso ne sɛe a Yehowa a ɔyɛ “ɔhoɔdenfo” ahyɛ no bɛba mu ntɛm, te sɛ nea ɛba “da koro”!
[Ase hɔ nsɛm]
a New World Translation Reference Bible, ase hɔ asɛm.
[Kratafa 263 adaka]
“Ahene ne . . . no Abɔ Aguaman”
1800 mfe no mfiase mu hɔ pɛɛ no, na Europa aguadifo wiawia wɔn ho de opium (aduru a enya adwene so tumi) pii kɔ China. March 1839 mu no, China mpanyimfo gyee aduru no nnaka akɛse 20,000 fii Britania aguadifo nsam de bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma sum ase aguadi yi agyae. Eyi de basabasayɛ baa Britaniafo ne Chinafo ntam. Bere a ayɔnkofa a ɛda aman abien no ntam no kɔɔ so sɛee no, Protestant asɛmpatrɛwfo bi hyɛɛ Britania nkuran sɛ wɔne wɔn nkɔko, kekaa nsɛm sɛnea edidi so yi:
“Hwɛ sɛnea nsɛnnennen yi ma me koma ani gye efisɛ misusuw sɛ ɛbɛhyɛ Engiresi aban no abufuw, na Onyankopɔn fi Ne tumi mu bebubu nea esiw Kristo asɛmpa no a ɛbɛkɔ China no kwan no mu.”—Henrietta Shuck, Southern Baptist ɔsɛmpatrɛwfo.
Awiei no, ɔko bae—ɔko a ɛnnɛ wɔfrɛ no sɛ Opium Ɔko. Asɛmpatrɛwfo fi wɔn koma nyinaa mu hyɛɛ Britania nkuran wɔ nsɛm te sɛ eyinom mu:
“Mede animia abu kɔmpɔ rehwɛ mprempren nsɛm tebea no, ɛnyɛ nnuru a etumi nya adwene so tumi anaasɛ Engiresifo ho asɛm ankasa na mmom ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛe kɛse a ɔde brɛ onipa abɔnefosɛm ase na wadi Ne mmɔborohunu atirimpɔw ahorow ho dwuma wɔ China denam ne fasu a ɛde aka ne ho ahyem a wabubu no no so.”—Peter Parker, Congregationalfo ɔsɛmpatrɛwfo.
Congregationalfo ɔsɛmpatrɛwfo foforo, Samuel W. Williams, de kaa ho sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn nsa wɔ nea akɔ so no nyinaa mu anwonwa kwan bi so, na yennye ho akyinnye sɛ Nea ɔkae sɛ ɔbae na ɔde nkrante aba asase so no aba ha na wabɛsɛe N’atamfo ntɛmntɛm na ɔde N’ankasa ahenni abesi hɔ. Ɔbɛdan ani na wadan ani kosi sɛ Ɔde Asomdwoe Hene no besi hɔ.”
Ɛdefa kum a ɛyɛ hu a wokunkum Chinafo no ho no, ɔsɛmpatrɛwfo J. Lewis Shuck kyerɛwee sɛ: “Mibu adeyɛ a ɛte saa . . . sɛ Awurade adwinnade tee a ɔde prapra nwura a esiw Ɔsoro Nokware nkɔso kwan no fi hɔ.”
Congregationalfo ɔsɛmpatrɛwfo Elijah C. Bridgman de kaa ho sɛ: “Mpɛn pii na Onyankopɔn de wiase tumi basa a ɛyɛ den adi dwuma de abɔ kwan ama N’ahenni . . . Ɔyɛmafo wɔ mmere titiriw yi mu no yɛ ɔdesani; ɔsoro tumi na ɛkyerɛ kwan. Amanaman nyinaa amrado a ɔkorɔn no de England adi dwuma na ɔde atwe China aso abrɛ no ase.”—Wɔfaa nsɛm no fii nhoma “Ends and Means,” 1974, asɛm bi a Stuart Creighton Miller kyerɛwee wɔ The Missionary Enterprise in China and America (Harvard Nhwehwɛmu bi a ne samufo ne John K. Fairbank).
[Kratafa 264 adaka]
“Aguadifo . . . Anya Wɔn Ho”
Wɔ 1929 ne Wiase Nyinaa Ko II ntam hɔ no, [Bernadino] Nogara [Vatican sikasɛm sohwɛfo no] de adwuma hyɛɛ Vatican otitiriw ne Vatican adwumayɛfo ahorow no nsa sɛ wɔnkɔyɛ adwuma wɔ Italy sikasɛm ho nhyehyɛe ãfã horow no mu—titiriw no anyinam ahoɔden, telefon so nkitahodi nhyehyɛe, adefiri ne sikakorabea ahorow, keteke akwan nketenkete ne kuayɛ ho adwumayɛde, semɛnte ne ntama ahorow nwene mu. Wonyaa nnwuma ahorow yi mu pii mu mfaso.
“Nogara gyigyee nnwuma akuw dodow bi a La Società Italiana della Viscosa, La Supertessile, La Società Meridionale Industrie Tessili ne La Cisaraion ka ho. Bere a Nogara kaa eyinom boom yɛɛ no adwuma kuw biako a ɔtoo ne din sɛ CISA-Viscosa na ɔde hyɛɛ Baron Francesco Maria Oddasso, Vatican asɔre mma a wogye wɔn di yiye no mu biako nsa sɛ ɔnhwɛ so no, afei ɔyɛɛ akwan maa Italia ntama nwene adwuma a ɛso sen biara, SNIA-Viscosa gyee adwumayɛbea foforo kaa wɔn de no ho. Awiei no, kyɛfa a Vatican wɔ wɔ SNIA-Viscosa mu no kɔɔ so yɛɛ kɛse mmere nyinaa, na bere bi akyi Vatican begyee adwuma no dii so—na nokwasɛm no ho adanse ne sɛ Baron Oddasso bɛyɛɛ adwuma no titrani abadiakyiri.
“Nogara nam saayɛ so wuraa ntama nwene adwuma no mu. Ɔnam akwan afoforo so de ne ho hyɛɛ nnwuma afoforo mu, efisɛ na Nogara nim nnaadaa akwan pii. Ebetumi aba sɛ ɔbarima yi a ɔde ne ho nyinaa mae . . . no yɛɛ pii ma Italia sikasɛm yɛɛ yiye sen adwumawura foforo biara wɔ Italia abakɔsɛm mu . . . Benito Mussolini antumi anya ahemman a ɔsoo ho dae sɛ obenya no da, nanso otumi maa Vatican ne Bernadino Nogara yɛɛ ahenni foforo bi.”—The Vatican Empire, a Nino Lo Bello kyerɛwee, nkratafa 71-3.
Eyi yɛ biakoyɛ a emu yɛ den a ɛda asase so aguadifo ne Babilon Kɛse ntam no ho nhwɛso biako pɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ wɔn adwuma mu ɔhokafo yi nni hɔ bio a aguadifo yi bedi awerɛhow!
[Kratafa 259 mfonini]
Bere a adesamma hwete kɔɔ asase so nyinaa no, wɔde Babilon nyamesom kaa wɔn ho kɔe
[Kratafa 261 mfonini]
Te sɛ ɔwɛmfo no, Yohane kuw no bɔ dawuru sɛ Babilon ahwe ase
[Kratafa 266 mfonini]
Tete Babilon amamfõ yɛ Babilon Kɛse no sɛe a ɛreba ho mfonini
-
-
Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne AhurusidiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Ti 37
Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne Ahurusidi
1. “Asase so ahene” bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ Babilon Kɛse no sɛe a ɛbɛba mpofirim no ho?
BABILON awiei yɛ asɛmpa ma Yehowa nkurɔfo, nanso amanaman no bu no dɛn? Yohane ka kyerɛ yɛn: “Na asase so ahene a wɔne no abɔ aguaman na wɔadi taamu no, sɛ wohu ne hyew wusiw a, wobesu no, na wɔabobɔ wɔn ho abubuw. N’aninyanne no suro nti wobegyinagyina akyiri aka sɛ: Due, due, kurow kɛse Babilon, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.”—Adiyisɛm 18:9, 10.
2. (a) Esiane sɛ aboa kɔkɔɔ no sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no na ɛsɛe Babilon Kɛse no nti, dɛn nti na “asase so ahene” werɛ how wɔ n’awiei ho? (b) Dɛn nti na ahene a wɔn werɛ ahow no fi kurow a wɔasɛe no no ho kogyina akyirikyiri?
2 Ebia amanaman no adeyɛ bɛyɛ sɛ nea ɛyɛ nwonwa esiane nokwasɛm a ɛyɛ sɛ aboa kɔkɔɔ no sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no na ɔsɛee Babilon no nti. (Adiyisɛm 17:16) Nanso bere a Babilon afi hɔ no, ɛda adi sɛ “asase so ahene” no behu sɛnea ná ne ho wɔ mfaso ma wɔn sɛ odwudwo nkurɔfo no bo ma wodi wɔn so no. Asɔfo no apae mu aka sɛ ɔko yɛ ade kronkron, na wɔadi dwuma sɛ dɔm anoboaboafo, na wɔakasa akyerɛ mmerante ma wɔakɔ akono. Nyamesom ama wɔanya kronkronyɛ nkataanim bi a atumfoɔ a wɔn bra asɛe hyɛ akyi di dwuma de hyɛ ɔmamfo so. (Fa toto Yeremia 5:30, 31; Mateo 23:27, 28 ho.) Nanso hyɛ no nsow sɛ ahene a afei wɔn werɛ ahow yi atew wɔn ho afi kurow a wɔasɛe no no ho gyina akyiri. Wɔmmɛn no na wɔaboa no. Ɛyɛ wɔn yaw sɛ wafi hɔ nanso ɛnyɛ wɔn yaw sɛnea ɛsɛ na ama wɔde wɔn ho ato asiane mu wɔ ne ho.
Aguadifo Su na Wodi Nkɔmmɔ
3. Henanom nso na twa a Babilon Kɛse twam kɔ no yɛ wɔn yaw, na Yohane se eyi fi dɛn?
3 Ɛnyɛ asase so ahene nko na Babilon Kɛse a enni hɔ bio no yɛ wɔn yaw. “Na asase so aguadifo besu no na wɔadi ne ho nkɔmmɔ, efisɛ obi ntɔ wɔn aguade bio: sika ne dwetɛ ne aboɔden abo ne nhene pa ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sedaa ne nkranhoma aguade ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asommɛn adwinne a wɔde nnua a ɛwɔ din ne ayowa ne dade ne abohemmaa ayɛ nyinaa, ne pɛprɛ ne mmurongo ne nnuru huamhuam ne kurobow ne huamfufu ne nsa ne ngo ne asikresiam bɔkɔbɔkɔ ne awi ne nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nipadua ne nnipa akra. Na nnuaba a wo [Babilon Kɛse] kra kɔn dɔ no afi wo nkyɛn, ma nnepa ne anuonyanne nyinaa afi wo ho ayera, na worenhu bio koraa.”—Adiyisɛm 18:11-14.
4. Dɛn nti na “aguadifo” su na wodi Babilon Kɛse awiei ho nkɔmmɔ?
4 Yiw, ná Babilon Kɛse yɛ aguadifo adefo no adamfo ne wɔn ɔdetɔfo pa. Sɛ nhwɛso no mfehaha no mu no, Kristoman mmarima nkokorafo fi, mmea nkokorafo fi ne asɔre ahorow anya sika, dwetɛ, aboɔden abo, nnua a ne bo yɛ den, ne honam fam ahonyade afoforo pii. Afei, wɔde nyamesom nhyira agu adetɔ ho adammɔ ne asabow nneyɛe a ɛka Buronyadi ne afoforo a wɔfrɛ no nna kronkron a egu Kristo anim ase bebree ho no so. Kristoman asɛmpatrɛwfo akɔ akyirikyiri nsase so akobuebue gua afoforo ama wiase “aguadifo.” Wɔ afeha a ɛto so 17 mu Japan no, Katoleksom a ɛka aguadifo ho bae no de ne ho hyɛɛ amanko no mu mpo. Encyclopædia Britannica rebɔ ɔko bi a etwa to a wɔkoe wɔ Osaka abankɛse afasu ase ho amanneɛ no, ese: “Tokugawa asraafo dɔm no hui sɛ wɔne atamfo a mmeamudua ne Agyenkwa no ne ɔhotefo Yakobo, Spainfo ɔhotefo titiriw no, mfonini wɔ wɔn mfrankaa ahorow mu na ɛreko.” Kuw a edii nkonim no taa Katoleksom na ɛkame ayɛ sɛ wɔpopaa fii saa asase no so koraa. Asɔre no ho a ɛde hyehyɛ wiase nsɛm mu nnɛ no nso remfa nhyira biara mmrɛ no.
5. (a) Ɛnne a efi soro no ka “aguadifo” no nkɔmmɔdi no ho asɛm bio dɛn? (b) Dɛn nti na aguadifo no nso “begyinagyina akyiri”?
5 Ɛnne a efi soro no ka bio sɛ: “Nneɛma yi ho aguadifo a kurow no nti wɔanya ade no begyinagyina akyiri n’aninyanne no suro nti, na wɔasu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ: Due, due, kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne nkranhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho. Efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.” (Adiyisɛm 18:15-17a) Bere a wɔasɛe Babilon Kɛse no, “aguadifo” di nkɔmmɔ saa aguadi mu ɔhokafo a wayera no nti. Ampa, ‘enye mma wɔn koraa.’ Nanso, hyɛ no nsow sɛ nea enti a wodi ne ho nkɔmmɔ no yɛ pɛsɛmenkominya nkutoo—te sɛ nea ahene no yɛe no—‘wogyinagyina akyiri.’ Wɔmmɛn Babilon Kɛse no na wɔaboa no.
6. Ɛnne a efi soro no ka hyɛn mu akwankyerɛfo ne hyɛn mufo no nkɔmmɔdi no ho asɛm dɛn, na dɛn nti na wosu?
6 Amanneɛbɔ no kɔ so sɛ: “Na hyɛn akwankyerɛfo nyinaa ne wɔn a wɔnam hyɛn mu kɔ baabi nyinaa ne hyɛn mufo ne dodow a wɔyɛ po so adwuma gyinagyina akyiri, na wohuu ne hyew wusiw no, wɔteɛɛm sɛ: Ɛhena na ɔte sɛ kurow kɛse yi? Na wɔde dɔte guu wɔn atifi, na wɔde osu ne nkɔmmɔdi teɛɛm sɛ: Due, due, kurow kɛse yi a n’aboɔdenne nti wɔn a wɔwɔ hyɛn wɔ po so nyinaa anyinya wɔn ho wɔ mu, efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na wɔayɛ no pasaa.” (Adiyisɛm 18:17b-19) Ná tete Babilon yɛ aguadi kurow na na ɛwɔ ahyɛn pii. Saa ara nso na Babilon Kɛse de ne nkurɔfo “nsu pii” no yɛ nnwuma bebree. Eyi ma n’anyamesom nkoa no bebree nya adwuma yɛ. Hwɛ sɛnea Babilon Kɛse no sɛe bɛka eyinom kɛse wɔ sikasɛm mu! Beae foforo biara nni hɔ a wobenya asetrade afi da te sɛ ne hɔ.
Ne Sɛe ho Ahurusidi
7, 8. Ɛnne a efi soro no wie ne nkrasɛm a ɛfa Babilon Kɛse ho no dɛn, na henanom na wɔbɛyɛ saa nsɛm no ho ade?
7 Bere a Mediafo ne Persiafo tuu Babilon gui no, Yeremia kae nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Na ɔsoro ne asase ne nea ɛwom nyinaa bɛto Babel so ahurusi dwom.” (Yeremia 51:48) Bere a wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no, ɛnne a efi soro bɛka wɔ Babilon Kɛse no ho de awie ne nkrasɛm no sɛ: “Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.” (Adiyisɛm 18:20) Ɛbɛyɛ Yehowa ne abɔfo no anigye sɛ wobehu Onyankopɔn tamfo a wakyɛ no sɛe, sɛnea ɛbɛyɛ asomafo ne tete Kristofo adiyifo, a afei wɔanyan wɔn akɔtra wɔn afã wɔ mpanyimfo 24 nhyehyɛe no mu no nso anigye no.—Fa toto Dwom 97:8-12 ho.
8 Ampa, “ahotefo” no nyinaa—sɛ wɔanyan wɔn kɔ soro anaasɛ wɔda so te ase wɔ asase so no—de anigye bɛbɔ ose, sɛnea wɔn ahokafo nguan foforo nnipakuw kɛse no nso bɛyɛ no. Bere bi akyi no, wobenyan tete anokwafo no nyinaa akɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu, na wɔn nso bɛkɔ akɔka ho adi ahurusi. Onyankopɔn nkurɔfo mmɔɔ mmɔden sɛ wobedi atoro nyamesomfo a wɔtaa wɔn no were. Wɔakae Yehowa nsɛm no: “Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.” (Romafo 12:19; Deuteronomium 32:35, 41-43) Wiɛ, afei de Yehowa atua ka. Ná wadi mogya a Babilon Kɛse ahwie agu no nyinaa ho were.
Owiyammo Kɛse a Wɔtow Kyene
9, 10. (a) Dɛn na afei ɔbɔfo hoɔdenfo bi yɛ na ɔka? (b) Ade a ɛte sɛ nea ɔbɔfo hoɔdenfo a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 18:21 no yɛe bɛn na ɛbae Yeremia bere so, na dɛn ho adanse na edii? (d) Ade a ɔbɔfo hoɔdenfo a Yohane huu no no yɛe no di dɛn ho adanse?
9 Nea Yohane hu bio no si so dua sɛ Yehowa atemmu a ɔde ba Babilon Kɛse so no ne nea etwa to koraa: “Na ɔbɔfo ɔhoɔdenfo bi maa ɔbo bi a ɛte sɛ owiyammo kɛse so tow kyenee po mu sɛ: sɛnea wɔbɛtow kurow kɛse Babilon akyene hwii ne no, na wɔrenhu bio koraa.” (Adiyisɛm 18:21) Yeremia bere so no, wɔyɛɛ ade a ɛte saa ara a ekura nkɔmhyɛ ntease a tumi wom. Wɔde honhom kaa Yeremia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Mmusu a ɛbɛba Babel so no . . . nyinaa” wɔ nhoma mu. Ɔde nhoma no maa Seraia, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ontu kwan nkɔ Babilon. Ɛhɔ na Yeremia ahyɛde ahorow akyidi mu no, Seraia kenkan nea wɔaka atia kurow no sɛ: “[Yehowa], wo na woakasa atia ha yi sɛ wubetutu a obiara rentra mu, efi nnipa so kosi afieboa so, na mmom adan daa amamfo ara nko.” Afei Seraia kyekyeree nhoma no fam ɔbo ho na ɔtow kyenee asubɔnten Eufrate mu, se: “Saa ara na Babel bɛmem a ɛrensɔre bio, mmusu a mede mereba so no nyinaa nti.”—Yeremia 51:59-64.
10 Nhoma a wɔakyekyere afam ɔbo ho a wɔtow kyenee asubɔnten no mu no yɛ nea esi so dua sɛ Babilon bɛyera koraa, a ɛrensɔre bio da. Hu a Yohane hu ɔbɔfo hoɔdenfo no sɛ ɔyɛ ade a ɛte saa ara no nso si so dua wɔ ɔkwan a tumi wom so sɛ atirimpɔw a Yehowa wɔ wɔ Babilon Kɛse ho no bɛba mu. Amamfoyɛ korakora tebea a tete Babilon wom nnɛ no yɛ nea ɛbɛba atoro som so nnansa yi ara no ho adanse a emu yɛ den.
11, 12. (a) Afei dɛn na ɔbɔfo hoɔdenfo no ka kyerɛ Babilon Kɛse no? (b) Yeremia hyɛɛ Yerusalem a awae no ho nkɔm dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn bere yi?
11 Afei ɔbɔfo hoɔdenfo no kasa kyerɛ Babilon Kɛse no sɛ: “Na wɔrente asankubɔfo ne nnwontofo ne mmɛnhyɛnfo ne ntorobɛntohyɛnfo nne wo mu bio, na wɔrenhu adwini bi mu dwumfo biara wo mu bio, na wɔrente wiyammo bi nka wo mu bio, na ɔkanea hann renhyerɛn wo mu bio, na wɔrente ayeforokunu ne ayeforo nne wo mu bio, efisɛ w’aguadifo yɛɛ asase so nnipa akɛse, na wɔde w’aduto adaadaa amanaman nyinaa.”—Adiyisɛm 18:22, 23.
12 Yeremia de nsɛm a ɛte saa ara hyɛɛ Yerusalem a na awae no ho nkɔm sɛ: “Na mama ahosan nne ne anigye nne ne ayeforokunu nne ne ayeforo nne, owiyammo nkate ne ɔkanea hann ayera wɔn mu; na asase yi nyinaa bɛdan amamfõ ne ahodwiriwde.” (Yeremia 25:10, 11) Sɛ́ Babilon Kɛse no fã titiriw no, Kristoman bɛdan amamfõ a nkwa biara nni mu sɛnea wɔde Yerusalem amamfoyɛ tebea wɔ 607 A.Y.B. akyi no yɛɛ ho mfonini yiye no. Kristoman a bere bi ɛde anigye dii ahurusi na wɔyɛ mu gyegyeegye da biara no behu sɛ wɔadi no so nkonim ma wɔagyaw no.
13. Nsakrae bɛn na ɛto Babilon Kɛse mpofirim, na dwuma bɛn na edi wɔ ‘n’aguadifo’ so?
13 Ampa, sɛnea ɔbɔfo no ka kyerɛ Yohane wɔ ha no, Babilon Kɛse no nyinaa bɛdan afi amanaman ntam ahemman a ne ho yɛ den mu abɛyɛ asase fõ te sɛ anhweatam asase. ‘N’aguadifo’ a asikafo akɛse nso ka ho de n’anyamesom adi dwuma de anya wɔn ankasa mfaso anaasɛ wɔde akata nneɛma so, na asɔfo ahu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wɔne wɔn begye din. Nanso saa aguadifo no rennya Babilon Kɛse ma wɔne no mmom nyɛ adwuma bio. Na ɔremfa n’anyamesom ahintasɛm nneyɛe no nnaadaa asase so amanaman no bio.
Mogya ho Afodi a Ɛyɛ Hu
14. Ɔbɔfo hoɔdenfo no kyerɛe sɛ dɛn nti na Yehowa atemmu no mu yɛ den saa, na dɛn na Yesu kae a ɛte saa ara bere a na ɔwɔ asase so no?
14 Awiei no, ɔbɔfo hoɔdenfo no ka nea enti a Yehowa bu Babilon Kɛse atɛn denneennen saa no. Ɔbɔfo no ka sɛ: “Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ nyamesom akannifo a wɔwɔ Yerusalem no sɛ wobebu “mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so” de rekɔ no ho akontaa. Enti, wɔsɛee saa awo ntoatoaso kɔntɔnkye no wɔ 70 Y.B. mu. (Mateo 23:35-38) Ɛnnɛ, nyamesomfo awo ntoatoaso foforo nso di mogya ho fɔ esiane Onyankopɔn nkoa a wɔtaa wɔn no nti.
15. Ɔkwan bɛn so na Katolek Asɔre a na ɛwɔ Nasi Germany no dii mogya ho fɔ wɔ nsɛm abien mu?
15 Guenter Lewy kyerɛw wɔ ne nhoma The Catholic Church and Nazi Germany no mu sɛ: “Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Bavaria April 13 [1933] no, Asɔre no gyee adwuma a Nhomasua ne Nyamesom Asoɛe no de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmmɔ kuw no muni biara a ɔda so som ɔsom a wɔabara no ho amanneɛ no mpo too mu.” Enti ɛho asɛm da Katolek Asɔre no so sɛ ɛka ho ma wɔde Adansefo mpempem koguu nnadeban mu; Adansefo ɔhaha a wokunkum wɔn no mogya akeka ne nsa ho pɔtɔɔ. Bere a adansefo nkumaa, te sɛ Wilhelm Kusserow, kyerɛe sɛ wobetumi awu akokoduru mu wɔ tuo a wɔbɛtow wɔn anim no, Hitler sii gyinae sɛ tuo a wɔbɛtow akunkum wɔn a ahonim nti wɔsɔre tia no ye ma wɔn dodo, enti wotwaa Wilhelm nua Wolfgang a na wadi mfe 20 no ti. Bere koro no ara mu no, na Katolek Asɔre no rehyɛ Germany Katolekfo nkumaa nkuran sɛ wɔnkowuwu wɔ wɔn man asraafo dɔm no mu. Asɔre no mogya ho afodi no da adi pefee ma wohu!
16, 17. (a) Mogya ho afodi bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde to Babilon Kɛse so, na ɔkwan bɛn so na Vatican bedii mogya ho fɔ Yudafo a wokunkum wɔn wɔ Nasi okunkɛse no mu no ho? (b) Ɔkwan biako bɛn so na wobenunu atoro som wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔakunkum wɔn wɔ ɛnnɛ bere yi mu akodi ɔhaha mu no ho?
16 Nanso, nkɔmhyɛ no se ɛsɛ sɛ wɔde “wɔn a wɔakum wɔn asase so nyinaa mogya” ho asɛm to Babilon Kɛse so. Ɛno te saa ampa nnɛ mmere mu. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Katolek anifere akwan na ɛboa ma Hitler bedii tumi wɔ Germany nti, Vatican nso di mogya ho fɔ a ɛyɛ hu wɔ Yudafo ɔpepem asia a wowuwui wɔ Nasi okunkɛse no mu no mu. Afei, wɔ yɛn bere yi mu no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha koraa wɔ ɔko ahorow ɔhaha pii mu. Atoro som na eyi ho asɛm da no so anaa? Yiw, wɔ akwan abien so.
17 Ɔkwan biako ne sɛ ɔko ahorow pii yɛ nea ɛfa nyamesom mu akasakasa ho. Sɛ nhwɛso no, anuɔdensɛm a ɛkɔɔ so wɔ India wɔ Nkramofo ne Hindufo ntam wɔ 1946-48 mu no fi nyamesom. Wɔhweree akra ɔpehaha. Ɔko a na ɛda Iraq ne Iran ntam 1980 mfe no mu no yɛ nea na ɛfa akasakasa a ɛda ɔsom koro mu akuw ntam ho, na wokunkum nnipa ɔpehaha pii. Basabasayɛ a ɛda Katolekfo ne Protestantfo ntam wɔ Northern Ireland no akunkum akra mpempem pii. Ɔkyerɛwfo C. L. Sulzberger kae wɔ 1976 mu wɔ eyi mu a ɔhwehwɛe no ho sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ hu sɛ ebia ɔko a wɔko wɔ wiase nyinaa no mu fã anaa nea ɛboro saa yɛ nyamesom ko pefee anaa nea ɛfa nyamesom mu akasakasa ho.” Ampa, saa na ayɛ Babilon Kɛse ho abakɔsɛm a bagyabagyayɛ wom no nyinaa mu.
18. Ɔkwan a ɛto so abien a wiase nyamesom di mogya ho fɔ ne dɛn?
18 Ɔkwan a ɛto so abien no ne dɛn? Yehowa anim no, wiase nyamesom adi mogya ho fɔ efisɛ wɔnkyerɛkyerɛɛ wɔn akyidifo no nea Yehowa hwehwɛ wɔ n’asomfo ho no ho nokware a etu mpɔn. Wɔnkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo yiye sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo suasua Yesu Kristo na wɔkyerɛ afoforo ho dɔ ɛmfa ho sɛ ɔman bɛn mu na wofi. (Mika 4:3, 5; Yohane 13:34, 35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 1 Yohane 3:10-12) Esiane sɛ nyamesom ahorow a wɔbom yɛ Babilon Kɛse no ankyerɛkyerɛ nneɛma yi nti, wɔatwetwe wɔn a wɔde wɔn ho abata wɔn ho no akogu amanaman ntam akodi ahorow mu. Eyi daa adi yiye wɔ afeha a ɛto so 20 no fã a edi kan no mu wiase ko abien no mu, a n’abien nyinaa fii ase wɔ Kristoman mu, na ekowiee wɔn mfɛfo nyamesomfo a wɔne wɔn nyinaa wɔ ɔsom biako mu a wokunkum wɔn mu! Sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no nyinaa de wɔn ho bataa Bible nnyinasosɛm ahorow ho a, anka saa ɔko ahorow no rentumi mma da.
19. Mogya ho afodi a ɛyɛ hu yiye bɛn na ɛda Babilon Kɛse so?
19 Yehowa de mogyahwiegu yi nyinaa ho asodi to Babilon Kɛse so. Sɛ nyamesom akannifo, titiriw no wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no, kyerɛkyerɛɛ wɔn nkurɔfo Bible mu nokware a, anka mogyahwiegu bebree a ɛte saa amma. Ampa, ɛnde sɛ ɛyɛ tee anaasɛ ɛnyɛ tee no, ɛsɛ sɛ Babilon Kɛse—aguaman kɛse ne wiase atoro som ahemman—no yi n’ano wɔ “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya,” a ɛnyɛ “adiyifo ne ahotefo” a wɔataa wɔn na wɔakunkum wɔn no nko kyerɛ Yehowa. Ampa ara sɛ Babilon Kɛse so mogya ho afodi a ɛyɛ hu yiye. Eye dɛn ara sɛ wobeyi no hɔ bere a ne sɛe koraa ba no!
[Kratafa 270 adaka]
Nsɛm mu a Wogyae Siesie ho Akatua
Guenter Lewy kyerɛw wɔ ne nhoma The Catholic Church and Nazi Germany no mu sɛ: “Sɛ German Katoleksom de ne ho bataa adeyɛ bi ho denneennen fi mfiase de sɔre tiaa Nasi tumidi no a, anka ebia ɛbɛsono ɔkwan a wiase abakɔsɛm faa so. Sɛ saa apereperedi yi antumi anni Hitler so ma asiw n’awudisɛm pii no nyinaa kwan mpo a, anka adwene yi bɛma Asɔre no din pa anya nkɔso kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ anka ɔsɔretia a ɛte saa no bɛma adesamma bebree ahwere wɔn nkwa, nanso anka afɔrebɔ a ɛte saa no bɛyɛ nea wɔabɔ ama adepa bi a ɛsen biara. Sɛ na Hitler ntumi mfa ne ho nto ne manfo so a, anka ɔremmɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛkɔ akɔko ma enti anka wobegye akra ɔpepem pii nkwa. . . . Bere a wɔyɛɛ Germanfo mpempem a wɔsɔre tiaa Nasifo aninyanne ma wowuwui wɔ Hitler nnadeban ahorow mu, bere a wokunkum Polandfo adenimfo, bere a Rusiafo ɔpehaha wuwui esiane nea wɔde yɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ Slaviafo Untermenschen [adesamma a wɔba fam] no nti, ne bere a wokunkum adesamma 6,000,000 sɛ ‘wɔnyɛ Aryanfo’ no, Katolek Asɔre no mu mpanyimfo a wɔwɔ Germany boaa nniso a edii awudisɛm ahorow yi. Paapa a ɔwɔ Roma a ɔne Roman Katolek Asɔre no honhom mu ti ne abrabɔ ho kyerɛkyerɛfo pumpuni no yɛɛ komm.”—Nkratafa 320, 341.
[Kratafa 268 mfonini ahorow]
Ahene no ka sɛ, “due, due”
[Mfonini wɔ kratafa 268]
Aguadifo no ka sɛ, “due, due”
-