Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 2/15 kr. 21-24
  • Honhom Fam Ahofadi a Wɔde Kɔma Wɔn a Wɔda Afiase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Honhom Fam Ahofadi a Wɔde Kɔma Wɔn a Wɔda Afiase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Sɛnea Wɔyɛ Adwuma No
  • Dwumadi a Etu Mpɔn a Wɔde Sakra Nkurɔfo
  • Islas Marías Nsupɔw No
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 2/15 kr. 21-24

Honhom Fam Ahofadi a Wɔde Kɔma Wɔn a Wɔda Afiase

“YƐATWƐN mo araa.” “Nnansa yi, mo ba ho adwene taa besi me tirim anadwo.” “Yɛda mo ase sɛ moma obi bɛsra yɛn daa.” “Yɛpɛ sɛ yɛkyerɛ nhyira a ɛnsɛ yɛn a yenya fi Yehowa ne n’ahyehyɛde no hɔ ne honhom fam aduan a wɔde ma yɛn bere a ɛsɛ mu no ho anisɔ.”

Dɛn na ɛmaa wɔkaa saa aseda nsɛm yi? Eyi yɛ nsɛm a efi nneduafo bi a wɔwowɔ Mexico afiase hɔ. Wɔn ani sɔ sɛnea Yehowa Adansefo ma wɔn ani kũ wɔn ho, a ama wɔanya honhom fam ahofadi bere a wɔwɔ afiase mpo no. Wɔ Mexico no, afiase 42 na Yehowa Adansefo kɔ hɔ kodi nneduafo no honhom fam ahiade ho dwuma daa. Wɔfrɛ saa mmeae yi Centro Readaptación Social (Suban Sakrabea). Wɔyɛ Kristofo nhyiam daa ma ɛsow aba pa wɔ saa afiase ahorow yi bi mpo mu. Sɛ́ nhwɛso no, bere a wobuu akontaa nnansa yi no, na nnipa 380 na wɔkɔ nhyiam horow no wɔ saa mmeae yi. Saa bere no sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na wɔreyɛ Bible adesua ahorow 350. Ná nnipa aduasa ason fata sɛ wofi asɛnka ase, na 32 ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa, de nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne.

Sɛnea Wɔyɛ Adwuma No

Ɔkwan bɛn so na Yehowa Adansefo yɛ wɔn asɛnka adwuma no wɔ saa mmeae yi? Wodi kan kɔ mpanyimfo a wɔhwɛ hɔ no hɔ kobisa tumi krataa a wɔde bɛkɔ afiase hɔ, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn nsrahwɛ no atirimpɔw mu—sɛ wɔrekɔkyerɛkyerɛ nneduafo no ɔkwan a wɔbɛfa so ama wɔn asetra atu mpɔn, na wɔasom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.

Bere biara mpanyimfo no ma wɔn kwan. Saa mpanyimfo yi ani sɔ Bible nkyerɛkyerɛ a wɔde ma nneduafo no. Afiase mpanyimfo no ahyɛ no nsow sɛ Yehowa Adansefo di saa mmeae yi wɛn ho mmara ahorow so. Wɔama saa asomfo a wɔba hɔ yi kwan ma wɔyɛ wɔn nhyiam horow wɔ office, adididan, ne adwumayɛdan ahorow mu. Wɔ beae bi no, wɔmaa Adansefo no kwan mpo ma wosii Ahenni Asa ketewa bi, sɛnea ɛda adi wɔ osuahu a edi so a ɔhwɛfo kwantuni bi a ɔwɔ Mexico kesee fam apuei kae yi mu no.

“Wɔ 1991 mfiase no, yefii ase kɔsrasraa afiase a ɛwɔ Tehuantepec, Oaxaca no, na yenyaa nnipa pii a honhom fam kɔm de wɔn. Ankyɛ na yefii Bible adesua ahorow 27 ase. Esiane anigye a nneduafo no kyerɛe nti, wɔyɛɛ asafo nhyiam ahorow anum ho nhyehyɛe. Nneduafo no biako a onyaa Yehowa ho dɔ kɛse no yɛɛ n’adwene sɛ obesi Ahenni Asa ketewa bi wɔ afiase hɔ na ama wɔanya baabi ahyiam. Ɔkɔɔ afiase hwɛfo no hɔ kɔsrɛɛ kwan, na mpanyimfo no tee nsɛm ase yiye. Wɔ December 1992 mfiase no, nneduafo baasia fatae sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo. Esiane nkɔso a wonyae nti, wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ Nkaedi no wɔ afiase hɔ. Yɛsrɛɛ afiase hwɛfo no sɛ ɔmma yɛmfa nkaedi ho sɛnkyerɛnne—abodoo ne bobesa—no mmra, na nnɔnhwerew anan nkitahodi akyi no, wɔmaa yɛn hokwan.

“Ɛkɔbae sɛ woyii nneduafo no bi April 3, 1993 (nnansa ansa na Nkaedi no redu so). Bere a obiako bi a na ɔyɛ ɔdawurubɔfo nsa kaa krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no no, ɔsrɛe sɛ ɔne afiase hwɛfo no bɛkasa na wɔama no hokwan atra hɔ kosi sɛ wobewie Nkaedi no. Eyi yɛɛ afiase hwɛfo no nwonwa kɛse, efisɛ eyi nyɛ ade a wɔtaa srɛ koraa, nanso esiane sɛ na odeduani no ani abere denneennen sɛ ɔbɛkɔ Nkaedi no bi wɔ afiase hɔ nti, ɔpenee n’abisade no so. Nnipa 53 na wɔbaa Nkaedi no, na anigye maa nusu guu wɔn wɔ dwumadi no akyi. Yɛapene so sɛ yɛbɛfrɛ saa kuw yi ‘Cereso Ahofadi,’ efisɛ wɔwɔ honhom fam ahofadi.”

Wɔkyerɛ Yehowa Adansefo adwuma no ho anisɔ kɛse wɔ saa mmeae yi. Wɔ saa nneduaban ahorow yi biako mu no, nea ɔhwɛ hɔ no kamfoo Yehowa Adansefo nhyiam horow a nkurɔfo bɛkɔ no kyerɛe pefee sɛ “aduru” a ɛma wɔsakra nneduafo ntɛm.

Dwumadi a Etu Mpɔn a Wɔde Sakra Nkurɔfo

Yehowa Adansefo dwumadi no ama nneduafo pii asakra koraa. Ɛwom sɛ ɛtaa yɛ nokware sɛ wɔn a wɔada afiase pɛn no san bedi nsɛmmɔne bere a wɔayi wɔn no de, nanso wɔn a wɔagye Onyankopɔn Asɛm no mu nkrasɛm no atom ankasa no asakra koraa. Nsakrae a wɔayɛ no ma yɛkae ɔsomafo Paulo nsɛm yi: “Nguaman . . . ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no. Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Korintofo 6:9-11.

Nsakrae kɛse a wɔayɛ wɔ wɔn nipasu mu no da adi bere a wɔka sɛnea wɔte nka no. Miguel, a ɔwɔ Campeche afiase a ɛwɔ Campeche Kurow mu no, kaa no saa kwan yi so: “Ɛnnɛ metumi de anigye aka sɛ mibu me ho fra nguan foforo a wɔwɔ anidaso a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 2 Petro 3:13 ne Mateo 5:5 no.” José a ɔwɔ Koben, Campeche afiase no, kae sɛ: “Ɛwom sɛ meyɛ deduani a ebia me bɔne sõ de, nanso mete ase sɛ Yehowa mmɔborohunu dɔɔso, na otie me mpaebɔ ne me nkotɔsrɛ. Obetumi de me mmaratode afiri me na wama me hokwan ma mede me nkwa nna a aka no aka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ afoforo. Aseda nka yɛn mpanyimfo no sɛ wogye bere bɛsrasra yɛn wɔ afiase sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya Onyankopɔn Ahenni bɔhyɛ ahorow no mu mfaso. Nhyira a ɛyɛ anigye bɛn ni! Metumi aka sɛ meyɛ ɔdeduani anaa? Dabi, Yehowa ama me honhom fam ahofadi a na mihia no.”

Dɛn na ɛma awudifo, mmonnaatofo, adanhyewfo, awifo, ne afoforo sakra bɛyɛ Kristofo a wɔteɛ? Sɛnea saa mmarima yi ara kyerɛ no, efi Onyankopɔn Asɛm mu tumi a ɛsakra nkurɔfo, ne fekuw pa a wɔne wɔn a wɔwɔ ahofama ankasa bɔ no. Tiburcio a ɔda afiase a ɛwɔ Mazatlán, Sinaloa, asɛm no ma yehu sɛnea saa dwumadi a wɔde sakra nkurɔfo yi adi nkonim. Ná ɔda afiase a ɛwɔ Concordia, Sinaloa no, na ohyiaa nsɛnnennen esiane sɛ na ne koko haw no nti. Ná ne yere yɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na na odi ɔbea no ani, bere a wabɛsra no wɔ afiase hɔ mpo no. Onyaa boasetɔ, na ɔkɔɔ so sraa no, enti ɔka kyerɛɛ ɔbea no ma ɔbrɛɛ no Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no bi, na n’ankasa fii ase suae.a Afei ɔkae sɛ obi mmra afiase hɔ ne no mmesua ade. Ofii ase nyaa honhom fam nkɔso, na ɔne afoforo ntam abusuabɔ fii ase yɛɛ yiye. Woyii no kɔɔ afiase a ɛwɔ Mazatlán a kuw bi sua Bible wɔ hɔ no, na seesei ɔyɛ ɔdawurubɔfo. Ɔka sɛ: “Seesei, m’ani sɔ kɛse sɛ mitumi ne me yere ne me mma ne me mfɛfo nneduafo tie Bible mu nokware ho nsɛm wɔ ha, a mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ, wobeyi me ma matumi akɔ ɔmansin nhyiam ne asafo nhyiam horow nyinaa.”

Ɔfoforo nso ne Conrado, a n’ani sɔ yiye sɛ watumi ayɛ nsakrae horow wɔ n’asetra mu no. Ohyiaa aware mu nsɛnnennen araa kosii sɛ ne yere gyaee no. Enti ɔde ne ho hyɛɛ nnubɔne nom mu de kyekyee ne ho werɛ. Bere kɔɔ so no, ɔbɛyɛɛ obi a ɔtɔn nnubɔne. Ɔde wii ne cocaine kɔɔ amannɔne ma wɔkyeree no buu no fɔ de no too afiase. Wɔ afiase hɔ no, na Yehowa Adansefo ne kuw bi sua Bible, na wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛka wɔn ho. Ɔkyerɛkyerɛ nkate a onyae mu saa kwan yi so: “M’ani gyee sɛnea nhyiam no kɔɔ so wɔano wɔano, nhwehwɛmu a wɔnam nhoma ahorow so yɛe, ne nokwasɛm a ɛne sɛ na biribiara gyina Bible so no ho. Mekae ntɛm ara sɛ wɔne me nyɛ Bible adesua, na mifii ase kɔɔ nhyiam horow.” Asɛm no sii January 1993 mu. Seesei Conrado nni afiase bio, na ogu so renya nkɔso wɔ Kristofo asafo no mu.

Islas Marías Nsupɔw No

Wɔ Mexico no, afiase bi wɔ hɔ a ɛhɔ yɛ hu, a ɛwɔ nsupɔw anan a wɔfrɛ no Islas Marías so. Nneduafo no tumi kyinkyin nsupɔw a wɔadan no afiase no so baabiara. Ebinom ne wɔn yerenom ne wɔn mma na ɛte hɔ.

Wɔahyehyɛ asafo ketewa bi wɔ hɔ. Anuanom mmarima baasa fi Mazatlán kɔ hɔ pɛnkoro ɔsram biara, kɔboa ma wɔyɛ nhyiam horow no, mema wɔn nhoma, na wɔhyɛ wɔn nkuran. Ɛtɔ mmere bi a ɔmansin sohwɛfo no kɔsra wɔn. Sɛ wɔkyekyem a, nnipa dodow a wɔkɔ nhyiam no bɛyɛ 20 kosi 25. Wɔwɔ adawurubɔfo baanan a wɔabɔ wɔn asu, ne baanu a wɔmmɔɔ wɔn asu. Ɔhwɛfo kwantuni no bɔ amanneɛ sɛ “wɔn mu bi nantew kilomita 17 [akwansin 10] kɔ asafo nhyiam Kwasida, na ehia sɛ wofi nhyiam no ase ntɛm san kɔ ansa na wɔabobɔ din. Sɛ wɔnantew ntɛmntɛm a, egye nnɔnhwerew bɛboro abien ansa na wɔakodu.” Anuanom no a wosuaa nokware no wɔ afiase no biako kae nnansa yi sɛ: “Kan no na mepɛ sɛ woyi me ntɛm, nanso seesei de, metumi atwɛn akosi bere biara a Yehowa pɛ, efisɛ sɛnea ɛte no, mewɔ adwuma pii yɛ wɔ ha.”

Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ nokware no atumi reyɛ n’adwuma, na ɛrema nokwaredifo a wɔrepɛ ɔkwan a wɔbɛfa so asɔ Yehowa ani no anya ahofadi. Wɔayi saafo yi a wosuaa nokware no wɔ afiase no mu bɛboro dummien, wɔagye asubɔ, ma seesei wɔde asetra a ɛho wɔ nyam te hɔ sɛ Onyankopɔn asomfo, na ebinom mpo abɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Wɔada tumi a Bible wɔ sɛ esiesie koma na ɛsakra nkurɔfo no adi ɔkwan nwonwaso so. Sɛ saa mmarima yi a wɔde wɔn guu afiase esiane nnebɔne a wɔyɛe nti no behu Onyankopɔn Asɛm mu hann no a, wobenya ahofadi a edi mũ a Yesu de hyɛɛ bɔ bere a ɔkaa eyi no: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”—Yohane 8:32; Dwom 119:105.

[Ase hɔ asɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., na wotintimii.

[Kratafa 23 mfonini]

Nnipa pii nyaa Kristofo nokwasɛm ahorow a wosuaa ho ade wɔ afiase no so mfaso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena