Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 11/1 kr. 19-21
  • Wɔagyina Nyamesom Ahofadi Akyi Wɔ Japan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔagyina Nyamesom Ahofadi Akyi Wɔ Japan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Ná Asɛm Bɛn na Aba?
  • Ɔmantam Asɛnnibea no Gyinaesi Kanyan Wɔn a Wɔtee No
  • Wɔn a Wɔde Asɛm no Kɔɔ Asɛnnibea no Nneyɛe a Nyaatwomyɛ Nnim
  • Asɛm no Kɔ Asɛnnibea Kunini
  • Mfaso a Ɛkɔ Akyiri
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 11/1 kr. 19-21

Wɔagyina Nyamesom Ahofadi Akyi Wɔ Japan

SUKUUFO nkumaa a wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ Japan no ahyia nsɛnnennen bi wɔ mfe pii mu: Wonni wɔn ahonim a wɔde Bible atete no akyi, anaasɛ wonni nneɛma a wosua wɔ sukuu mu a etia wɔn ahonim akyi Dɛn nti na ɛyɛ nsɛnnennen? Efisɛ na akwan a obi fa so bɔ ne ho ban wɔ ntua ho no yɛ apɔw mu teɛteɛ adesua fã wɔ wɔn sukuu ahorow mu. Adansefo nkumaa no tee nka sɛ apɔw mu teɛteɛ a ɛte saa no ne Bible nnyinasosɛm, te sɛ nea yehu wɔ Yesaia ti 2, nkyekyem 4, no nhyia. Eyi kenkan sɛ: “Wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”

Esiane sɛ na Kristofo Adansefo nkumaa no mpɛ sɛ wosua akwan a wɔfa so ko, a nea ɛwom ne onipa foforo a wobepira no nti, wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn akyerɛkyerɛfo sɛ wɔrentumi mfi ahonim pa mu mfa wɔn ho nhyɛ akuturukubɔ mu. Bere a wɔbɔɔ mmɔden hyɛɛ saa asuafo yi nkuran sɛ wonnye sukuu adesua yi ntom akyi no, akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ ntease no pii penee so awiei koraa sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama sukuufo no ahonim na wɔde dwumadi foforo asi ananmu.

Nanso, ɛhaw akyerɛkyerɛfo binom, na sukuu ahorow bi amma Adansefo nkumaa no hwee wɔ apɔw mu teɛteɛ ho adesua no mu. Wɔ 1993 mu no, anyɛ yiye koraa no, wɔamma Adansefo baakron ankɔ wɔn anim, na wɔhyɛɛ wɔn ma wogyaee sukuu anaasɛ wɔpam wɔn esiane akuturukubɔ a wɔamfa wɔn ho anhyɛ mu nti.

Ɛda adi sɛ, na bere adu sɛ wɔbɛbɔ hokwan a Kristofo nkumaa wɔ sɛ wobenya nhomasua a wɔremmu wɔn ahonim so no ho ban. Sukuufo baanum a wɔamma wɔn ankɔ wɔn anim wɔ Kobe Municipal Industrial Technical College (a wɔfrɛ no tiawa sɛ Kobe Tech) no sii gyinae sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ asɛnnibea.

Ná Asɛm Bɛn na Aba?

Wɔ 1990 fefɛw bere mu, bere a sukuufo baanum no kɔɔ Kobe Tech no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ akyerɛkyerɛfo no sɛ wɔrentumi mfa wɔn ho nhyɛ kendo (Japanfo mpeaw agodie) ntetee mu esiane adwene a wokura a egyina Bible so nti. Apɔw mu teɛteɛ adesuabea no sɔre tiae denneennen na wɔde akwan foforo a wɔbɛfa so anya biribi wɔ apɔw mu teɛteɛ adesua mu no kamee wɔn. Awiei koraa no, sukuufo no dii nkogu wɔ apɔw mu teɛteɛ adesua mu, na nea efi mu bae ne sɛ, na ɛsɛ sɛ wɔtra wɔn ananmu wɔ afe a edi kan no mu (kɔlege adesua afe a edi kan) bio. Wɔ April 1991 mu no, wɔsamanaa sukuu no wɔ Kobe Mantam Asɛnnibea, a na wɔkyerɛ sɛ ade a sukuu no yɛe no tia ɔsom mu ahofadi a amanyɔ mmara de ma no.a

Sukuu no kyerɛe sɛ dwumadi afoforo a wɔde besi ananmu no bɛkyerɛ sɛ wɔrekyerɛ ɔsom pɔtee bi ho anigye asen afoforo na wɔnam ɛno so bebu ɔfã biara a aban sukuu nni no so. Nea ɛka ho no, wɔkyerɛe sɛ wonni nneɛma anaa akyerɛkyerɛfo a wɔde apɔw mu teɛteɛ ho nkyerɛkyerɛ dwumadi foforo bɛma.

Ɔmantam Asɛnnibea no Gyinaesi Kanyan Wɔn a Wɔtee No

Bere a na wogu so redi asɛm no, sukuufo baanum no mu baanu san dii nkogu wɔ apɔw mu teɛteɛ adesua mu, bere a wɔmaa baasa a aka no kɔɔ wɔn anim kɛkɛ no. Ná sukuu mmara no kyerɛ sɛ wobetumi apam sukuufo a wɔammɔ mmɔden wɔ sukuu adesuade bi mu na wɔtra wɔn ananmu toa so mfe abien biara no. Esiane eyi nti, sukuufo baanu no mu biako sii gyinae sɛ obegyae sukuu ansa na wɔapam no, nanso ɔfoforo no, Kunihito Kobayashyi, annyae. Enti wɔpam no. Anigyesɛm ne sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Kunihito nyaa nkyem 100 mu 90.2 wɔ sukuu adesua no nyinaa mu, a na apɔw mu teɛteɛ a odii mu nkogu denam 48 a onyae so no ka ho. Ɔno na odii kan wɔ n’adesuafo 42 no mu.

Wɔ February 22, 1993 no, Kobe Mantam Asɛnnibea no buu Kobe Tech bem na ɛkae sɛ: “Ade a sukuu no yɛe no ntia amanyɔ mmara,” ɛwom sɛ egye tom sɛ “ɛrentumi mpow sɛ sukuu no mmara a ɛkyerɛ sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ kendo ntetee mu no de anohyeto bi baa ɔsom mu ahofadi a nea ɔde asɛm no baa asɛnnibea no wɔ no so” de.

Te sɛ ɔsomafo Paulo wɔ afeha a edi kan no mu no, wɔn a wɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea no sii gyinae sɛ wɔde asɛm no bɛdan mmara mu atumfoɔ a wɔkorɔn. (Asomafo no Nnwuma 25:11, 12) Wɔde asɛm no kɔɔ Osaka Asɛnnibea Kɛse hɔ.

Wɔn a Wɔde Asɛm no Kɔɔ Asɛnnibea no Nneyɛe a Nyaatwomyɛ Nnim

Nhomanimfo a wagye din, Ɔbenfo Tetsuo Shimomura a ɔwɔ Tsukuba Sukuupɔn mu no penee so sɛ obedi adanse sɛ adansedi mu ɔbenfo wɔ Osaka Asɛnnibea Kɛse hɔ. Sɛ́ nhomasua ne mmara mu ɔbenfo no, ɔkyerɛɛ sɛnea sukuu no nneyɛe kyerɛe sɛ wonnwen afoforo ho bere a wɔne sukuufo no redi no. Kunihito Kobayashi daa ne nkate adi wɔ asɛnnibea hɔ, na ne nneyɛe a efi komam no kaa wɔn a na wɔwɔ asɛnnibea hɔ no koma. Bio nso, wɔ February 22, 1994 no, Kobe Mmara Fekuw a ɛkyerɛe sɛ sukuu no nneyɛe no sɛee ɔsom mu hokwan a Kunihito wɔ ne hokwan a ɔwɔ sɛ obenya nhomasua no, kamfo kyerɛe sɛ sukuu no nsan nnye no.

Bere dui sɛ wobebua asɛm no wɔ Osaka Asɛnnibea Kɛse hɔ no, Kristofo mmofra a na wɔn ho wom no nyinaa ho peree wɔn sɛ wɔbɛpere akosi awiei. Wɔtee nka sɛ wɔredi mmara mu apere ama Adansefo nkumaa mpempem pii a wohyia ɔsɛmpɔw koro no ara wɔ Japan sukuu ahorow nyinaa mu no. Nanso esiane sɛ wɔampam wɔn amfi sukuu no mu nti, na ɛda adi yiye sɛ, asɛnnibea no betwa wɔn asɛm no mu. Na na wotumi hu sɛ, sɛ wɔtwe wɔn adesrɛ no san a, wobesi sukuu no adeyɛ a ntease nnim a wɔde pam Kunihito no so dua. Enti, wɔn nyinaa, gye Kunihito, sii gyinae sɛ wobegyae asɛm no akyi di.

Wɔ December 22, 1994 no, Ɔtemmufo Panyin Reisuke Shimada a ɔwɔ Osaka Asɛnnibea Kɛse hɔ no sii gyinae de bɔɔ Kobe Mantam Asɛnnibea no atemmu no gui. Asɛnnibea no hui sɛ ntease a Kunihito de pow kendo no yɛ nea edi mũ, na nea ne nneyɛe a egyina ne som mu gyidi so ama wahwere no yɛ kɛse paa. Ɔtemmufo Panyin Shimada kae sɛ ɛsɛ sɛ anka sukuu no de dwumadi foforo si ananmu. Wɔn a na wodwen hokwan a nnipa wɔ ho no ani gyee atemmu a ɛfata yi ho. Nanso, sukuu no de asɛm no kɔdan Japan Asɛnnibea Kunini no, na ɛma wɔde nhomasua kamee Kunihito bɛboro afe bio.

Asɛm no Kɔ Asɛnnibea Kunini

Asɛm bi a epuee Kobe Shimbun atesɛm krataa mu no kaa akyiri yi sɛ: “Ɛsɛ sɛ anka Kobe Kurow mu Sukuu Bagua ne sukuu no gye Owura Kobayashi ba sukuu no mu bio saa bere no [bere a Osaka Asɛnnibea Kɛse no buaa asɛm no wiei no]. . . . Wɔn ntawntawdi su a ɛho nhia no ama ɔbarima bi ahwere ne mmerantebere mu bere titiriw bi.” Nanso, Kobe Tech soo saa asɛm yi mu denneennen. Enti, ɛbɛyɛɛ asɛmti a wɔbɔ ho amanneɛ wɔ atesɛm nkrataa mu wɔ ɔman no nyinaa mu. Akyerɛkyerɛfo ne sukuu mpanyimfo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa hui, na na gyinaesi a efi ɔman no mu asɛnnibea a ɛkorɔn sen biara hɔ no bɛyɛ mmara mu sɛnnahɔ kɛse ama nsɛm a ɛte saa daakye.

Wɔ January 17, 1995, bere a sukuu no de asɛm kɔdan Asɛnnibea Kunini no akyi bɛyɛ dapɛn biako no, Kobe asasewosow no kaa Ashiya Kurow, baabi a na Kunihito ne n’abusua te no. Saa da no anɔpa bɛyɛ nnɔnnum ne fã no, simma kakraa bi ansa na asasewosow no sii saa beae no, Kunihito, fii ne fie kɔɔ n’adwuma a ɔde bere fã yɛ no mu. Ná ɔte ne baesekre so nam ɔkwan a ɛda Hanshin Expressway ase no so, na bere a asasewosow no sii no, na afei na ɔrekɔ beae a ebubu gui no. Ɔkɔɔ fie ntɛm ara, na ohui sɛ ne fie a ɛyɛ aborɔsan no fã a edi kan no abubu koraa. Kunihito hui sɛ anka ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛhwere ne nkwa wɔ asasewosow no mu, na ɔdaa Yehowa ase sɛ ɔma onyaa ne ti didii mu. Sɛ owui a, anka akyinnye biara nni ho sɛ kendo asɛm no bɛba awiei a Asɛnnibea Kunini no remmua.

Mpɛn pii no, nsɛm a wɔde kɔdan a ɛwɔ krataa so nkutoo na Japan Asɛnnibea Kunini no yɛ mu nhwehwɛmu, na abu atɛn, sɛ́ ebia gyinae a asɛnnibea nketewa no sii no teɛ anaa ɛnteɛ no. Sɛ wonnyaa ntease titiriw bi a ɛbɛma wɔagyina so adan asɛnnibea ketewa no gyinaesi no a, wɔmfrɛ asɛm no. Asɛnnibea Kunini no nkyerɛ afanu no a wɔredi asɛm no bere ko a wobebua asɛm no. Enti Kunihito ho dwiriw no March 8, 1996 anɔpa, bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ wobebua asɛm no saa anɔpa no. Nea ɛyɛɛ no anigye kɛse ne sɛ ohui sɛ Asɛnnibea Kunini no agye Osaka Asɛnnibea Kɛse no gyinaesi no atom.

Atemmufo baanan, a Ɔtemmufo Shinichi Kawai da wɔn ano, no de adwenkoro buae asɛm no sɛ “ɛsɛ sɛ wobu ade a sukuu no yɛe no sɛ ɛmfata koraa wɔ nnyinasosɛm a nnipa nyinaa gye tom mu, na aman afi hokwan a ɛwɔ no ankasa ho ma abu mmara so.” Asɛnnibea no gyee nokwaredi a Kunihito de pow sɛ ɔmmfa ne ho nhyɛ kendo mu no toom, na ɛkae sɛ: “Ntease a enti nea wɔde asɛm no abɛdan atia no no amfa ne ho anhyɛ kendo mu no yɛ nea edi mũ na ɛne ne gyidi nnyinaso hyia.” Asɛnnibea Kunini no buae sɛ anka ɛsɛ sɛ sukuu no tumi de nneɛma foforo si ananmu na ama wɔakyerɛ obu wɔ nea wɔde asɛm no abɛdan atia no no som mu gyidi ho.

Mfaso a Ɛkɔ Akyiri

Akyinnye biara nni ho sɛ saa gyinaesi yi bɛyɛ nhwɛso pa a ɛfoa ɔsom mu ahofadi a ɛsɛ sɛ wonya wɔ sukuu ahorow mu so. The Japan Times kae sɛ: “Eyi ne atemmu a edi kan a Asɛnnibea Kunini no de ama wɔ nhomasua ne ɔsom mu ahofadi ho ɔsɛmpɔw no ho.” Nanso, gyinaesi no nnyi asɛyɛde a sukuuni abofra biara wɔ sɛ n’ankasa befi ahonim pa mu apaw ne gyinabea bere a ɔrehyia gyidi ho sɔhwɛ ahorow no mfi hɔ.

Ɔbenfo Masayuki Uchino a ɔwɔ Tsukuba Sukuupɔn mu no kae sɛ nneɛma a ɛkaa atemmufo no ma wobuu Kunihito bem no biako ne sɛ ɔyɛ “sukuuni nokwafo na n’adesua mu mmɔdenbɔ da nsow.” Bible no de afotu yi ma Kristofo a wohyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ no: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no’.” (1 Petro 2:12) Kristofo mmofra a wodi nokware betumi akyerɛ sɛ wɔn gyinabea a egyina Bible so no fata nkurɔfo nidi denam wɔn asetra nyinaa a wɔbɛma ɛne Bible nnyinasosɛm ahyia no so.

Wɔ Asɛnnibea Kunini no gyinaesi no akyi no, wɔsan gyee Kunihito Kobayashi wɔ Kobe Tech mu. Ná sukuufo a wɔne Kunihito kɔɔ sukuu bere koro no ara no mu dodow no ara awie dedaw. Seesei Kunihito ne sukuufo a wanyin sen wɔn mu biara mfe anum na wɔresua ade. Wɔ wiase mu nnipa pii ani so no, ɛte sɛ nea wahwere ne mmerantebere mu mfe anum a ɛsom bo. Nanso, Kunihito mudi mu kura no som bo wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so, na ɛda adi sɛ n’afɔrebɔ no renyɛ kwa.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwɛ October 8, 1995, Nyan! (Engiresi de) a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 10 kosi 14.

[Kratafa 20 mfonini ahorow]

Benkum so: Kunihito fie wɔ asasewosow no akyi

Ase hɔ: Kunihito nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena