Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
Afotu pa a ebetumi aboa okununom ne ɔyerenom ahyɛ Bible no ma. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ Onii a ɔhwɛ ma wɔkyerɛw Bible no ara na Ɔhyehyɛɛ aware.
BIBLE ka sɛnea aware te ankasa ho asɛm. Ɛka sɛ okunu ne ɔyere ho “behia wɔn” anaasɛ, sɛnea New English Bible de ba no, “wobedi yaw ne awerɛhow.” (1 Korintofo 7:28) Nanso, Bible san ka sɛ aware betumi ama wɔanya anigye kɛse mpo. (Mmebusɛm 5:18, 19) Ntease abien yi mmɔ abira. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔ ɔhaw a emu yɛ den nyinaa akyi no, awarefo betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom.
So w’aware nte saa? So ɛyaw ne abasamtu asɛe biakoyɛ ne anigye a bere bi na ɛwɔ mo ntam no? Sɛ mpo w’aware ayɛ nea enye mfe pii ni a, ebetumi asan ayɛ nea anigye wom. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wugye nokwasɛm no tom. Ɔbarima ne ɔbea a wɔnyɛ pɛ biara nni hɔ a wobetumi anya aware a ɛyɛ pɛ. Nanso, nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de asiesie nea asɛe no.
Bere a wokenkan eyi no, bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma pɔtee a ɛfa w’aware ho. Sɛ́ anka wode w’adwene besi wo hokafo no sintɔ ahorow so no, paw nyansahyɛ kakraa bi a wubetumi de adi dwuma, na di Kyerɛwnsɛm mu afotu no akyi. Wubehu sɛ anidaso kɛse wɔ hɔ ma w’aware no sen sɛnea wususuwii no.
Ma yenni kan nka suban ho asɛm efisɛ sɛnea wudwen wo hokafo no ho no ho hia kɛse.
Adwene a Wukura Wɔ Wo Hokafo no Ho
Sɛ w’aware bɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wunya wo hokafo no ho adwempa daa. Anyɛ yiye koraa no, Onyankopɔn yɛɛ aware nhyehyɛe no sɛ ɛbɛka nnipa baanu abom daa. (Genesis 2:24; Mateo 19:4, 5) Enti, abusuabɔ a ɛda wo ne wo hokafo ntam no nte sɛ adwuma a wubetumi agyae anaa ɔdan a wubetumi atu afi mu denam ɛho nhyehyɛe a wubebu so no so. Mmom no, bere a woreware no, wohyɛɛ bɔ bi a emu yɛ den sɛ wo ne wo hokafo no bɛtra daa, ɛmfa ho nea ɛbɛba biara. Wo hokafo no ho adwempa a wubenya no ne asɛm a Yesu Kristo kae bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no hyia sɛ: “Nea Onyankopɔn de abom no, mma onipa nntetew mu!”—Mateo 19:6.
Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Sɛ yɛda so ara te hɔ sɛ awarefo. So eyi nkyerɛ sɛ obiara dwene ne yɔnko ho?’ Ebetumi aba saa. Nanso, sɛnea yehui wɔ ɔfã a edi kan wɔ asɛm yi mu no, awarefo bi tra bom nanso ɔhaw ayɛ wɔn aware no ma, na ama wɔn aware no adan aware bɔne. Wo botae ne sɛ wobɛma w’aware ayɛ anigye, ɛnyɛ sɛ mobɛpene sɛnea ɛbɛyɛ biara so. Ɛsɛ sɛ wufi nokwaredi mu dwene wo hokafo no ho a ɛnyɛ sɛ aware nhyehyɛe no nti na woyɛ saa, na mmom sɛ woahyɛ bɔ sɛ wobɛdɔ no na woadi no ni nso.—Efesofo 5:33.
Nsɛm a woka kyerɛ wo hokafo no betumi akyerɛ sɛnea wodwene ne ho fa. Sɛ nhwɛso no, bere a akyinnye bi asɔre no, okununom ne ɔyerenom bi keka nsɛm te sɛ: “Megyae wo!” anaasɛ, “Merekɔhwehwɛ obi a n’ani gye me ho!” Sɛ ɔka nsɛm a ɛte saa a emfi ne komam mpo a, ɛkyerɛ sɛ ɔnnwene ne hokafo no ho, na onya aware a obegyae.
Sɛ ɔdɔ bɛba w’aware mu a, bɔ mmɔden sɛ wobɛkwati nsɛm a ɛte saa wɔ wo kasa mu. Sɛ nhwɛso no, so wubesiesie ɔdan bi mu bere a wunim sɛ worebetu afi mu no? Ɛnde, dɛn nti na wohwɛ kwan sɛ wo hokafo bɛhaw ne ho bere a onim sɛ aware no begu? Bɔ mmɔden kɛse sɛ wubesiesie nsɛm bere nyinaa.
Saa na ɔyere bi yɛe bere a ɔhaw baa ɔne okunu ntam no. Ɔka sɛ: “Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na mempɛ sɛ mihu no de, nanso mansusuw ho sɛ megyae aware. Ná yɛbɔ mmɔden sɛ yebesiesie nneɛma a asɛe no. Na nnɛ, wɔ mfe abien a yehyiaa ɔhaw a emu yɛ den akyi no, metumi aka no pen sɛ yɛasan anya anigye.”
Yiw, sɛ wɔbɛdwene wɔn ho no hwehwɛ sɛ wɔbɛbom ayɛ ade—ɛnyɛ sɛ wɔbɛtra faako ara kɛkɛ, na mmom, sɛ wɔn nyinaa bɛka abom adi botae koro ho dwuma. Nanso, ɛde besi ha yi, ebia mote hɔ sɛ awarefo esiane sɛ mote nka ara kwa sɛ ɛyɛ mo asɛyɛde nti. Sɛ saa a, mma w’abam mmmu. Mo aware no mu betumi asan ayɛ anigye. Ɔkwan bɛn so?
Wo Hokafo a Wubedi no Ni
Bible ka sɛ: “Wonni aware ni, ade nyinaa mu.” (Hebrifo 13:4; Romafo 12:10) Wɔkyerɛ Hela nsɛmfua a wɔde di dwuma wɔ ha sɛ ‘nidi’ no ase wɔ mmeae foforo wɔ Bible no mu sɛ “biribi a edi mu,” “ɛkorɔn,” na “ɛsom bo.” Sɛ yebu biribi sɛ ɛsom bo paa a, yɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛhwɛ so yiye. Ebia wunim sɛ ɛno te saa wɔ obi a watɔ kar foforo a ne bo yɛ den no fam. Ɔbɔ mmɔden sɛ ne kar a ne bo yɛ den no bɛyɛ fɛ na adi mu bere nyinaa. Sɛ biribi ketewa bi twi ho mpo a, etumi haw no kɛse! Saa ara na afoforo nso hwɛ wɔn akwahosan so yiye. Dɛn ntia? Efisɛ wɔdwene wɔn yiyedi ho, na enti wɔpɛ sɛ wɔbɔ ho ban.
Ma w’aware ho nhia wo saa ara na bɔ ho ban. Bible ka sɛ ɔdɔ ‘nya ade nyinaa mu anidaso.’ (1 Korintofo 13:7) Sɛ́ anka wobɛma w’abam abu—na ebia woasusuw sɛ biribi pa biara ntumi mma, na woaka sɛ “Na yɛnnɔ yɛn ho ankasa,” “Yɛwaree ntɛm dodo,” anaasɛ “Na yennim nea yɛreyɛ no,”—dɛn nti na wunnya anidaso sɛ nneɛma bɛyɛ yiye, na wommɔ mmɔden sɛ biribi pa bi bɛba, na womfa boasetɔ ntwɛn nea ebefi mmɔdenbɔ no mu aba? Aware ho ɔfotufo bi ka sɛ: “Mete sɛ wɔn a meboa wɔn no mu pii ka sɛ, ‘Mintumi nyɛ ho hwee bio!’ Sɛ́ anka wɔbɛpɛɛpɛɛ abusuabɔ no mu ahu mmeae a ehia nsakrae no, woyi mmɔdenbɔ biara ho adwene fi wɔn tirim ntɛm ara, na wonsusuw bo a wɔn mu biara som, osuahu a wɔanya, ne nkɔso a ebetumi aba daakye ho.”
Osuahu bɛn na wo ne wo hokafo susuw ho? Ɛmfa ho nsɛnnennen a ɛwɔ mo aware mu no, akyinnye biara nni ho sɛ mubetumi asusuw mmere a moadi pɛn, nneɛma a moatumi ayɛ, ne nsɛnnennen a muhyia no ho. Susuw saa mmere no ho, na kyerɛ sɛ w’aware ne wo hokafo no som bom ma wo denam mmɔden a wubefi wo komam abɔ ma mo abusuabɔ no ayɛ yiye so. Bible kyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn ani gye sɛnea awarefo ne wɔn ho di no ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ odiyifo Malaki bere so no, Yehowa kaa Israelfo okununom a na wɔyɛ wɔn yerenom ayayade na wogyina ade ketewaa bi so gyae wɔn no anim. (Malaki 2:13-16) Kristofo pɛ sɛ wɔn aware de nidi brɛ Yehowa Nyankopɔn.
Ntawntawdi—Ɛde Ɔhaw Ba Ɔkwan Bɛn So?
Ade titiriw a ɛma aware dan aware bɔne no yɛ tumi a okunu ne ɔyere ntumi nsiesie ntawntawdi no. Esiane sɛ nnipa baanu biara nsɛ wɔ nneyɛe mu nti, ɛtɔ mmere bi a, ntawntawdi bɛba aware biara mu. Nanso ebia awarefo a ntawntawdi ba wɔn ntam bere nyinaa no behu sɛ wɔn dɔ ano abrɛ ase mfe a abɛsen kɔ no. Ebi mpo a wɔbɛka sɛ, ‘Yɛmfata yɛn ho. Yɛko bere nyinaa!’
Nanso, ntawntawdi kakra a ɛba mo ntam no nkyerɛ sɛ moadi nkogu. Asɛm no ne sɛ, Ɔkwan bɛn so na mudi ntawntawdi ho dwuma? Wɔ aware pa mu no, okunu ne ɔyere no sua sɛ wɔbɛbɔ wɔn haw ho nkɔmmɔ, na ɛremma “wɔntan wɔn ho kokoam,” sɛnea ɔbenfo bi ka no no.
‘Tumi a Tɛkrɛma Wɔ’
So wo ne wo hokafo nim sɛnea mobɔ mo haw ho nkɔmmɔ? Ɛsɛ sɛ mo baanu nyinaa nya ɔpɛ sɛ mobɛyɛ saa. Nokwarem no, eyi gye ahokokwaw—biribi a ebetumi ayɛ den sɛ wubesua. Dɛn ntia? Ade biako ne sɛ, esiane sintɔ nti ɛtɔ mmere bi a yɛn nyinaa “fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Afei nso, wɔtetee ebinom wɔ afie a na awofo bo taa fuw wɔn ho mu. Sɛnea yɛbɛka no no, efi mfiase pɛɛ no, wɔtetee wɔn ma wogye dii sɛ abufuhyew a wɔda no adi ne atennidi yɛ nea asɛm biara nni ho. Abarimaa a wɔtete no tebea a ɛte saa mu no betumi anyin abɛyɛ ‘obufufafo ne obi a ɔwɔ bobɔne.’ (Mmebusɛm 29:22) Saa ara na abeawa a onyaa ntetee a ɛte saa no betumi abɛyɛ “ɔbea a n’ano yɛ yaw ne otutupɛfo.” (Mmebusɛm 21:19, The Bible in Basic English) Ebetumi ayɛ den sɛ wobeyi nsusuwii ne su a ɛte saa no afi ne mu.a
Enti, ntawntawdi a wobesiesie no hwehwɛ sɛ wobesua akwan foforo a wɔbɛfa so ada wɔn nsusuwii adi. Eyi nyɛ biribi a ɛda fam, efisɛ Bible abebusɛm bi ka sɛ: “Owu ne nkwa wɔ tɛkrɛma nsam.” (Mmebusɛm 18:21) Yiw, ɛte sɛ nea anibere nnim de, nanso sɛnea wokasa kyerɛ wo hokafo no betumi asɛe mo ntam abusuabɔ anaasɛ asiesie. Bible abebusɛm foforo ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.”—Mmebusɛm 12:18.
Sɛ mpo ɛte sɛ nea wo hokafo titiriw na mfomso fi no a, susuw nsɛm a woka bere a ntawntawdi asɔre no ho yiye. So wo nsɛm pira, anaasɛ ɛhyɛ nkuran? So ɛkanyan abufuw anaasɛ ɛma abufuw gyae? Bible ka sɛ: “Asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” Nanso, “mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” (Mmebusɛm 15:1) Nsɛm a ɛyɛ yaw—sɛ wɔka no bɔkɔɔ mpo a—ɛhwanyan abufuw.
Nokwarem no, sɛ biribi haw wo a, wowɔ hokwan sɛ wobɛda no adi. (Genesis 21:9-12) Nanso wubetumi ayɛ saa a wommɔ akutia, nyeyaw onipa no, na wummu no animtiaa. Hwɛ wo kasa yiye—nsɛm a ɛnsɛ sɛ woka kyerɛ wo hokafo bi ne “Metan wo” anaasɛ, ‘Mihui a anka manware wo.’ Ɛwom sɛ na ɛnyɛ aware ho asɛm pɔtee na Kristoni somafo Paulo reka de, nanso nyansa wom sɛ wobɛkwati “akyinnyegye” ne “mansotwe.”b (1 Timoteo 6:4, 5) Sɛ wo hokafo ka nsɛm a ɛte saa kyerɛ wo a, ɛnsɛ sɛ woka bi kyerɛ no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye wɔ wo fam a, hwehwɛ asomdwoe bere nyinaa.—Romafo 12:17, 18; Filipifo 2:14.
Nokwarem no, sɛ obi bo fuw a, ɛyɛ den sɛ ɔbɛhwɛ ne kasa yiye. Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ: “Tɛkrɛma nso yɛ ogya. Onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma.” (Yakobo 3:6, 8) Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ bere a wo bo fi ase fuw no? Ɔkwan bɛn so na wubetumi akasa akyerɛ wo hokafo ma ntawntawdi no abrɛ ase sen sɛ emu bɛyɛ den?
Akyinnyegye a Yɛbɛma Atwa
Ebinom ahu sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛbrɛ abufuw ase na wɔaka nneɛma a akɔfa ɔhaw no aba ho asɛm bere a wɔde adwene si wɔn nkate so sen sɛ wɔde besi wɔn hokafo no nneyɛe so no. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ka sɛ “Nea wokae no ahaw me” a, eye sen sɛ ɔbɛka sɛ “Woahaw me” anaasɛ, “Ɛsɛ sɛ anka woka biribi pa bi kyerɛ me.” Nokwarem no, sɛ woreda wo nkate adi a, nyɛ no abufuw anaa animtiaabu kwan so. Ɛsɛ sɛ woma ɛyɛ wo botae sɛ wobɛka ɔhaw no ho asɛm sen sɛ wobɛkasa atia onipa no.—Genesis 27:46–28:1.
Bio nso, kae bere nyinaa sɛ “koomyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:7) Sɛ nnipa baanu kasa bere koro a, wɔn mu biara ntie ne yɔnko de, na hwee mfi mu mma. Enti sɛ wo na ɛsɛ sɛ wutie a, yɛ ‘ntɛm tie, na yɛ nyaa kasa.’ Nea ɛho hia nso ne sɛ wobɛyɛ ‘nyaa afa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Mmu asɛm a ɛyɛ yaw biara a wo hokafo ka no aniberesɛm, na saa ara na “mma wo honhom mmpere abohuru ho.” (Ɔsɛnkafo 7:9) Mmom no, bɔ mmɔden hu nea enti a wo hokafo no kaa saa nsɛm no. Bible ka sɛ: “Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuw ase, na mfomso ho twa yɛ no anuonyam.” (Mmebusɛm 19:11) Nhumu betumi aboa okunu anaa ɔyere ma wahu dekode a ɛde ntawntawdi no aba.
Sɛ nhwɛso no, ebia sobo a ɔyere bi bɔ sɛ ne kunu nnya bere mma no no nyɛ bere ho asɛm. Ebetumi aba sɛ ɛfa ne nkate a wabu ani agu so anaa anisɔ a ɔnkyerɛ mma no ho kɛse. Saa ara na ebia yaw a okunu bi di fa ade a ne bo yɛ den bi a ne yere tɔe ho no nyɛ sika a ɔsɛee no nkutoo nti. Ebia na ɛfa sɛnea ɔte nka esiane sɛ ɔbea no ankyerɛ anisɔ amma ne gyinaesi no ho. Okunu anaa ɔyere a ɔwɔ nhumu no bɛfeefee asɛm no mu ahu nea ɛde ɔhaw no aba.—Mmebusɛm 16:23.
So eyi ka yɛ mmerɛw sen ne yɛ? Saa na ɛte! Ɛtɔ mmere bi a, ɛmfa ho mmɔden biara a mobɛbɔ no, mobɛka nsɛm bi a ɛmfata akyerɛ mo ho na ɛde abufuw aba. Sɛ wuhu sɛ eyi refi ase a, ebia ɛho behia sɛ wudi afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 17:14 no akyi: “Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.” Mfomso biara nni ho sɛ mubetu asɛm no ahyɛ da kosi sɛ abufuw no to betwa. Sɛ ɛyɛ den sɛ mubesiesie asɛm no a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ mobɛma adamfo bi a ne ho akokwaw abɛtra mu aboa ma moasiesie.c
Nya Adwene a Ɛfata
Sɛ w’aware anyɛ sɛ nea wohwɛɛ kwan bere a na moreyɛ nhyehyɛe no a, mma w’abam mmmu. Animdefo kuw bi ka sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na aware mu yɛ anigye. Ɛtɔ da a emu yɛ anigye, na ɛtɔ da bi nso a wodi awerɛhow.”
Yiw, ebia w’aware renyɛ sɛ nea wɔka ho asɛm wɔ nhoma a ɛka ɔdɔ ho asɛm mu no, nanso ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ɔhaw ayɛ no ma nso. Bere a ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo nyinaa gyina mo mu biara sintɔ ano no, ɛtɔ mmere bi nso a, mubetumi abu mo ani agu sintɔ ahorow so, na moatra ase abom anigye so, adi nkɔmmɔ sɛ nnamfo. (Efesofo 4:2; Kolosefo 3:13) Eyi ne mmere a ebia mubetumi akanyan mo dɔ a ano abrɛ ase no.
Kae sɛ, nnipa baanu a wɔnyɛ pɛ rentumi nnya aware a ɛyɛ pɛ. Nanso wobetumi anya anigye a ɛsɛ. Nokwarem no, sɛ nsɛnnennen sɔre mpo a, abusuabɔ a ɛda wo ne wo hokafo ntam no betumi ama moanya abotɔyam kɛse. Nokwasɛm bi ni: Sɛ wo ne wo hokafo nyinaa bɔ mmɔden kɛse na munya ɔpɛ sɛ mobɛyɛ nsakrae na obiara ahwehwɛ ne yɔnko yiyedi a, wubetumi anya anidaso sɛ w’aware betumi ayɛ yiye.—1 Korintofo 10:24.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ntetee a obi nya fi n’awofo hɔ no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔka nsɛm a epira kyerɛ ne hokafo. Nanso, ɛbɛboa ma yɛahu sɛnea su a ɛte saa betumi agye ntini wɔ obi mu na ayɛ den sɛ wobetu ase no.
b Wobetumi akyerɛ mfitiase Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mansotwe” no nso ase “abufuhyɛ.”
c Yehowa Adansefo wɔ asafo mu mpanyimfo a wɔbɛboa wɔn. Ɛwom sɛ ɛnyɛ mpanyimfo no asɛyɛde ne sɛ wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ awarefo nsɛm mu de, nanso wobetumi ayɛ awarefo no mmoa bere a wɔkɔ ahohia mu no.—Yakobo 5:14, 15.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
So wo nsɛm pira, anaasɛ ɛhyɛ nkuran?
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 10]
TOW BƆƆL NO BRƐOO
Bible ka sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” (Kolosefo 4:6) Ɛfata sɛ wɔde eyi di dwuma wɔ aware mu! Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Sɛ mode bɔɔl redi agoru a, wotow bɔɔl no sɛnea ɛbɛyɛ a onii a wo ne no redi agoru no betumi akyere a ɔmmrɛ ho. Wontow no ahoɔden so sɛnea ebepira no. Sɛ wo ne wo hokafo rekasa a, fa nnyinasosɛm koro no ara di dwuma. Nsɛm a epira a wobɛka no de ɔhaw na ɛbɛba. Enti, kasa brɛoo—na ma ɛho mmra nyam—na ama wo hokafo ahu nea worepɛ akyerɛ.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 11]
KAAKAE MO KAN ASETRA!
Kenkan nkrataa biara a wo nsa kae bere a atwam no. Hwɛ mo mfonini ahorow. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ɛmaa m’ani gyee me hokafo no ho? Ne su ahorow bɛn na m’ani gye ho kɛse? Anigyede bɛn na yenyaa mu kyɛfa? Dɛn na na ɛma yɛserew?’ Afei wo ne wo hokafo mmɔ eyinom ho nkɔmmɔ. Nkɔmmɔbɔ a wɔde asɛmmisa “So wokae bere a . . . ?” fi ase no betumi aboa wo ne wo hokafo ma moakaakae nneɛma bi a na moyɛ bere bi a atwam no.
[Adaka wɔ kratafa 12]
ƆHOKAFO FOFORO, ƆHAW KORO NO ARA
Awarefo bi a wɔte nka sɛ wɔde wɔn ho akɔhyɛ aware bɔne mu no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛware nipa foforo de afi asetra ase. Nanso Bible kasa tia awaresɛe, na ɛka sɛ obi a ɔyɛ saa bɔne yi “nni ti [“ɔyɛ gyennyentwi,” New English Bible]” na “ɔsɛe ne kra.” (Mmebusɛm 6:32) Nokwarem no, ɔwaresɛefo a ɔnkyerɛ ahonu no hwere Onyankopɔn anim dom—ɔhaw a ɛsen biara a ebetumi ato obi.—Hebrifo 13:4.
Agyimisɛm a ɛwɔ awaresɛe mu no da adi wɔ akwan foforo nso so. Ade biako ne sɛ, obi a ogyaw ne hokafo kɔfa foforo no behyia ɔhaw koro a ɛsɛee n’aware a edi kan no ɔkwan biara so. Ɔbenfo Diane Medved ka ade foforo a ɛsɛ sɛ wosusuw ho nso ho asɛm. Ɔka sɛ: “Ade a edi kan a wo hokafo foforo hu wɔ wo ho ne sɛ wonyɛ ɔnokwafo. Ohu sɛ ebetumi aba sɛ wodaadaa obi a wohyɛɛ no bɔ sɛ wubedi no nokware no. Wo ho akokwaw atorodi mu. Wubetumi abu wo bɔhyɛ so. Sɛ wuhu obi foforo a w’ani gye ne ho a, wubegya ne hɔ akodi n’akyi. . . . Ɛbɛyɛ dɛn na ɔhokafo foforo no ahu sɛ wonnaadaa ɔno nso?
[Adaka wɔ kratafa 14]
NYANSA A ƐWƆ BIBLE MU MMEBUSƐM MU
• Mmebusɛm 10:19: “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.”
Sɛ wo bo fuw a, anhwɛ a wobɛkasa ma atra so—na woanu wo ho akyiri yi.
• Mmebusɛm 15:18: “Obufufafo hwanyan atutuw mu, na abodwokyɛrefo pata akayɔ.”
Ɛda adi sɛ, nsɛm a ɛwowɔ bɛhyɛ wo hokafo abufuw, nanso abotare a wɔde tie asɛm no bɛboa mo baanu nyinaa ma moasiesie nsɛm.
• Mmebusɛm 17:27: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.”
Sɛ wuhu sɛ w’abufuw mu reyɛ den a, eye sɛ wobɛyɛ komm na ama woakwati ɔham biara.
• Mmebusɛm 29:11: “Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.”
Ahosodi ho hia. Abufuhyew a wode bɛkeka nsɛm a epira no bɛhyɛ wo hokafo no abufuw mmom.