Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban—1999 | February 15
    • agyede no? Bere tiaa bi ansa na wɔrekyere Yesu no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so.” (Yohane 14:23) Nea ɛka Yesu “asɛm” no ho ne n’ahyɛde a ɛne sɛ yɛmfa nsi nnya adwuma a edi so yi yɛ mu kyɛfa no: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19) Osetie a yɛbɛyɛ ama Yesu no nso hwehwɛ sɛ yebeyi ɔdɔ akyerɛ yɛn honhom fam anuanom.—Yohane 13:34, 35.

      21. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Nkaedi afahyɛ no bi wɔ April 1?

      21 Akwan a ɛsen biara a yebetumi afa so akyerɛ agyede no ho anisɔ no mu biako ne sɛ yɛbɛkɔ Kristo wu Nkaedi a afe yi, wobedi no April 1 no ase bi.a Eyi nso yɛ Yesu “asɛm” no fã, efisɛ bere a Yesu de afahyɛ no resi hɔ no, ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Yɛnam adeyɛ a ɛho hia sen biara yi a yɛbɛkɔ bi, ne nea Kristo hyɛe nyinaa a yebetie no yiye so bɛda no adi sɛ yɛwɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Yesu ne Onyankopɔn nkwagye kwan. Nokwarem no, ‘nkwagye nni obi foforo biara mu.’—Asomafo no Nnwuma 4:12.

  • Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ Da
    Ɔwɛn-Aban—1999 | February 15
    • Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ Da

      “Mommɔ ɔdom akyɛde a eye titiriw no ho mmɔden, na mɛkyerɛ mo ɔkwan a eye sen eyi maka ho.”—1 KORINTOFO 12:31.

      1-3. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ a wubesua sɛ wobɛda no adi no te sɛ kasa foforo bi a woresua? (b) Nneɛma bɛn na ebetumi ama ɔdɔ a wusua sɛ wobɛda no adi no ayɛ den?

      SO WOABƆ mmɔden da sɛ wubesua kasa foforo bi? Sɛnea ɛte biara no, ɛnna fam! Nokwarem no, abofra ketewa betumi asua kasa bi denam te a ɔtaa te so kɛkɛ. N’amemene kye nsɛmfua mu nnyigyei ne nea ɛkyerɛ no yiye, ma enti ɛnkyɛ koraa na ɔreka kasa no a ɔmmrɛ ho, ebia ɔka no hare so mpo. Ɛnte saa wɔ mpanyimfo fam. Yɛhwehwɛ kasa foforo no ho nsɛm wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu mpɛn pii, na ama yɛatumi abobɔ nsɛmfua atitiriw bi yiye kɛkɛ wɔ kasa foforo mu. Nanso, bere bi akyi no, bere a yɛn ho akokwaw ne ka mu kakra no, yefi ase susuw nneɛma ho wɔ kasa foforo no mu, na ne ka bɛyɛ mmerɛw koraa.

      2 Ɔdɔ a yesua sɛ yɛbɛda no adi no te sɛ kasa foforo a yesua ara pɛ. Ampa, saa Onyankopɔn su yi kakra wɔ nnipa mu. (Genesis 1:27; fa toto 1 Yohane 4:8 ho.) Nanso, sua a yebesua sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi no gye mmɔdenbɔ kɛse—titiriw ɛnnɛ a ɔdɔ nni hɔ yi no. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛtɔ mmere bi a eyi kɔ so wɔ abusua mu ankasa. Yiw, nnipa pii nyin wɔ tebea a enye mu a ɛyɛ den sɛ wɔbɛtaa ate nsɛm a ɔdɔ wom—sɛ wɔka bi mpo a. (Efesofo 4:29-31; 6:4) Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena