Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Biribiara Nsen Nokware no
    Ɔwɛn-Aban—1998 | January 1
    • Biribiara Nsen Nokware no

      Sɛnea G. N. Van Der Bijl Ka Kyerɛe

      Wɔ June 1941 mu no, wɔde me maa Gestapofo no ma wɔde me kɔɔ Sachsenhausen nneduaban a ɛbɛn Berlin, Germany no mu. Sɛ́ ɔdeduani a meto so 38190 no, metraa hɔ kosii April 1945 owu aperententu a agye dimmɔne no mu. Nanso ansa na mɛka saa nsɛm no, momma menkyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛe a mebɛyɛɛ deduani no mu.

      WOFII Wiase Ko I no ase wɔ 1914 mu bere tiaa bi akyi na wɔwoo me wɔ Rotterdam, Netherlands. Paapa ne adwumayɛkuw a wɔyɛ keteke ho adwuma na ɛyɛɛ adwuma, na na yɛn fie ketewa no bɛn keteke kwan no. Ɛrekɔ ɔko no awiei wɔ 1918 mu no, mihuu keteke pii a na wɔkyerɛ sɛ wɔde fa apirafo a na ɛde mmirika betwam. Akyinnye biara nni ho sɛ na asraafo a wɔapirapira wɔ akonno a wɔde wɔn rekɔ fie na wogu mu.

      Bere a midii mfe 12 no, migyaee sukuu kɔyɛɛ adwuma. Mfe awotwe akyi no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ po so hyɛn bi a wɔde fa nnipa mu sɛ aduan sohwɛfo, na mfe anan a edi hɔ no, midii Netherlands ne United States akɔneaba.

      Bere a yeduu New York po hyɛn gyinabea wɔ 1939 ahohuru bere mu no, na wiase ko foforo repempɛn so. Enti bere a ɔbarima bi bɛforoo yɛn hyɛn no na ɔmaa me Government nhoma a na ɛka trenee nniso bi ho asɛm no, mede anigye gyei. Bere a mesan kɔɔ Rotterdam no, mifii ase hwehwɛɛ adwuma wɔ asase kesee so, esiane sɛ na ɛte sɛ nea ɛpo so asetra ayɛ hu afei nti. Wɔ September 1 no, Germany tuu Poland so sa, na amanaman no fii Wiase Ko II ase.

      Bible mu Nokware a Misua

      Kwasida anɔpa bi wɔ March 1940 mu a na makɔsra me nuabarima warefo no, Yehowa Adansefo no mu bi bɔɔ ɔpon ano dɔn no. Meka kyerɛɛ no sɛ manya Government nhoma no bi dedaw na mibisaa no ɔsoro ne wɔn a wɔkɔ hɔ ho asɛm. Minyaa mmuae a emu da hɔ na ɛtɔ asom ma enti meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Nokware no ni.’ Mede m’address maa no, na metoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛsra me wɔ me fie.

      Bere a yɛasusuw Bible no ho akɔ akyiri wɔ nsrahwɛ abiɛsa pɛ akyi no, mifii ase dii Ɔdansefo no akyi wɔ afie afie asɛnka adwuma no mu. Bere a yeduu asasesin no mu no, ɔkyerɛɛ me faako a mimfi ase, na me nkutoo meyɛɛ adwuma. Saa na wɔkyerɛɛ abɛɛfo pii asɛnka adwuma no saa mmere no. Wɔhyɛɛ me nyansa sɛ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔrenhu me wɔ abɔnten no, bere biara a mede nhoma rema no, memfa mma wɔ ntwironoo mu. Ná ehia ahwɛyiye wɔ ɔko no mfiase.

      Adapɛn abiɛsa akyi wɔ May 10, 1940 no, Germany asraafo tuu Netherlands so sa, na Reich soafo panyin Seyss-Inquart de too gua May 29 sɛ wɔabara Yehowa Adansefo ahyehyɛde no. Ná yehyiam wɔ akuw nketewa nkutoo mu, na na yɛhwɛ yiye sɛ yɛremma obiara nhu faako a yehyiam no. Ade a na ɛhyɛ yɛn den titiriw ne ahwɛfo akwantufo nsrahwɛ.

      Ná menom sigaret yiye, na bere a memaa Ɔdansefo a ɔne me sua ade no sigaret na mihui sɛ ɔnnom no, mekae sɛ: “Merentumi nnyae sigaretnom da!” Nanso, ɛno akyi bere tiaa bi, bere a na menam abɔnten no, misusuwii sɛ, ‘Sɛ mɛyɛ Ɔdansefo a, ɛnde mɛpɛ sɛ meyɛ Ɔdansefo papa.’ Enti, mannom sigaret bio.

      Nokware no Afã a Migyina

      Wɔ June 1940 mu, bere a mihyiaa Ɔdansefo no wɔ me nuabarima fie akyi bɛyɛ asram abiɛsa no, meyɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne na wɔbɔɔ me asu. Asram kakraa bi akyi wɔ October 1940 mu no, mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu sɛ ɔkwampaefo. Saa bere no, wɔmaa me nea na wɔfrɛ no akwampaefo atade. Ná bɔtɔ a wɔde nhoma hyehyem pii wowɔ ho, na na wotumi hyɛ akataso gu so.

      Ɛkame ayɛ sɛ efi bere a Germanfo dɔm baa hɔ no mfiase no, wɔde wɔn ani sii Yehowa Adansefo so hwehwɛɛ wɔn kyeree wɔn. February 1941 anɔpa bi, na me ne Adansefo afoforo wɔ asɛnka mu. Bere a wɔkɔɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ afie no fã bi no, na me nso mereyɛ adwuma wɔ ɔfã foforo de hyia wɔn. Bere bi akyi no, mekɔ kɔhwɛɛ nea enti a wɔakyɛ, na mihyiaa ɔbarima bi a obisaa me sɛ, “So wo nso, wowɔ nhoma nketewa yi bi?”

      Mibuae sɛ, “Yiw.” Ɛhɔ ara na ɔkyeree me de me kɔɔ polisifo adwumayɛbea. Wɔde me toom bɛyɛ adapɛn anan. Ná mpanyimfo no mu dodow no ara anim tew. Bere dodow a wɔmfaa obi mmaa Gestapofo no, na obetumi ama wɔagyae no denam ne nsa a ɔde bɛhyɛ mpaemuka bi a wɔakyerɛw ase sɛ, ɔrenkyekyɛ Bible ho nhoma bio ara kwa so. Bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ memfa me nsa nhyɛ mpaemuka no ase no, mibuae sɛ: “Sɛ moma me gulden ɔpepem biako anaa abien mpo a, meremfa me nsa nhyɛ ase ara.”

      Bere a wɔde me toom nna kakra bi akyi no, wɔdan me maa Gestapofo no. Afei wɔde me kɔɔ Sachsenhausen nneduaban a ɛwɔ Germany no mu.

      Sachsenhausen Abrabɔ

      Bere a miduu Sachsenhausen, wɔ June 1941 mu no, na Adansefo bɛyɛ 150—a wɔn mu dodow no ara yɛ Germanfo—na wɔwɔ hɔ. Wɔde yɛn a yɛyɛ nneduafo foforo no kɔɔ nsraban no fã bi a wɔfrɛ hɔ Mate-me-ho. Ɛhɔ no, yɛn Kristofo anuanom hwɛɛ yɛn so siesiee yɛn maa nea ɛda yɛn anim no. Dapɛn biako akyi no, wɔde Adansefo foforo a wofi Netherlands nso faa po so bae. Mfiase no, wɔma yegyinaa faako wɔ asraafo atrae no anim fi anɔpa nnɔnson kosii anwummere nnɔnsia. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛsɛ sɛ da biara, nneduafo yɛ saa dapɛn biako anaa nea ɛboro saa.

      Ɛmfa ho atirimɔdensɛm a wɔde dii yɛn no, anuanom no huu hia a ehia denneennen sɛ wɔboaboa wɔn ho ano na wodidi honhom fam no. Da biara na wɔma obi dwumadi ma ogyina Bible kyerɛwsɛm bi so siesie ɔkasa bi. Akyiri yi, sɛ yɛkɔ faako a yɛbɔ gua hɔ a, Adansefo no kɔ onii ko no hɔ mmiako mmiako kotie nea wasiesie no. Ná wɔnam akwan horow so wia wɔn ho de nhoma ahorow fa sum ase ba nsraban no mu daa, na na yehyiam Kwasida biara sua Bible ho nhoma yi bom.

      Wɔfaa kwan bi so de Children nhoma a woyii no adi wɔ St. Louis ɔmantam nhyiam ase wɔ 1941 ahohuru bere mu wɔ United States no faa sum ase baa Sachsenhausen. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔrenhu nhoma no na wɔnsɛe no no, yeyiyii no mmiako mmiako de kyinkyinii anuanom no so sɛnea ɛbɛyɛ a obiara benya bi akenkan.

      Bere bi akyi no, mpanyimfo a wɔhwɛ nsraban no so no behui sɛ yɛyɛ nhyiam horow. Enti wɔkyekyɛɛ Adansefo no mu de wɔn koguu asraafo atrae ahorow. Ɛno ma yenyaa hokwan soronko a yɛde bɛka asɛm akyerɛ nneduafo afoforo no, na ne saa nti, Polandfo, Ukrainfo, ne afoforo pii begyee nokware no.

      Nasifo no ma ɛdaa adi pefee sɛ wɔbɛma Bibelforscher, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo, no agyae wɔn mudi mu anaa wobekunkum wɔn. Ne saa nti, na nhyɛso a ɛba yɛn so no mu yɛ den kɛse. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ yɛde yɛn nsa hyɛ mpaemuka bi ase po yɛn gyidi no a, wobegyae yɛn. Anuanom no bi fii ase susuwii sɛ, “Sɛ wogyaa me a, metumi ayɛ pii wɔ Yehowa som mu.” Ɛwom sɛ yɛn mu kakraa bi de wɔn nsa hyɛɛ ase de, nanso yɛn nuanom dodow no ara kuraa wɔn mudi mu ɛmfa ho ahokyere, animguase, ne ayayade no nyinaa. Yɛante wɔn a wogyaee mu siesiei no mu bi nka bio. Nanso anigyesɛm ne sɛ akyiri yi, ebinom yɛɛ nsakrae na wɔda so ara som sɛ Adansefo.

      Ná wɔtaa hyɛ yɛn ma yɛhwɛ atirimmɔdenne a na wɔyɛ nneduafo de twe wɔn aso, te sɛ mmaa 25 a wɔbɔ wɔn no. Da bi, wɔsɛnee mmarima baanan bi kum wɔn yɛn anim. Osuahu ahorow a ɛte saa no tumi nya obi so nkɛntɛnso ankasa. Onua tenten bi a ne ho yɛ fɛ a na ɔne me te asraafo atrae biako no ka kyerɛɛ me sɛ: “Ansa na mereba ha no, sɛ mihu mogya a, ntɛm ara na ade atɔ me so. Nanso afei de atii me.” Ɛwom sɛ etii yɛn de, nanso yɛanyɛ atirimɔdenfo. Nokwasɛm ni, mannya yɛn ataafo no ho adwemmɔne anaa ɔtan da.

      Bere a me ne kommando (asraafo adwumayɛ kuw) yɛɛ adwuma mmere kakra no, atiridii a ano yɛ den bɔɔ me ma wogyee me too ayaresabea. Oduruyɛfo yamyefo bi a ofi Norway, ne ɔyarehwɛfo bi a ofi Czechoslovakia, boaa me, na ebia wɔn ayamye no na egyee me nkwa.

      Owu Aperententu No

      Ebeduu April 1945 no, na ɛda adi sɛ Germanfo redi nkogu. Ná atɔe fam apamfo no fi atɔe fam repinkyɛn ntɛmntɛm, na na Sovietfo no nso fi apuei reba. Ná Nasifo no ntumi nkunkum nnipa ɔpehaha pii a na wɔwɔ nneduaban ahorow mu no mfa nna kakraa bi nsie wɔn, bere a obiara nhu akyi. Enti wosii gyinae sɛ wobekunkum wɔn a wɔyareyare no na wɔde nneduafo a aka no akɔ po so ahyɛn gyinabea a ɛbemmɛn hɔ no. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ sɛ wodu hɔ a, wɔbɛka wɔn nyinaa agu ahyɛn mu na wɔama ahyɛn no amem wɔ po so.

      Aperenten a nneduafo bɛyɛ 26,000 tu fii Sachsenhausen no fii ase April 20 anadwo. Ansa na yɛrefi nsraban no mu no, yeyii yɛn nuanom a wɔyareyare no fii ayarefo atrae. Yenyaa afiri bi a yɛde wɔn begu so apia wɔn akɔ. Ná yɛn nyinaa dodow yɛ 230, na na yefi aman ahorow asia so. Ná Onua Arthur Winkler a waboa adwuma no ntrɛwmu wɔ Netherlands no ka ayarefo no ho. Ná yɛn a yɛyɛ Adansefo no na yedi santen no akyi, na yɛkɔɔ so hyehyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran de gyinaa mu.

      Ahyɛase no, yetuu aperenten nnɔnhwerew 36 a yɛanhome. Bere a na menam no, ahohia ne ɔbrɛ maa medae koraa ne sa. Nanso na mintumi nnye me ho nka akyiri, anaa minnye m’ahome, efisɛ sɛ obi yɛ saa a, awɛmfo no bɛto no tuo. Edu anadwo a, na yɛda petee mu anaa wura mu. Ná aduan ho yɛ na. Bere a ɔkɔm no ano yɛɛ den no, metaforoo aduru a wɔde twitwiw sẽ a na Sweden Red Cross de ama yɛn no.

      Eduu baabi no, esiane sɛ na Germanfo awɛmfo no nhu faako a Russia ne U.S. asraafo dɔm no wɔ nti, yɛbɔɔ nsra wɔ wura mu, nnanan. Ná eyi yɛ asɛm papa efisɛ amma yɛannu Lübeck Bay bere ano ankɔfa ahyɛn a anka ɛde yɛn bɛkɔ yɛn asamando wɔ nsu mu no. Awiei koraa no, bere a yɛnantew twaa bɛboro kilomita 200 wɔ nna 12 akyi no, yeduu Crivitz Wood. Ná ɛne Schwerin, kurow a efi Lübeck kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 50 no, bɛn yiye.

      Ná Sovietfo no wɔ yɛn nifa, na na Amerikafo no wɔ yɛn benkum so. Atuo akɛse nnyigyei ne atuo a ɛpa gya a yehui no ma yebehui sɛ yɛabɛn akono. Germanfo awɛmfo no bɔɔ hu; ebi guanee, na afoforo sakraa wɔn asraafo ntade faa nneduafo ntade a na wɔayiyi afi wɔn a wɔawuwu no ho hyɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu wɔn. Bere a na nneɛma ayɛ basaa yi no, yɛn a yɛyɛ Adansefo no hyiaam bɔɔ mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ.

      Anuanom a na wodi anim no sii gyinae sɛ sɛ ade kye anɔpa tutuutu a, ɛsɛ sɛ yeguan de yɛn ani kyerɛ faako a U.S. asraafo no wɔ no. Ɛwom sɛ nneduafo no mu bɛyɛ fã a wofii owu aperententu no ase no wuwui anaa wokunkum wɔn wɔ kwan so de, nanso Adansefo no nyinaa nyaa wɔn ti didii mu.

      Canadafo asraafo bi de wɔn kar faa me kɔɔ Nijmegen kurow mu, faako a na me nuabea bi te. Nanso bere a miduu hɔ no, mihui sɛ watu afi hɔ. Enti misii so sɛ merenantew akɔ Rotterdam. Ɔkwan so no, me ti yɛɛ yiye nyaa obi kar ma ekosii me faako a na merekɔ pɛɛ.

      M’asetra Agyina Nokware no So

      Da a miduu Rotterdam pɛ na mibisaa akwampae adwuma hokwan bio. Adapɛn abiɛsa akyi no, na mewɔ me dwumadi mu wɔ Zutphen kurow mu, faako a mede afe ne fã a edi hɔ no somee. Saa bere no, mesan nyaa apɔwmuden bio. Afei wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo, sɛnea wɔfrɛ asomfo akwantufo. Asram kakraa bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ South Lansing, New York. Bere a miwiee sukuu no adesuakuw a ɛto so 12 wɔ February 1949 mu no, wɔmaa me dwumadi wɔ Belguim.

      Masom wɔ ɔsom adwuma no afã horow pii mu wɔ Belguim, a madi mu bɛyɛ mfe awotwe wɔ baa dwumadibea hɔ, ne mfe pii wɔ akwantu adwuma no mu sɛ ɔmansin ne ɔmantam sohwɛfo. Mewaree Justine, a ɔbɛyɛɛ m’akwantu adwuma no mu ɔhokafo, wɔ 1958 mu. Mprempren a merenyin yi, meda so ara nya anigye wɔ som a mitumi som nkakrankakra sɛ ɔhwɛfo kwantuni nsiananmu no mu.

      Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ me som adwuma no a, metumi aka no nokwarem sɛ: “Biribiara nsen nokware no.” Ampa, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma kɔ yiye. Mahu hia a ɛho hia sɛ misua biribi fi me mfomso ahorow mu. Enti sɛ me ne mmofra kasa a, metaa ka kyerɛ wɔn sɛ: “Mo nso mubetumi ayɛ mfomso ahorow na mpo, moayɛ bɔne a anibere wom, nanso monnkata so. Monka ho asɛm nkyerɛ mo awofo anaa asafo mu panyin bi, na monyɛ nsakrae horow a ehia.”

      Wɔ me mfe bɛyɛ 50 a madi wɔ bere nyinaa som adwuma no mu wɔ Belgium no, manya hokwan ahu wɔn a na bere bi minim wɔn sɛ mmofra, a wɔresom sɛ asafo mu mpanyimfo ne amansin so ahwɛfo. Na mahu ɔman no mu Ahenni adawurubɔfo 1,700 anaa nea ɛte saa a wɔanya nkɔanim akodu bɛboro 27,000.

      Mibisa sɛ, “So asetra kwan bi wɔ hɔ a nhyira wom sen sɛ obi bɛsom Yehowa?” Ebi mmaa da, na mprempren ebi nni hɔ, na ebi nso remma da. Me mpaebɔ ne sɛ Yehowa bɛkɔ so akyerɛ me ne me yere kwan na wahyira yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi akɔ so asom no daa.

      [Kratafa 26 mfonini]

      Me ne me yere, wɔ yɛn aware akyi pɛɛ wɔ 1958 mu

  • ‘Monyɛ Amanaman Nyinaa Mufo Asuafo’
    Ɔwɛn-Aban—1998 | January 1
    • ‘Monyɛ Amanaman Nyinaa Mufo Asuafo’

      “ENTI monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mufo asuafo, na mommɔ wɔn asu wɔ Agya no ne Ɔba no ne honhom kronkron no din mu.” Eyi ne sɛnea New World Translation no kyerɛ Yesu ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19 no ase. Nanso, nkurɔfo akasa atia nkyerɛase yi. Sɛ nhwɛso no, nyamesom nhomawa bi kyerɛ sɛ: “Sɛnea wobetumi akyerɛ Hela asɛm no ase ara ne: ‘Monyɛ amanaman nyinaa asuafo!’” So eyi yɛ nokware?

      Nkyerɛase yi, “Monyɛ amanaman nyinaa asuafo” no pue wɔ Bible nkyerɛase pii mu, na ɛyɛ Hela de no a wɔakyerɛ ase tẽẽ. Ɛnde, dɛn na wogyina so kyerɛ ase sɛ, “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa mufo m’asuafo na mommɔ wɔn asu”? Nea na wɔreka ho asɛm wɔ hɔ no. Ɛda adi pefee sɛ asɛm “mommɔ wɔn asu” no fa nnipa ho na ɛnyɛ aman. Germanni nhomanimfo Hans Bruns ka sɛ: “Asɛm ‘wɔn’ no nkyerɛ aman (Hela no ma nsonsonoe no da adi pefee), na mmom nkurɔfo a wɔwɔ aman no mu.”

      Afei nso, ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea wodii Yesu ahyɛde no ho dwuma no ho. Ɛdefa Paulo ne Barnaba som adwuma wɔ Derbe, kurow bi a ɛwɔ Asia Kumaa ho no, yɛkenkan sɛ: “Wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ kurom hɔfo na wɔdan nnipa bebree asuafo no, wɔsan kɔɔ Listra ne Ikonion ne Antiokia.” (Asomafo no Nnwuma 14:21) Hyɛ no nsow sɛ Paulo ne Barnaba anyɛ Derbe kurow no asuafo na mmom nkurɔfo a na wɔte Derbe no mu bi.

      Saa ara nso na ɛdefa awiei bere no ho no, Adiyisɛm nhoma no anhyɛ nkɔm sɛ aman mũ bɛsom Onyankopɔn, na mmom “nnipakuw kɛse . . . a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” na wɔbɛyɛ saa. (Adiyisɛm 7:9; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Enti, New World Translation no ayɛ ‘Kyerɛw nyinaa a efi Nyankopɔn home mu’ no nkyerɛase a edi mũ.—2 Timoteo 3:16.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena