Wɔde ma dwonkyerɛfo. “Nsɛe me.” Dawid dwom. Miktam.
58 Moayɛ dinn yi, mubetumi aka trenee ho asɛm ni?+
Mubetumi abu atɛn, trenee mu, O mo nnipa mma?+
2 Mmom, amumɔyɛsɛm nko ara na mode mo koma di wɔ asase so,+
Na mode mo nsa bɔ kwan ma awudisɛm!+
3 Nnebɔneyɛfo yɛ akɔntɔnkyefo fi awotwaa mu;+
Wɔyera kwan fi ɔyafunu mu tɔnn;
Wodi atoro.+
4 Wɔn bɔre te sɛ ɔwɔ bɔre,+
Wɔte sɛ ɔprammiri a wasisiw n’aso,+
5 A ontie kaberɛkyerefo nne,+
Bere a onyansafo de nkonyaa akyekyere no mpo.+
6 O Onyankopɔn, tutu wɔn sẽ fi wɔn anom.+
Bubu gyata abogye, O Yehowa.
7 Ma wɔnyera sɛ nsu a ɛyow;+
Ma onkuntun n’agyan mu bere a wɔhwehwe ase no.+
8 Wɔnantew sɛ nwaw a ɔrewu;
Wɔte sɛ ɔba a ne maame apɔn no; wɔrenhu owia da.+
9 Ansa na mo nkuku bɛte nnɛnkyɛnse gya nka no,+
Ɔbɛsoa momono ne nea ɛrehyew no nyinaa akɔ sɛ ahum.+
10 Ɔtreneeni bedi ahurusi sɛ wahu aweredi.+
Ɔbɛhohoro ne nan ho wɔ ɔdebɔneyɛfo mogya mu.+
11 Na adesamma bɛka sɛ:+ “Ampa ara, akatua wɔ hɔ ma ɔtreneeni.+
Ampa ara, Onyankopɔn bi wɔ hɔ a obu atɛn asase so.”+