Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 1/1 kr. 25-29
  • Ani Gye A Wɔde Tɔ Wɔn Bo Ase Wɔ Mfinimfini Fam Apuei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ani Gye A Wɔde Tɔ Wɔn Bo Ase Wɔ Mfinimfini Fam Apuei
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • “Nea Eye wɔ Ho”
  • “Yehowa Din Gyee Me Nkwa”
  • “Yehowa Ahobammɔ Twaa Yɛn ho Hyiae”
  • Wɔde Mmoa a Ɛho Hia Ntɛm Ma!
  • “Moyɛ Nnipa Bɛn”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 1/1 kr. 25-29

Ani Gye A Wɔde Tɔ Wɔn Bo Ase Wɔ Mfinimfini Fam Apuei

Amanneɛbɔ a ɛkanyan anigye yi fi Yehowa Adansefo a wɔwɔ Lebanon hɔ

YƐN 1990 ɔsom afe no fii ase no na wɔretotow atuo akɛse gu basabasa wɔ Beirut. Afei fi September 1989 awiei kosi January 1990 mu no, ɛhɔ dwoe.

Wɔ saa asram no mu no, sɛ wɔde toto 1989 ɔsom afe no mu adawurubɔfo dodow 2,467 no ho a, wobuu akontaa sɛ wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛkyɛn biara 2,659 (November mu). Wɔbɔɔ nnipa aduanan anan asu, na sɛ wɔkyekyem a, nnipa 65 nyaa akwampaefo aboafo dwumadi no mu kyɛfa ɔsram biara. Bere a edi kan mu no, wobuu Bible adesua bɛboro 2,000 ho akontaa, na yefii ase hwɛɛ nea yebetumi ayɛ daakye no kwan.

Nanso ɔko no fii ase bio wɔ Beirut Apuei Fam, faako a asafo ahorow dodow no ara wɔ, na na ɛsɛ sɛ yɛn nuanom no pii guan kɔ ɔman no mmeae afoforo. Nna pii twaam a na yɛntee asafo ahorow a wɔwɔ mmeae a ɔko no sii hɔ no nka ɛ, na yɛn nsa anka asɛnka dwumadi akontaabu no nyinaa. Nanso anuanom a wɔabɔ apete no kɔkaa asafo ahorow a ɛwɔ faako a woguan kɔe no ho, na afie afie asɛnka dwumadi no kɔɔ so ma nnepa fii mu bae wɔ ɔman no mu nyinaa. Saa bere no mu no, atuo akɛse a wɔtotowee no maa yɛn nuanom pii afie hyewee anaasɛ ɛsɛee. Onuawa biako hweree ne nkwa.

Yɛde ahotoso hwɛɛ mmoa ne akwankyerɛ kwan fii Yehowa hɔ. Akwampaefo akokodurufo tuu wɔn ho mae sɛ wɔde honhom fam nneɛma, ne aduan ne nsu, bɛkɔ akɔma yɛn nuanom a wɔwɔ mmeae a wɔaka wɔn ahyem no. Ɔdɔ ma Yehowa ne anuanom no kaa wɔn ma wɔde wɔn nkwa too asiane mu de faa akwan a atopae hyehyɛ asase no mu so. Bere a nkurɔfo huu mmoa a na wɔde rema yɛn nuanom no mmusua horow no, ɛyɛɛ adansedi fɛfɛ. Wohuu nea ɔdɔ betumi ayɛ bere a nnipa nyinaa de biakoyɛ som nokware Nyankopɔn koro, Yehowa no.​—Yohane 13:34, 35; 15:13.

Ɔsom afe no mu no, yɛn nsɛmma nhoma no biako pɛ po ampa yɛn nuanom no ti so da. Te sɛ Ɔwɛn Aban no, wofii ase tintimii Arabic kasa mu Nyan! nsɛmma nhoma no ne Enyiresi de no wɔ bere koro mu, na nea wɔde dii kan ne January 8, 1990 de no. Adansefo ne anigyefo ani gye boroo so. Ná ɛyɛ anigye nso sɛ wobehu nhoma afoforo a woyii no adi wɔ Arabic kasa mu, te sɛ nhomawa Should You Believe in the Trinity? ne nhoma The Bible​—God’s Word or Man’s? ne Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm.

Wɔde saa honhom mu akyɛde horow yi mae, a nnwuma pii a wɔtotoom wɔ Beirut no mfa ho. Sikasɛm tebea asɛe wɔ ɔman no mu nyinaa. Mmeae pii no, na wonni anyinam ahoɔden nkanea ne nsu, na telefon nyɛ adwuma. Afei ma yɛn nuanom no mu bi nka sɛnea wɔanya anigye bere a wogyina ɔko a akɔ so mfe 15 mu ɔhaw ahorow ano no ho asɛm.

“Nea Eye wɔ Ho”

Onua barima bi a ɔwɔ Beirut kyerɛw sɛ: “Edi kan koraa no, mifi koma nyinaa mu de aseda ma Yehowa sɛ wabɔ yɛn ho ban wɔ n’ahyehyɛde a ɛde ɔsom kronn ma no no mu, a tebea horow a emu yɛ den a yɛahyia nyinaa mfa ho. Nsɛm a esisii nnansa yi ara mu no, minyaa osuahu ahorow bi a ɛmaa m’ani gyei, na mibu no sɛ ɛyɛ ade a eye wɔ ɔko no ho.

“Bere a atuototow no mu yɛɛ den no, yɛne afipamfo tratraa atrapoe no so, efisɛ na ɛhɔnom ne beae a ahobammɔ kɛse wɔ bere a wɔretotow atuo akɛse no. Ná yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm bere nyinaa sɛ ɛno nkutoo ne adesamma ɔhaw ahorow ano aduru, na na yɛtaa bɔ yɛn Nyankopɔn, Yehowa mpae. Obiara behuu eyi.

Ɛtɔ mmere bi a, atuo akɛse totow no kɔɔ so nna bi, a na yentumi nkɔ nhyiam. Enti mede Ɔwɛn Aban nsɛmma nhoma no kɔ kɔtraa atrapoe no so suae. Ɛno kanyan yɛn afipamfo no bi anigye. Ná Yehowa Adansefo a yɛyɛ nti, wɔn mu binom ne yɛn nkasa. Nanso bere a aprɛm boba bi sɛee yɛn fie no, ɔdɔ a yɛn nuanom daa no adi no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Afei de na wɔpɛ sɛ wɔne yɛn kasa. Ɛno maa yetumi ma wɔkraa Nyan! no.

“Osuahu ahorow yi ma misii me bo sɛ mɛkɔ so aka nokware no ho asɛm. Yehowa fata yɛn ɔsom nyinaa ne yɛn nidi nyinaa ne anuonyam nyinaa.”

“Yehowa Din Gyee Me Nkwa”

Onuabarima bi a ofi Ras Beirut Asafo mu ka sɛ: “Me ne me yere, ne yɛn mmabarima nkumaa baanu de afie afie asɛnka adwuma na efii ɛda no ase wɔ Beirut ɔfa a ɛwɔ atɔe fam no mu. Awia bere mu no, yɛyɛɛ nhyiam bi wɔ Enyiresi kasa mu wɔ me fie. Wɔbɔɔ anwummere nnɔnsia no, na ade asa. Ná wɔn a wɔnenam abɔnten no yɛ mmarima a wokurakura atuo nkutoo. Ná wɔretotow atopae. Ná wɔn a wɔte ofie a yɛwɔ mu no mu pii aguan. Ná nsu anaa anyinam ahoɔden akanea nni hɔ. Afei yɛtee sɛ wɔrebɔ ɔpon no mu.

“Esiane sɛ me yere susuwii sɛ ebia ɛbɛyɛ yɛn afipamfo no bi a ɔhwehwɛ nsu anaa abodoo nti, ohiɛɛ ɔpon no. Ná ɛyɛ mmarima a wokurakura atuo baanan na wogyina ɔpon no akyi. Wɔde wɔn atuo no kyerɛɛ me yere so na wɔde me din bisaa me ase. Saa nnawɔtwe no mu no, na wɔnam saa kwan yi so akɔfa mmarima baakron afi wɔn fie akokum wɔn ntɛm ara. Bere a mmarima a wokurakura atuo no huu me no, wɔde wɔn atuo no kyerɛɛ me ti na wɔhyɛɛ me sɛ me ne wɔn nkɔ. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Me ne mo bɛkɔ. Nanso momma minni kan nsiesie me ho.’ Mifi koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae, srɛɛ ne hɔ mmoa. Mebɔɔ mpae wiei no, m’akomatu no ano brɛɛ ase na mifii ase buu mmarima a wokurakura atuo na wɔn ho yɛ hu yi sɛ nnipa ara kwa. Ná mitumi ne wɔn kasa a minsuro.

“Mibisaa wɔn sɛ: ‘Dɛn na mohwehwɛ afi me nkyɛn? Momma yenni nkɔmmɔ kakra wɔ fie ha ansa na yɛakɔ.’ Yeduu asa so hɔ no, wɔn panyin no bisaa me sɛ: ‘Tumi bɛn na wowɔ sɛ wohyɛn afie mu na woka asɛm kyerɛ nkurɔfo?’ Mibuae sɛ: ‘Wode tuo hyɛ nnipa ma wɔyɛ nea wopɛ, na obiara nsiw wo kwan. Mikura asomdwoe asɛmpa a Yesu hyɛɛ yɛn sɛ yɛnka ho asɛm no.’ Afei mekyerɛkyerɛɛ Yehowa Adansefo gyidi horow ne wɔn adwuma no mu kyerɛɛ wɔn. Mebɔɔ edin Yehowa no ara pɛ, wɔkae sɛ: ‘Ɛdɔɔso ara ma yɛn sɛ yebebisabisa wo nsɛm wɔ ha. Ɛho nhia sɛ yɛde wo kɔ.’ Ɛda adi sɛ na wɔn mu biako nim onua bi. Ɔkae sɛ: ‘Oyi te sɛ Jarjoura.’

“Yɛde bɛyɛ dɔnhwerew biako ne fã dii mmarima a wokurakura atuo yi adanse na yɛmaa wɔn nsemmisa ho mmuae. Afei, sɛ anka wɔde me bɛhyɛ wɔn kar no akyi de me akɔ sɛnea wɔyɛɛ afoforo no, wɔpaa me kyɛw, few m’afono ho, ka kyerɛɛ me sɛ bere biara a mehia mmoa no, wɔbɛboa me, na wofii hɔ kɔe. Saa bere yi nyinaa no, metee Yehowa ahobammɔ nka. Afie afie adwuma no mu kyɛfa a minyae saa anɔpa no ne nhyiam a mekɔe awia no hyɛɛ me den ma migyinae pintinn. Nokwarem no, Yehowa din gyee me nkwa.”​—Mmebusɛm 18:10.

“Yehowa Ahobammɔ Twaa Yɛn ho Hyiae”

Onuabarima foforo bi fi Beirut kyerɛw nea edi so yi: “Ná ɛyɛ Wukuda, January 31, 1990. Bere a me ne me nuabarima reyɛ adwuma wɔ onuawa bi fie no, ɔko no fii ase bio. Wɔtotow atopae wɔ baabiara. Esiane sɛ na ɔko no mu yɛ den no nti, yɛantumi ansan ankɔ fie. Onuawa no som yɛn yiye, ɛwom mpo sɛ na abodoo asinasin kakraa bi pɛ na ɔwɔ de.

“Me yere ho asɛm haw me yiye efisɛ na ɔyɛ Philipineni, na na onhuu sɛnea ɔko no mu basabasayɛ no te. Nanso, ne nnanu so no, mitumi fii hɔ kɔɔ me fi. Ná wɔde nkongua pii asisiw abɔnten kwan no, nanso ɛnam Yehowa mmoa so no, na hwee nyɛɛ m’abusua no ɛ. Ɛhɔnom dwoe kakra akyi no, wofii ase totow atuo akɛse no bio. Yekohintawee onua bi a ne fie bɛn yɛn de fie. Ná yɛyɛ baanum​—me yere, me babarima a wadi mfe abien, me, me nuabarima, ne ne yere. Wɔtotow atopae, ne atuo akɛse wɔ faako a yɛwɔ no, nanso Yehowa ahobammɔ twaa yɛn ho hyiae. Nnanu a wɔde totow atuo akɛse twaam, bere a yɛkɔɔ so daa fam a atuo no mu wusiw ahyɛ yɛn hwenem ma no.

“Bere a yɛretie atuo a wɔretotow no nnyigyei no, yɛkae Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 18:1-9, 16-22, 29, 30 no. Wɔ saa mmere a emu yɛ den no mu no, na yɛwɔ anigye, na na yebetumi aserew, a nea ɛrekɔso no nyinaa mfa ho. Yɛbɔɔ Yehowa mpae sɛ sɛ ɛba sɛ yebewu a, yenwu bɔkɔɔ a yenhu amane. Ná owusɔre ho anidaso a yɛwɔ no mu yɛ den.

“Ná ɛda a edi hɔ no yɛ nwonwa. Atopae bɛyɛ 25 bɛtotɔɔ baabi a ɛbɛn ofie a yɛakohintaw mu no, nanso yɛn mu biako mpo ampira. So wubetumi de w’ani abu yɛn atenka, bere a yɛtee Yehowa ahobammɔ nka no? Ade kyee anɔpa no, yesii gyinae ntɛm ara sɛ yebeguan afi hɔ. Ná me kar nkutoo ne nea ɛwɔ abɔnten so hɔ a ɛnhyewee. Mekaa kar no faa atopae a wɔde asie asase mu ne nea wɔretotow no mu, na ɛnam Yehowa mmoa so no, yetumi guan kɔɔ baabi a ɛhɔ dwo kakra sen yɛn hɔ. Yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no fi ɔdɔ mu maa yɛn ntade, aduan, ne sika.

“Ɔhaw ahorow no nyinaa akyi no, na yɛte anigye nka efisɛ na Yehowa ka yɛn ho. Ná ɛte sɛ nea wasoma n’abɔfo sɛ wɔmmɛhwɛ na atopae no anka yɛn. (Dwom 34:7) Yiw, na yɛn anigye no so. Nanso yɛn anigye bɛyɛ kɛse asen saa bere a yɛatwa Harmagedon akyi no.”

Wɔde Mmoa a Ɛho Hia Ntɛm Ma!

Beirut mmeae bi yɛe te sɛ nea asasewosow asi hɔ. Na yɛn nuanom pii afie asɛsɛe. Asɛnnennen a ɛbae nnansa yi sɔree no, Baa Boayikuw no hyehyɛɛ mmoa a ɛho hia ntɛm boayikuw bi na wɔahwɛ adi anuanom ahiade ahorow ho dwuma. Wofii ase yɛɛ adwuma February 16, 1990, bere a na afei yebetumi akɔ mmeae a ɔko no asɛe hɔ no pɛpɛɛpɛ. Ná saa boayikuw yi dwumadi no yɛ ahorow abiɛsa: wɔde honhom mu nkuranhyɛ bɛma anuanom; ama wɔn sika, aduan, ne nsu a wohia; aboa wɔn ma wɔasiesie wɔn afie anaasɛ wɔasan asi no foforo.

Ná ɛho nhia sɛ wɔfrɛ wɔn a wobetu wɔn ho ama abɛyɛ adwuma. Da biara anɔpa tutuutu no, pii ba bɛboae. Wɔn a wɔboaa wɔn no nsɛm a wɔkae bi na edidi so yi:

Bere a wɔresiesie onuawa bi fie no, ɔkae sɛ: “Mate mmoa a anuanom de ma bere a asiane bi asi no ho asɛm. Afei de, mihu na mete nka.” Ɔbea Kramoni bi a ɔyɛ onuawa yi fipamfo no mpo ka kyerɛɛ no sɛ: “Mododɔ mo ho mo ho ampa. Mo som no na ɛyɛ nokware. Afei de meguan akɔ m’akuraa akɔka nea moreyɛ wɔ ha no ho asɛm akyerɛ obiara.” Ofipamfo yi brɛɛ adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama no aduan.

Onuawa bi a ne mfe akɔ anim kae sɛ: “Ná mehwɛ kwan sɛ mobɛba abɛsra me, nanso manhwɛ kwan sɛ Asafo no bɛsoma obi na wabrɛ me nsu.” Bere a ɔrefew onua a ɔbɛboaa no no afono ho no, na ɔresu.

Wɔkɔsraa abusua bi a emufo yɛ baasa ​—okunu ne ɔyere a wɔyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu ne wɔn babarima kumaa​—na wɔmaa wɔn nufusu adaka kɛse biako, bodobodo, nsu a wɔnom, ne sika. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Yehowa Adansefo na ayɛ nhyehyɛe yi no, okunu no kae sɛ: “Mede mfe 11 kɔɔ Evangelical Asɔre no, na na mebɔ mmɔden yiye. Nanso wɔ mfe 15 a wɔde ako wɔ Lebanon yi nyinaa mu no, wonsusuwii da sɛ wɔbɛyɛ biribi te sɛ eyi ama wɔn asɔre mma no.” Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Eyi ne Onyankopɔn ahyehyɛde ampa.” Wɔbɔɔ okunu no ne ne yere no asu nhyiam bi ase wɔ May 1990 mu.

Ɔpanyin biako kae sɛ: “Yentumi mfa nsɛm nna mo ase wɔ ɔdɔ nnwuma a moyɛ maa anuanom a asɛm too wɔn no ho. Bere a mihui sɛ anuanom nkumaa a wɔatu wɔn ho ama resan asi m’awofo fie no, m’ani gyee ho araa ma misui. Yɛn afipamfo a wɔnyɛ Adansefo no mpo kyerɛɛ ho anisɔ. Nokwarem no, yɛda Yehowa ne n’ahyehyɛde no ase wɔ mmoa a wɔde ama no ho. Hwɛ sɛnea Odwontofo no nsɛm a ɛwɔ Dwom 144:15 no yɛ nokware fa: ‘Anigye ne ɔman a Yehowa ne wɔn Nyankopɔn.’”

“Moyɛ Nnipa Bɛn”

Onuawa bi a ɔwɔ abusua kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ mema muhu m’anisɔ kɛse ma ɔdɔ a Yehowa ne n’ahyehyɛde no wɔ no. Atuo akɛse pii bɛbobɔɔ me fie ma ɛhyewee. Pii ka kyerɛɛ yɛn sɛ wontumi nsiesie. Nanso, ɛno na esi hɔ a wɔasiesie koraa te sɛ ɛnyɛɛ hwee ɛ, a afie a wɔahyew no asɛe no ɔhaha pii atwa ho ahyia wɔ yɛn borɔn so yi.

“Yɛn afipamfo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no mpo bisa sɛ: ‘Ɔdɔ yi fi he? Moyɛ nnipa bɛn? Henanom ne ankorankoro yi a wɔde nsi yɛ adwuma sɛɛ na wɔnyɛ basabasa na wobu ade yi? Nhyira nka Onyankopɔn a wama moanya ɔdɔ ne afɔrebɔ honhom a ɛte sɛɛ yi no.’ Hwɛ sɛnea nsɛm a ɛwɔ Dwom 84:11, 12 no fata: ‘Na Yehowa Nyankopɔn yɛ owia ne kyɛm; ɔma ɔdom ne anuonyam. Yehowa mfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no. Asafo Yehowa, anigye ne onipa a ɔde ne ho to wo so.’”

Ɔbarima bi a ne yere ne ne mma yɛ Yehowa Adansefo kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ meda mo ase wɔ yɛn fi a mosiesiei de boaa yɛn no ho. Mo adwuma no daa Kristofo nokware dɔ a ɛho yɛ na nnansa yi no adi. Ɛmmra sɛ Onyankopɔn behyira mo mmɔdenbɔ so.”

Wosiesiee ɔpanyin biako fi wiei akyi no, ɔkae sɛ: “Yɛn ano ntumi nka nea ɛwɔ yɛn koma mu. Yentumi nnya nsɛm a yɛde bɛka Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho anisɔ a yɛwɔ no ho asɛm akyere mo. Yɛtee sɛnea Yehowa bɛn yɛn no nka wɔ yɛn haw no mu. Mo dɔ no ahyɛ m’abusua no mufo nyinaa nkuran sɛ wobenya kyɛfa wɔ mmoa a wɔde ma afoforo a wohia mmoa no mu.”

Nnipa 194 na wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma no April mu wɔ Lebanon. Nkaedi anadwo no mu yɛɛ dinn sen anadwo afoforo, na wɔyɛɛ Nkaedi no ma nnipa 5,034 baa ase. Ɔman no mu basabasayɛ nyinaa akyi no, yɛyɛɛ nhyiam a wɔyɛɛ ho nhyehyɛe no nyinaa, na nnipa a wɔbɔɔ wɔn asu afe no mu dodow ano si 121. Mmusua pii a wɔwɔ asafo ahorow no mu nyinaa fii ɔman no mu koraa. Nanso afoforofo a wɔyɛ anigyefo resiesie wɔn ho ama asubɔ, na Ahenni adawurubɔfo 2,726 no kɔ so dɔɔso. Wɔ 1990 ɔsom afe no mu no, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Lebanon nyinaa nyaa Yehowa nokwaredi mu osuahu bere a ɔhwɛɛ yɛn so yiye na ɔkyerɛɛ yɛn kwan wɔ basabasayɛ mmere mu no.​—Dwom 33:4, 5; 34:1-5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena