-
Aware Bɔne a Obi De Ne Ho KɔhyemNyan!—2001 | January 8
-
-
Aware Bɔne a Obi De Ne Ho Kɔhyem
“Wɔ aman a awaregyae dɔɔso wom mu no, ɛnyɛ sɛ aware a emu nyɛ anigye no pii bewie awaregyae mu nko, na mmom aware dodow no ara bɛdan nea anigye nnim.”—AMERIKA MMUSUA BAGUA.
WƆAKA sɛ ade biako na ɛde asetra mu anigye kɛse no ara ne emu awerɛhow kɛse no ara ba—obi aware. Nokwarem no, asetra mu nneɛma kakraa bi pɛ na etumi ma obi nya anigye kɛse—anaa ɛma odi yaw sen aware. Sɛnea nnaka a ɛka ho kyerɛ no, awarefo pii na wodi yaw kɛse.
Nanso ɔhaw no fã bi pɛ na awaregyae ho akontaabu da no adi. Bere a aware bi gu no, afoforo pii konkɔn hɔ a ɔhaw ayɛ mu ma. Ɔbea bi a ɔde bɛboro mfe 30 aware no kae sɛ: “Ná yɛn abusua no wɔ anigye, nanso mfe 12 a etwa to no ayɛ awerɛhow. Me kunu nnwen me nkate ho. Nokwarem no, wabɛyɛ obi a obu n’ani gu me nkate so sen biara.” Saa ara na okunu bi a ɔde bɛyɛ mfe 25 aware bɔɔ abubuw sɛ: “Me yere aka akyerɛ me sɛ ɔnnɔ me bio. Ose sɛ yebetumi atra dan koro mu na obiara de n’ahomegye bere ayɛ nea ɔpɛ a, ɛnde obetumi agyina tebea no ano.”
Nokwarem no, ebinom a wɔwɔ ahohia a ɛte saa mu no gu wɔn aware. Nanso, wɔ pii fam no, wontumi nnyae aware. Dɛn ntia? Sɛnea Ɔbenfo Karen Kayser kyerɛ no, nneɛma te sɛ mma, wɔn anim a ebegu ase wɔ mpɔtam hɔ, sikasɛm, nnamfo, abusuafo, ne ɔsom mu gyidi betumi ama awarefo no akɔ so atra abom, bere a ɔdɔ nni aware no mu mpo no. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ saa awarefo yi rennyae aware wɔ mmara kwan so nti, wɔpaw sɛ wɔne ɔhokafo a wɔn komam de, wɔagyae no no bɛtra.”
So ɛsɛ sɛ awarefo a wɔn ntam asɛe kɔ so tra a wonni akomatɔyam? Awaregyae da nkyɛn a, so nea obi betumi ayɛ ara ne sɛ ɔbɛtra aware a ɔdɔ nnim mu? Osuahu da no adi sɛ wobetumi ama aware a ɔhaw wom no pii ayɛ yiye—ɛnyɛ ɛyawdi a awaregyae de ba nko na ebegyae, na mmom awerɛhow a ɔdɔ a ennim nso de ba no.
-
-
Dɛn Nti na Ɔdɔ Sa?Nyan!—2001 | January 8
-
-
Dɛn Nti na Ɔdɔ Sa?
“Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya obi ho dɔ sen sɛ yɛbɛma saa ɔdɔ no atra hɔ.”—ƆBENFO KAREN KAYSER.
EBIA ɛnyɛ nwonwa sɛ aware a ɔdɔ nnim redɔɔso. Aware yɛ nnipa ntam abusuabɔ a emu dɔ, na nnipa pii de wɔn ho hyɛ mu a wɔnyɛɛ ahoboa kɛse biara. Oduruyɛfo Dean S. Edell ka sɛ: “Sɛ yɛrekogye karka tumi krataa a, wɔhwehwɛ sɛ yɛda ahokokwaw bi adi, nanso yebetumi de yɛn din ahyɛ krataa ase de anya aware tumi krataa.”
Enti, bere a aware pii sɔ na anigye ankasa wom no, dodow bi yɛ nea ɔhaw wom. Ebia awarefo no biako anaa wɔn baanu nyinaa de akwanhwɛ a ɛkorɔn na ɛkɔɔ aware no, nanso wonni ahokokwaw a ehia a ɛbɛma abusuabɔ no atra hɔ akyɛ. Ɔbenfo Harry Reis kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ nnipa fi ase bɔ denneennen a, wonya wɔn ho mu ahotoso a emu yɛ den.” Wɔte nka te sɛ nea wɔn hokafo no “nkutoo ne obi a ɔwɔ asase so a wɔne n’adwene hyia wɔ biribiara ho. Ɛtɔ da a, saa nkate no ano brɛ ase, na sɛ ɛba saa a, etumi ma aware no sɛe kɛse”
Anigyesɛm ne sɛ, aware pii nyɛ saa. Nanso, momma yensusuw nneɛma a ɛtɔ mmere bi a etumi ma ɔdɔ sa no kakraa bi ho nhwɛ.
Abasamtu—“Ɛnyɛ Eyi na Mehwɛɛ Kwan”
Rose ka sɛ: “Bere a mewaree Jim no, na misusuw sɛ yɛbɛyɛ sɛ Abɔfo—a yebenya ɔdɔ ama yɛn ho akorɔkorɔ yɛn ho yɛn ho na obiara asusuw ne yɔnko ho.” Nanso, bere bi akyi no, nea na Rose bu no ‘ɔhene ba’ no ho fonoo no. Ɔka sɛ: “Nea ekowiei ne sɛ ne ho bɛfonoo me koraa.”
Sini, nhoma, ne nnwom, a agye din ka ɔdɔ ho asɛm a ɛnyɛ nokware. Sɛ ɔbarima ne ɔbea reyɛ nhyehyɛe aware a, ebia wɔbɛte nka sɛ wɔadi wɔn haw nyinaa ho dwuma awie; nanso wɔ aware no akyi mfe kakraa bi no, wogye tom sɛ na wɔreso dae ankasa! Sɛ wɔanhu ɔdɔ a wɔakenkan ho asɛm wɔ nhoma mu no a, etumi ma aware no gyigya koraa.
Nokwarem no, nneɛma a wɔhwɛ kwan wɔ aware mu no bi fata ankasa. Sɛ nhwɛso no, ɛfata sɛ obi bɛhwɛ kwan sɛ ne hokafo bɛdɔ no, anya bere ama no, ayɛ no mmoa. Nanso, ebetumi aba sɛ ne nsa renka nneɛma a ɛte saa no mpo. Meena, a waware foforo wɔ India no, ka sɛ: “Mete nka sɛ nea menwaree koraa. Mihu sɛ mayɛ ankonam na wobu ani gu me so.”
Fata a Wɔmfata Wɔn Ho—“Yɛmfata Yɛn Ho Koraa”
Ɔbea bi ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ me ne me kunu adwene nhyia wɔ biribiara ho. Da koro mpo ntwam a minnu me ho sɛ mewaree no. Yɛmfata yɛn ho koraa.”
-
-
So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?Nyan!—2001 | January 8
-
-
So Anidaso Bi Wɔ Hɔ?
“Aniberesɛm biako a ɛwɔ aware a agyigya mu ne sɛ ɛyɛ a wonni gyidi koraa sɛ nneɛma betumi ayɛ yiye. Gyidi a enni hɔ saa no mma wuntumi nyɛ nsakrae biara efisɛ ɛmma wuntumi mmɔ mmɔden biara sɛ wobɛyɛ biribi a ɛbɛma aware no ayɛ yiye.”—ODURUYƐFO AARON T. BECK.
FA NO sɛ wonte apɔw na wukohu oduruyɛfo sɛ ɔnhwɛ wo. Wo ho pere wo—na ntease wom nso sɛ woyɛ saa. Anyɛ yiye koraa no, w’akwahosan—wo nkwa ankasa mpo—da asiane mu. Nanso fa no sɛ bere a oduruyɛfo no ayɛ wo mu nhwehwɛmu awie no, ɔka kyerɛ wo sɛ ɛwom sɛ wo yare no sõ de, nanso obetumi asa. Nokwarem no, oduruyɛfo no ka kyerɛ wo sɛ sɛ wohwɛ w’aduandi yiye na woteɛteɛ w’apɔw mu daa a, wo ho betumi atɔ wo koraa. Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya ahomeka kɛse, na wode anigye bedi n’afotu no akyi!
Fa adeyɛ yi toto asɛm a yɛresusuw ho yi ho. So worehyia ɔhaw wɔ w’aware mu? Nokwarem no, aware biara wɔ ne haw. Enti nsɛnnennen bi a wubehyia wɔ w’aware mu no nkyerɛ sɛ w’aware yɛ aware bɔne. Na sɛ ɔhaw no kɔ so adapɛn, asram, anaasɛ mfe dodow bi nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, ɛfata sɛ ɛhaw wo, efisɛ eyi yɛ aniberesɛm. Nokwarem no, sɛnea w’aware te no betumi anya wo—ne wo mma—asetra so nkɛntɛnso wɔ nneɛma pii mu. Sɛ nhwɛso no, wogye di sɛ aware mu haw tumi de adwenemhaw ba, ma obi adwumayɛ brɛ ase, na ɛmma mmofra mmɔ mmɔden wɔ sukuu mu. Nanso ɛnyɛ ɛno ara nen. Kristofo nim sɛ abusuabɔ a ɛda wɔne wɔn hokafo ntam no betumi aka wɔne Nyankopɔn ntam abusuabɔ ankasa.—1 Petro 3:7.
Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔhaw wɔ wo ne wo hokafo ntam no nkyerɛ sɛ anidaso biara nni hɔ. Nokwasɛm a ɛwɔ aware mu a wobegye atom—sɛ awarefo behyia nsɛnnennen no—betumi aboa awarefo ma wɔanya ɔhaw no ho adwene a ɛfata na wɔahwehwɛ ano aduru. Okunu bi a wɔfrɛ no Isaac ka sɛ: “Ná minnim da sɛ bere bi wɔ hɔ a awarefo betumi adi awerɛhow wɔ wɔn aware mu. Ná misusuw sɛ biribi atoto wɔ yɛn fam!”
Sɛ w’aware agyigya mpo a, wubetumi ama ayɛ yiye. Nokwarem no, abusuabɔ a ɔhaw wom betumi ama woadi yaw kɛse, titiriw sɛ ɔhaw no akɔ so mfe pii a. Nanso, wubetumi anya anidaso ankasa. Nkuranhyɛ yɛ ade titiriw. Sɛ ɔhaw a ɛwɔ w’aware mu no mu yɛ den
-
-
Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!Nyan!—2001 | January 8
-
-
Wubetumi Abɔ W’aware Ho Ban!
Afotu pa a ebetumi aboa okununom ne ɔyerenom ahyɛ Bible no ma. Eyi nyɛ nwonwa efisɛ Onii a ɔhwɛ ma wɔkyerɛw Bible no ara na Ɔhyehyɛɛ aware.
BIBLE ka sɛnea aware te ankasa ho asɛm. Ɛka sɛ okunu ne ɔyere ho “behia wɔn” anaasɛ, sɛnea New English Bible de ba no, “wobedi yaw ne awerɛhow.” (1 Korintofo 7:28) Nanso, Bible san ka sɛ aware betumi ama wɔanya anigye kɛse mpo. (Mmebusɛm 5:18, 19) Ntease abien yi mmɔ abira. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ wɔ ɔhaw a emu yɛ den nyinaa akyi no, awarefo betumi anya abusuabɔ a emu yɛ den na ɔdɔ wom.
-