Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1. Srɛ Onyankopɔn Ma Ɔmmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban—2009 | October 1
    • Nea Ɛbɛboa Wo ma Woate Bible no Ase

      1. Srɛ Onyankopɔn Ma Ɔmmoa Wo

      Ɔbea bi a ɔwɔ Italy a wɔfrɛ no Ninfa kae sɛ: “Bere bi, na mekenkan Bible no ansa na mada. Ná meyɛ saa efisɛ na minim sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛwom sɛ na n’akenkan nyɛ me dɛ de, nanso na mepɛ sɛ mihu nea Onyankopɔn akyerɛw wɔ Bible no mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkenkan ne nyinaa awie. Mfiase no, na ɛnyɛ den, nanso bere a miduu baabi a n’akenkan yɛ me den no, migyaee.”

      SO Ninfa tebea yi bi ato wo pɛn? Nnipa pii ahyia tebea a ɛte saa. Nanso sɛnea yehui wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, Yehowa Nyankopɔn a ɔne Bible no Kyerɛwfo no pɛ sɛ wote n’Asɛm no ase. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa wo ma woate Bible no ase? Ade a edi kan a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ, wobɛhwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa.

      Ná wobu Yesu asomafo no sɛ “nnipa a wonsuaa nhoma na wɔyɛ mpapahwekwa,” efisɛ na wɔnkɔɔ rabifo sukuu a wɔde ɔsom ho ntetee ma no bi. (Asomafo Nnwuma 4:13) Nanso, Yesu maa wɔn awerɛhyem sɛ wobetumi ate Onyankopɔn Asɛm no ase ma ayɛ yiye. Ɔkwan bɛn so? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔboafo no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara.” (Yohane 14:26) Onyankopɔn de honhom kronkron no na ɛbɔɔ asase ne abɔde a nkwa wom a ɛwɔ so no nyinaa. (Genesis 1:2) Ɔsan de honhom kaa nnipa 40 ma wɔkyerɛw n’asɛm a ɛwɔ Bible mu no. (2 Petro 1:20, 21) Na honhom koro yi ara betumi aboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔte Bible no ase no.

      Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na woanya Onyankopɔn honhom kronkron no bi? Ɛsɛ sɛ wufi gyidi mu bisa. Nokwarem no, ebehia sɛ wokɔ so ara bisa. Yesu kae sɛ: ‘Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo. Sɛ munim sɛnea mode akyɛde pa ma mo mma a, hwɛ mpɛn dodow ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no!’ (Luka 11:9, 13) Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde honhom kronkron bɛma wɔn a wofi koma mu bisa no no. Honhom kronkron no betumi aboa wo ma woate Onyankopɔn nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Bible mu mfe mpempem pii ni no ase. Afei nso, Onyankopɔn honhom no betumi aboa wo ma woatumi de Bible mu asɛm a tumi wɔ mu no abɔ wo bra.—Hebrifo 4:12; Yakobo 1:5, 6.

      Ɛnde bere biara a wobɛkenkan Bible no, bɔ Onyankopɔn mpae, ma ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa wo na ama woate n’Asɛm no ase.

  • 2. Fa Adwempa Kenkan
    Ɔwɛn-Aban—2009 | October 1
    • Nea Ɛbɛboa Wo ma Woate Bible no Ase

      2. Fa Adwempa Kenkan

      So w’adamfo bi aka obi a wunnim no ho asɛmmɔne akyerɛ wo pɛn? Bere a wuhuu onii ko no, so nsɛm a w’adamfo no kae no ma wubuu w’ani guu nneɛma pa a onii no betumi ayɛ ne su pa a ɔwɔ no so? Biribi a ɛte saa betumi asɔre wɔ Bible no ho.

      ƆSOMAFO Paulo de kɔkɔbɔ mae wɔ nea ebetumi ato yɛn bere a yɛmfa adwempa nkenkan Bible no ho. Paulo kyerɛwee Yudafo a na wɔwɔ ne bere so no ho asɛm sɛ: “Midi wɔn adanse sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ho nnamyɛ de, nanso ɛnyɛ nokware nimdeɛ mu.”—Romafo 10:2.

      Ná afeha a edi kan no mu Yudafo binom mpɛ sɛ wogye nokwasɛm a ɛda adi pefee wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no tom. Ná wonnye nni sɛ Yesu ne Mesia no. Biribiara a ɛfa Mesia no ho a wɔkaa ho asɛm wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, ne Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow nyinaa baa mu wɔ Yesu a ofi Nasaret no so. Nanso esiane sɛ na wɔn mu pii nni adwempa nti, wɔante Onyankopɔn Asɛm no ase.

      Dɛn na yebetumi asua afi Bible mu asɛm yi mu? Ɛho hia sɛ yɛde adwempa kenkan Bible no. Sɛ ɔkenkanfo bi di kan nya Bible no ho adwene a ɛnteɛ a, ɛremma ɔnte Bible mu nokware no ase.

      Sɛ nhwɛso no, nyamesom adesua ho nimdefo bi a ɔwɔ North Carolina, U.S.A. no ka Bible no ho asɛm sɛ “ɛyɛ nhoma a nnipa kyerɛwee a ekura nnipa adwene, emu nsɛm no pii bɔ ne ho abira, na ɛmfa akwankyerɛ a edi mũ a yebetumi de yɛn ho ato so mma.” Ɛnde sɛ obi kenkan Bible no na obu no sɛ “ɛyɛ nhoma a nnipa kyerɛwee” a, so ɛremma ommu n’ani nngu emu akwankyerɛ anaa emu nsɛm a n’ani nnye ho no so?

      Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa nsi nsua. Kyerɛwnsɛm no ka Beroiafo a na wɔwɔ Paulo bere so no ho asɛm sɛ: “Wɔde wɔn adwene nyinaa gyee asɛm no, na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no te saa anaa.” (Asomafo Nnwuma 17:11) Sɛnea Beroiafo no yɛe no, ɛsɛ sɛ wuyi adwene a ɛnteɛ biara a ɛremma wonte Bible no ase no fi wo tirim. Fa adwempa kenkan Onyankopɔn Asɛm no, na nya ɔpɛ sɛ wubehu Onyankopɔn nkrasɛm a ɛyɛ anigye no.

  • 3. Ma Afoforo Mmoa Wo
    Ɔwɛn-Aban—2009 | October 1
    • Nea Ɛbɛboa Wo ma Woate Bible no Ase

      3. Ma Afoforo Mmoa Wo

      Bere a Edward John Eyre a okyin hwehwɛ nsase so no twaa kwan faa Nullarbor Asasetaw no so no, Aboriginefo a wɔwɔ hɔ no kyerɛɛ no sɛnea wonya nsu fi anhwea a wɔaboaboa ano ne eucalyptus nnua mu. Esiane sɛ Eyre gyee mmoa a wɔn a wonim sɛnea ɛhɔ tebea te no de maa no no nti, awiei koraa no, onyaa ne ti didii mu.

      SƐNEA nhwɛso yi ama yɛahu no, mpɛn pii no, sɛ yebetumi ayɛ adwuma bi a ɛyɛ den ma ayɛ yiye a, gye sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi obi a ɔwɔ adwuma no ho osuahu pii nkyɛn. Saa ara na sɛ wufi ase sɛ wobɛkenkan Bible no a, ɛsɛ sɛ woma wɔboa wo.

      Yesu anhwɛ kwan sɛ n’akyidifo no betumi ate Bible no ase a obiara mmoa wɔn. Bere bi, “obuee wɔn adwene mu yiye ma wɔtee Kyerɛwnsɛm no ase.” (Luka 24:45) Ná Yesu nim sɛ nnipa a wɔbɛkenkan Bible no behia mmoa na ama wɔate Kyerɛwnsɛm no ase.

      Hena Hɔ na Wubetumi Anya Mmoa?

      Yesu de ahyɛde maa n’akyidifo anokwafo no sɛ wɔmmoa afoforo. Ansa na Yesu rekɔ soro no, ɔde ahyɛde mae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Kristofo adwuma titiriw ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ, a nea ɛka ho ne sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo sɛnea wobetumi de Bible mu asɛm abɔ wɔn bra da biara. Nokware Kristofo boa afoforo ma wɔte Bible no ase.

      Bere a Yesu de saa ahyɛde no maa n’akyidifo no, ankyɛ koraa na asɛm bi a ɛyɛ nwonwa sii. Bible no ka Etiopiani piani bi a na ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ no fã bi no ho asɛm. Bere a ɔrekenkan no, ohuu asɛm bi a na ɔnte ase. Sɛnea Bible no kyerɛ no, asɛm a na ɔnte ase no kenkan sɛ: “Wɔde no bae sɛ oguan a wɔrebekum no, na sɛnea oguammaa tɔ mum wɔ nea otwitwa ne ho nhwi anim no, wammue n’ano. Bere a wɔbrɛɛ no ase no, wɔammu atɛn amma no. Hena na ɔbɛkyerɛ n’ase? Efisɛ wɔafa ne nkwa afi asase so kɔ.”—Asomafo Nnwuma 8:32, 33; Yesaia 53:7, 8.

      Opiani no bisaa Filipo, a ɔyɛ Kristoni a ɔwɔ osuahu na ɔte Kyerɛwnsɛm no ase yiye no sɛ: “Hena na odiyifo no ka ne ho asɛm yi? N’ankasa anaa onipa foforo?” (Asomafo Nnwuma 8:34) Ná Etiopiani komapafo yi adi kan akɔ Yerusalem akɔsom, na na akyinnye biara nni ho sɛ wabɔ mpae ahwehwɛ akwankyerɛ. Ɛda adi sɛ na ofi ahobrɛase mu de anigye rekenkan Kyerɛwnsɛm no. Nanso, na ɔda so ara nte asɛm no ase. Afei, ofi ahobrɛase mu bisaa Filipo hɔ mmoa. Ɔbarima no ani gyee nkyerɛkyerɛmu a Filipo de maa no no ho araa ma ɔbɛyɛɛ Kristoni.—Asomafo Nnwuma 8:35-39.

      Yehowa Adansefo akɔ so ayɛ adwuma a Filipo ne tete Kristofo afoforo yɛe no bi. Adansefo no fi wɔn pɛ mu boa afoforo wɔ nsase bɛboro 235 so ma wɔte nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no ase. Wɔnam Kyerɛwnsɛm mu nsɛmti ahorow a wɔne afoforo susuw ho no so na wɔyɛ eyi. Bible adesua a wɔyɛ no nkakrankakra wɔ saa kwan yi so no hwehwɛ sɛ wɔhwehwɛ nea Bible no ka wɔ asɛm pɔtẽẽ bi ho no mu.a​—Hwɛ adaka “Bible mu Nsɛmmisa Ho Mmuae a Ɛma Akomatɔyam.”

      “Minyaa me Nsɛmmisa Nyinaa Ho Mmuae”

      Steven, Valvanera, ne Jo-Anne, a yɛkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Steven ka sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa sɛ, bere biara a mesusuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow anaa nsɛm ahorow bi a esisii ho no, metaa hu ɛho nokwasɛm tẽẽ wɔ Bible no mu. Ansa na merefi ase asua Bible no, na obiara nkyerɛɛ me sɛnea metumi ayɛ saa. Eye paa sɛ mibehui sɛ Bible no nyɛ nhoma a ɛbɔ ne ho abira a ɛsɛ sɛ nkurɔfo gye ho akyinnye.”

      Valvanera gye saa asɛm no tom. Ɔka sɛ: “Ntease wɔ biribiara a misuae wɔ Adansefo no hɔ no mu. Ná nea wɔka no nyinaa yɛ nokware. Ná ɛnyɛ sɛ ‘Asɔre no’ aka nti na migye di, na mmom, na wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma.” Jo-Anne ka sɛ: “Nokwasɛm a ɛne sɛ wofii Bible no mu buaa me nsɛmmisa nyinaa no ma minyaa obu kɛse maa Bible no Kyerɛwfo no, efisɛ na onim sɛ adesamma bebisa nsɛm pii na ɛno nti na ɔde ho mmuae a ɛtɔ asom mae no.”

      So wunim Yehowa Dansefo bi? Dɛn nti na wummisa no ma ɔnkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ Bible adesua yi? Sɛ wunnim Yehowa Dansefo biara a, yɛsrɛ wo, kyerɛw kɔ address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 no mu biako. Sɛ wosrɛ Onyankopɔn honhom kronkron, wode adwempa kenkan Bible no, na woma obi a onim Bible no mu yiye boa wo a, ɛrennyɛ den koraa sɛ wobɛte Onyankopɔn Asɛm no ase. Wubetumi ate Bible no ase!—w09 7/1-E.

      [Ase hɔ asɛm]

      a Nhoma a aboa nnipa pii ma wɔahwehwɛ nsɛmti ahorow mu wɔ Kyerɛwnsɛm no mu ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?, a Yehowa Adansefo tintimii no.

      [Adaka/​Mfonini wɔ kratafa 8]

      Bible mu Nsɛmmisa Ho Mmuae a Ɛma Akomatɔyam

      Bible mu nsɛmti a Yehowa Adansefo ne afoforo susuw ho bere a wɔne wɔn reyɛ Bible adesua no bi ne:

      • Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?

      • Ɛhe na awufo wɔ?

      • So yɛte “nna a edi akyiri” no mu?

      • Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan?

      • Mɛyɛ dɛn ama m’abusua asetena ayɛ anigye?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena