Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • bh kr. 199-kr. 201 nky. 4
  • Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No
  • Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho Di Adanse Sɛ Na Yesu Ne Mesia No Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wɔhyɛɛ Mesia no Ho Nkɔm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wɔtwɛnee Mesia No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yesu Kristo—Onyankopɔn Ho Nimdeɛ Safe
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
bh kr. 199-kr. 201 nky. 4

NKEKAHO

Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No

NEA ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Mesia no, Yehowa Nyankopɔn maa Bible mu adiyifo pii de Ogyefo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ yi awo, ne som adwuma, ne ne wu ho nkyerɛkyerɛmu mae. Bible mu nkɔmhyɛ ahorow yi nyinaa nyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so. Ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛɛ nwonwa. Ma yensusuw nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa Mesia no awo ne ne mmofraase ho nsɛm siei no kakra ho mfa nkyerɛkyerɛ eyi mu.

Odiyifo Yesaia ka siei sɛ Mesia no befi Ɔhene Dawid abusua mu. (Yesaia 9:7) Wɔwoo Yesu wɔ Dawid abusua mu ampa.—Mateo 1:1, 6-17.

Onyankopɔn diyifo foforo, Mika, nso ka siei sɛ abofra yi bɛyɛ sodifo, na wɔbɛwo no wɔ “Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata.” (Mika 5:2) Bere a wɔwoo Yesu no, na nkurow abien na ɛwɔ Israel a wɔfrɛ hɔ Betlehem. Ná biako bɛn Nasaret a ɛwɔ ɔman no atifi fam no, ɛnna nea na ɛka ho no nso bɛn Yerusalem a ɛwɔ Yuda no. Bere bi ná anka wɔfrɛ Betlehem a ɛbɛn Yerusalem no Efrata. Sɛnea nkɔmhyɛ no ka siei pɛpɛɛpɛ no, saa kurow no ara mu na wɔwoo Yesu!—Mateo 2:1.

Bible nkɔmhyɛ foforo ka siei sɛ wɔbɛfrɛ Onyankopɔn Ba no ‘afi Misraim.’ Bere a na Yesu yɛ abofra no, wɔde no kɔɔ Misraim. Bere a Herode wui no, wɔde Yesu fii Misraim, na ɛmaa nkɔmhyɛ no baa mu.—Hosea 11:1; Mateo 2:15.

Mesia no ho nsɛm wɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛmti a ɛne “Nkɔmhyɛ” no ase wɔ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 200 no mu. Fa saa kyerɛw nsɛm yi toto kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ asɛmti a ɛne “Ne Mmamu” no ho hwɛ. Saa a wobɛyɛ no bɛhyɛ gyidi a wowɔ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware no mu den.

Bere a worehwehwɛ kyerɛw nsɛm yi mu no, kae sɛ wɔkyerɛw nea ɛyɛ nkɔmhyɛ no mfirihyia ɔhaha pii ansa na wɔrewo Yesu. Yesu kae sɛ: “Etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu nyinaa ba mu.” (Luka 24:44) Sɛnea w’ankasa wubetumi ahu wɔ wo Bible mu no, ne nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ!

MESIA NO HO NKƆMHYƐ AHOROW

ASƐM NO

NKƆMHYƐ

NE MMAMU

Wɔwoo no Yuda abusua mu

Genesis 49:10

Luka 3:23-33

Ɔbaabun na ɔwoo no

Yesaia 7:14

Mateo 1:18-25

Ofi Ɔhene Dawid abusua mu

Yesaia 9:7

Mateo 1:1, 6-17

Yehowa frɛɛ no ne Ba

Dwom 2:7

Mateo 3:17

Wɔannye no anni

Yesaia 53:1

Yohane 12:37, 38

Ɔtraa afurum so kɔɔ Yerusalem

Sakaria 9:9

Mateo 21:1-9

N’adamfo pa yii no mae

Dwom 41:9

Yohane 13:18, 21-30

Woyii no mae de gyee nnwetɛbona 30

Sakaria 11:12

Mateo 26:14-16

Ɔyɛɛ komm wɔ n’anototofo anim

Yesaia 53:7

Mateo 27:11-14

Wɔbɔɔ ne ntade so ntonto

Dwom 22:18

Mateo 27:35

Wɔyaw no bere a ɔsɛn dua so

Dwom 22:7, 8

Mateo 27:39-43

Wɔammu ne nnompe mu

Dwom 34:20

Yohane 19:33, 36

Wosiee no adefo mu

Yesaia 53:9

Mateo 27:57-60

Wamporɔw na wonyan no

Dwom 16:10

Asomafo Nnwuma 2:24, 27

Wɔde no kɔtraa Onyankopɔn nifa

Dwom 110:1

Asomafo Nnwuma 7:56

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena