Dwom 81
“Ma Yɛn Gyidi Nyɛ Kɛse”
Nea Yɛaprente
1. Yehowa, yɛn nyinaa yɛ abɔnefo,
Enti bɔne ahyɛ yɛn koma mã.
Ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yie
Na yɛanhwere Nyankopɔn mu gyidi.
(NNYESO)
O Yehowa, ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.
Yɛsrɛ wo fa yɛn ahiade ma yɛn.
Hu yɛn mmɔbɔ na ma yɛn gyidi kɛse.
Yɛde yɛn nnwuma bɛkamfo wo daa.
2. Gyidi nni hɔ a, yentumi nsɔ w’ani.
Yɛn gyidi nti, yebenya akatua.
Gyidi kɛse, etumi bɔ yɛn ho ban;
Yɛde ahotoso hwɛ daakye kwan.
(NNYESO)
O Yehowa, ma yɛn gyidi nyɛ kɛse.
Yɛsrɛ wo fa yɛn ahiade ma yɛn.
Hu yɛn mmɔbɔ na ma yɛn gyidi kɛse.
Yɛde yɛn nnwuma bɛkamfo wo daa.
(Hwɛ Gen. 8:21; Heb. 11:6; 12:1 nso.)