Dwom 129
Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den
Nea Yɛaprente
1. Nnipa de wɔn ti apempem sum mu akyɛ.
Wɔbrɛ wɔn ho di mframa akyi kwa.
Ada adi kɛse sɛ wɔadi nkogu.
Wɔn bɔne nti wɔntumi nnye nkwa.
(NNYESO)
To dwom dɛdɛ, Ahenni no aba!
Kristo tumi kɛse no nti, yensuro.
Wɔnam ne so beyi bɔne nyinaa;
Anidaso yi, yebekura mu daa.
2. Yɛn Nyankopɔn se ne da kɛse no abɛn!
Obiara renka sɛ: “Ɔhaw adɔɔso.”
Ɛrenkyɛ, yɛn haw nyinaa betwam akɔ.
Kamfo Nyankopɔn, to dwom yi bi.
(NNYESO)
To dwom dɛdɛ, Ahenni no aba!
Kristo tumi kɛse no nti, yensuro.
Wɔnam ne so beyi bɔne nyinaa;
Anidaso yi, yebekura mu daa.
(Hwɛ Hab. 1:2, 3; Dw. 27:14; Yoel 2:1; Rom. 8:22 nso.)