-
Onyankopɔn Din—Sɛnea Wɔde Di Dwuma ne Nea ƐkyerɛDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
Onyankopɔn ankasa kyerɛkyerɛɛ nea ne din no kyerɛ mu kyerɛɛ ne somfo nokwafo Mose. Bere a Mose bisaa Onyankopɔn din ho asɛm no, Yehowa buae sɛ: “Mɛyɛ me ho nea mɛyɛ.” (Exodus 3:14, NW) Rotherham nkyerɛase no kyerɛ saa asɛm no ase sɛ: “Mɛyɛ me ho nea mepɛ biara.” Enti Yehowa betumi ayɛ ne ho sɛnea ehia biara na wama n’atirimpɔw ahorow abam.
Fa no sɛ wubetumi ayɛ wo ho nea wopɛ biara. Dɛn na anka wobɛyɛ ama wo nnamfonom? Sɛ yare bi a emu yɛ den bɔ wɔn mu biako a, anka wobɛyɛ wo ho oduruyɛfo a onim adwuma na woasa no yare. Sɛ ɔfoforo bɔ ka buruburoo a, anka wobɛyɛ wo ho ɔdefo yamyefo na woatua ɛka a wabɔ no ama no. Nanso, nokwasɛm ne sɛ ɛnyɛ biribiara na wubetumi ayɛ. Saa ara na ɛte wɔ yɛn nyinaa fam. Bere a woresua Bible no, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛnea Yehowa tumi yɛ nea ehia biara na ama ne bɔhyɛ ahorow abam. Na n’ani gye ho sɛ ɔde ne tumi anaa ne denyɛ bedi dwuma ama wɔn a wɔdɔ no no. (2 Beresosɛm 16:9) Wɔn a wonnim Yehowa din ntumi nhu ne nipasu a ɛma nnipa ani gye no.
Ɛda adi pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde edin Yehowa no hyehyɛ Bible mu. Nea edin no kyerɛ a yebehu ne dwuma a yɛde bedi wɔ yɛn som mu no bɛboa yɛn kɛse atwe yɛn abɛn yɛn soro Agya Yehowa.a
-
-
Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm SieiDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei
ODIYIFO Daniel traa ase bɛboro mfirihyia 500 ansa na wɔrewo Yesu. Nanso, Yehowa maa Daniel nsa kaa nsɛm bi a na ebetumi ama wɔakyerɛ bere a na wɔbɛsra Yesu, anaa bere a wɔbɛpaw no sɛ Mesia, anaa Kristo no. Wɔka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Hu na tie sɛ: Efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so yɛ adapɛn ason, [ne] adapɛn aduosia abien.”—Daniel 9:25.
Sɛ yebehu bere a na Mesia no bɛba a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu bere a nkɔmhyɛ a ɛkae sɛ Mesia no bɛba no fii ase nyaa mmamu. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, ‘efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu so.’ Bere bɛn na wɔkaa “asɛm a ɛka sɛ” wɔnsan nkyekye Yerusalem no? Sɛnea Bible kyerɛwfo Nehemia kyerɛ no, wɔkae sɛ wɔnsan nto Yerusalem afasu no wɔ “ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu” mu. (Nehemia 2:1, 5-8) Abakɔsɛm akyerɛwfo si so dua sɛ Artasasta ahenni no fii ase wɔ afe 475 A.Y.B. mu. Enti, n’ahenni afe a ɛto so 20 no yɛ afe 455 A.Y.B. Afei, yɛahu bere a nkɔm a Daniel hyɛ faa Mesia no ho no fii ase, ɛyɛ afe 455 A.Y.B.
Daniel kyerɛɛ bere tenten a na ebedi ansa na “obirɛmpɔn a wɔasra no,” anaa Mesia Ɔkannifo no, aba. Nkɔmhyɛ no kae sɛ ebedi ‘adapɛn ason, ne adapɛn aduosia abien’ a sɛ wɔka ne nyinaa bom a ɛyɛ adapɛn 69. Saa bere yi tenten yɛ ahe? Bible nkyerɛase pii ka sɛ adapɛn yi nyɛ adapɛn a emu biara yɛ nnanson, na mmom ɛyɛ mfepɛn. Ɛkyerɛ sɛ, dapɛn biara gyina hɔ ma mfirihyia ason. Ná tete Yudafo no nim mfepɛn, anaa mmere a na wɔkyekyɛm yɛ no mfirihyia ason mfirihyia ason no yiye. Sɛ nhwɛso no, na afe a ɛto so ason biara yɛ Homeda ma Israelfo, sɛnea na wodi Homeda ɛda a ɛto so ason biara no. (Exodus 23:10, 11) Enti, na nkɔmhyɛ kwan so adapɛn 69 no yɛ mfepɛn 69 a dapɛn biara yɛ mfirihyia 7, anaa ne nyinaa bom yɛ mfirihyia 483.
Afei, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne akontaa a yebebu. Sɛ yɛkan fi afe 455 A.Y.B. a, mfirihyia 483 no de yɛn ba afe 29 Y.B. Saa afe no ara mu pɛpɛɛpɛ na wɔbɔɔ Yesu asu ma ɔbɛyɛɛ Mesia no!a (Luka 3:1, 2, 21, 22) So sɛnea Bible nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu no nyɛ nwonwa?
a Efi afe 455 A.Y.B. besi afe 1 A.Y.B. yɛ mfirihyia 454. Efi afe 1 A.Y.B. besi afe 1 Y.B. yɛ afe biako. Na efi afe 1 Y.B. besi afe 29 Y.B. yɛ mfirihyia 28. Sɛ yɛka akontaahyɛde abiɛsa yi bom a ne nyinaa si mfirihyia 483. ‘Wotwaa’ Yesu ‘kyenee,’ kyerɛ sɛ, wokum no wɔ afe 33 Y.B. mu, wɔ mfepɛn 70 no mu. (Daniel 9:24, 26) Hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! ti 11, ne Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 899-901. Yehowa Adansefo na atintim nhoma abien no nyinaa.
-
-
Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ NoDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Yesu Kristo—Mesia a Wɔhyɛɛ Ne Ho Bɔ No
NEA ɛbɛboa yɛn ma yɛahu Mesia no, Yehowa Nyankopɔn maa Bible mu adiyifo pii de Ogyefo a wɔhyɛɛ ne ho bɔ yi awo, ne som adwuma, ne ne wu ho nkyerɛkyerɛmu mae. Bible mu nkɔmhyɛ ahorow yi nyinaa nyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so. Ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ ma ɛyɛɛ nwonwa. Ma yensusuw nkɔmhyɛ ahorow a ɛkaa Mesia no awo ne ne mmofraase ho nsɛm siei no kakra ho mfa nkyerɛkyerɛ eyi mu.
Odiyifo Yesaia ka siei sɛ Mesia no befi Ɔhene Dawid abusua mu. (Yesaia 9:7) Wɔwoo Yesu wɔ Dawid abusua mu ampa.—Mateo 1:1, 6-17.
Onyankopɔn diyifo foforo, Mika, nso ka siei sɛ abofra yi bɛyɛ sodifo, na wɔbɛwo no wɔ “Bet-Lehem a ɛwɔ Efrata.” (Mika 5:2) Bere a wɔwoo Yesu no, na nkurow abien na ɛwɔ Israel a wɔfrɛ hɔ Betlehem. Ná biako bɛn Nasaret a ɛwɔ ɔman no atifi fam no, ɛnna nea na ɛka ho no nso bɛn Yerusalem a ɛwɔ Yuda no. Bere bi ná anka wɔfrɛ Betlehem a ɛbɛn Yerusalem no Efrata. Sɛnea nkɔmhyɛ no ka siei pɛpɛɛpɛ no, saa kurow no ara mu na wɔwoo Yesu!—Mateo 2:1.
Bible nkɔmhyɛ foforo ka siei sɛ wɔbɛfrɛ Onyankopɔn Ba no ‘afi Misraim.’ Bere a na Yesu yɛ abofra no, wɔde no kɔɔ Misraim. Bere a Herode wui no, wɔde Yesu fii Misraim, na ɛmaa nkɔmhyɛ no baa mu.—Hosea 11:1; Mateo 2:15.
Mesia no ho nsɛm wɔ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛmti a ɛne “Nkɔmhyɛ” no ase wɔ nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 200 no mu. Fa saa kyerɛw nsɛm yi toto kyerɛw nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ asɛmti a ɛne “Ne Mmamu” no ho hwɛ. Saa a wobɛyɛ no bɛhyɛ gyidi a wowɔ sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware no mu den.
Bere a worehwehwɛ kyerɛw nsɛm yi mu no, kae sɛ wɔkyerɛw nea ɛyɛ nkɔmhyɛ no mfirihyia ɔhaha pii ansa na wɔrewo Yesu. Yesu kae sɛ: “Etwa sɛ nea wɔakyerɛw afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu nyinaa ba mu.” (Luka 24:44) Sɛnea w’ankasa wubetumi ahu wɔ wo Bible mu no, ne nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ!
-
-
Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron Ho NokwasɛmDɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron Ho Nokwasɛm
NNIPA a wogye Baasakoro nkyerɛkyerɛ no di ka sɛ baasa na wɔbom yɛ Onyankopɔn—Agya, Ɔba, ne Honhom Kronkron. Wɔkyerɛ sɛ baasa yi mu biara ne afoforo a aka no tumi yɛ pɛ, na wɔn mu biara nni mfiase. Enti, sɛnea Baasakoro nkyerɛkyerɛ kyerɛ no, Agya no yɛ Onyankopɔn, Ɔba no yɛ Onyankopɔn, na Honhom Kronkron no nso yɛ Onyankopɔn, nanso Onyankopɔn biako pɛ na ɔwɔ hɔ.
-