Dwom 25
Nea Ɛkyerɛ sɛ Yɛyɛ Asuafo Ampa
Nea Yɛaprente
1. Yɛbɛfa Kristofo kwan no so;
Ɛsɛ sɛ yenya onuadɔ.
Ɛno na Nyankopɔn ahyɛ yɛn;
Ɛky’rɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ pa.
Saa ɔdɔ yi bi na Kristo wɔ;
Ɔde ne ho bɔɔ afɔre.
Wayɛ nhwɛso sɛ yenni n’akyi;
Ɛky’rɛ sɛ yɛyɛ n’asuafo.
2. Ɔdɔ yi de, ɛto rentwa da.
Ɛwowaw wɔn a wɔayɛ mm’rɛw.
Momma yɛnky’rɛ ho anisɔ daa;
Yɛbɛda ɔdɔ adi daa.
Yentumi nnya nnamfo pa bi bio
A wɔwɔ dɔ saa baabiara.
Wɔn na yebegye wɔn adi kɛse;
Momma yɛmfa ɔdɔ kwan so.
(Hwɛ Rom. 13:8; 1 Kor. 13:8; Yak. 2:8; 1 Yoh. 4:10, 11 nso.)