Dwom 83
Yehia Ahosodi
Nea Yɛaprente
1. Yɛde yɛn kra nyinaa dɔ Yehowa;
Yehia ahosodi, bɔne wɔ yɛn ho.
Honam adwen de haw na ɛba.
Honhom adwen de nkwa bɛba.
2. Satan de sɔhwɛ pii ba yɛn so daa,
Afei nso yɛn bɔne tumi daadaa yɛn.
Bible no tumi twitwa gye yɛn.
Yehowa bɛma yɛadi nkonim.
3. Kasa ne nneyɛe ka Nyankopɔn din,
Yɛbɛhwɛ yɛn ho yie atie Nyankopɔn.
Yɛasi yɛn bo sɛ da biara da,
Yɛn nyinaa benya ahosodi.
(Hwɛ 1 Kor. 9:25; Gal. 5:23; 2 Pet. 1:6 nso.)