-
Anwonwade a Ɛwɔ Bible Mu No—Ɛyɛ Nokware Ampa?Ɔwɛn-Aban—2012 | August 1
-
-
Anwonwade a Ɛwɔ Bible Mu No—Ɛyɛ Nokware Ampa?
SƐ OBI ka anwonwasɛm bi kyerɛ wo a, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ wubegye asɛm no adi anaasɛ wunnye nni? Ɛnyɛ onipa no suban? Ɛnyɛ ɔkwan a ɔbɛfa so aka asɛm no nko na ɛbɛma woanya ne mu ahotoso, na mmom nea wobɛhwɛ nso ne sɛ onipa no yɛ ɔnokwafo anaa. Sɛ wuhu sɛ ɔyɛ obi a ɔka nokware na sɛ onnii atoro nkyerɛɛ wo da a, ɛno ma ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegye nea ɔreka akyerɛ wo seesei no adi.
Saa ara na anwonwade a Bible ka ho asɛm no te. Bere a saa nsɛm no sisii no, na yɛn mu biara nni hɔ. Nanso sɛ Bible mu asɛm tɔ asom anaa ɛyɛ nokware a, yetumi hu. Ɔkwan bɛn so? Nneɛma bi a ɛma yehu sɛ anwonwade a Bible ka ho asɛm no yɛ nokware no bi na edidi so yi.
Wɔyɛɛ anwonwade no pii wɔ nnipam. Ebi wɔ hɔ a nnipa mpempem pii na wohui. (Exodus 14:21-31; 19:16-19) Wɔanyɛ no ahintawee mu, na mmom wɔyɛɛ no nnipam.
Wɔamma anwonwade no anyɛ kuntann. Wɔanyɛ nneɛma akɛseakɛse bi ankyerɛ nnipa, na wɔansosɔ nkanea yerɛwyerɛw biara. Anwonwade a Bible ka ho asɛm no, dodow no ara, wɔanhyehyɛ anto hɔ. Ɛbaa putupuru, na ɛtɔ da bi a na ɛyɛ obi adesrɛ. (Marko 5:25-29; Luka 7:11-16) Enti ɛrentumi mma sɛ wɔn a wɔyɛɛ anwonwade no hyehyɛ too hɔ.
Wɔn a wɔyɛɛ anwonwade no, wɔanyɛ sɛ wɔde repɛ anuonyam ne sika. Mmom wɔde hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. (Yohane 11:1-4, 15, 40) Bible kasa tiaa wɔn a wɔyɛe sɛ wɔde anwonwade tumi bɛhwehwɛ ahonyade no.—2 Ahene 5:15, 16, 20, 25-27; Asomafo Nnwuma 8:18-23.
Esiane sɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no gu ahorow pii nti, yɛrentumi nka sɛ efi nnipa. Ɛho nhwɛso ne sɛ, obi maa ɛpo yɛɛ komm na ɔmaa nsu dan nsã, na obi nso maa nsu gyaee tɔ, na ɔma ɛsan tɔe. Ebinom saa ayarefo yare, na wɔmaa anifuraefo huu ade. Saa anwonwade no ne bebree a ɛkeka ho ma yehu sɛ ɛbɛyɛ sɛ tumi bi a ɛboro nnipa ahoɔden so a etumi kɛntɛn abɔde so na wɔde yɛɛ anwonwade no.—1 Ahene 17:1-7; 18:41-45; Mateo 8:24-27; Luka 17:11-19; Yohane 2:1-11; 9:1-7.
Atamfo a wohuu anwonwade no mpo gye toom sɛ esisii. Bere a Yesu nyanee n’adamfo Lasaro no, nyamesomfo a na wɔne Yesu ani nhyia no annye Lasaro wu no ho akyinnye. Wɔantumi annye akyinnye efisɛ na Lasaro awu ma wɔasie no nnanan. (Yohane 11:45-48; 12:9-11) Yesu wu akyi mfe pii mpo no, wɔn a wɔkyerɛw Yudafo Talmud no kɔɔ so gye toom sɛ na Yesu wɔ tumi a ɔde yɛ anwonwade. Nea wogyee ho kyim ara ne baabi a tumi no fi. Afei nso bere a wɔde Yesu asuafo no begyinaa Yudafo asɛnnibea hɔ no, wɔammisa wɔn sɛ “Ɛyɛ ampa sɛ moyɛ anwonwade?” Mmom wobisaa wɔn sɛ: “Tumi bɛn anaa hena din mu na moyɛɛ eyi?”—Asomafo Nnwuma 4:1-13.
Wubetumi agye anwonwade a Bible ka ho asɛm no adi anaa? Sɛ yɛhwɛ nea yɛaka ho asɛm no a, ɛda adi sɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no yɛ nokware. Yɛwɔ nneɛma foforo a ɛma yegye nea Bible ka no tom. Sɛ nhwɛso no, sɛ Bible reka biribi ho asɛm a, ɛtaa ka bere a esii ne baabi a esii, na ɛbobɔ nnipa a asɛm no fa wɔn ho no din. Nnipa a wɔkasa tia Bible mpo no, sɛnea emu abakɔsɛm di mu no yɛ wɔn nwonwa paa. Bible mu nkɔmhyɛ pii aba mu pɛpɛɛpɛ. Bio nso, Bible ma yenya afotu pii a ɛboa ma asomdwoe ba nnipa ntam, na saa afotu no aboa nnipa pii, mpanyin ne mmofra nyinaa. Afotu a Bible de ma no boa paa ma yetumi ne yɛn yɔnko nnipa tena yiye; afotu biara ne no nsɛ.
Sɛ w’adwene nsi wo pi wɔ Bible no ho a, ɛnde pɛ bere fa hwehwɛ mu yiye. Sɛ wuhu mu yiye a, ɛbɛma woanya mu gyidi. (Yohane 17:17) Wubehu sɛ anwonwade a asisi atwam a Bible ka ho asɛm no yɛ nokware. Sɛ wugye saa anwonwade no di a, ɛbɛma woanya nnyinaso a wode begye nea Bible ka sɛ ebesisi daakye no adi.
[Kratafa 7 mfonini]
Wɔn a na wɔne Yesu ani nhyia no annye Lasaro wu no ho akyinnye
-
-
Anwonwade Bi a Afei na ƐrebesisiƆwɛn-Aban—2012 | August 1
-
-
Anwonwade Bi a Afei na Ɛrebesisi
FA NO sɛ oduruyɛfo bi rebɛyɛ wo oprehyɛn kɛse bi. Sɛ wote sɛ ɔnyɛɛ saa oprehyɛn no bi da a, anka wobɛte nka dɛn? Sɛnea ɛte biara no, ɛbɛyɛ wo adwennwene. Nanso fa no sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ oduruyɛfo no akwadare saa oprehyɛn no mu, na wayɛ bebree a ne nyinaa kɔɔ yiye. Anka worennya ahotoso wɔ ne mu sɛ wo nso, obetumi ayɛ wo oprehyɛn no anaa?
Wiase no nso yare na ehia “ayaresa” ntɛmtɛm. Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ ɔbɛsan ama asase yi adan Paradise. (2 Petro 3:13) Nanso ansa na ɛno bɛba no, ɛsɛ sɛ oyi abɔnefosɛm fi hɔ koraa. (Dwom 37:9-11; Mmebusɛm 2:21, 22) Ɛsɛ sɛ oyi awerɛhosɛm a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa fi hɔ ansa na watumi de paradise asan aba. Enti ɔbɛyɛ anwonwade ama saa nneɛma yi aba mu!—Adiyisɛm 21:4, 5.
Yehowa Adansefo gye di sɛ ɛrenkyɛ, saa nsakrae akɛse no bɛba. Dɛn na ɛma wogye di saa? Anwonwade ahorow a Yehowa Nyankopɔn adi kan ayɛ no kyerɛ sɛ ɔwɔ tumi a ɔde bɛma ne bɔhyɛ aba mu. Ma yɛnhwɛ anwonwade a ɛwɔ Bible mu no asia pɛ, na yɛmfa ntoto bɔhyɛ a ɛbɛba mu daakye no ho.
Toa so sua Bible bɔhyɛ a ɛbɛba mu daakye no ho ade. Ɛbɛma woanya gyidi kɛse sɛ. Sɛ wo gyidi yɛ kɛse a, ɛbɛma woanya anidaso sɛ, sɛ Yehowa yɛ saa anwonwade ahorow no a, wode w’ani behu na woanya so mfaso.
[Kratafa 9 adaka/mfonini]
ANWONWADE:
YESU DE PAANOO NE MPATAA KAKRAA BI MAA NNIPA MPEMPEM PII DI MEE.—MATEO 14:13-21; MARKO 8:1-9; YOHANE 6:1-14.
BƆHYƐ:
“Asase bɛma ne nnɔbae; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.”—DWOM 67:6.
NEA ƐKYERƐ MA YƐN:
ƆKƆM RENNE OBIARA BIO.
ANWONWADE:
YESU MAA ANIFURAEFO HUU ADE.—MATEO 9:27-31; MARKO 8:22-26.
BƆHYƐ:
“Anifuraefo ani bebue na asotifo aso ate asɛm.”—YESAIA 35:5.
NEA ƐKYERƐ MA YƐN:
ANIFURAEFO NYINAA BEHU ADE.
ANWONWADE:
YESU SAA WƆN A WƆADI DƐM YARE.—MATEO 11:5, 6; YOHANE 5:3-9.
BƆHYƐ:
“Apakye behuruw sɛ ɔforote.”—YESAIA 35:6.
NEA ƐKYERƐ MA YƐN:
WƆN A WƆADI DƐM NYINAA BENYA AYARESA.
ANWONWADE:
YESU SAA NYAREWA AHOROW PII.—MARKO 1:32-34; LUKA 4:40.
BƆHYƐ:
“Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—YESAIA 33:24.
NEA ƐKYERƐ MA YƐN:
NYAREWA A ƐYƐ HU NYINAA BEFI HƆ. YEBENYA APƆWMUDEN A EDI MŨ.
ANWONWADE:
YESU MAA ƐPO NE MFRAMA YƐƐ DINN.—MATEO 8:23-27; LUKA 8:22-25.
BƆHYƐ:
“Wobesisi adan atena mu na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrenyɛ adwumahunu.”—YESAIA 65:21, 23.
“Wo ne nhyɛso ntam bɛware, na worensuro obiara; wo ne ahude nso ntam bɛware, na ɛremmɛn wo.”—YESAIA 54:14.
NEA ƐKYERƐ MA YƐN:
ATOYERƐNKYƐM NYINAA BEFI HƆ.
ANWONWADE:
YESU NYANEE AWUFO.—MATEO 9:18-26; LUKA 7:11-17.
BƆHYƐ:
‘Wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa befi adi.’—YOHANE 5:28, 29.
“Ɛpo yii emu awufo mae, na owu ne asaman yii emu awufo mae.”—ADIYISƐM 20:13.
NEA ƐKYERƐ MA YƐN:
YƐN ADƆFO A WƆAWUWU BENYA OWUSƆRE.
-