Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mma Biribiara Ntwe Wo Mfi Yehowa Ho
    Ɔwɛn-Aban—2013 | January 15
    • Mma Biribiara Ntwe Wo Mfi Yehowa Ho

      “Ɛnnɛ mompaw nea mobɛsom no.”—YOS. 24:15.

      HWƐ SƐ WUBETUMI ABUA ANAA

      • Dɛn na wobɛyɛ na w’adwuma antwe wo amfi Yehowa ho?

      • Wobɛyɛ dɛn de anigyede ato nea ɛda?

      • Sɛ wo busuani bi gyae Yehowa som a, wobɛyɛ dɛn agyina tebea no ano?

      1-3. (a) Dɛn na Yosua yɛe a yebetumi asuasua? (b) Sɛ yɛresi gyinae a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

      SƐ OBI ka sɛ ‘paw’ biribi a, ɛkyerɛ nsɛm pii. Nea wobɛpaw no na ɛbɛkyerɛ sɛnea wopɛ sɛ wobɔ wo bra anaa nea wopɛ sɛ woyɛ wɔ asetenam. Yɛnyɛ mfatoho bi: Fa no sɛ obi nam na okoduu nkwanta bi so. Ɔmfa benkum anaa ɔmfa nifa? Sɛ onim baabi a ɔrekɔ a, ɛnde ɔbɛfa ɔkwan a ɛrekɔ hɔ no so na wagyaw ɔkwan biako no na wanto ne ho angu.

      2 Bible ma yehu sɛ nnipa pii hyiaa tebea horow wɔ asetenam a na ɛsɛ sɛ wɔpaw nea wɔbɛyɛ. Nhwɛso bi ni: Na ɛsɛ sɛ Kain kyerɛ sɛ ɔbɛhyɛ n’abufuw so anaa obedi ne koma so asɛm. (Gen. 4:6, 7) Na ɛsɛ sɛ Yosua nso paw sɛ ɔbɛsom nokware Nyankopɔn no anaa atoro anyame. (Yos. 24:15) Na Yosua botae ne sɛ ɔbɛbata Yehowa ho; enti ɔpaw nea ɛbɛboa no ma wayɛ saa. Kain de, na onni botae biara enti nea ɔyɛe no twee no fii Yehowa ho koraa.

      3 Yɛn nso ɛtɔ da bi a yehyia asetena mu nsɛm a ɛte sɛ nkwanta bi a yɛakodu so. Sɛ biribi saa si a, ma baabi a worekɔ anaa wo botae ntena w’adwenem. Wo botae ne sɛ wobɛhyɛ Yehowa anuonyam wɔ biribiara mu na woakwati biribiara a ɛbɛtwe wo afi ne ho. (Monkenkan Hebrifo 3:12.) Adesua asɛm yi ne nea edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma ason a yehyia wɔ asetenam ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamma biribiara antwe yɛn amfi Yehowa ho.

      ADWUMA

      4. Dɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ adwuma?

      4 Ɛyɛ Kristofo asɛde sɛ wɔhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Bible ka sɛ, sɛ obi mpɛ sɛ ɔhwɛ ne fiefo a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni anaa obi a wapa Yehowa. (2 Tes. 3:10; 1 Tim. 5:8) Enti ehia sɛ yɛyɛ adwuma, nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, adwuma betumi atwe yɛn afi Yehowa ho. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa?

      5. Sɛ yɛrepɛ adwuma a, nneɛma bɛn na ehia sɛ yesusuw ho?

      5 Fa no sɛ worehwehwɛ adwuma. Ebia adwuma ho yɛ na wɔ wo man mu. Sɛ woanhwɛ yiye a, adwuma biara a ebedi kan ayi ne ti no wubeso mu. Nanso fa no sɛ adwuma no ne nea woasua afi Bible mu nhyia. Dɛn na wobɛyɛ? Anaa fa no sɛ adwuma no begye wo bere pii anaa ɛbɛma woatutu akwan na worennya bere nyɛ wo som adwuma anaa worennya bere mma w’abusua. Dɛn na wobɛyɛ? Wubeso adwuma no mu saa ara na waka sɛ ‘adwuma bɔne ye sen sɛ wobɛtena hɔ kwa’? Kae sɛ, sɛ woansi gyinae pa a, adwuma betumi atwe wo afi Yehowa ho. (Heb. 2:1) Sɛ worehwehwɛ adwuma anaa wopɛ sɛ wosesa adwuma a woyɛ a, wobɛyɛ dɛn asi gyinae pa?

      6, 7. (a) Botae bɛn na ebinom de yɛ adwuma? (b) Emu nea ɛwɔ he na ɛbɛma woabata Yehowa ho, na dɛn ntia?

      6 Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛyɛ papa sɛ woma wo botae tena w’adwenem. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti koraa na mepɛ sɛ meyɛ adwuma no?’ Sɛ botae a wode yɛ adwuma ne sɛ wubenya biribi kakra de ahwɛ wo ho ne w’abusua ma moatumi asom Yehowa a, ɛnde Yehowa behyira wo. (Mat. 6:33) Sɛ w’adwuma fi wo nsa prɛko pɛ anaa sikasɛm gye gu a, Yehowa rennyaw wo. (Yes. 59:1) Yehowa “nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.”—2 Pet. 2:9.

      7 Nanso ebia wo botae ara ne sɛ wubenya wo ho. Ampa ara ebia wubenya wo ho. Nanso kae sɛ ɛba saa mpo a, woremfa wo ho tɔtorɔtɔɔ. (Monkenkan 1 Timoteo 6:9, 10.) Sɛ woma sikapɛ ne adwuma gye w’adwene a, ɛbɛtwe wo afi Yehowa ho.

      8, 9. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo bisa wɔn ho fa wɔn adwuma ho? Dɛn ntia?

      8 Ɛsɛ sɛ awofo kae sɛ gyinae a wosi ka wɔn mma. Sɛ wo mma hwɛ wo a, dɛn na wohu sɛ ehia wo paa? W’adwuma anaa wo ne Yehowa adamfofa? Sɛ wohu sɛ dibea, anuonyam ne sika na ehia wo paa a, wugye di sɛ ɛsa a ɛmfata a woatwa ato hɔ no wɔbɛfa so? Anaa mmofra no behu sɛ nea woreyɛ no nyɛ ne kwan so? Kristoni ababaa bi kae sɛ: “Me mmofraase pɛɛ na mihui sɛ adwuma agye me papa adwene. Mfiase no na misusuw sɛ ɔrebrɛ na ama yɛn abusua no adi yiye. Na ɔpɛ sɛ yɛn nsa ka nea yehia biara. Nanso nnansa yi nneɛma asesa. Ɔde ne bere nyinaa yɛ adwuma de totɔ nneɛma akɛseakɛse a yɛnhyɛ da nhia. Enti seesei yɛn abusua no agye din sɛ abusua a sika wom, na ɛnyɛ abusua a ɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔsom Yehowa. Sɛ me papa boa abusua no ma yɛsom Yehowa yiye a, mepɛ sen sɛ ɔbɛtete sika ama yɛn.”

      9 Awofo, monhwɛ na mo adwuma antwe mo amfi Yehowa ho. Monyɛ nhwɛso pa mma mo mma. Momma wonhu sɛ agyapade a ɛsom bo ma mo paa ne Yehowa adamfofa na ɛnyɛ sika anaa ahode.—Mat. 5:3.

      10. Dɛn na ɛsɛ sɛ aberante anaa ababaa susuw ho ansa na wapaw adwuma a ɔbɛyɛ daakye?

      10 Sɛ woyɛ aberante anaa ababaa a woredwen adwuma a wobɛyɛ daakye ho a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woasi gyinae pa? Sɛnea yɛahu no, ma wo botae ntena w’adwenem. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ sukuu anaa wusua adwuma a, wususuw sɛ adwuma a wopɛ sɛ woyɛ daakye no bɛboa wo ma wode Yehowa som adi kan anaa ɛbɛtwe wo afi Yehowa ho? (2 Tim. 4:10) Wiase yi mu nnipa de, wɔn ani begye oo, wɔn ani nnye oo, sika a wɔwɔ na ɛbɛkyerɛ. Saa na wopɛ sɛ woyɛ anaa? Anaa wode wo ho bɛto Yehowa so sɛnea Dawid yɛe no? Ɔkae sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no, anaasɛ n’asefo srɛ aduan.” (Dw. 37:25) Eyi te sɛ nea wonam na woakopue nkwanta bi so. Ɔkwan biako bɛtwe wo afi Yehowa ho, na biako a ɛka ho no bɛyɛ nhyira ama wo. (Monkenkan Mmebusɛm 10:22; Malaki 3:10.) Akwan yi mu nea ɛwɔ he na wobɛpaw?a

      NNEƐMA A WODE GYE W’ANI

      11. Dɛn na Bible ka wɔ anigyede ho, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

      11 Bible nkaa wɔ baabiara sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi begye n’ani anaa ɛyɛ beresɛe sɛ obi bɛyɛ saa. Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso kakra.” (1 Tim. 4:8) Bible ka mpo sɛ “ɔserew nso wɔ ne bere” na “ahuruhuruw nso wɔ ne bere,” na ɛhyɛ yɛn nkuran sɛ yennye yɛn ahome. (Ɔsɛnk. 3:4; 4:6) Nanso sɛ woanhwɛ yiye a, nneɛma a wode gye w’ani betumi atwe wo afi Yehowa ho. Ɛbɛyɛ dɛn aba saa? Sɛ anigyede no mfata anaa ebegye bere pii a, ɛnde na asiane wom.

      Sɛ yɛde nneɛma a ɛfata gye yɛn ani na yɛansɛe bere pii a, ɛma yɛn ani gye

      12. Sɛ worepaw anigyede bi a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

      12 Momma yenni kan nhwɛ anigyede ko a ɛsɛ sɛ yɛpaw. Wubetumi anya nneɛma a ɛfata de agye w’ani. Nanso ɛnnɛ nneɛma a nnipa dodow no ara de gyigye wɔn ani yɛ nea Onyankopɔn kyi. Anigyede no mu dodow no ara fa awudisɛm, ahonhonsɛm ne nna mu ɔbrasɛe ho. Enti sɛ worepɛ biribi agye w’ani a, ɛsɛ sɛ woma w’ani da hɔ paa na wubisa wo ho sɛ: Ade a mede gye m’ani ka me dɛn? Dɛn na ɛde hyɛ me mu—awudisɛm, akansi, anaa ɔmampɛ? (Mmeb. 3:31) Ɛma mesɛe sika pii? Ebetumi ato afoforo hintidua? (Rom. 14:21) Nnipa bɛn na saa anigyede no ma me ne wɔn bɔ? (Mmeb. 13:20) Ɛde akɔnnɔ bɔne hyɛ me mu anaa?—Yak. 1:14, 15.

      13, 14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wususuw bere dodow a wode gye w’ani ho?

      13 Ade foforo a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne bere dodow a yɛde gye yɛn ani. Bisa wo ho sɛ, ‘Mesɛe bere pii gye m’ani ma enti minnya bere nsom Yehowa yiye?’ Hyɛ no nsow sɛ, sɛ wosɛe bere pii wɔ anigyede ho a, wubewie no na anigye ankasa abɔ wo. Wɔn a wɔde anigyede to nea ɛda no, wɔn mmom na wɔn ani gye. Dɛn ntia? Efisɛ wonim sɛ wɔde “nneɛma a ehia” paa adi kan, enti sɛ wogye wɔn ani kakra a, wɔn ahonim nhaw wɔn.—Monkenkan Filipifo 1:10, 11.

      14 Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ sɛe bere pii gye w’ani, nanso kae sɛ ebetumi atwe wo afi Yehowa ho. Onuawa bi a wadi mfe 20 a wɔfrɛ no Kim huu nokwasɛm a ɛwɔ saa asɛm no mu. Ɔkae sɛ: “Kan no, apontow biara nni hɔ a wunhu me wɔ ase. Fida, Memeneda, ne Kwasida biara, yɛbɔ so wɔ baabi. Nanso seesei mabehu sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a ehia sɛ mede me bere yɛ. Meyɛ daa kwampaefo, na mesɔre anɔpa nnɔnsia kɔ asɛnka, enti merentumi nkogye m’ani saa nkosi anadwo dasum sɛnea na meyɛ kan no. Minim sɛ ɛnyɛ bɔne sɛ obi bepue akogye n’ani, nanso ebetumi ayi obi adwene afi nneɛma a ɛho hia paa so. Enti mahu sɛ ɛsɛ sɛ mede anigyede to nea ɛda.”

      15. Awofo bɛyɛ dɛn aboa wɔn mma ma wɔapaw anigyede a ɛfata?

      15 Ɛyɛ awofo asɛde sɛ wɔhwɛ wɔn abusua na wɔboa wɔn ma wɔsom Yehowa yiye. Afei nso ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ kwan a wɔbɛfa so ne wɔn mma agye wɔn ani, na ɛnsɛ sɛ wosusuw sɛ anigyede biara yɛ bɔne. Nanso ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wohu sɛ ɛnyɛ anigyede nyinaa na ɛfata. (1 Kor. 5:6) Sɛ wode w’ani to fam a, wubenya nneɛma a ɛfata a w’abusua betumi de agye wɔn ani.b Ɛba saa a, anigyede rentwe wo ne wo mma mfi Yehowa ho.

      ABUSUASƐM

      16, 17. Asɛm a ɛyɛ yaw bɛn na ato awofo pii? Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa nim yaw a wɔrefa mu no?

      16 Ɔdɔ a awofo wɔ ma wɔn mma mu yɛ den paa. Yehowa de eyi mpo yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛnea ɔdɔ ne nkurɔfo. (Yes. 49:15) Enti sɛ yɛn busuani bi gyae Yehowa som a, ebetumi ama yɛadi awerɛhow kɛse. Onuawa bi a wotuu ne babea fii asafo no mu kae sɛ: “Asɛm no bubuu me. Midwen ho ara a, minhu nea enti a ogyaee Yehowa som. Ɛyɛɛ me sɛ me na mannyɛ m’adwuma yiye nti na ɛbaa saa.”

      17 Sɛ asɛm a ɛte saa ato wo a, hu sɛ Yehowa nim ɛyaw a worefa mu. Bere a onipa a Yehowa dii kan bɔɔ no tew atua na Noa beresofo nso antie n’asɛm no, “odii awerɛhow ne komam.” (Gen. 6:5, 6) Sɛ biribi a ɛte saa ntoo wo da a, ebia worenhu sɛnea asɛm no yɛ yaw fa. Nanso nyansa nnim sɛ woma ɔkwammɔne a wo busuani a wɔatu no faa so no twe wo fi Yehowa ho. Sɛ wo busuani gyae Yehowa som a, wubedi awerɛhow, nanso dɛn na wobɛyɛ na woanyɛ ade antra so?

      18. Sɛ obi gyae Yehowa som a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ n’awofo nya adwene sɛ wɔn na wɔama aba saa?

      18 Nsusuw sɛ wo na woama aba saa. Sɛ wo busuani ahyira ne ho so abɔ asu a, ‘ɔno ankasa bɛsoa n’adesoa.’ Sɛ ɔbɛsom Yehowa oo, ɔrensom no oo, egyina ɔno ara so. (Gal. 6:5) Nea wayɛ bɔne no na Yehowa ne no wɔ asɛm, ɛnyɛ wo. (Hes. 18:20) Afei hwɛ na woampia asɛm no anto afoforo so. Yehowa ayɛ nhyehyɛe a ɔde teɛ ne nkurɔfo so; ɛnyɛ biribiara nsɔre ntia saa nhyehyɛe no. Enti mmɔ mpanyimfo no sobo, efisɛ ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔbɔ asafo no ho ban. Ɔbonsam mmom na ɛsɛ sɛ wo ne no di asi na wantwe wo amfi Yehowa ho.—1 Pet. 5:8, 9.

      Mfomso nnim sɛ wubenya anidaso sɛ wo dɔfo bi a wɔatu no bɛsan abɛsom Yehowa

      19, 20. (a) Dɛn na awofo a wɔatu wɔn mma betumi ayɛ na wɔatumi agyina tebea no ano? (b) Anidaso bɛn na awofo a wɔte saa betumi anya?

      19 Afei hwɛ na wo bo amfuw Yehowa. Woyɛ saa a na woretwe wo ho afi Yehowa ho. Ɛsɛ sɛ woma wo busuani no hu pefee sɛ wofam Yehowa ho denneennen, na woremma kwan mma obusuani biara nwae wo mfi ne ho. Wotu wo busuani bi a, nea ɛbɛboa ma woagyina tebea no ano ne sɛ wobɛbata Yehowa ho denneennen. Hwɛ na woantwe wo ho amfi wo nuanom Kristofo ho. (Mmeb. 18:1) Bɔ Yehowa mpae na ka wo komam asɛm kyerɛ no. (Dw. 62:7, 8) Hwɛ na woamfa kwatikwan biara so ne nea wɔatu no no ammɔ. Ebia obi bɛka sɛ ɔbɛkyerɛw nsɛm afa Intanɛt anaa telefon so akɔma ne busuani a wɔatu no no, nanso ɛnyɛ papa. (1 Kor. 5:11) Fa nsi ne ahokeka som Yehowa. (1 Kor. 15:58) Onuawa a yɛaka ne ho asɛm dedaw no kae sɛ: “Minim sɛ ɛsɛ sɛ meyere me ho som Yehowa de hyɛ me gyidi den na sɛ daakye me ba no san bɛsom Yehowa a, matumi aboa no.”

      20 Bible ka sɛ ɔdɔ wɔ “biribiara mu anidaso.” (1 Kor. 13:4, 7) Enti mfomso nnim sɛ wubenya anidaso sɛ wo dɔfo bi a wɔatu no bɛsan abɛsom Yehowa. Afe biara wɔn a wɔatu wɔn pii sakra wɔn akwan na wɔsan ba Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ wonu wɔn ho a, Yehowa de kyɛ wɔn efisɛ Bible ka sɛ ‘ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɔne befiri.’—Dw. 86:5.

      PAW NEA EYE

      21, 22. Dɛn na wopɛ sɛ wopaw wɔ asetenam?

      21 Yehowa ama nnipa hokwan a yɛde paw nea yɛpɛ. (Monkenkan Deuteronomium 30:19, 20.) Nanso nea yɛbɛpaw no, yebebu ho akontaa. Enti ɛsɛ sɛ Kristoni biara bisa ne ho sɛ: ‘Ɔkwan bɛn na menam so? So mama adwuma, anigyede, anaa m’abusua atwe me afi Yehowa ho?’

      22 Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo rensa da. Ade biako a ebetumi ama yɛne Yehowa ntam atetew ne sɛ yebesi gyinae bɔne. (Rom. 8:38, 39) Nanso ɛnsɛ sɛ yɛma ɛba saa da! Si wo bo sɛ woremma biribiara ntwe wo mfi Yehowa ho. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma foforo anan a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho na antwe yɛn amfi Yehowa ho.

      a Sɛ woresusuw adwuma a wobɛyɛ daakye ho a, hwɛ Questions Young People Ask—Answers That Work, Po 2, ti 38.

      b Sɛ wopɛ anigyede ho nsɛm pii a, hwɛ November 2011 Nyan! (Borɔfo de), kratafa 17-19.

  • Bɛn Yehowa
    Ɔwɛn-Aban—2013 | January 15
    • Bɛn Yehowa

      “Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”—YAK. 4:8.

      WUBETUMI AKYERƐKYERƐ MU?

      • Dɛn na yɛbɛyɛ na kɔmputa anaa mfiri a aba so anaa yɛn apɔwmuden ho nsɛm antwe yɛn amfi Yehowa ho?

      • Yɛbɛyɛ dɛn anya sika ho adwene a ɛfata? Yɛbɛyɛ dɛn akwati ahomaso?

      • Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛabata Yehowa ho daa?

      1, 2. (a) Ɔkwan bɛn na Satan fa so daadaa nnipa? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛabɛn Onyankopɔn?

      YEHOWA NYANKOPƆN bɔɔ nnipa sɛ wɔmmɛn no. Nanso Satan pɛ sɛ yenya adwene sɛ yenhia Yehowa. Eyi yɛ atosɛm. Efi bere a Satan daadaa Hawa wɔ Eden turo mu hɔ tɔnn no, wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe nnipa adwene. (Gen. 3:4-6) Efi saa bere no reba nyinaa nnipa pii susuw sɛ wonhia Onyankopɔn.

      2 Nanso yɛn de, ɛnsɛ sɛ yɛma Satan afiri no yi yɛn, efisɛ “yenim n’akwan.” (2 Kor. 2:11) Satan pɛ sɛ yesi gyinae a ɛbɛtwe yɛn afi Yehowa ho. Nanso adesua a edi eyi anim no ma yehui sɛ, sɛ ɛba adwumasɛm, anigyede, ne abusuasɛm a, yebetumi asi gyinae pa. Adesua yi nso bɛma yɛahu nneɛma anan bi a ebetumi atwe yɛn afi Yehowa ho: kɔmputa ne mfiri a aba so, apɔwmuden, sika, ne ahohoahoa. Adesua no bɛboa yɛn ma yɛasi gyinae pa wɔ eyinom ho na ‘yɛabɛn Onyankopɔn.’—Yak. 4:8.

      KƆMPUTA NE MFIRI A ABA SO

      3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ kɔmputa ne mfiri a aba so yɛ ɔdomfo-kumfo?

      3 Ɛnnɛ, kɔmputa ne mfiri a aba so ahyeta wiase baabiara. Sɛ yɛde saa mfiri yi di dwuma yiye a, ebetumi aboa yɛn paa. Nanso sɛ yɛamfa anni dwuma yiye a, ebetumi atwe yɛn afi yɛn soro Agya no ho. Kɔmputa betumi aboa yɛn wɔ nneɛma pii mu. Wo de, hwɛ nsɛmma nhoma a worekenkan yi. Kɔmputa na yɛn nuanom de kyerɛw tintimii. Kɔmputa tumi boa yɛn ma yɛyɛ nhwehwɛmu, yetumi de di nkitaho, na ɛtɔ bere bi nso a yetumi de gyigye yɛn ani. Nanso sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn adwene nyinaa bɛyɛ “kɔmputa, kɔmputa.” Wɔn a wɔtɔn saa nneɛma no fa nyansakwan so ka ho asɛm ma ɛbɛyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wunya nea aba so foforo biara bi. Ná aberante bi pɛ kɔmputa bi a aba so foforo araa ma onhu nea ɔnyɛ ne ho. Enti owiaa ne ho kɔɔ baabi ma woyii n’asaabo biako, na ɔtɔn de kɔtɔɔ kɔmputa no. Wo ara hwɛ, awerɛhosɛm!

      4. Bere a onua bi hui sɛ kɔmputa agye ne bere nyinaa no, dɛn na ɔyɛe?

      4 Nea enye koraa ne sɛ yɛbɛma mfiri a aba so asɛe yɛne Yehowa ntam. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛde bɛyɛ nneɛma a ɛmfata anaasɛ yɛbɛsɛe yɛn bere nyinaa wɔ ho. Onua bi a wɔfrɛ no Jon a ɔrekodi mfe 30 kae sɛ: “Minim sɛ Bible ka sɛ ‘yɛntɔ bere a yebenya biara’ mfa nsua Yehowa ho ade.a Nanso kɔmputa ama madi me ho aborɔ.” Jon tumi tena kɔmputa ho araa kosi anadwo dasum. Ná ɔne nkurɔfo di nkitaho wɔ kɔmputa so hwɛ video nso wɔ so. Ɛtɔ da bi a na ɔhwɛ video a ɛnyɛ papa mpo. Ɔkae sɛ bere a wabrɛ no, ɛno mpo na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛsɔre afi ho. Na Jon pɛ sɛ ogyae subammɔne yi, enti ɔyɛɛ biribi wɔ kɔmputa no so a sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔda a, na ɛno ankasa adum.—Monkenkan Efesofo 5:15, 16.

      5, 6. (a) Asɛyɛde bɛn na awofo wɔ wɔ wɔn mma ho? (b) Dɛn na awofo bɛyɛ na wɔn mma anya nnamfo pa?

      5 Awofo, enhia sɛ mode mo ani di biribiara mo mma reyɛ akyi, nanso ɛsɛ sɛ mohwɛ sɛnea wɔde kɔmputa di dwuma. Munnnyaa wɔn mmma wɔnnhwɛ ɔbrasɛe, awudisɛm, ne ahonhonsɛm wɔ Intanɛt so, anaa wɔmmɔ fekubɔne wɔ so. Awofo, sɛ moka sɛ mo mma rehaw mo adwene, enti wɔnkɔtena kɔmputa ho mfa nnyigye wɔn ani a, wobenya adwene sɛ mfomso nni ho sɛ wɔbɛhwɛ nneɛma a ɛmfata yi. Ɛyɛ mo asɛde sɛ mobɔ mo mma nkumaa ne mmabun nyinaa ho ban na biribiara antwe wɔn amfi Yehowa ho. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ mmoa mpo bɔ wɔn mma ho ban na asiane anto wɔn. Wo de, hwɛ nea osisi bɛyɛ bere a obi pɛ sɛ ɔkyere ne ba!—Fa toto Hosea 13:8 ho.

      Awofo, mommoa mo mma ma wɔmfa kɔmputa nni dwuma yiye

      6 Boa wo mma ma wɔmfa Kristofo mpanyin ne mmofra a wɔwɔ suban pa nnamfo. Nanso kae sɛ wo mma hia wo. Wɔpɛ sɛ wo ara wunya bere ma wɔn! Enti wo ne wɔn mmom nserew, mommom nni agoru, na mommom nyɛ adwuma. Eyi bɛma ‘moabɛn Onyankopɔn.’b

      APƆWMUDEN

      7. Dɛn nti na yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya apɔwmuden?

      7 Yɛtaa bisa nkurɔfo sɛ wɔn apɔw mu te dɛn. Eyi ma yehu nokwasɛm bi. Esiane sɛ yɛn awofo a wodi kan maa Satan twee wɔn fii Yehowa ho nti, yare bɔ yɛn nyinaa. Sɛ Satan nyae a anka daa na yɛyare efisɛ yɛyare a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsom Yehowa. Na sɛ yewu a, ɛnde yɛrentumi nsom no koraa. (Dw. 115:17) Enti yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara nya apɔwmuden.c Afei nso ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom ma wonya apɔwmuden.

      8, 9. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛannwinnwen yɛn apɔwmuden ho antra so? (b) Dɛn nti na eye sɛ yenya anigye koma?

      8 Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ ade antra so. Ebinom ka nnuan ne nnuru ne ayaresa bi ho asɛm dodo. Nsi ne ahokeka a wɔde ka ho asɛm no kyɛn nea wɔde ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mpo. Ebia wogye di paa sɛ ebetumi aboa afoforo. Sɛ saa mpo a, ɛmfata sɛ yɛbɛtɔn nnuru bi anaa yɛbɛbɔ ayaresa bi ho dawuru wɔ Ahenni Asa so anaa yɛbɛyɛ saa wɔ nhyiam ahorow ase. Adɛn ntia?

      9 Nea enti a yehyiam ne sɛ yebesua Bible na Onyankopɔn honhom kronkron aboa yɛn ma yɛn ani agye. (Gal. 5:22) Sɛ yehyiam na yɛkɔfa nnuru anaa ayaresa bi ho asɛm ba a, ebeyi yɛn adwene afi honhom fam nneɛma so. Bio nso ebetumi asɛe afoforo anigye. (Rom. 14:17) Nea obi bɛyɛ wɔ n’apɔwmuden ho yɛ ɔno ankasa asɛm. Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ obiara nni hɔ a ɔwɔ yare biara ano aduru. Dɔkotafo akukudam mpo bɔ nkwakoraa ne mmerewa, na wɔyare wu. Sɛ yedwinnwen yɛn apɔwmuden ho dɛn koraa a, yɛrentumi nto yɛn nkwa nna mu. (Luka 12:25) Nanso “anigye koma sa yare.”—Mmeb. 17:22.

      10. (a) Dɛn na ɛma Yehowa hu obi sɛ ne ho yɛ fɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn anya apɔwmuden a edi mũ?

      10 Afei nso yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn ho yɛ fɛ. Nanso ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma tra so sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo behu yɛn sɛ mmerante anaa mmabaa. Bible ka sɛ: “Atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a, ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.” (Mmeb. 16:31) Enti mpanyinyɛ kura nidi ne ahoɔfɛ ankasa. Saa na Yehowa hu no, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yehu no saa. (Monkenkan 1 Petro 3:3, 4.) Sɛ saa na asɛm no te a, wohwɛ a ɛbɛyɛ papa sɛ ahoɔfɛ nti wobɛyɛ oprehyɛn anaa wobɛsrasra nku bi anaa wobɛnom nnuru bi a ɛde w’apɔwmuden anaa wo nkwa bɛto asiane mu? Sɛ woanyin oo, wusua oo; wo ho yɛ den oo, wo ho nyɛ den oo, kae sɛ “Yehowa mu anigye” na ɛma yɛn nyinaa ho yɛ fɛ ankasa. (Neh. 8:10) Wiase foforo no mu na yebenya apɔwmuden a edi mũ. Saa bere no na yɛbɛsan asi yɛn mmerantebere ne yɛn mmabaabere mu. (Hiob 33:25; Yes. 33:24) Bere a yɛretwɛn no, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yenya gyidi sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam. Eyi bɛma yɛn ani agye na yɛabɛn Yehowa na yɛde yɛn bere adi dwuma yiye.—1 Tim. 4:8.

      SIKA

      11. Ɔkwan bɛn so na sika betumi asum yɛn afiri?

      11 Ɛnyɛ bɔne sɛ obi benya sika anaa ɔbɛyɛ adwuma apɛ sika. (Ɔsɛnk. 7:12; Luka 19:12, 13) Nanso “sikanibere” betumi atwe yɛn afi Yehowa ho. (1 Tim. 6:9, 10) “Wiase yi mu dadwen” anaa asetena mu nneɛma a yebedwen ho dodo betumi ayɛ sɛ nsɔe amia yɛn som. Afei nso sɛ yenya adwene sɛ sika bɛma yɛn ani agye na abɔ yɛn ho ban a, na yɛrema ‘ahonyade adaadaa’ yɛn. (Mat. 13:22) Yesu maa emu daa hɔ sɛ “obiara ntumi” nsom Onyankopɔn ne ahonyade.—Mat. 6:24.

      12. Ɔkwan bɛn na nnipa pɛ sɛ wɔfa so nya sika bum ɛnnɛ? Yɛbɛyɛ dɛn asi gyinae pa?

      12 Sɛ yɛannya sika ho adwempa a, ebetumi ama yɛayɛ bɔne. (Mmeb. 28:20) Ebinom nyae a anka wɔbɛda asɔre no na wɔda apem so, enti wɔtow kyakya. Anuanom binom de wɔn ho hyɛ nnwuma bi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika bum bere tiaa bi; wɔtwetwe asafo no mufo kɔhyɛ mu. Anuanom bi nso ama nkurɔfo adaadaa wɔn sɛ, sɛ wɔde sika hyɛ adwuma bi mu a, wobenya wɔn ho tam, nanso wɔn nsa asi fam. Sɛ yɛma yɛn ani bere sika a, ɛbɛma yɛde yɛn ti akɔhyɛ adwuma bi mu ma nkurɔfo abu yɛn afa so. Enti ma w’ani nna hɔ. Nnya adwene sɛ wubetumi anya wo ho da koro pɛ.

      13. Adwene bɛn na Yehowa pɛ sɛ yenya wɔ sika ho?

      13 Sɛ yɛde “ahenni no ne Onyankopɔn trenee” di kan a, Yehowa behyira adwuma a yɛyɛ so ma yɛanya nea yehia. (Mat. 6:33; Efe. 4:28) Yehowa mpɛ sɛ yɛyɛ adwuma boro so na yɛkɔda wɔ Ahenni Asa so anaa yedwinnwen sika ho wɔ hɔ. Nanso wiase mu nnipa pii susuw sɛ, sɛ wobiri wɔn mogya ani pɛ sika a, ɛbɛbɔ wɔn ho ban na daakye wɔn asɛm anyɛ mmɔbɔ. Wɔtaa de sikapɛ hyɛ wɔn mma adwenem. Yesu kyerɛe sɛ adwene a ɛte saa mfata. (Monkenkan Luka 12:15-21.) Eyi ma yɛkae Gehasi. Na osusuw sɛ n’ani betumi abere sika na bere koro no ara wanya din pa wɔ Yehowa anim.—2 Ahe. 5:20-27.

      14, 15. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ho bɛto sika so? Ma nhwɛso.

      14 Asɛm yi te sɛ ɔkɔre bi a wakɔkyere apataa wɔ nsu mu. Ɛtɔ da bi a na apataa no mu yɛ duru sɛ ɔkɔre no de betu, nanso adifudepɛ nti ontumi nnyae mu, enti ebewie ase na ɔne apataa no nyinaa akɔhyɛ nsu no ase. Biribi a ɛte saa betumi ato Kristoni anaa? Asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no Alex kae sɛ: “Me sika nkɔ agoru. Sɛ mereguare a, mempɛ sɛ samina ketewa bi mpo bɛsɛe kwa.” Nanso Alex nyaa adwene sɛ, sɛ ɔde ne sika kɔhyɛ aguadi bi mu a, obenya so mfaso. Ɛba saa a, obegyae adwuma a ɔyɛ akɔyɛ akwampae adwuma. Afei ɔhwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so anya mfaso pii, enti ɔde ne sika a ɛda hɔ nyinaa kɔhyɛɛ adwuma bi mu. Ɔkɔbɔɔ bosea mpo de hyɛɛ adwuma no mu. Nanso nneɛma gye gui koraa ma ɔbɔɔ ka kɛse. Alex kae sɛ: “Na mawe ataa so sɛ meremma me sika nka mu. Mekae wɔ me tirim sɛ, nea ehia ara ne abotare; ɛrenkyɛ mɛsan anya me sika bio.”

      15 Efi saa bere no, na ade a Alex dwen ho ara ne sika a ɔde ahyɛ adwuma no mu no. Ne som yɛɛ basaa, na ɔkɔ kɛtɛ so a ɔnna. Alex anidaso yɛɛ kwa. Ne sika nyinaa hyewee, na ewiee ase no, ɔtɔn ne fie. Ɔkae sɛ: “Memaa m’abusua dii yaw.” Nanso osuaa biribi fii asɛm no mu. Ɔno ankasa gye toom sɛ: “Obiara a ɔde ne werɛ hyɛ Satan wiase yi mu no nsa besi fam ma ne werɛ ahow.” (Mmeb. 11:28) Nokwasɛm ni, sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ yɛn sika mu anaa yɛde yɛn ho to yɛn adwuma so wɔ saa wiase yi mu a, nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛde yɛn ho reto Satan a ɔne “wiase yi nyame” so. (2 Kor. 4:4; 1 Tim. 6:17) Seesei Alex ayɛ ne ho wiɛmfoɔ na onya bere pii ka asɛmpa no. Eyi ama ɔne n’abusua ani agye paa, na wɔabɛn Yehowa kɛse.—Monkenkan Marko 10:29, 30.

      AHOHOAHOA

      16. Ahohoahoa bɛn na ɛyɛ papa? Sɛ yebu yɛn ho tra so a, dɛn na ebefi mu aba?

      16 Mfomso biara nni ho sɛ yɛde adepa bɛhoahoa yɛn ho. Enti sɛ yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo a, ɛyɛ ne kwan so. (Yer. 9:24) Eyi na ɛboa yɛn ma yesi gyinae pa na yɛbɔ bra pa. Nanso sɛ yebu yɛn ho tra so anaa yɛma yɛn ho so a, ebetumi atwe yɛn afi Yehowa ho.—Dw. 138:6; Rom. 12:3.

      Fa anigye yɛ asɛnka adwuma no, mfa w’ani nsi asafo no mu dibea so!

      17, 18. (a) Hena na Bible ka sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase, na henanom na ɛka sɛ wɔmaa wɔn ho so? (b) Ɔkwan bɛn so na onua bi amma ahomaso antwe no amfi Yehowa ho?

      17 Sɛ yɛkan Bible a, yehu nnipa a wɔmaa wɔn ho so ne wɔn a wɔbrɛɛ wɔn ho ase. Ɔhene Dawid brɛɛ ne ho ase maa Yehowa kyerɛɛ no kwan, na Yehowa hyiraa no. (Dw. 131:1-3) Nanso Ɔhene Nebukadnesar ne Belsasar ahomaso nti Yehowa brɛɛ wɔn ase. (Dan. 4:30-37; 5:22-30) Ɛnnɛ nso yebetumi ahyia tebea bi a ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Onua bi a wɔfrɛ no Ryan a wadi mfe 32 kɔɔ asafo foforo mu. Ɔkɔɔ hɔ no na ɔyɛ asafo mu somfo. Ryan kae sɛ: “Na mehwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ koraa wɔbɛpaw me ɔpanyin, nanso afe twaam a mante hwee.” Ryan bo fuw mpanyimfo no sɛ wɔanyɛ no ɔpanyin anaa? So ogyaee adesua kɔ maa ahomaso twee no fii Yehowa ne asafo no ho? Sɛ ɛyɛ wo a, anka dɛn na wobɛyɛ?

      18 Ryan yɛɛ nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma mu, na eyi boaa no ma onyaa abotare twɛnee. (Mmeb. 13:12) Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ na ehia sɛ minya abotare ne ahobrɛase ma Yehowa tete me.” Ryan hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne bere pii boa afoforo wɔ asafo no mu na ɔde ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Afei onyaa nnipa pii ne wɔn suaa Bible ma wonyaa nkɔso. Ɔkae sɛ: “Afe ne fã akyi no, wɔpaw me sɛ ɔpanyin. Nokwasɛm ne sɛ na m’ani nna so. Na asɛnka adwuma no ayɛ me dɛ, enti na m’adwene afi so koraa.”—Monkenkan Dwom 37:3, 4.

      BATA YEHOWA HO!

      19, 20. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛamma biribiara antwe yɛn amfi Yehowa ho? (b) Henanom na wɔbataa Yehowa ho a yebetumi asuasua wɔn?

      19 Nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi eyi anim mu no fata. Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo. Yɛn abusua betumi ama yɛn ani agye. Apɔwmuden nso yɛ akyɛde kɛse a efi Yehowa hɔ. Yenim sɛ adwuma ne sika betumi aboa yɛn ma yɛanya nea yehia. Afei nso anigyede ne mfiri a aba so betumi aboa yɛn. Nanso ɛsɛ sɛ yehu sɛ, sɛ yɛamfa saa nneɛma yi biara anto nea ɛda anaa yɛma etwitware yɛn som mu a, ebetumi atwe yɛn afi Yehowa ho.

      Mma biribiara ntwe wo mfi Yehowa ho!

      20 Satan pɛ sɛ wotwe wo ho fi Yehowa ho. Nanso wubetumi abɔ wo ne w’abusua ho ban na biribi a ɛte saa anto mo. (Mmeb. 22:3) Bɛn Yehowa na bata ne ho daa. Bible mu nhwɛso pii wɔ hɔ a ebetumi aboa yɛn. Enok ne Noa “ne nokware Nyankopɔn nantewee.” (Gen. 5:22; 6:9) Mose kɔɔ so “tintimii te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.” (Heb. 11:27) Yesu yɛɛ nea ɛsɔ ne soro Agya no ani bere nyinaa, enti Onyankopɔn nso taa n’akyi. (Yoh. 8:29) Suasua saa nkurɔfo yi. Bible ka sɛ: “Mo ani nnye bere nyinaa. Munnnyae mpaebɔ da. Biribiara mu momfa aseda mma.” (1 Tes. 5:16-18) Si wo bo sɛ woremma biribiara ntwe wo mfi Yehowa ho!

      a Wɔasesa din ahorow no.

      b Hwɛ asɛm a ɛbaa January 2012 Nyan! mu a n’asɛmti ne: “Sɛnea Wobɛtete Mmofra Yiye.” (Borɔfo de no yɛ October 2011.)

      c Hwɛ asɛm a ɛbaa March 2011 Nyan! (Borɔfo de no) mu a n’asɛmti ne “Five Keys to Better Health” (Nneɛma Anum a Ɛboa Ma Yenya Apɔwmuden).

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena