Dwom 59
Yɛahyira Yɛn Ho So Ama Onyankopɔn!
Nea Yɛaprente
1. Yɛn Nyankopɔn atwe yɛn aba Kristo nkyɛn.
Fi nnɛ rekɔ yɛyɛ n’asuafo.
Yɛahu nokware hann no.
Ɛhyerɛn yɛn koma mu.
Yɛn gyidi ayɛ kɛse;
Afei yɛapa yɛn ho akyi.
(NNYESO)
Yɛahyira yɛn ho so ama yɛn Nyankopɔn.
Ɔne Yesu mu, yedi ah’rusi.
2. Yɛde mpaebɔ aba Yehowa anim nnɛ.
Yɛbɛsom no daa na yɛatie no.
Yɛanya anigye kɛse,
Ɛsɛ sɛ obiara te.
Yehowa din da yɛn so;
Yɛka n’Ahenni ho asɛm.
(NNYESO)
Yɛahyira yɛn ho so ama yɛn Nyankopɔn.
Ɔne Yesu mu, yedi ah’rusi.