Dwom 40
Di Kan Hwehwɛ Ahenni No
Nea Yɛaprente
1. Yehowa wɔ Ahenni bi;
Ɛma n’ani gye kɛse.
Ɛno na Kristo di so no;
Ɛbɛyɛ b’ribiara yie.
(NNYESO)
Di kan hwehwɛ Ahenni no
Ne Onyankopɔn trenee.
To n’ayeyi dwom daa nyinaa,
Fa nokwaredi som no.
2. Adɛn nti na wohaw wo ho?
Wodwendwen ɔkyena ho.
Di kan hwehwɛ Ahenni no;
Nea wubedi remmɔ wo.
(NNYESO)
Di kan hwehwɛ Ahenni no
Ne Onyankopɔn trenee.
To n’ayeyi dwom daa nyinaa,
Fa nokwaredi som no.
3. Enti monka asɛmpa no
Mma wɔn a wɔfata ntie.
Yɛn ani da Yehowa so;
Ne ɔs’ro Ahenni no.
(NNYESO)
Di kan hwehwɛ Ahenni no
Ne Onyankopɔn trenee.
To n’ayeyi dwom daa nyinaa,
Fa nokwaredi som no.
(Hwɛ Dw. 27:14; Mat. 6:34; 10:11, 13; 1 Pet. 1:21 nso.)