Dwom 109
Kamfo Yehowa Abakan No!
Nea Yɛaprente
1. Kamfo Abakan no;
Ɔhene a wɔapaw no.
Odi Hene trenee mu;
N’Ahenni bɛyɛ nhyira.
Kristo de tumi kɛse
Bɛtew n’Agya din ho.
Ɔbɛhyɛ no anuonyam
Aman nyinaa anim.
(NNYESO)
Kamfo Abakan no!
Kamfo Kristo Yesu daa.
Wɔde no asi Sion,
N’Ahenni di tumi nnɛ!
2. Kamfo Abakan no,
Nea obewu maa yɛn no.
Ɔde ne mogya gyee yɛn
Na yɛanya bɔne faf’ri.
Kristo ayef’ro retwɛn,
Ɔhyɛ nwera fitaa.
Ɔsoro aware yi
Kamfo Ahenni no.
(NNYESO)
Kamfo Abakan no!
Kamfo Kristo Yesu daa.
Wɔde no asi Sion,
N’Ahenni di tumi nnɛ!