Dwom 8
Awurade Anwummeduan
Nea Yɛaprente
1. Yehowa, yɛn soro Agya pa,
O anadwo yi yɛ kronkron!
Nisan da dunan no na wɔhuu w’anuonyam,
Wo dɔ, trenee, tumi, nyansa.
Wɔdii Twam guammaa no saa da no,
Na Israelfo faa wɔn ho dii.
Mfe mpempem akyi Yesu hwiee ne mogya
Ma Nyankopɔn nkɔmhyɛ no baa mu.
2. Seesei yɛahyia mu w’anim ha yi,
Yɛaba sɛ w’adidibea nguan.
Wo dɔ nti Kristo bae, yɛbɛkamfo wo din;
Yɛbɛhyɛ wo din anuonyam.
Yɛbɛhwɛ adi Afahyɛ yi;
Yebefi koma nyinaa mu.
Yɛbɛnantew sɛnea Kristo ky’rɛɛ yɛn kwan no;
Ɛno na ɛbɛma yɛanya nkwa.
(Hwɛ Luka 22:14-20; 1 Kor. 11:23-26 nso.)