Dwom 3
“Onyankopɔn Ne Dɔ”
Nea Yɛaprente
1. Nyankopɔn dɔ yɛn, ɔfrɛ yɛn
Sɛ yɛmfa ɔdɔ kwan so.
Yɔnkodɔ ne Nyankopɔn dɔ,
Bɛma yɛayɛ nneɛma pa.
Saa na ɛsɛ sɛ yɛbɔ bra;
Ɛno na yɛbɛyɛ daa.
Ɔdɔ yi na Kristo ky’rɛɛ yɛn.
Ɔdɔ yi tumi kasa.
2. Nyankopɔn dɔ twitwa gye yɛn;
Ɔde ne dɔ no boa yɛn.
Ɔdɔ ma yetu anammɔn;
Yɛde bɛboa obiara.
Ɔdɔ pa, ɛnyɛ ahoɔyaw;
Ne yam ye, ne bo nhaw no.
Momma yɛnkɔ so nnɔ yɛn nua.
Yebenya emu nhyira.
3. Mfa ɔtan nni w’anim da;
Ɛnsɛ sɛ edi wo so.
Ma Nyankopɔn nkyerɛ wo kwan;
Na di n’ahyɛde no so.
Nyankopɔn dɔ ne yɔnkodɔ,
Ɛno ne ɔdɔ pa no.
Momma obiara nhu yɛn dɔ.
Nyankopɔn dɔ te yɛn mu.
(Hwɛ Mar. 12:30, 31; 1 Kor. 12:31–13:8; 1 Yoh. 3:23 nso.)