Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Asɛm a Ɛho Hia
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 4
    • ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

      Asɛm a Ɛho Hia

      Ɔbarima bi kura Bible, n’adwenem yɛ no nãã wɔ ho

      Sɛ wode Bible toto nyamesom nhoma ahorow ho a, Bible no da mu fua. Nhoma biara nni hɔ a efi bere tenteenten ni, akyerɛ nnipa pii sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra te sɛ Bible no da. Saa ara nso na Bible no ne nhoma a nnipa ayɛ mu nhwehwɛmu akɔ akyiri, na wɔasan akasa atia paa.

      Nhwɛso bi ni, nhomanimfo bi nnye nni sɛ, Bible a wɔkyerɛwee tete no, ɛno ara na ɛwɔ hɔ nnɛ no. Nyamesom ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Yɛrentumi nka no pefee sɛ Bible a ɛwɔ nnɛ no te sɛ nea wɔkyerɛwee tete no pɛpɛɛpɛ.” Ɔka kaa ho sɛ: “Nea ɛwɔ hɔ nnɛ no, mfomso ayɛ mu ma; nsonsonoe kɛse wɔ ɛne tete de no mu.”

      Ebinom wɔ hɔ a ɔsom a wɔde tetee wɔn nti, wonnye Bible no ntom. Faizal sei, n’abusuafo a wɔnyɛ Kristofo kyerɛkyerɛɛ no sɛ Bible no yɛ nhoma kronkron, nanso wɔasesa mu nsɛm. Ɔka sɛ: “Ɛno nti, na mempɛ koraa sɛ nkurɔfo bɛka Bible mu asɛm akyerɛ me, yɛbɛka koraa a wonni tete Bible no. Wɔasesa no!”

      Sɛ Bible no asesa anaa ɛnsesae a, ɛfa yɛn ho sɛn? Wo de, ma yensusuw nsɛm yi ho nhwɛ: Daakye ho bɔhyɛ a ɛma yenya awerɛkyekye pii wɔ Bible no mu, nanso sɛ enni tete Bible nkyerɛwee no mu a, wobɛyɛ dɛn de wo ho ato so? (Romafo 15:4) Sɛ mfomso ahyɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ yi mu mã, ɛnna woresi gyinae afa w’abusua, adwuma a wobɛyɛ, anaa ɔsom ho a, anka wobɛhwehwɛ afotu afi mu?

      Ɛwom, nhoma ahorow a Bible akyerɛwfo no ankasa de wɔn nsa kyerɛwee no, ɛnnɛ ebi nni hɔ nanso wɔn de no a afoforo hwɛɛ so kyerɛw bi no de, ebi da so ara wɔ hɔ—Bible nsaano nkyerɛwee pii ka ho. Ɛyɛɛ dɛn na saa nsaano nkyerɛwee no bi da so ara wɔ hɔ, na atamfo antumi ansɛe no anaa wɔansesa emu nsɛm no? Ɔkwan bɛn so na nsaano nkyerɛwee ahorow a ɛwɔ hɔ no betumi ama woanya awerɛhyem wɔ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu? Asɛm a edi hɔ a ɛkyerɛ nea enti a Bible no ansɛe no bɛma woanya nsɛmmisa yi ho mmuae.

  • Bible no Ansuw
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 4
    • ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

      Bible no Ansuw

      ƆHAW NO: Mmɛw krataa, anaa aboa nhoma ne ade titiriw a Bible akyerɛwfo ne wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no de kyerɛw Bible no.a (2 Timoteo 4:13) Ná anka saa nneɛma yi betumi ama Bible no asɛe ntɛm. Dɛn ntia?

      Ná mmɛw nkrataa tumi gogow, ɛyɛ dedaw na ɛtetew ntɛm. Richard Parkinson ne Stephen Quirke a wosua tete Egypt ho abakɔsɛm ka sɛ: “[Mmɛw] nkrataa tumi tetew furofurow ma ɛyɛ muhumuhu te sɛ anhwea. Na etumi bɔ ntuw anaa ɛporɔw wɔ akorae. Sɛ wɔde sie fam nso a, na mmoa anaa mmoawa te sɛ mfɔte tumi we sɛe no.” Mmɛw nkrataa no bi nso, bere a wohui no na owia abɔ so araa ma ɔhyew nti na asɛe araa ne sa.

      Ná aboa nhoma no tumi kyɛ sen mmɛw krataa, nanso sɛ wɔankora so yiye anaa wogyaw to owia kataban mu anaasɛ beae a ɛhɔ yɛ nwini paa a, etumi sɛe.b Ná mmoawammoawa nso tumi sɛe no. Ɛno nti nhoma bi ka sɛ, tete kyerɛwtohɔ ahorow no, na “ɛtaa sɛe.” (Everyday Writing in the Graeco-Roman East) Sɛ Bible no sɛee a, anka ɛnnɛ enni hɔ.

      NEA ENTI A BIBLE NO ANSƐE: Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yuda ahemfo sɛ wɔn mu biara “nkyerɛw [Mmara no] bi wɔ nhoma mu mfa.” Mmara no yɛ nhoma nnum a edi kan a ɛwɔ Bible mu no. (Deuteronomium 17:18) Afei nso, akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw hwɛɛ so kyerɛw pii, ma enti eduu asomafo no bere so no, ɛkame ayɛ sɛ wokɔ hyiadan biara mu wɔ Israel a, na wubenya Kyerɛwnsɛm no bi. Makedonia a na ɛwɔ akyirikyiri no mpo na wubetumi anya bi wɔ hɔ! (Luka 4:16, 17; Asomafo Nnwuma 17:11) Ɛyɛɛ dɛn na tete nsaano nkyerɛwee no nyinaa ansɛe na ebi da so ara wɔ hɔ nnɛ?

      1. Kuku bi; 2. Ɛpo Awu Ho Nhoma Mmobɔwee fã bi

      Ɛpo a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no dii mfe pii wɔ kuku a ɛwɔ ɔbodan mu wɔ baabi a nsu ntaa ntɔ nanso ansɛe

      Ɔbodan bi a wohuu Bible nsaano nkyerɛwee no bi wom

      Apam Foforo ho ɔbenfo Philip W. Comfort ka sɛ, “Ná wonim Yudafo sɛ nkurɔfo a wɔkora Bible nhoma mmobɔwee so wɔ kuku anaa ahina mu.” Ɛda adi sɛ Kristofo no toaa so yɛɛ saa ara. Ɛno nti woahu tete Bible nsaano nkyerɛwee no bi wɔ nkuku mu, abodan mu, ntokuru mu, ne mmeae a nsu ntaa ntɔ.

      NEA AFI MU ABA: Seesei, Bible nsaano nkyerɛwee asinasin pii wɔ hɔ—ebi adi boro mfe 2,000. Nhoma biara nni hɔ a seesei wubehu ɛho nsaano nkyerɛwee a akyɛ saa da.

      a Wɔde nsu mu afifide bi a wɔfrɛ no mmɛw na na ɛyɛ mmɛw krataa no.

      b Nhwɛso bi ni, krataa a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ase maa United States nyaa ahofadi no, na ɛyɛ mmɛw krataa. Krataa yi nnii mfe 250 mpo, nanso apa araa ma ɛreyɛ ayɛ den sɛ obi betumi ahu nkyerɛw no akenkan.

  • Atamfo Antumi Ansɛe Bible No
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 4
    • ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

      Atamfo Antumi Ansɛe Bible No

      ƆHAW NO: Nyamesom akannifo ne atumfoɔ pii ayɛ nneɛma a ɛne Bible no nhyia. Esiane tumi a wɔwɔ nti, mpɛn pii no wɔbaraa Bible no tintim ne ne nkyerɛase, na mpo wɔampɛ sɛ obi benya bi. Yɛnhwɛ nhwɛso mmienu yi:

      • Bɛyɛ Afe 167 A.Y.B.: Seleucid Hene Antiochus Epiphanes de sii n’ani so sɛ ɔde Hela som bepuapua Yudafo no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsɛe Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa. Abakɔsɛm kyerɛwfo Heinrich Graetz ka sɛ: “Baabiara a [Ɔhene no mpanyimfo] huu Mmara nhoma mmobɔwee no, wɔtetew mu na wɔhyew no, na wokum obiara a na wobehu no sɛ ɔrekenkan de ahyɛ ne ho den anaa ahwehwɛ awerɛkyekye no.”

      • Asomafo No Wu Akyi Bɛyɛ Mfe 500 kosi 1500 Y.B: Katolek akannifo no bi bo fuwii sɛ asɔremma no rekyerɛkyerɛ nea ɛwɔ Bible mu, na ɛnyɛ nea Katolek asɔre no kyerɛkyerɛ. Ɛno nti sɛ obi nyɛ ɔsɔfo na sɛ ɛbɛda adi sɛ ɔwɔ Bible a, na wobu onii no sɛ otuatewfo; Nnwom nhoma a na ɛwɔ Latin kasa mu nkutoo na na wɔma kwan ma obi nsa tumi ka bi. Asɔre mpanyimfo no hyɛe sɛ ‘wɔnkɔhwehwɛ atuatewfo no wɔ baabiara, afie ne ntokuru mu baabiara a obi betumi de ne ho akosie. Sɛ wohu otuatewfo wɔ ofie bi mu a, na ɛsɛ sɛ wɔsɛe ofie no pasaa.’

      Sɛ anka atamfo no tumi sɛee Bible no korakora a, anka nnɛ Bible no ayera.

      Bible a William Tyndale kyerɛɛ ase kɔɔ Borɔfo mu no fã bi

      Ɛmfa ho sɛ wokum William Tyndale afe 1536 na wɔbaraa Bible anaa wɔhyew dodow no ara no, nea Tyndale kyerɛɛ ase kɔɔ Borɔfo mu no da so ara wɔ hɔ

      NEA ENTI A BIBLE NO ANSƐE: Ɛwom, Ɔhene Antiochus de n’ani sii Israel man so, nanso na Yudafo no ahwete nsase pii so. Anokwa, nhomanimfo mpo ka sɛ, asomafo no bere so no, na Yudafo no mu fã kɛse no ara nte Israel. Wɔn hyiadan ahorow mu no, na wɔwɔ Bible nhoma mmobɔwee pii wɔ hɔ. Saa Bible yi ara na akyiri yi wɔn mma, wɔn nenanom a Kristofo nso ka ho no bɛkenkanee.—Asomafo Nnwuma 15:21.

      Asomafo no wui akyi mfe pii no, sɛ na obi bɔ ne ho mmusu sɛ ɔbɛbɔ Bible no ho ban a, na ɛyɛ owu ne nkwa asɛm, nanso ne nyinaa mu no, nnipa a wɔn ani gye Bible no ho nyaa akokoduru kɔɔ so kyerɛɛ Bible no ase, na wɔyɛɛ bi kaa ho. Ebetumi aba sɛ bɛyɛ mfe 600 ni no, na Bible no fã bi wɔ kasa ahorow bɛyɛ 33 mu ansa na wɔreyɛ afiri a etintim nhoma. Ɛno akyi no, wɔkyerɛɛ Bible no ase na bere tiaa mu no, wɔyɛɛ pii.

      NEA AFI MU ABA: Ahunahuna ne ɔhaw a ahemfo a wɔyɛ den ne nyamesom akannifo no de bae nyinaa akyi no, wɔ abakɔsɛm mu no, Bible no ne nhoma a wubetumi anya bi wɔ baabiara, na wɔakyerɛ ase kɔ kasa ahorow pii mu. Bible no asesa aman bi mmara, wɔn kasa ne nnipa ɔpepepem pii abrabɔ.

  • Wɔantumi Ansesa Bible no Mu Nsɛm No
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 4
    • Ɔkyerɛwfo bi rehwɛ Bible no so akyerɛw bi

      Masoretfo tɔɔ wɔn bo ase hwɛɛ Bible no so kyerɛw bi

      ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

      Wɔantumi Ansesa Bible no Mu Nsɛm No

      ƆHAW NO: Bible no ansuw, na atamfo nso antumi ansɛe no. Nanso, ebinom a wɔkyerɛɛ Bible no ase ne wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa emu nsɛm. Sɛ anka wɔbɛma wɔn nkyerɛkyerɛ ne Bible no ahyia no, ɛtɔ mmere bi a na wɔpɛ sɛ wɔsesa Bible no mu nsɛm na ama ɛne wɔn nkyerɛkyerɛ ahyia. Wo de ma yɛnhwɛ nea wɔyɛe no bi:

      • Baabi a wɔsom: Afeha a ɛto so mmienu ne nnan A.Y.B mu hɔ no, wɔn a wɔkyerɛw Samariafo Pentateuch no de asɛm bi toaa Exodus 20:17 so. Asɛm no ne “wɔ Aargaareezem. Ɛhɔ na mubesi afɔremuka.” Enti na Samariafo no pɛ sɛ wɔma Kyerɛwnsɛm no foa asɔrefie a wobesi wɔ “Aargaareezem,” anaa Bepɔw Gerisim no so.

      • Baasakoro nkyerɛkyerɛ: Wɔkyerɛw Bible no wiei no, anni mfe 300 na obi a ɔkyerɛw Baasakoro ho nsɛm de nsɛm bi kaa 1 Yohane 5:7 ho. Nea ɔde kaa ho no ka sɛ, “na baasa na edi adanse ɔsoro: Agya no, Asɛm no, ne Honhom Kronkron no, na baasa yi yɛ baako.” Ná saa asɛm yi nni nea Bible akyerɛwfo ankasa kyerɛwee no mu. Bible ho nimdefo Bruce Metzger ka sɛ, “efi afeha a ɛto so nsia reba no, wohui sɛ na saa nsɛm no taa pue wɔ nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ Tete Latin kasa ne [Latin] Vulgate mu.”

      • Onyankopɔn din: Bible nkyerɛasefo pii gyinaa Yudafo atetesɛm bi so sii gyinae sɛ wobeyi Onyankopɔn din afi Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔde abodin te sɛ “Onyankopɔn [Onyame]” anaa “Awurade” sii din no ananmu. Bible mu no, wɔde saa abodin yi frɛ Ɔbɔadeɛ, nnipa, nneɛma a wɔsom, ne Ɔbonsam mpo.—Yohane 10:34, 35; 1 Korintofo 8:5, 6; 2 Korintofo 4:4.a

      NEA ENTI A BIBLE NO ANSƐE: Nea edi kan, ɛwom sɛ wɔn a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi no mu binom anyɛ ahwɛyiye anaa wokyinkyim nsɛm no kakra de, nanso na wɔn mu dodow no ara nim adwuma no ani so yiye, na wɔyɛɛ ahwɛyiye paa. Bɛyɛ mfe 501 kosi 1,000 wɔ Yesu wu akyi no, akyerɛwfo kuw bi a wɔfrɛ wɔn Masoretfo hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm (Apam Dedaw) a na ɛwɔ hɔ no so kyerɛw bi. Nea wɔkyerɛwee no, wɔfrɛ no Masoretfo nkyerɛwee. Nea ɛbɛyɛ na wɔanni mfomso no, abakɔsɛm kyerɛ sɛ, na wɔkan nsɛmfua ne nkyerɛwde dodow a ɛwɔ nea wɔakyerɛw no mu de toto nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee no ho. Sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ nea wɔrehwɛ so akyerɛw bi no ho a, na wɔhyɛ no nsow wɔ wɔn nkrataa no nkyɛn baabi. Ná Masoretfo awe ahinam so sɛ wɔrensesa Bible no mu asɛm biara. Ɔbenfo Moshe Goshen-Gottstein kyerɛwee sɛ, “na wobu Bible mu nsɛm a wɔbɛhyɛ da asesa no no sɛ, bɔne a ɛsõ paa a wɔbɛyɛ.”

      Nea a ɛto so mmienu, nsaano nkyerɛwee pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no boa Bible ho animdefo ma wotumi hu mmeae a mfomso wɔ. Ɛho nhwɛso ni. Nyamesom akannifo kyerɛkyerɛe mfe pii sɛ, wɔn Bible a ɛwɔ Latin mu no de, edi mũ. Ɛno nti, wɔde atosɛm a yɛaka dedaw a ɛwɔ 1 Yohane 5:7 no kaa ho. King James Version a ɛwɔ Borɔfo mu a agye din mpo no, saa mfomso yi puei wom! Nanso bere a wohuu nsaano nkyerɛwee afoforo no, dɛn na ɛdaa adi? Bruce Metzger kyerɛwee sɛ: “Asɛm [a ɛwɔ 1 Yohane 5:7] no nni tete (Syriac, Coptic, Armenian, Ethiopic, Arabic, Slavonic) nsaano nkyerɛwee no nyinaa mu, gye sɛ Latin deɛ no nko ara.” Wei nti, King James Version a wɔayɛ no foforo ne Bible nkyerɛase afoforo mu no, wɔayi saa asɛm no afi mu.

      Chester Beatty P46, mmɛw krataa bi a wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 200 Y.B.

      Chester Beatty P46, Bible mmɛw krataa a wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 200 Y.B.

      Enti tete nsaano nkyerɛwee no foa so sɛ Bible mu nsɛm no nsesae anaa? Wohuu Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no afe 1947 mu. Saa nhoma mmobɔwee no akyɛ sen Hebri Masoret nkyerɛwee no bɛboro mfe apem. Enti afei na kwan abue sɛ animdefo de Masoret nkyerɛwee no bɛtoto Bible mu nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu ho. Wɔn a wɔhwɛ siesiee Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no mu baako kae sɛ, nhoma mmobɔwee baako mu nsɛm “ma yenya adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ, Yuda akyerɛwfo a wɔhwɛɛ Bible no so kyerɛw bi bɛboro mfe apem ni no yɛɛ ahwɛyiye paa, na wodii nokware wɔ nea wɔkyerɛwee no mu.”

      Chester Beatty yɛ Nhomakorabea a ɛwɔ Dublin, Ireland. Ɛhɔ no, ɛkame ayɛ sɛ wubehu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (Apam Foforo) no mu nhoma nyinaa a wɔde mmɛw krataa na ɛkyerɛwee. Nea wubehu nso ne nsaano nkyerɛwee pii a wɔkyerɛw no asomafo no wu akyi bɛyɛ mfe 100 wɔ Bible no kyerɛw akyi. Bible asekyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Mmɛw nkrataa no ma yenya nsɛm afoforo pii wɔ nsaano nkyerɛwee no ho, ɛsan nso ma yehu sɛ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu nsɛm yɛ pɛpɛɛpɛ.”—The Anchor Bible Dictionary.

      “Yebetumi de ahotoso aka sɛ, tete nhoma foforo biara nni hɔ a, wɔahwɛ so akyerɛw no pɛpɛɛpɛ saa da”

      NEA AFI MU ABA: Tete nsaano nkyerɛwee pii a ɛwɔ hɔ nnɛ no ama Bible mu nsɛm no adi mũ mmom. Sir Frederic Kenyon kyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho asɛm sɛ: “Nhoma a akyɛ biara nni hɔ a tete nneɛma pii di ho adanse saa da. Na onimdefo nokwafo biara nni hɔ a obegye kyim aka sɛ mfomso wɔ Bible a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu.” Onimdefo William Henry Green nso kaa Hebri Kyerɛwnsɛm (Apam Dedaw) no ho asɛm sɛ: “Yebetumi de ahotoso aka sɛ, tete nhoma foforo biara nni hɔ a, wɔahwɛ so akyerɛw no pɛpɛɛpɛ saa da.”

      a Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nhomawa a wɔato din Fa Sua Onyankopɔn Asɛm, kratafa 1-13. Ɛwɔ NHOMA > NHOMAWA afã wɔ www.pr418.com/tw.

  • Nea Enti a Bible no Da So Ara Wɔ Hɔ
    Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 4
    • Papa bi rekenkan Bible

      ASƐM A ƐDA SO | BIBLE—NHOMA A BIRIBIARA ANTUMI ANSƐE NO

      Nea Enti a Bible no Da So Ara Wɔ Hɔ

      Bible no da so ara wɔ hɔ. Ɛno nti nnɛ, wubetumi anya bi na woakenkan. Sɛ Bible a wowɔ no yɛ nea wɔakyerɛ ase yiye a, wubetumi anya ahotoso sɛ nea Bible akyerɛwfo no ankasa kyerɛwee no na worekenkan no.a Nea enti a Bible no da so ara wɔ hɔ no yɛ nwonwa. Ɛyɛɛ dɛn na ansuw, atamfo antumi ansɛe no, na wɔantumi ansesa emu nsɛm no? Dɛn koraa na ɛma saa nhoma yi yɛ soronko?

      “Seesei, mahu paa sɛ Bible a mewɔ no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ”

      Bible asuafo pii ne ɔsomafo Paulo yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkyerɛwee yi ho. Ɔkae sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Wogye di paa sɛ Onyankopɔn akora Bible no so de abesi nnɛ, efisɛ ɛyɛ nhoma a ɛda nsow a efi Ne hɔ. Faizal a yɛaka ne ho asɛm dedaw no de sii n’ani so sɛ obesua Bible no na woatumi ahu nea ɛwɔ mu. Nea ohui no maa ne ho dwiriw no. Obehui sɛ nkyerɛkyerɛ a asɔreasɔre pii kura mu wɔ Kristosom mu no, ennyina Bible no so. Afei nso, Bible no ma ohuu nea nti a Onyankopɔn bɔɔ asase, na ɛkaa ne koma paa.

      Ɔkae sɛ: “Seesei, mahu paa sɛ Bible a mewɔ no yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. Wo de hwɛ o, sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase a, enti onni tumi sɛ ɔbɛma yɛn nhoma na wakora so? Sɛ migye wei ho kyim a, na ɛkyerɛ sɛ minnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ tumi. Me sɛɛ ne hena sɛ mɛtew ade nyinaa so Tumfoɔ no tumi so?”—Yesaia 40:8.

      a Hwɛ asɛm a wɔato din “Wobɛyɛ Dɛn Apaw Bible Nkyerɛase a Eye?” Ɛwɔ May 1, 2008 Ɔwɛn-Aban mu.

      Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu sɛ Bible No Yɛ Nokware?

      Nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no ama yɛahu sɛnea wɔakora Bible no so abesi nnɛ. Nanso wobɛyɛ dɛn ahu sɛ Bible no yɛ “Onyankopɔn asɛm” ankasa na ɛnyɛ anansesɛm biara kɛkɛ? (1 Tesalonikafo 2:13) Hwɛ video tiawa bi a wɔato din Yɛbɛyɛ Dɛn Ahu Sɛ Bible no Yɛ Nokware? Ɛwɔ www.pr418.com/tw. (Kɔ NHOMA > VIDEO afã hɔ)

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena