-
Wudi Nokware a, Ɛkyerɛ sɛ W’ani Mmuei Anaa?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUDI NOKWARE?
Wudi Nokware a, Ɛkyerɛ sɛ W’ani Mmuei?
Hitoshi ne adwumakuw bi a ɛwɔ Japan na ɛyɛ adwuma. Ná ɔboa ma wɔtoto adwuma no sikasɛm. Bere bi a na ɔne ne panyin rehwehwɛ adwuma no sikasɛm mu no, ɔpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔrehyehyɛ sikasɛm ho nkrataa a, ɔnyɛ kata-so-muamua-so. Nanso, Hitoshi kae sɛ ɔyɛ saa a n’ahonim bebu no fɔ. Ohunahunaa no sɛ obeyi no adi, na ampa-ne-ampa ara oyii no adi.
Bere a woyii Hitoshi adi no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛpɛ adwuma foforo, nanso ɔtare a, na awae; eyi maa n’abam bui. Bere bi sɛɛ, adwumakuw bi frɛɛ no, na wɔmaa obi bisabisaa no nsɛm. Nkɔmmɔ no rekɔ so no, Hitoshi ka kyerɛɛ no sɛ n’ani nnye kɛtɛasehyɛ ho. Eyi maa nea ɔrebisabisa no nsɛm no kaa sɛ, “Wo ho yɛ me nwonwa paa!” Asɛm yi maa Hitoshi werɛ howee, nanso abusuafo ne nnamfo hyɛɛ no nkuran sɛ mma ɔmmpa abaw; ɔnkɔ so nni nokware. Nanso na ne tirim nteɛ no, enti da bi mpo de, ɔkaa sɛ, “Ei, enti obi di nokware a na eye anaasɛ odi atoro a na eye?”
Nea Hitoshi faa mu yi ma yehu sɛ ɛnyɛ obiara na nokwaredi ho hia no saa. Ɛba aguadi ne nnwuma mu koraa de a, na asɛm no asɛe; sɛ obi ka nokware a, wobu no sɛ wagyimi. Ɔbea bi a ɔwɔ South Africa kae sɛ, “Nokwaredi abɔ wɔn a me ne wɔn yɛ adwuma no, na ɛtɔ da mpo a ɛyɛ me sɛ menyɛ nea wɔreyɛ no bi.”
Nneɛma a obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo no mu baako ne atorodi, na abu so wɔ baabiara. Bere bi adwene ne nneyɛe ho nimdefo Robert S. Feldman a ɔwɔ University of Massachusetts Amherst yɛɛ nhwehwɛmu bi faa atorodi ho. Ohuu sɛ, sɛ nnipa 10 biara rebɔ nkɔmmɔ bɛyɛ simma du a, anyɛ hwee koraa no emu nsia bedi atoro. Feldman ka sɛ: “Nea mihui no, na ɛyɛ asefem paa. Yɛanna anso dae sɛ atorodi begye nsam saa.” Yɛreka yi, nnipa pii mpɛ sɛ wɔn yɔnko nnipa bedi atoro akyerɛ wɔn, nanso atorodi abu so. Wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa?
Adɛn nti na atorodi, korɔnbɔ, ne ɛho nkorɔneba abu so saa? Sɛ nkurɔfo anni nokware a, nsunsuanso bɛn na ɛde ba? Afei bisa wo ho sɛ, Dɛn na mɛyɛ na mantɔ saa afiri yi mu?
-
-
Obi Anni Nokware a, Nsunsuanso Bɛn na Ɛde Ba?Ɔwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUDI NOKWARE?
Obi Anni Nokware a, Nsunsuanso Bɛn na Ɛde Ba?
“Mpɛn pii no, sɛ asɛm bi si a, nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubedi atoro kakra.”—Samantha, South Africa.
Wo ne Samantha yɛ adwene anaa? Sɛnea Samantha kae no, ɛtɔ da a yɛn nyinaa tumi kɔ ahokyere a ɛte saa mu. Sɛ asɛm bi sɔre na ɛsɛ sɛ woka nokware na woanka a, ɛno ma yehu nea ɛwɔ wo komam. Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ woka nokware a w’anim begu ase nti wubedi atoro de atetew wo ho. Nanso sɛ nokware no bɛda adi a, w’anim begu ase pɔtɔɔ. Yensusuw nea edidi so yi ho nhwɛ.
OBI ANNI NOKWARE A, ƐBƐMA ƆNE NE NNAMFO NTAM ASƐE
Sɛ ayɔnkofa bɛkɔ yiye a, ɛsɛ sɛ obiara di nokware. Sɛ nnipa mmienu gye wɔn ho di a, wɔn ani gye na wɔn koma tɔ wɔn yam. Nanso ɛnyɛ da koro na obi de gye obi di. Sɛ nnipa mmienu betumi agye wɔn ho adi a, gye sɛ wɔbɔ kyɛ na wofi wɔn komam bɔ nkɔmmɔ, na obiara yi ne yam ma ne yɔnko. Nanso, atoro baako pɛ betumi asɛe saa ayɔnkofa no. Sɛ wugye obi di na odi wo huammɔ a, ɛbɛyɛ den sɛ wobɛsan anya ne mu ahotoso.
Wo yɔnko berɛbo bi adaadaa wo pɛn anaa? Wotee nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ wo yaw paa na ebia wotee nka sɛ wama wo nsa asi fam. Ɛyɛɛ wo yaw mpo a, ɛyɛ ne kwan so. Enti yebetumi aka paa sɛ obi anni nokware a, ɛsɛe ɔne ne nnamfo ntam.
OBI A ONNI NOKWARE SUBAN TUMI SAN
Sikasɛm ho ɔbenfo Robert Innes a ɔwɔ University of California yɛɛ nhwehwɛmu bi. Ne nhwehwɛmu no ma ɛdaa adi sɛ “wɔn a wonni nokware suban tumi san afoforo.” Obi a onni nokware te sɛ obi a ɔwɔ nsanyare. Enti sɛ wofa ɔtorofo adamfo a, ɛnyɛ dɛn ara a ne suban no bi “bɛsan” wo.
Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛansuasua wɔn a wonni nokware no? Bible betumi aboa yɛn. Wo de, ma yɛnhwɛ Bible mu afotusɛm bi.
-
-
Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ SoƆwɛn-Aban (Ɔmanfo De)—2016 | No. 1
-
-
ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUDI NOKWARE?
Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So
“Yegye di sɛ yɛwɔ ahonim pa, efisɛ yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra biribiara mu.”—Hebrifo 13:18.
Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nokwaredi” wɔ Bible mu no, ɛkyerɛ “biribi a ɛyɛ papa paa.” Ebetumi nso akyerɛ obi a ne bra ye.
Ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Bible mu no, Kristofo ntoto no ase koraa. Ɔkae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛde nokwaredi bɔ yɛn bra biribiara mu.” Dɛn na na ɔsomafo Paulo pɛ sɛ ɔkyerɛ?
YEDI APERE WƆ YƐN MU
Nnipa bebree wɔ hɔ a, sɛ wɔsɔre anɔpa na wɔanhwɛ wɔn anim wɔ ahwehwɛ mu a, wɔrensi abɔnten. Adɛn ntia? Wɔpɛ sɛ wohu sɛ wɔn ahosiesie adi mu anaa. Nanso ɛnyɛ obi ti a wayi anaa ataade fɛfɛɛfɛ a wahyɛ ne asɛm no. Mmom, n’abrabɔ na ɛbɛkyerɛ ne nipaban.
Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ bɔne wɔ yɛn ho, enti ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ adebɔne. Genesis 8:21 ka sɛ: “Onipa komam nsusuwii yɛ bɔne fi ne mmofraase.” Enti yɛpɛ oo, yɛmpɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛko tia bɔne a ɛwɔ yɛn mu no. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɔne bɔne dii ako no mu sɛ: “Me mu de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.”—Romafo 7:22, 23.
Wo de, ma yɛnyɛ ɛho nhwɛso. Sɛ adwemmɔne ba yɛn tirim na yɛn ara nso yɛpɛ sɛ yɛyɛ biribi a ɛnteɛ a, ɛnsɛ sɛ yedi yɛn koma akyi kɔyɛ bɔne. Sɛ yɛpɛ a, yebetumi ayɛ adepa. Ɛwom, nokwaredi ho ayɛ na, nanso yebetumi ayi adwemmɔne afi yɛn tirim na yɛadi nokware.
YEBETUMI ADI NKONIM
Asɛm no ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ obiara si ne bo sɛ ɔbɛbɔ bra pa. Nanso, nnipa pii wɔ hɔ a, atade a wɔbɛhyɛ ho hia wɔn sen ɔbra pa a wɔbɛbɔ. Ɛno nti, wɔn ara ahyehyɛ nneɛma a wɔpɛ sɛ wodi mu nokware ne nea wonni mu nokware. Nhoma bi kyerɛ mu sɛ: “Sɛ biribi na yɛrewia oo, atoro na yɛredi oo, yɛyɛ no kwan bi so a ɛbɛma afoforo akɔ so abu yɛn sɛ yɛyɛ nokwaredifo.” [The (Honest) Truth About Dishonesty] Ɛyɛ ampa sɛ obi bɔ korɔn anaa odi atoro a yebetumi akɔ so aka sɛ ɔyɛ nokwaredifo? Dɛn na ɛbɛma yɛahu? Momma yɛnhwɛ.
Wokɔ wiase baabiara a wubehu sɛ nnipa mpempem pii wɔ hɔ a wɔahu sɛ, sɛ wɔrepɛ biribi a ɛbɛboa wɔn ama wɔabɔ bra pa a, ɛno ara ne Bible; abrabɔ pa ho akwankyerɛ a ɛwɔ Bible mu nso de, adutwam. (Dwom 19:7) Akwankyerɛ a Bible de ma de, enni huammɔ da. Ebi fa abusua asetena, adwuma, abrabɔ ne ɔsom ho. Bible mu asɛm de, entwam da. Ɛmfa ho ɔman a obi fi mu, n’abusua, kasa a ɔka ne nipa ko a ɔyɛ no, Bible mu mmara ne afotusɛm betumi aboa no. Sɛ yɛtweetwee Bible mu, dwennwen emu nsɛm ho, na yɛde bɔ yɛn bra a, ebetumi atetew yɛn ama yɛadi nokware.
Sɛ yenya Bible mu nimdeɛ a edi mu a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ yebetumi adi nokware. Ade yi, nnipa a wɔwɔ wiase no bra asɛe, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ araa ma yesuasua wɔn. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae na ɔboa yɛn. (Filipifo 4:6, 7, 13) Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛbɛma yɛanya akokoduru de ayɛ nea ɛteɛ, na yɛadi nokware wɔ biribiara mu.
NOKWAREDI SO AKATUA
Hitoshi a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, odii nokware wɔ n’adwuma mu, enti onyaa din pa. Seesei, adwuma a ɔyɛ no, ne nokwaredi nti, n’adwumawura pɛ n’asɛm. Hitoshi ka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ matumi anya adwuma reyɛ a m’ahonim mmu me fɔ bio.”
Ebinom nso ahu sɛ Hitoshi asɛm no yɛ nokware. Wɔde Bible mu afotusɛm yi ayɛ adwuma de ‘nokwaredi abɔ wɔn bra biribiara mu,’ na wɔanya so mfaso. Wo de, ma yentie wɔn mu bi anom asɛm.
Yɛn Ahonim Mmu Yɛn Fɔ
“Midii mfe 13 no, migyaee sukuu de me ho kɔbɔɔ akorɔmfo kuw bi. Ɛno nti, m’ahode a na mewɔ nyinaa, na emu dodow no ara yɛ akorɔnne. Akyiri yi mewaree, na me ne me kunu fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible. Yesua hui sɛ Yehowaa Nyankopɔn kyi nnaadaa ne nsisi biara, enti yɛsesaa yɛn suban. Afei afe 1990 mu no, me ne me kunu nyinaa hyiraa yɛn nkwa so maa Yehowa, na wɔbɔɔ yɛn asu ma yɛbɛyɛɛ Yehowa Adansefo.”—Mmebusɛm 6:16-19.
“Kan no, sɛ woba me fie a, biribiara a wubehu wɔ hɔ no, mekɔwiae. Nanso seesei de, memmɔ korɔn bio, enti me tirim fann. Sɛ mekae mfe dodow a mede bɔɔ korɔn no a, ɛyɛ a meda Yehowa ase sɛ wahu me mmɔbɔ. Seesei, meda a na mada, efisɛ minim sɛ Yehowa ani gye me ho.”—Cheryl, Ireland.
“Bere bi, m’adwumam panyin huu sɛ obi rema me braeb nanso mannye, enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: ‘Wo Nyankopɔn a woresom no no ama woayɛ nokwaredifo. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛwɔ obi te sɛ wo wɔ adwuma yi mu.’ Me nokwaredi wɔ biribiara mu nti, Yehowa Nyankopɔn hu sɛ me tirim fann. Eyi ma mitumi boa m’abusua ne afoforo ma wɔn nso wodi nokware.”—Sonny, Hong Kong.
Ɛma Yɛn Asom Dwo Yɛn
“Meyɛ ɔpanyin paa abadiakyiri wɔ sikakorabea kɛse bi mu. Sikakorabea adwuma yi mu no, obiara repɛ ne ho anya enti wɔne nokwaredi abɔ nsianho. Nea ɛda obiara ano ne sɛ, ‘Sɛ mebɔ korɔn kakra na ɛbɛma manya me ho na me sikasɛm akɔ yiye a, bɔne bɛn na ɛwom?’ Nanso esiane sɛ me de, midi nokware nti, m’asom adwo me. Mayɛ m’adwene sɛ, awia mu oo, nsu mu oo, medi nokware. M’adwumam mpanyimfo nim sɛ sɛnea ɛte biara merenni atoro.”—Tom, United States.
Ɛma Nkurɔfo Bu Yɛn
“Bere bi, nneɛma bi yerae wɔ adwuma mu, na me panyin kaa sɛ minni atoro, nanso mamfa me ti annye. Akyiri yi wohuu wɔn a wɔfaa nneɛma no, na m’adwumawura daa me ase sɛ mekaa nokware. Wiase no mfa nokwaredi nyɛ hwee, enti sɛ obi betumi adi nokware a, egye akokoduru. Nanso sɛ yemia yɛn ani di nokware a, nkurɔfo begye yɛn adi na wɔabu yɛn.”—Kaori, Japan.
Sɛ yedi nokware a, yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛn asom dwo yɛn, na ɛma nkurɔfo nso bu yɛn. Wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, wunnye nni sɛ nokwaredi so wɔ mfaso?
a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.
-