Dwom 65
“Ɔkwan no Ni”
1. Nokware kwan wɔ hɔ,
Ɛno na woahu no.
Ɛno na woasua no,
Ɛno ne ɔkwan no,
Yesu kyerɛɛ ɔkwan yi,
Ɔkaa ho asɛm.
Ɛyɛ asomdwoe kwan;
Yehu wɔ Bible mu.
(NNYESO)
Ɔkwan no ni; Nyankopɔn kwan no ni.
Nhwɛ w’akyi, Kɔ w’anim kosi daa.
Nyankopɔn se: ‘Nkwa kwan no ni;
Nhwɛ w’akyi, Eyi ne Ɔkwan no.’
2. Ɔdɔ kwan bi wɔ hɔ,
Na ne hwehwɛ nyɛ den.
Nyankopɔn yɛ ɔdɔ;
Ɔky’rɛ yɛn ɔdɔ kwan.
Ne dɔ no yɛ kɛse,
Ɛma aw’rɛkyekye.
Eyi ne ɔdɔ kwan;
Ɛkã yɛn b’ribiara.
(NNYESO)
Ɔkwan no ni; Nyankopɔn kwan no ni.
Nhwɛ w’akyi, Kɔ w’anim kosi daa.
Nyankopɔn se: ‘Nkwa kwan no ni;
Nhwɛ w’akyi, Eyi ne Ɔkwan no.’
3. Ɔkwan pa bi wɔ hɔ,
Na ne hwehwɛ nyɛ den.
Nyankopɔn Asɛm se:
Ɛno ne nkwa kwan,
Ɛma asomdwoe pii,
Ɛno ne ɔdɔ kwan.
Ɛyɛ nkwa kwan no.
Nyankopɔn adom yɛn.
(NNYESO)
Ɔkwan no ni; Nyankopɔn kwan no ni.
Nhwɛ w’akyi, Kɔ w’anim kosi daa.
Nyankopɔn se: ‘Nkwa kwan no ni;
Nhwɛ w’akyi, Eyi ne Ɔkwan no.’
(Hwɛ Dw. 32:8; 139:24; Mmeb. 6:23 nso.)