Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g03 7/8 kr. 28-32
  • Sɛnea Wokum Me Honhom Fam Sukɔm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wokum Me Honhom Fam Sukɔm
  • Nyan!—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • M’asetra Sɛ Ɔbea Kokorani
  • Nsɛm a Efii Ase Haw M’adwene
  • Ɔpɛ a na Mewɔ Sɛ Menya Bible Mu Nimdeɛ
  • Bible Ho Nneɛma Pii a Misuae
  • Me ne Adansefo no Bɔ Fekuw
  • Gyinaesi a na Egye Ntɛmpɛ
  • Mesom Wɔ Amannɔne
  • Ná Meyɛ Katalekni Ɔbea Sɔfo
    Nyan!—1985
  • Bible Mu Nokware Ma Ɔbea Kokorani Bi De Ne Ho Wɔ Bolivia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Annyaw Yɛn Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2003
g03 7/8 kr. 28-32

Sɛnea Wokum Me Honhom Fam Sukɔm

SƐNEA LUCIA MOUSSANETT KA KYERƐE

WƆTETEE me wɔ mmepɔw a ɛwɔ Italy kusuu fam atɔe ntwea so a ɛbɛn Switzerland Alps Mmepɔw a ɛno nso bɛn France Mont Blanc a agye din wɔ Valle d’Aosta mantam mu no mu. Wɔwoo me wɔ hɔ wɔ 1941 mu wɔ kurow ketewa bi mu wɔ Challant St. Anselme.

Na mene mmofra baanum no mu panyin; na me nuanom baanan a wɔaka no yɛ mmarimaa. Ná Maame yɛ odwumayɛni a ɔyɛ nsi ne Katolekni mapa. Na Paapa nso fi nyamesom abusua bi mu. Na ne nuabeanom baanu yɛ mmea nkokorafo. M’awofo de honam fam nneɛma pii bɔɔ afɔre maa me, a nea ɛka ho ne nhomasua a wɔmaa minyae. Na sukuu biara nni kurow ketewa a yɛte mu no mu, enti bere a midii mfe 11 no, m’awofo de me kɔɔ sukuu a sukuufo no te hɔ a mmea nkokorafo na wɔhwɛ so no mu.

Ɛhɔ no, misuaa Latin ne Franse kasa kaa adesuade foforo ho. Afei, bere a midii mfe 15 no, mifii ase susuw ɔkwan a mɛfa so asom Onyankopɔn no ho anibere so. Misusuwii sɛ nkokorafi a mɛtra no ne ɔkwan pa a ɛsen biara a metumi afa so ayɛ saa. Nanso, na m’awofo mpene saa nsusuwii yi so esiane sɛ na me nuanom hwɛ bɛba abɛda Maame so no nti. Na m’awofo anidaso ne sɛ me nhomasua no bɛma me nsa aka adwuma pa ayɛ na maboa abusua no wɔ sikasɛm mu.

Ɛwom sɛ m’awofo nneyɛe no how me werɛ de, nanso na mepɛ asetra mu atirimpɔw ankasa, na metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mede Onyankopɔn di kan. Ɛno nti, wɔ 1961 mu no, mekɔɔ Roma Katolekfo nkokorafi.

M’asetra Sɛ Ɔbea Kokorani

Asram a edi kan no, misuaa asɔre no gyinapɛn ne ne mmara ahorow na na meyɛ adwumaden wɔ nkokorafi hɔ. Wɔ August 1961 mu no, mifii ase gyee ɛhɔ asetra ho ntetee na mifii ase hyɛɛ atade a nkokorafo hyɛ no. Mesan paw edin foforo maa me ho, Ines, a ɛyɛ me maame din. Bere a wogye toom no, wɔbɛfrɛɛ me sɛ Kokorani Ines.

Ɛwom sɛ afoforofo no mu dodow no ara yɛɛ adwuma wɔ nkokorafi hɔ de, nanso minyaa nhomasua a na ɛfata sɛ meyɛ mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo. Mfe abien akyi wɔ August 1963 mu no, mehyɛɛ bɔ a ɛma mebɛyɛɛ San Giuseppe Mmea Nkokorafo Ahyehyɛde a ɛwɔ Aosta, Italy no muni. Akyiri yi, nkokorafi no de me kɔɔ Maria Santissima Assunta Sukuupɔn a ɛwɔ Rome no ma mekɔtoaa m’adesua so.

Bere a miwiee m’adesua wɔ Rome na mesan baa Aosta wɔ 1967 mu no, mifii ase kyerɛɛ ade wɔ ntoaso sukuu mu. Wɔ 1976 mu no, wɔde me yɛɛ sukuu no kwankyerɛfo. Ɛwom sɛ mekɔɔ so kyerɛɛ adesuakuw bi ade de, nanso wɔde me kaa wɔn a wɔhwɛ sukuu no nhyehyɛe so no ho na mebɛkaa bagua a wɔhwɛ Valle d’Aosta mantam mu sukuu ahorow dwumadi so no ho.

Na mewɔ ɔpɛ paa sɛ mɛboa ahiafo. Na wɔyɛ me mmɔbɔ. Ɛno nti meyɛɛ dwumadi pii ho nhyehyɛe, a nea na ɛka ho ne nhyehyɛe a wɔde boa wɔn a na wɔn yare mu yɛ den a wonni abusuafo no. Mesan yɛɛ nhyehyɛe ma wɔkyerɛɛ atubrafo mma ade. Nea ɛka ho bio no, mehwehwɛɛ adwuma ne dabere maa wɔn a ahia wɔn no na mede me ho gyee mu boaa wɔn a na wohia ayaresa no. Mebɔɔ mmɔden maa m’asetra kwan ne asɔre no mu nnyinasosɛm ahorow hyiae.

Saa bere no, migyee Katolekfo nyamekyerɛ toom, a nea ɛka ho ne asɔre no nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne Katolekfo adwene wɔ onipa daakye a ɛbɛtra hɔ daa ho no. Saa bere no, na Katolek nyamekyerɛ ma adwene te sɛ gyidi ahorow a wogye tom ho kwan, a na nea ɛkyerɛ ne sɛ wobegye ɔsom ahorow atom ne wɔn ayɛ ade abom.

Nsɛm a Efii Ase Haw M’adwene

Nanso, na Katolek Asɔre dwumadi ahorow no bi haw m’adwene. Sɛ nhwɛso no, ansa na wɔbɛbɔ obi asu na wɔagye no atom no, na ɛsɛ sɛ awofo ne mmofra no sua nea saa adeyɛ no kyerɛ. Nanso, na wɔn mu dodow no ara mma adesua no, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔanyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wosua ade. Bio nso, na wɔn a wɔampene wɔn so amma wɔammɔ asu na wɔannye wɔn antom wɔ ɔmansin bi mu no kɔ ɔmansin foforo mu ma wɔbɔ wɔn asu anaa wogye wɔn tom wɔ hɔ. Wɔ me fam no, na ɛyɛ aniso adeyɛ ne nyaatwomyɛ.

Ɛtɔ mmere bi a, na mibisa me ho ne mfɛfo mmea nkokorafo no sɛ, “So ɛnsɛ sɛ yɛka Asɛmpa no mmom sen sɛ yɛde yɛn ho bɛma ayɛ nnwuma foforo biara?” Mmuae a na wɔde ma ne sɛ, “Yɛka asɛmpa no denam nnwuma pa a yɛyɛ so.”

Bio nso, na ɛyɛ den ma me paa sɛ megye adi sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ ɔsɔfo hɔ kɔka me bɔne ahorow kyerɛ no. Ná misusuw sɛ ɛsɛ sɛ mitumi ka kokoam nsɛm a ɛte saa no kyerɛ Onyankopɔn. Bio nso, na ɛyɛ den ma me sɛ megye mpae a wɔkyere gu tirim na woti mu bɔ ho adwene no atom. Afei nso, na ɛyɛ den ma me paa sɛ megye adi sɛ pope no nni mfomso. Awiei koraa no, meyɛɛ m’adwene sɛ mekura m’ankasa gyidi a mewɔ wɔ saa nneɛma no ho no mu na makɔ so de nyamesom abɔ me bra.

Ɔpɛ a na Mewɔ Sɛ Menya Bible Mu Nimdeɛ

Ná mewɔ obu a emu dɔ ma Bible no bere nyinaa na na mewɔ ɔpɛ sɛ menya Bible mu nimdeɛ nso. Bere biara a na mepɛ sɛ misi gyinae bi anaa mete nka sɛ mihia Onyankopɔn mmoa no, na mekenkan Bible no. Ɛwom sɛ na yensua Bible no wɔ nkokorafi hɔ de, nanso na m’ankasa mekenkan. Ná kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yesaia 43:10-12 no, beae a Yehowa Nyankopɔn kae sɛ, “Mone m’adansefo” no yɛ asɛm a m’ani gye ho bere nyinaa. Nanso, saa bere no, na mente saa nsɛm no ase nwie.

Bere a na merekɔ sukuupɔn wɔ Rome wɔ 1960 mfe no mu no, na Vatican abɔ me ho ka ama makogye mfe anan nkyerɛkyerɛ wɔ nyamekyerɛ ho. Nanso na Bible no nka nhoma ahorow a wɔde kyerɛkyerɛ no ho. Bere a mesan baa Aosta no, mekɔɔ asɔre nkabom nhyiam ahorow no pii, a nea asɔre ahorow ne wɔn a wɔnyɛ Katolek ahyehyɛde ahorow yɛe mpo ka ho. Ɛno ma minyaa ɔpɛ kɛse sɛ mehu Bible no nkyerɛkyerɛ ahorow no. Na nsonsonoe pii wɔ akuw ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔn na wɔkyerɛkyerɛ Bible no ntam!

Bible Ho Nneɛma Pii a Misuae

Wɔ 1982 mu no, Yehowa Dansefo bi baa beae a na meyɛ asetra mu nsɛm ho adwuma no ne me fii nkɔmmɔbɔ ase wɔ Bible no mu. Ɛwom sɛ na minni adagyew koraa de, nanso adwene a ɛne sɛ yɛrebesua Bible no maa m’ani gyei. Ɛno nti mekae sɛ, “Mesrɛ wo ɛyɛ a bra me nkyɛn wɔ sukuu mu, na sɛ minya bere a na yɛabɔ nkɔmmɔ.”

Ɛwom sɛ ɔbea no bɛsraa me de, nanso mannya “bere” biara wɔ me bere nhyehyɛe mu. Akyiri yi, me maame behui sɛ wanya kokoram enti awiei koraa no mesrɛɛ kwan de kɔboaa no. Bere a owui wɔ April 1983 mu no, mesan kɔɔ adwuma mu bio, nanso saa bere no na Adansefo no ayera m’akyi kwan. Nanso, ankyɛ koraa na Ɔdansefo foforo bi a wadi bɛyɛ mfe 25 bɛsraa me ne me bɔɔ Bible no mu nkɔmmɔ. Ná m’ankasa mekenkan Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no. Ɛno nti mibisaa no sɛ, “Henanom ne 144,000 a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 14 no?”

Na wɔakyerɛkyerɛ me sɛ nnipa pa nyinaa bɛkɔ soro, ɛno nti na minhu ntease biara a ɛwom sɛ wɔbɛtew 144,000 no afi eyinom a wɔrekɔ soro no ho. Mibisae sɛ, ‘Henanom ne 144,000 yi? Dɛn na wɔyɛ?’ Saa nsɛmmisa yi kɔɔ so haw m’adwene. Ɔdansefo no bɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me bere nyinaa, nanso esiane sɛ na mentaa ntra fie nti ne nsa anka me.

Bere bi akyi no, Ɔdansefo no de m’address maa Marco a na ɔyɛ n’asafo mu panyin no. Awiei koraa no, ɔpanyin no huu me wɔ February 1985 mu. Yɛkasaa simma kakraa bi pɛ esiane sɛ na minni adagyew nti, nanso yɛyɛɛ nhyehyɛe. Akyiri yi, ɔne ne yere Lina sraa me daa, boaa me ma metee Bible no ase. Bere tiaa bi mu no, mihui sɛ Katolekfo mfitiase nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro, ɔkra a enwu da, ne hellgya yɛ nea ennyina Bible no so koraa.

Me ne Adansefo no Bɔ Fekuw

Bere a mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ wɔn Ahenni Asa so no, mihui sɛ nneɛma a ɛwɔ hɔ no yɛ soronko koraa wɔ Katolek Asɔre no ho. Ɛnyɛ nnwomtofo kuw bi na wɔtoo nnwom, na mmom obiara too bi. Afei wɔde wɔn ho hyɛɛ nhyiam no ankasa mu. Mesan mihui sɛ anuanom “mmarima” ne “mmea” na wɔka bom yɛ ahyehyɛde mũ no nyinaa. Obiara susuw ne yɔnko ho ankasa. Saa nneɛma no maa me ho dwiriw me.

Saa bere no, na mehyɛ nkokorafo atade na ɛkɔ adesua. Ebinom ho dwiriw wɔn sɛ wohuu ɔbea kokorani wɔ Ahenni Asa so. Metee anigye ne akomatɔyam a efi abusua kɛse a ɔdɔ wom a meda mu no mu nka. Afei nso, bere a mekɔɔ so suaa ade no, mifii ase hui sɛ nnyinasosɛm ahorow a mede ayɛ m’asetra nnyinaso no ne Onyankopɔn Asɛm nhyia. Sɛ nhwɛso no, Bible no nka biribiara mfa atade soronko bi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo hyɛ ho. Na asɔre mu mpanyinni ne amanne yɛ soronko koraa wɔ nea Bible no kyerɛkyerɛ wɔ mpanyimfo a wɔbrɛ wɔn ho ase a wodi anim wɔ asafo no mu ho no ho.

Metee nka te sɛ nea migyina anhwea mu a asase pa biara nni me nan ase. Na ɛte sɛ nea ɛnyɛ nokware sɛ makura atoro gyidi ahorow mu mfirihyia 24. Nanso, mihuu pefee sɛ eyi ne Bible no mu nokware no. Na misuro sɛ mesusuw ho sɛ bere a madi mfe 44 no, mɛsan ahyɛ m’asetra ase bio. Nanso na mɛyɛ dɛn akɔ so abu m’ani agu so bere a afei de mahu nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa no?

Gyinaesi a na Egye Ntɛmpɛ

Na minim sɛ nkokorafi hɔ a mefi no bɛma madi hia. Nanso, mekaee Dawid nsɛm a ɛfa ɔtreneeni a ‘wɔrempa no anaa n’asefo mma wɔnsrɛ aduan’ ho no. (Dwom 37:25) Na minim sɛ mɛhwere honam fam ahobammɔ bi de, nanso mede me ho too Onyankopɔn so kae sɛ, ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ misuro?’

Na m’abusuafo susuw sɛ mabɔ dam. Ɛwom sɛ ɛno haw me de, nanso mekaee Yesu nsɛm a ese: ‘Wɔn a wɔpɛ agya anaa ɛna kyɛn me no, wɔnsɛ me’ no. (Mateo 10:37) Bere koro no ara no, anigye kakra a Adansefo no kyerɛe wɔ me ho no kanyan me hyɛɛ me den. Sɛ nkokorafo atade no hyɛ me na menam kwan ho a, wɔbɔ mmɔden bɛn me kyia me. Eyi maa metee nka sɛ mabɛn onuayɛ kuw no na meyɛ wɔn abusua no fã.

Awiei koraa no, mekɔɔ Mmea Nkokorafo Panyin no hɔ kɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a mepɛ sɛ mifi nkokorafi hɔ no mu kyerɛɛ no. Ɛwom sɛ mepɛe sɛ mede Bible no kyerɛ no nea enti a masi saa gyinae no de, nanso wampɛ sɛ otie, na ɔkae sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ mihu biribi fi Bible no mu a mebisa Bible mu ɔbenfo bi!”

Me gyinaesi no yɛɛ Katolek Asɔre no mufo no nwonwa. Wɔbɔɔ me sobo sɛ me bra asɛe na merebɔ dam. Nanso, na wɔn a wonim me no nim sɛ sobo ahorow no nyɛ nokware. Nnipa a na me ne wɔn ayɛ adwuma pɛn no yɛɛ wɔn ade wɔ akwan soronko so. Ebinom huu nea na mereyɛ no sɛ mereda akokoduru adi. Ebinom dii yaw, susuwii sɛ merefi ɔkwan a enye ase. Meyɛɛ ebinom mpo mmɔbɔ.

Wɔ July 4, 1985 mu no, migyaee Katolek Asɔre no. Esiane sɛ na Adansefo no nim ɔhaw a wɔde aba wɔn a wɔagyae asɔre no so pɛn nti, na wosuro sɛ wɔbɛhaw me, enti wɔde me hintawee ɔsram biako. Na wɔbɛfa me kɔ adesua ahorow na ɛno akyi no wɔasan de me aba beae a mete no. Mede me ho siei kosii sɛ nsɛm ano brɛɛ ase. Afei, wɔ August 1, 1985 mu no, mifii ase de me ho hyɛɛ Yehowa Adansefo som adwuma no mu.

Bere a mekɔɔ Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam akyiri yi wɔ August mu no, ɛbɛtɔɔ gua maa nsɛm ho amanneɛbɔfo sɛ magyae asɔre no na wotintim ho nsɛm. Awiei koraa no bere a mebɔɔ asu wɔ December 14, 1985 mu no, ɛhɔnom television ne atesɛm nkrataa nnwumakuw no susuwii sɛ nea meyɛe no so bi mmae da ma enti wɔsan de asɛm no too gua bio, bɔɔ mmɔden sɛ obiara bɛte nea mayɛ no.

Bere a mifii nkokorafi hɔ no, na minni biribiara honam fam. Na minni adwuma anaa ofie, na na minnye akatua nso. Enti bɛyɛ afe no, na m’adwuma ne sɛ mɛhwɛ obi a wabubu. Wɔ July 1986 mu no, mebɛyɛɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no. Mitu kɔɔ beae bi a na wɔatew asafo foforo ketewa bi wɔ hɔ. Wɔ saa beae no mede kasa ho nkyerɛkyerɛ mae wɔ fie na mekyerɛɛ nneɛma foforo nso, na saa kwan yi so no mede nimdeɛ a minyae wɔ me sukuukɔ mu no yɛɛ adwuma. Eyi maa me nhyehyɛe yɛɛ fakaa.

Mesom Wɔ Amannɔne

Afei a masua Bible mu nokware no, na mepɛ sɛ meka ho asɛm kyerɛ nnipa dodow biara a metumi. Esiane sɛ na meka Franse kasa nti, misusuw ho sɛ mɛsom wɔ Afrika man bi a wɔka Franse kasa so. Nanso wɔ 1992 mu no, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara kwan so wɔ Albania man a na ɛbɛn hɔ no mu. Wɔ saa afe no awiei no, wɔde akwampaefo kuw ketewa bi fii Italy kɔɔ hɔ. Na Mario ne Cristina Fazio a wofi m’asafo mu ka wɔn ho. Wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔsraa wɔn na wɔne me susuw Albania a mɛsom wɔ hɔ no ho. Enti bere a mede mpaebɔ susuw ho wiei no, mesan gyaw yiyedi kakra a manya no hɔ bere a na madi mfe 52 de me ho kɔhyɛɛ asetra foforo mu koraa.

Na ɛyɛ March 1993 mu. Ɛwom sɛ bere a miduu hɔ pɛ na mihui sɛ ɛhɔ ne me man a mifi mu no ntam kwan nware de, nanso mihui sɛ na mewɔ asetra foforo mu koraa. Na nnipa no fa fam kɔ babiara a wɔkɔ, na na Albania kasa na wɔka, kasa a na mente ase koraa. Na nsakrae akɛse rekɔ so wɔ ɔman no mu wɔ amammui nhyehyɛe mu. Nanso, na Bible mu nokware ho sukɔm de nkurɔfo na na wɔpɛ sɛ wɔkenkan na wosua. Na Bible asuafo nya honhom mu nkɔso ntɛmtɛm, na ɛno maa me koma tɔɔ me yam na ɛboaa me ma m’ani kaa atrae foforo yi.

Bere a miduu Tiranë a ɛyɛ ahenkurow no mu wɔ 1993 mu no, na asafo biako pɛ na ɛwɔ Albania, na na Adansefo a wɔahwete wɔ ɔman no mu nyinaa boro 100 so kakraa bi pɛ. Saa ɔsram no, nnipa 585 na wɔbaa da koro nhyiam titiriw a wodii kan yɛe wɔ Tiranë no ase na wɔbɔɔ 42 asu. Ɛwom sɛ mante nea wɔkae no ase de, nanso na ɛyɛ anigye sɛ mete sɛ Adansefo no reto dwom na mihu sɛ obiara ayɛ komm retie. Wɔ April mu no yɛyɛɛ Yesu Kristo wu Nkaedi no, na nnipa 1,318 na wɔbae! Efi saa bere no, Kristofo som adwuma no nyaa nkɔso wɔ Albania.

Na metaa gyina m’abansoro a ɛtɔ so anan no abrannaa so hwɛ Tiranë bisa sɛ, ‘Da bɛn na yebedu nkurɔfo yi nyinaa nkyɛn?’ Yehowa Nyankopɔn dii ɛno ho dwuma. Mprempren yɛwɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow 23 wɔ Tiranë. Asafo ahorow 68 ne akuw 22 a Adansefo 2,846 wom na ɛwɔ ɔman no nyinaa mu. Saa nkɔanim no nyinaa bae wɔ mfe kakraa bi ntam! Na nnipa 12,795 na wɔbaa afe 2002 Nkaedi no ase!

Wɔ saa mfe du a mede atra Albania no mu no, ayɛ me anigye kɛse sɛ anyɛ yiye koraa no matumi aboa nnipa 40 ma wɔadu asubɔ ho. Wɔn mu pii resom seesei wɔ akwampae ne bere nyinaa som adwuma no afa a aka no mu. Saa mfe no mu no, wɔde akwampaefo akuw asia fi Italy bɛboaa adwuma no wɔ Albania. Wɔde asram abiɛsa yɛɛ kasa ho nkyerɛkyerɛ maa kuw biara, na wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔkyerɛɛ adesua akuw anan a etwa to no ade.

Mfiase no bere a namfonom tee gyinae a na masi sɛ megyae asɔre no, wɔn bo fuwii yiye. Nanso, saa mfe yi nyinaa akyi no, esiane sɛ wohu me sɛ midwo na menyɛ basabasa nti, wɔn ho adwo. Anigyesɛm ne sɛ, m’abusua no a me sewaa a ɔda so ara yɛ ɔbea kokorani a wadi mfe 93 ka ho no reyɛ me mmoa kɛse.

Efi bere a mibehuu Yehowa no, wahwɛ me so wɔ tebea ahorow nyinaa mu! Ɔkyerɛɛ me kwan kɔɔ n’ahyehyɛde no mu. Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mekae ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛboa ahiafo, mpapahwekwaa, ne wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no ne ɔpɛ a na mewɔ sɛ mede me ho nyinaa bɛhyɛ Onyankopɔn som mu no. Eyi nti na meda Yehowa ase efisɛ wahwɛ ama wɔakum me honhom fam sukɔm.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Albania abusua bi a me ne wɔn suaa Bible no. Wɔn mu 11 abɔ asu

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Mmea yi a me ne wɔn suaa Bible no wɔ Albania no mu dodow no ara wɔ bere nyinaa som adwuma no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena