‘Hwehwɛ Asomdwoe Na Di Akyi’
1. (a) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ‘ahwehwɛ asomdwoe na yɛadi akyi’ wɔ basabasayɛ wiase mu? (b) Wɔ tebea horow a emu yɛ den mu no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa denneennen?
YƐBƐYƐ dɛn atumi adi ɔsomafo Petro afotu a wɔafa emu asɛm aka wɔ atifi ha yi so, bere a wiase a basabasayɛ ahyɛ mu ma atwa yɛn ho ahyia yi? Petro bua ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yenkyi bɔne na yɛnyɛ papa.’ Enti ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden yiye sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ a asomdwoe wom a egyina Yesu Kristo afɔrebɔ no mu gyidi so.Ɛno akyi no yedi asomdwoe akyi denam ahyɛde horow a Onyankopɔn de ma wɔ n’Asɛm mu no akyi pɛɛ a yebedi so. “Efisɛ [Yehowa] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ; na [Yehowa] ani sa wɔn a wɔyɛ bɔne.” (2 Petro 3:11, 12) Sɛ abɔnefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bɔne atia yɛn a, yebetumi de yɛn adesrɛ a emu yɛ den ato Yehowa anim. Yebetumi ateɛm abɔ ne din asrɛ ne mmoa, te sɛ bere mmonnaatofo anaa nsɛmmɔnedifo foforo bi pɛ sɛ ɔhaw yɛn no.—Fa toto Deuteronomium 22:25-27 ho.
2. Sɛ yehyia basabasayɛ a, ahotoso bɛn a Dawid daa no adi na yebetumi anya?
2 Wɔ tebea horow a ɛyɛ hu mu no Yehowa mu ahotoso koraa ne nea ɛtaa de ogye ba. Mpɛn pii no wɔahyira Yehowa ɔdansefo sɛ okura awerɛhyem a Dawid daa no adi wɔ mpaebɔ mu wɔ Dwom 18:46, 48 no mu: “[Yehowa] te ase, na nhyira ne me botantim no. Wagye me afi m’atamfo mu, yiw, woama me so afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu.” Yehowa Adansefo ɔpepem pii a wɔde gyidi a emu yɛ den hwɛ Onyankopɔn bɔ a wahyɛ sɛ ‘atreneefo benya asase no adi na wɔatra so daapem’ no mmamu kwan no, wɔhyɛ wɔn bɔ nso sɛ “treneefo nkwagye fi [Yehowa], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu.”—Dwom 37: 29, 39.
3. (a) Dɛn na Deuteronomium 32:10 ne Daniel 3:19-27 kyerɛ yɛn? (b) Dɛn na ɔkwan a wɔnam so gyee Rahab, ne nnɛyi kwampaefo bi, no da no adi?
3 Tebea horow biara a ɛbɛsɔre wɔ basabasayɛ wiase yi mu no, Yehowa tumi ‘kora ne nkurɔfo so sɛ n’aniwa kurutiayisi.’ (Deuteronomium 32:10; Daniel 3:19-27) Sɛ ɔpɛ mpo a, otumi kora ne nkurɔfo so wɔ tebea a ɛyɛ hu te sɛ nuklea ɔtopae a wɔde di dwuma mpo mu. Eyi daa adi August 6, 1945, wɔ osuahu a Yehowa somfo nokwafo bi a na ɔwɔ ɔtaa mu Wɔ Japan Hiroshima afiase bi nyae no mu. Saa da no, adwuma foforo bi a wɔma ɔkɔyɛe no ma ɔkwatii ɔsɛe a atomik bomb a wɔtoe de bae no.a Afiase no fã kɛse no ara dwiriw guu fam, nanso sɛnea Rahab nyaa nkwa wɔ Yeriko ɔsɛe kɛse a ɛbae no mu no, Katsuo Miura fii ɔsɛe a ɛbae wɔ Hiroshima no mu. (Yosua 6:23, 24) Ɔdaa Yehowa ase, sɛnea ɔkae no, sɛ ‘wɔma ofii afiase hɔ’ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde n’asetra mfe a aka no bɛyɛ akwampae adwuma. (Fa toto Dwom 116:15 ho.) Biribiara nni hɔ a ɛboro yɛn Amansan Hene, ‘nokware Nyankopɔn, a ɔyɛ kɛse, Otumfoɔ, a asafo Yehowa ne ne din’ no so.—Yeremia 32:17-19.
Bɛn Yehowa Ahyehyɛde No
4 Yesaia ti 60 ka Onyankopɔn ahyehyɛde no tebea saa bere yi ho asɛm dɛn?
4 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi agyina saa basabasayɛ mmere yi ano no, yehia Yehowa ahyehyɛde a ɛte sɛ ɛnã no akwankyerɛ pa no. Efi 1938 no teokrase tebea a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no anya nkɔso pa, sɛnea na Yehowa aka asie no: “Mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo. Wɔrente nhyɛso nka w’asase so bio, wɔrente ɔsɛe ne obubu nka w’ahye mu; na wobɛfrɛ w’afasu Nkwagye, ne wo kurow apon nso Ayeyi.” Asomdwoe ne trenee ho dɔ a ɛwɔ Yehowa ahyehyɛde mu nnɛ wɔ wiase nyinaa no aboa ma nnipa a na ‘wosua,’ a na wɔyɛ Ahenni adawurubɔfo mpem kakraa bi mfe 64 a atwam ni no abɛyɛ “ɔman a ɛyɛ den,” a emufo bɛyɛ 2,477,000, a wɔrekɔ anim wɔ asase so aman 205 mu. Amanneɛbɔ a efi aman horow so ba no da no adi sɛ, bere a yɛrebɛn “awiei no,” Yehowa ‘rema akɔ so ntɛmntɛm wɔ ne bere mu.’—Yesaia 60:17, 18, 22; Mateo 24:14.
5. Sɛnea wɔaka wɔ Nnwom no mu no, dɛn na ahyɛ Yehowa nkurɔfo den bere a wohyia basabasayɛ?
5 Saa ntrɛwmu yi fã kɛse no ara aba wɔ nhyɛso kɛse mu, te sɛ nea Yehowa Adansefo hyiae wɔ Hitler adwumayɛban ahorow mu ne ɔko bere mu akwasampafo akuw ntua ahorow a ɛbae wɔ Amerika no. Basabasayɛ da so ara rekɔ anim wɔ asase yi afã horow pii. Aman kakraa bi na wɔahyia basabasayɛ pii wɔ mfe kakraa yi mu sen Lebanon, sɛ aman bi wɔ hɔ saa a. Nanso yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ no yɛ den. Dɛn na ama wɔakɔ so ayɛ den? Yehowa mu ahotoso a edi mu ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkɔ so abɔ fekuw wɔ wɔn nhyiam horow ase ne Kristofo dwumadi afoforo mu no.—Dwom 73:28; 149:1.
6. Ɛsɛ sɛ yebu nhyiam a yɛbɛkɔ no daa dɛn, na dɛn ntia?
6 Ɛsɛ sɛ eyi ma yehu sɛ wɔ basabasayɛ mmere mu no ɛnsɛ sɛ yegyae yɛn ho yɛn ho nhyiam. (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ eyi ho hia kɛse na yɛatumi agyina Satan wiase yi mu basabasayɛ no ano a, ɛho hia nso na yɛanya ahoɔden de agyina Ɔbonsam nnɛɛdɛɛ afoforo a edi dwuma anifere kwan so no nso ano. Yɛn nhyiam horow no a yɛbɛkɔ no daa no kyerɛ nkwa ma yɛn!
7. (a.) Ɔkwan bɛn so na Satan bɔ mmɔden sɛ obetutu Onyankopɔn nkurɔfo ase? (b) Akwan horow pɔtee bɛn so na Satan nam hyɛ basabasayɛ ne ɔbrasɛe honhom no mu den? (d) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so adi asomdwoe akyi, a yɛn botae ne dɛn?
7 Wɔ mmere bɔne yi mu no, Satan hwehwɛ sɛ ɔsɛe Onyankopɔn nkurɔfo denam “ahopɛfo, sikapɛfo [ne ɔhonam fam nneɛma a ɛyɛ fɛ a etumi tɔ no pɛfo], . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” a ɔbɛma wɔayɛ so. Eyinom ne nneɛma a ebetumi atwe yɛn afi Onyankopɔn nkurɔfo a yɛne wɔn behyiam daa no ho. (2 Timoteo 3:1, 2, 4) Sɛ́ anka yɛbɛma Satan basabasayɛ ne ɔbrasɛe a TV so dwumadi ne sini ahorow hyɛ no anuonyam no honhom no akɔ yɛn mu no, hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ yɛnam ade a yɛn ankasa besua, ɛho a yebesusuw ne nhyiam horow a yɛbɛkɔ so benya nimdeɛ a edi mu a ɛde kɔ “daa nkwa” mu na yɛde adi dwuma!—Yohane 17:3; Filipifo 1:9-11; Kolosefo 1:9-11.
Yɛn Ahobammɔ No Wɔ He?
8. (a) Dɛn na wiasefo pii yɛ wɔ basabasayɛ mmere yi ho? (b) Fa nhwɛso horow kyerɛ sɛ wɔn adeyɛ no yɛ nea nyansa nni mu.
8 Basabasayɛ rema ehu aka nnipa wɔ asase so nkurow akɛse mu. Sɛnea nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe kyerɛ no, Amerikafo ɔha biara mu 45 suro sɛ wɔn nkutoo befi adi anadwo akɔ bɛyɛ ɔkwansin biako. Pii wɔ atuo. Nanso so eyi ne ɔkwan a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo fa so—sɛ nsɛmmɔnedi a wobetumi ahyia nti wobesiesie wɔn ho sɛ wobedi nsɛmmɔne? Asiane ahorow pii a “atuo a wɔkyerɛ sɛ wɔde rebɔ wɔn ho ban” ama asisi—ma mmofra nkumaa akunkum mmofra afoforo mpo no—yɛ nea ɛsɛ sɛ ɛma yɛto yɛn bo ase pɛɛpɛɛ asɛm no mu. Wonim no yiye sɛ, sɛ obi a ɔde tuo di dwuma bere nyinaa hu tuo foforo a, ɔbɛtow ne de no—na ɔtow sɛ ɔrekum onii no. Ɛnde hokwan bɛn ara na obi a ɔntaa mfa tuo nni dwuma no wɔ!
9. Ɛhe ne ɔkwan bɛn so na Kristofo nya ahobammɔ?
9 Kristoni benya ahobammɔ, ɛnyɛ atuo a obekura mu, na mmom wɔ ‘asomdwoe a ɔbɛhwehwɛ na wadi akyi’ mu. (1 Petro 3:11) Nya Yehowa mu ahotoso. Sɛ wuhyia nsɛmmɔnedifo a, da no adi kyerɛ no sɛ woyɛ Yehowa Adansefo mu biako. Wo ne obi a ɔka sɛ obepira wo no nni aperepere; fa ɔhonam fam nneɛma a obisa no ma no. Wo nkwa som bo kɛse sen eyinom. Sɛ wɔtow hyɛ wo so mpofirim a, teɛm frɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Kae: “Aban dennen ne [Yehowa] din, ɛno mu ne ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.”—Mmebusɛm 18:10.
10. (a) Ɛdefa ahobammɔ ho no, dɛn na nsɛm a ɛwɔ Esra ti 8 ne 2 Korintofo ti 11 da no adi kyerɛ yɛn? (b) Dɛn na amanneɛbɔ a efi Afrika ne lreland ka kyerɛ yɛn wɔ nyansa a enni mu sɛ yebekura atuo ho?
10 Nanso, so mmere bi nni hɔ a ɛbɛyɛ papa ama Yehowa Adansefo sɛ wobekura tuo de abɔ wɔn ho ban, te sɛ bere a wɔnam asasesin bi a emu yɛ hu mu retu kwan anaa? Mmuae no yɛ Dabi. (Fa toto Esra 8:21-23, 31; 2 Korintofo 11:23-27 ho.) Fa yɛn ahwɛfo akwantufo a wɔwɔ Afrika aman bi mu no sɛ nhwɛso. Wɔ mfe kakra yi mu no, mpɛn pii no na ɛho hia sɛ saa anuanom yi fa mmeae a akodi rekɔ so bere a wɔresom asafo horow. Mmere horow bi wɔ hɔ a wohyiaa asraafo a wɔredi ako. Sɛ wohuu atuo wɔ wɔn ho a, anka ɛbɛma wɔahwere wɔn nkwa. Mpɛn pii no, da a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, ne akode biara a wɔanhu wɔ wɔn ho no ma wonyaa kwan toaa wɔn akwantu no so. Ɛte saa ara wɔ Northern Ireland a akodi kɔ so bere nyinaa wɔ ɔman no mu, faako a wɔka sɛ “owu yɛ asase no ankasa fã” no. Wonim Yehowa Adansefo yiye sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛe akameakamedi no mu, na sɛ́ asomdwoe adɔfo no, wɔwɔ ahobammɔ wɔ Katolekfo ne Protestantfo nsasesin nyinaa mu.
11. (a) Dɛn na ɛma ɛda adi pefee sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo de akode anaa atuo siesie wɔn ho? (b) Sɛnea Kyerɛwnsɛm kyerɛ no, dɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to?
11 Kyerɛwnsɛm no, ne nnɛyi Yehowa Adansefo suahu ahorow ma ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ nea nyansa wom sɛ Kristoni bekura tuo anaa akode foforo bi, anaasɛ ɔde bɛto fie anaa baabi foforo bi sɛ ɔde bɛko atia obi a ɔbɛba abɛhaw adwene. (Yesaia 2:4; 1 Petro 3:11) Obi a osiesie ne ho ma basabasayɛ no hwehwɛ basabasayɛ. Mmom no, Yehowa, ne Nyankopɔn, no so titiriw na ɛsɛ sɛ Kristoni de ne ho to.—Dwom 18:48; 140:1, 4; Mmebusɛm 3: 5-7.
12. (a) Kyerɛwsɛm mu no, dɛn nti na Kristoni betumi ahwehwɛ polisifo ahobammɔ? (b) Wɔ tebea a emu yɛ den mu no, so Kristoni de tuo bedi dwuma, anaasɛ ɔno ankasa bedi mmara no ho dwuma sɛnea ɔpɛ?
12 Nea ɛne Romafo 13:1, 4 hyia no, ebia wiase “atumfoɔ” no bɛhyehyɛ adwumayɛkuw bi a wɔde hwɛ asomdwoe so, te sɛ polisifo, a wɔhyɛ da ma wɔn atuo na wɔde abɔ amanfo ne wɔn nneɛma ho ban. Esiane sɛ nhyehyɛe a ɛte sɛɛ a Onyankopɔn ma ho kwan no yɛ nea wɔka ho asɛm sɛ “Onyankopɔn asomfo a wodi were de abufuw ba nea ɔyɛ bɔne no so” nti, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ Kristoni bɛhwehwɛ na wanya ahobammɔ afi adwumayɛkuw a ɛte saa nkyɛn. Nanso sɛ mpo ohu sɛ ɛho hia sɛ ɔde biribiara a obenya di dwuma de bɔ n’ankasa anaa n’adɔfo ho ban a, ɛnsɛ sɛ ɔde tuo di dwuma. Na ɛnsɛ sɛ ɔno ankasa di mmara no ho dwuma sɛnea ɔpɛ nso. Aman pii mu no mmara mma kwan mpo sɛ obi bekura tuo sɛ ɔde rebɔ ne ho ban.—Mateo 22: 21; fa toto Exodus 22:2 ho.
13. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristoni de ntɔkwako ahorow a wosua bɔ ne ho ban?
13 Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na obi de abɔ ne ho ban no, so ɛrenyɛ papa sɛ Kristoni suasua ntɔkwako, te sɛ Chinafo Kung fu no? Hu sɛ Zen Budhafo asɔfo a na wɔwɔ Shaolin Nkokorafi a na ɛwɔ Songshan, China mmepɔw kronkron no mu biako, bon mu no na wɔde Apueifam ntɔkwako a edi awu sen biara yi bae. Asɔfo atrae ha nso na wofii Japanfo ntɔkwako a wɔfrɛ no Bushido, a asekyerɛ ankasa ne “Ɔkofo Kwan,” no ase. Bebree a wɔaben wɔ judo, kendo ne karate mu no da so ara nya ahoɔden fi nyamesom mu nsusuwho ahorow mu. Karate botae ne sɛ ebebubu onii no, a ebetumi apira no kɛse anaasɛ ebetumi akum no. Nokwarem no, wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso no rennan nkɔ ntɔkwako ahorow a wobesua so na wɔde abɔ wɔn ho ban!—Mmebusɛm 3:31.
14, 15 (a) Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ Kristoni yɛ ha anaasɛ okum aboa a wobedi? (b) Nanso dɛn na ebetumi ama Kristoni ayɛ nea ɔmfata mma hokwan atitiriw, na dɛn ntia?
14 So ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ Kristoni bekura tuo, a n’atirimpɔw ne sɛ ɔde bɛyɛ ha de ahwehwɛ nam a wobedi anaa? Ɛdefi Nsuyiri no so no Onyankopɔn ama kwan sɛ yebetumi akum mmoa awe, ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yehwie mogya no gu fam, a yenni de. (Genesis 9:3, 4; Deuteronomium 12:23-25) Bere a ɔman no mu mmara ma kwan no, Adansefo bi tɔ atuo a wɔde bɔ wɔn ho ban fi mmoa a wɔyɛ keka ho anaasɛ wɔde yɛ ha. (Mateo 22:21) Wɔn fam no eyi betumi ayɛ ade a ɛho hia anaa ɛho wɔ mfaso a wɔnam so nya aduan. Nanso ɛnsɛ sɛ obi susuw sɛ Onyankopɔn ani begye mmoa a wokunkum wɔn ara kwa, esiane anigye ara a ɛyɛ sɛ wobekum aboa nti, no ho—sɛnea tete ne nnɛyi “Nimrodnom” yɛ no. Esiane sɛ “ɔhonam kra wɔ mogya no mu” nti, eyi som bo wɔ Yehowa anim.’”b—Leviticus 17:11, 14.
15 Sɛ ɛhaw Adansefo pii a wɔwɔ asafo bi mu no sɛ obi kunkum mmoa te sɛ agodi ara kwa, a ɛnyɛ aduan a ɔhwehwɛ nti a, wɔrentumi mma no ɔsom hokwan atitiriw, esiane ne nneyɛe a ɛhaw afoforo no nti.—1 Timoteo 3:2.
16. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa, na dɛn na ebetumi aba wɔn a wɔrenni afotu a egyina Kyerɛwsɛm so a ɛwɔ nkyekyem 9 besi 15 so no so?
16 Ɛte saa ara nso, sɛ Yehowa Adansefo mu biako ka sɛ ɔno de obekura tuo de abɔ ne ho ban wɔ nnipa ho, anaasɛ obesua ntɔkwako ahorow a. Ɛsɛ sɛ honhom mu mpanyimfo no ma wɔn ho yɛ hare tu no fo na wɔboa no ma osiesie n’akwan. (Mika 4:3) Enti obiara a ɔkɔ so kura tuo esiane nipa nti anaa osiesie ne ho ɔkwan bi so ma akodi ma ɔbɛyɛ “ntɔkwapɛfo” no remfata mma hokwan atitiriw wɔ asafo no mu.—1 Timoteo 3:2, 3.
Atuo A Wɔde Dl Dwuma Wɔ ADwuma Mu
17 Dɛn nti na Adansefo pii kwati nnwuma a ntɔkwako a wobesua anaa atuo a wobekura ho hia wɔ mu?
17 Sɛ obi yɛ adwuma a ɛhwehwɛ sɛ okura tuo esiane nnipa afoforo nti, anaa sɛ wɔhwehwɛ sɛ osua ntɔkwako ahorow te sɛ judo ne karate a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔɛ? Wɔ gyinae a ɔno ankasa besi mu no, ɛsɛ sɛ ɔma ɛtra n’adwene mu sɛ ɛsɛ sɛ Yesu akyidini di asomdwoe akyi. (Romafo 12:17, 18) Esiane nea wɔaka wɔ Yesaia 2:4 no nti, Yehowa Adansefo fã kɛse no ara kwati adwuma a ɛte saa. Ɛwom sɛ ebia adwuma no bɛyɛ nea wɔde bɔ ɔmanfo (anaa wɔn nneɛma) ho ban ma ɛne Romafo 13:4 hyia de, nanso osuahu ada no adi sɛ asiane wɔ hɔ bere nyinaa sɛ wobedi mogya ho fɔ denam tuo no a wɔde bekum obi, ma ahaw onii ahonim no so, na asiane wom nso sɛ wobekum ɔno ankasa wɔ apereperedi no mu anaa akyiri yi. (Dwom 51:14; fa toto Numeri 35:11, 12, 22-25 ho.) Nokwarem no ɛyɛ papa sɛ yekwati asiane ahorow a ɛtete sɛɛ denam nnwuma a eyinom nni mu a yɛbɛpaw so.
18. (a) Dɛn nti na adwene a Kristoni a wanyin wɔ no bɛyɛ soronko wɔ wiase yi de ho? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na wanya ahonim pa no nsakrae bɛn na obetumi ayɛ?
18 Wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, adwumayɛfo pii wɔ hɔ a wɔhwehwɛ sɛ wokura atuo. Ebia wɔhwehwɛ sɛ sikakorabea ne mmeae a ɛtete saa awɛmfo ne polisifo yɛ saa na wɔanyi wɔn adi. Na Kristoni a ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ‘ɔhwɛ wɔn a wɔyɛ n’ankasa de’ no nso ɛ? (1 Timoteo 5:8) N’adwene a wɔde Bible atete no no bɛyɛ soronko wɔ wiasefo a ɛrenhaw wɔn sɛ wobekura tuo na wɔde adi dwuma sɛnea wohu sɛ ɛfata wɔ tebea biara a ɛyɛ hu a ɛbɛsɔre mu no de ho. (Efesofo 5:15-17) Ɔbɛpɛ sɛ ɔkwati mogya ho asodi, bere a Yehowa adwene wɔ mogya kronkronyɛ ho wɔ n’adwene mu no. (Genesis 9:6; Dwom 55:23) Ɛsɛ sɛ Kristoni a wanyin bɔ mmɔden sɛ obenya adwuma a wɔmfa atuo nni dwuma wɔ mu.c Adansefo binom ne wɔn adwumawuranom akasa ma wɔatumi anya adwuma a ɛho nhia sɛ wokura tuo.
19. Hokwan ahorow bɛn na onua bi remfata mma kosi sɛ ɔbɛyɛ nsakrae? (2 Korintofo 13:11)
19 Bere a wiase no kɔ anim kɛse wɔ basabasayɛ mu no, yɛrentumi nkɔ so mmu onua a ɔkɔ so yɛ adwuma a wɔde atuo di dwuma wɔ mu no sɛ ɔyɛ nhwɛso pa. Ɛsɛ sɛ wɔma no asram asia ma ɔde yɛ nsakrae. Sɛ wanyɛ nsakrae a, ɔremfata sɛ okura ɔsom hokwan atitiriw ne dwumadi wɔ asafo no mu.—1 Timoteo 3:2; Tito 1:5, 6.
Momma Yɛn Nyinaa Nni Asomdwoe Akyi
20. (a) Dɛn nti na asomdwoe kwan yɛ nea ɛsɛ sɛ wɔkamfo? (b) Sɔhwɛ a emu yɛ den, ne owu mpo, nyinaa akyi no, dɛn na mudi mu kurafo betumi anya? (d) Hena mu ahotoso na wowɔ?
20 Bere a wodi asomdwoe akyi no Yehowa Adansefo anya ahobammɔ mpɛn pii—honam fam, abrabɔ fam ne honhom fam! Ɛda adi pefee sɛ Kyerɛwsɛm mu akwankyerɛ yi akyi na ɛsɛ sɛ yedi. Mmere horow kakraa a ebinom atotɔ wɔ Kristofo anokwafo mu no mu no, akokoduru a wɔde gyina koduu wu mu no ama woafata sɛ wobenyan wɔn ntɛm. (Hebrifo 11:36-40; Adiyisɛm 2:10) Ɛto da bi a Yehowa ma kwan ma Satan de sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den ba Ne nkurɔfo so, sɛnea ɛbae wɔ Hiob asɛm no mu no, nanso nea awiei no ɛbae wɔ mudi mu kurafo no asetra mu no yɛ nea anigye wom. (Hiob 1:18, 19; 42:12-15) Nanso nea ɛbɛba biara wɔ basabasayɛ mmere yi mu no, mommma ɛmma yɛnnwae mfi yɛn mudi ho. Momma yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so. “Na [Yehowa] de n’aniwa kyini fa asase nyinaa so, sɛ ɔde ne denyɛ bedi ama wɔn a wɔn koma di mu wɔ ne ho no.”—2 Beresosɛm 16:9.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, February 15, 1973, nkratafa 127, 128 nso.
b Hwɛ Nyan!, November 8, 1976, nkratafa 18-21
c Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya asɛm no nyinaa no,kenkan asɛmti “Wɔ Mmire Mununkum” a epuei wɔ September 1, 1954 Awake! Mu, nkratafa 17-19 no.
Wubebua no dɛn?
□ Wɔ tebea horow a ɛyɛ hu nyinaa mu no, dɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni de ne ho to?
□ Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ obi bedi Yehowa ahyehyɛde no ne n’afotu akyi pɛɛ?
□ Dɛn nti na nyansa nni mu sɛ obi bekura tuo anaasɛ obesua ntɔkwako ahorow bi sɛ ɔde bɛbɔ ne ho ban?
□ Ɛdefa nnwuma ahorow a ɛhwehwɛ sɛ adwumayɛfo no kura tuo no ho no, adeyɛ bɛn ho afotu na wɔde ma Kristofo, na dɛn ntia?
[Kratafa 22 adaka]
Basabasayɛ Nkɔanim No—Ɛhe na Ɛbɛkɔ Akowie?
“Nuklea akodi ankasa a ɛbɛba wɔ Amerika ne Rusia ntam no betumi akunkum . . . nnipa a wɔwɔ wiase no ɔha biara mu 80.”—The Express, March 29, 1982, a egyina nkɔmmɔ a wɔne mmarahyɛ bagua no muni a ofi California bɔe no so.
“Wɔn Ti Asɛe—Asiane no ne sɛ amammui atumfoɔ no, Rusia ne Amerika, benya adwene no sɛ nuklea akodi ho hia. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ, nuklea ɔko biara a wɔde nuklea akode a Rusia ne Amerika wɔ no nyinaa anaa ne fã a ɛdɔɔso bedi dwuma wɔ mu no bɛsɛe aman a ɛwɔ asase yi atifi hɔ no pasaa.”—Dr. Frank Barnaby, asomdwoe ho nsɛm mu hwehwɛfo, December 26, 1982.
“Sɛ ahosiesie ma akodi ho hia ansa na asomdwoe aba a, ɛnde na asomdwoe rentumi nnya nnyinaso pa biara da. Wɔaboaboa akode a ebetumi de Hiroshima ɔpepem pii aba ano wɔ asase so, nanso eyi nsiw nni a 4,200,000,000 a wɔwɔ hɔ no kwan sɛ wɔn mu biara bɛsɛe £115 afe biara.”—Andre Fontaine, Le Monde, a wɔsan de bae wɔ The Guardian mu, January 9, 1983.
“Amanaman Nkabom Panyin Se Nuklea Ɔko Ho Ahunahuna Kɔ Anim—Ose,‘Nea ɛsɛ sɛ yɛpaw emu biako ne akode afoforo a wɔbɛyɛ ne daakye adesamma awo ntoatoaso foforo.’”—The New York Times, February 16, 1983, bere a na ɛreka asɛm a Ɔkyerɛwfo Panyin Javier Pẽrez de Cuéllar kae.
“Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.” “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Ɔsɛnkafo 1:4; Dwom 37:10, 11.
[Kratafa 18 adaka]
Yehowa Adansefo Gyina Basabasayɛ Mmere Mu Wɔ Tripoli, Lebanon
“Wohyiaa mmere a emu yɛ den ankasa nanso nhyiam biara ampa wɔn ti so da. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ bere a wɔreyɛ wɔn ɔmantam nhyiam no, 117 hyiaam wɔ onua bi fie, na bere a onuawa a odi akyiri no baa mu no, ɔtopae bi towee wɔ ɔpon no akyi pɛɛ. Nhyiam no nyinaa mu no atuo akɛse ne ɔtopae ahorow mu akorabo porow gui te sɛ osu a ɛretɔ. Wɔkyerɛɛ yɛn sɛnea akorabo no yɛɛ akaneadua ne adan a ɛbemmɛn hɔ no—nanso ebi ammɔ ɔdan a na wɔahyia wɔ mu no!
“Bere bi no, na mmusua abien bi nhu sɛ ebia ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden kɔ adesua esiane atuo a na ɛretoto no nti anaa. Wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ, na egyee wɔn nkwa efisɛ, bere a wɔwɔ adesua no ase no, ɔtopae bi kɔtɔɔ abusua biako fie sɛee no pasaa, na akorabo wurawuraa ofie foforo no nso mu araa ma anka obiara rentumi nnya nkwa.
“Kuw a wɔpɛ Apueifamfo asɛm kyeree Adansefo abusua bi a wɔte wɔn a wɔpɛ Atɔefamfo asɛm asasesin mu no sɛ anka wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn. Nanso busuani bi a onni nokware no mu na ɔka kuw no ho tee na ɔkɔtoo wɔn ansa na awudifo no reba. Ɔde wɔn kɔɔ wɔn dwumadibea ti hɔ na wɔkyerɛkyerɛɛ Adansefo no gyinabea a ɛne sɛ wonnyina kuw biara afã no nyinaa mu, wodii wɔn adanse yiye, na wogyaa wɔn. Eyi asi mpɛn pii.”—Sɛnea obi a ɔkɔsraa hɔ bɔɔ amanneɛ.
[Kratafa 21 mfoni]
Wode basabasayɛ behyia basabasayɛ anaa wubenya Yehowa mu ahotoso?