ADESUA 29
Ɛnne Su
ƐNYƐ nea wɔka nko na ɛtaa nya nnipa so nkɛntɛnso na mmom ɔkwan a wɔfa so ka no no nso. Sɛ obi ne wo rekasa na sɛ ne nne yɛ dɛ, emu yɛ hyew, ɛda anigye ne ayamye adi a, so ɛnka wo mma wuntie no yiye nsen obi a ne kasa yɛ nyaa anaa ano yɛ yaw?
Ɛnne su a eye a wubenya no nyinaa nnyina nkwaa a ɛma yetumi kasa nko so. Ebetumi agyina obi nipasu nso so. Bere a obi nya nkɔso wɔ sɛnea ɔde Bible mu nimdeɛ ne nokwasɛm bedi dwuma mu no, nsakrae ahorow no da adi wɔ sɛnea ɔkasa mu. Yehu su pa horow te sɛ ɔdɔ, anigye, ne papayɛ wɔ ne kasa mu. (Gal. 5:22, 23) Sɛ osusuw afoforo ho wɔ ɔkwan pa so a, ɛnne a ɔde kasa no kyerɛ. Sɛ ogyae anwiinwii de anisɔ si ananmu a, ɛda adi wɔ sɛnea ɔkasa ne ɛnne a ɔde kasa no mu. (Kwa. 3:39-42; 1 Tim. 1:12; Yuda 16) Sɛ obi nne a ɔde kasa da ahantan su, abufuw, kasatia, ne kateeyɛ adi, na ɔfoforo nso da ahobrɛase, abotare, ayamye, ne ɔdɔ adi wɔ ne kasa mu na sɛ wonte kasa no mpo a, ɛnyɛ den sɛ wubehu nsonsonoe a ɛwom no.
Ebinom wɔ hɔ a, ebetumi aba sɛ sintɔ a wonya fii awo mu anaa yare bi a ɛsɛee wɔn dwɛɛdwɛɛwa na ɛmaa wonyaa ɛnne a enye no. Ebetumi aba sɛ tebea a ɛte saa no mu yɛ den ara ma wontumi nsiesie koraa wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. Nanso mpɛn pii no, nkwaa a wɔde kasa a wobesua sɛ wɔde bedi dwuma yiye no betumi ama ayɛ yiye kakra.
Nea edi kan koraa no ehia sɛ wugye tom sɛ ɛsono sɛnea obiara nne te. Ɛnsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wubesuasua sɛnea obi kasa. Mmom no, sua sɛ wode w’ankasa nne ne sɛnea ɛda nsow no bedi dwuma. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woayɛ eyi? Nneɛma titiriw abien bi wɔ hɔ.
Home Yiye. Nea ɛbɛyɛ na wode wo nne adi dwuma yiye no, wuhia mframa a ɛsɛ ne sɛnea wobɛhome yiye. Anyɛ saa a, wo kasa bɛkɔ nyaa na wo nne nso apopo.
Ahurututu no fã a ɛso no nni wo koko so; wo mmati nnompe na ama ayɛ te sɛ nea ɛso no. Mmom no, ahurututu no trɛw kɛse wɔ nam hatahata no atifi pɛɛ. Esiane sɛ nam hatahata no fam mparow a ɛwɔ fam no ho nti, ɛno na ɛkyɛ koko no ne yafunu mu.
Sɛ wohome na wode mframa hyɛ ahurututu no fã a ɛwɔ soro no nkutoo mu a, ɛrenkyɛ na wo home asa. Wo nne mu renyɛ duru, na ɛrenkyɛ na woabrɛ. Sɛ wopɛ sɛ wohome yiye a, ehia sɛ wotra ase yiye anaasɛ wugyina ntenten na wosee wo bo. Bɔ mmɔden sɛ worentrɛw wo koko no fã a ɛwɔ soro no nkutoo mu bere a wotwe mframa a wode bɛkasa kɔ wo mu no. Di kan twe mframa gu w’ahurututu a ɛwɔ ase no mu. Sɛ mframa hyɛ saa ɔfã yi ma a, wo mparow no fã a ɛwɔ fam no mu bɛtrɛw. Bere koro no ara mu no, nam hatahata a ɛkyɛ wo koko ne wo yafunu mu no bɛtwe ne ho aba fam, na apia afuru no ne nsono no akɔ fam brɛoo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛte nka sɛ wo bɛlt anaa atade a wohyɛ no mia wo yafunu. Nanso w’ahurututu no nni wo yafunum hɔ; ɛwɔ wo mparow no ntam. Sɛ wopɛ sɛ wosɔ wo ho hwɛ a, fa wo nsa biako to mparow a ɛwɔ fam no biara so. Afei gu ahome kɛse. Sɛ worehome yiye a, worenham nsee wo bo. Mmom no, wobɛte nka sɛ mparow no kɔ soro ba fam bɔkɔɔ.
Nea edi hɔ no, di sɛnea wubegu ahome ho dwuma. Nhome hahyeehahyee mma wo mu mframa no nnsa ntɛm. Home nkakrankakra. Nkyekyere wo nne mfa nsiw mframa no kwan. Saa a wobɛyɛ no bɛma ɛnne no agyigye te sɛ nea afam anaa ano yɛ den dodo. Ahoɔden a efi yafunum ntini ne ntini a ɛda mparow no ntam mu no ma mframa no pue, na nam hatahata a ɛkyɛ koko ne yafunu mu no na ɛkyerɛ ahoɔden a mframa no de bepue.
Sɛnea mmirikatufo siesie ne ho ma mmirikatu no, saa ara na ɔkasafo betumi asua sɛnea wɔhome denam ɛho dwuma a obedi so. Gyina hɔ yiye see wo bo, home sɛnea ɛbɛyɛ a wode mframa bɛhyɛ w’ahurututu no fã a ɛwɔ fam no mu, na gu ahome nkakrankakra bere a wohwɛ nneɛma dodow a wubetumi de ɔhome biara a wugu akenkan no. Na afei sua sɛ wobɛkenkan ade den bere a worehome wɔ saa kwan koro no ara so no.
Gow Wo Ho. Ade foforo a ɛma ɛnne yɛ dɛ ne eyi—sɛ́ wobɛgow wo ho! Nkɔso a wubetumi anya denam sua a wubesua sɛnea wobɛgow wo ho bere a worekasa no bɛyɛ wo nwonwa ankasa. Ɛsɛ sɛ woma adwene no ne nipadua no nyinaa gow, efisɛ sɛ w’adwenem yɛ wo basaa a ɛma wo ho yeraw wo.
Yi ehu fi w’adwenem denam w’atiefo no ho adwempa a wubenya so. Sɛ saa nnipa yi yɛ nkurɔfo a wuhyia wɔn wɔ asɛnka mu a, kae sɛ sɛ ɔsram kakraa bi mpo na wode asua Bible no a, wowɔ Yehowa atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛsom bo a wubetumi aka ho asɛm akyerɛ wɔn. Na mmoa a wohia nti na wokɔ wɔn nkyɛn, sɛ wonim no saa anaasɛ wonnim no. Ɔkwan foforo so no, sɛ worekasa wɔ Ahenni Asa so a, w’atiefo no mu pii yɛ Yehowa nkurɔfo. Wɔyɛ wo nnamfo, na wɔpɛ sɛ wudi yiye. Akasafo a wɔwɔ asase yi so biara nni atiefo a wɔpɛ nnipa na wɔwɔ dɔ sen nea yenya daa no.
Gow wo menewam ntini no mu denam w’adwene a wode besi saa ntini no so na woama aba fam no so. Kae sɛ sɛ mframa fa wo menewam a, ntini a ɛsã mu no popo. Ɛnne nnyigyei no sakra bere a menem ntini no mu yɛ den anaa emu gow, te sɛ nea sɛ wumia sanku hama mu anaa wogow mu a nnyigyei no sakra no. Sɛ wogow ntini a ɛsã menewa no mu mu a, ɛma ɛnne no brɛ ase. Menewa no mu ntini a wobɛgow mu no nso boa ma wo hwenem ntokuro buebue, na eyi benya wo nne nnyigyei so nkɛntɛnso ɔkwan biara so.
Gow wo ho nyinaa—wo nan, wo nsa, w’abati, ne wo kɔn mu. Eyi bɛboa ma woanya ɛnne a emu da hɔ a wuhia na ama woakasa yiye. Ɛnne mu tumi da hɔ bere a egyigye nipadua no nyinaa mu no, nanso ehu tumi siw eyi kwan. Ɛnne nnyigyei a efi dwɛɛdwɛɛwa no mu nnyigye wɔ hwenem ntokuro no nkutoo mu na mmom ɛfa koko so nnompe, ɛsẽ, dodom, hwenem nnompe no nso mu. Eyinom nyinaa betumi aboa ma ɛnne no mu ada hɔ. Sɛ wode ade a emu yɛ duru to sanku adaka so a, nnyigyei no remma; sɛ ɛnne no betumi agyigye yiye a, ɛnsɛ sɛ biribiara kyekyere no. Saa ara nso na yɛn nipadua mu nnompe a ntini no afam ho denneennen no nso te. Sɛ ɛnne no mu da hɔ a wubetumi asakra mu yiye na ama woada nkate ahorow adi wɔ wo kasa mu. Wubetumi akasa wɔ atiefo bebree anim a worenteɛteɛm mma wo nne mfam.