Ɛrekɔ So Dɛn?
Ɛyɛ ADWUMAYƐ a adagyew nnim koraa. Na mprempren yegu abansoro dan a ɛto so abiɛsa no ho mfitiase adwuma no so a yɛreyɛ awie. Yegu so reyɛ adwuma a ɛrenkyɛ yebefi ase agu ne concrete no ankasa na blocks afasu ahorow no rekɔ soro a ɛrenkyɛ bricks adwuma no nso bedi akyi. Monkɔ so wɔ mpaebɔ ne ntoboa ahorow a muyi de boa no mu.