Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma A Wɔde Ma Wɔ Ɔkwan A Etu Mpɔn So
1 Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ obi kwan a ɔbɛfa so agyina nnɛ ɔhaw ahorow no ano a, ɛhe na wubeyi wo nsɛm no afi? Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛ nsɛm a ɛrekɔ so nnɛ no ase a womfa wo ho nhyɛ amammuisɛm mu na wonka sɛ nnipakuw anaa ɔman bi mufo korɔn sen afoforo a, ɛhe na wobɛdan akɔ? Sɛ wopɛ sɛ woboa obi na ɔma n’ani da hɔ wɔ wiase nsɛm a esisi a ɛma Bible nkɔmhyɛ nya mmamu no ho a, nsɛm bɛn na wubetumi de ahotoso atwe n’adwene akɔ so? Sɛ wopɛ sɛ wode biribi a ɛhyɛ gyidi den wɔ Ɔhene Yesu a ɔredi tumi mprempren no ho a eyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ sɛ amansan Hene a, nhoma a wɔatintim bɛn na ɛwɔ hɔ? Nsemmisa yi nyinaa ho mmuae ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no.
2 Ampa, yɛwɔ nsɛm a adesamma hia wɔ wiase nnɛ no wɔ nsɛmma nhoma abien yi mu. So yɛde nsɛmma nhoma yi rema wɔ ahotoso, anigye ne nnamyɛ mu? So yɛasiesie yɛn ho yiye a ɛbɛma yɛde bere adi dwuma yiye? So yebetumi ama ɔkwan a yɛfa so de ma no anya nkɔso?
YƐN HO A YEBEDI KAN ASIESIE
3 Akwan a eye sen biara a wobɛfa so ahu nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara mu no biako ne sɛ wobɛkenkan nsɛm a ɛwɔ kratafa 2 wɔ ɔfã a ese “Eyi Mu Nsɛm” ne “Emu Nsɛntitiriw” ase no. Adawurubɔfo pii nya nea wɔbɛka ho asɛm fi nsɛntiaa yi a wɔkenkan no mu. Nanso eyi yɛ ne mfiase ara kwa.
4 Afei hwehwɛ emu biara kratafa no mu na kenkan nsɛmti akɛse ne nketewa no nyinaa. Afei gyina na susuw nea ɔwɔ w’asasesin no mu a n’ani begye asɛm yi ho no ho. Ɛno akyi no kenkan nsɛmma nhoma no mu nsɛm nyinaa na hyɛ emu nsɛntitiriw no nsow. Ɛtɔ bere bi a wɔde nkyerɛwde soronko anaa nkyerɛwde a ɛsosoe kyerɛw emu nsɛntitiriw no. Fa eyinom di dwuma bere a wode nsɛmma nhoma rema no.
5 Bere a worekenkan nsɛmma nhoma no mu biara no, hwɛ emu nsɛm a ɛbɛfata nnipa ahorow ahorow a wɔwɔ asasesin no mu no. Emu nsɛm no bi wɔ hɔ a ɛfata nnipa pɔtee bi. Emu nsɛm pii aba a ɛfa awofo a wonni ahokafo, nyinsɛn a woyi gu, nuklea ɔko, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, ne nneɛma afoforo pii ho. Enti bere a worekenkan nsɛm ahorow pii a wotintim no, hwehwɛ nsɛntitiriw a ɛbɛfata nnipa a wɔwɔ w’asasesin no mu yiye na hyɛ no nsow.
WƆ ASƐNKA MU
6 Wɔ yɛn ho a yebedi kan asiesie nyinaa akyi no sɛ yɛankɔ asɛnka a, ɛho remma wɔn a wohia nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu no mfaso. Sɛ yɛn ani sɔ nsɛmma nhoma ahorow yi a, ɛnde yebeyi bere asi hɔ bere nyinaa ama nsɛmma nhoma dwumadi. Bɔ mmɔden biara a wubetumi na fa wo ho hyɛ asɛnka adwuma mu Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram biara mu no mu. Fa yɛ wo botae sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobɛma wo nsɛmma nhoma kyekyɛ akɔ anim. Ma hia a ɛho hia sɛ wubehu emu biara mu nsɛm no ntra w’adwene mu. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode bi bɛma wɔ hokwan biara a wubenya mu. Siesie wo ho yiye na yɛ nea wubetumi biara fa kura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.—2 Tim. 2:15.